Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anuanom A Na Ɛsono Wɔn Mu Biara Suban

Anuanom A Na Ɛsono Wɔn Mu Biara Suban

Anuanom A Na Ɛsono Wɔn Mu Biara Suban

NNEƐMA a awofo yɛ ka wɔn mma ɔkwan biara so. Sɛnea na ɛte wɔ Eden turom no, saa na ɛte nnɛ nso. Atuatew kwan a Adam ne Hawa faa so no kaa nnipa nyinaa kɔɔ akyiri. (Genesis 2:15, 16; 3:1-6; Romafo 5:12) Nanso sɛ yɛn mu biara pɛ a, hokwan wɔ hɔ sɛ ɔne Ɔbɔadeɛ no benya ayɔnkofa pa. Anuanom a wodi kan paa wɔ nnipa asetram, Kain ne Habel, asɛm no ma yɛte ase yiye.

Biribiara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne Adam ne Hawa kasae bere a ɔpam wɔn fii Eden no. Nanso, Yehowa amfa ne ho ansie wɔn mma no. Akyinnye biara nni ho sɛ Kain ne Habel awofo kaa nea na asi no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Wohuu ‘Kerubim ne ogyaframa afoa a edi ahim no wɔ Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔrewɛn nkwa dua no ho kwan.’ (Genesis 3:24) Mmarima yi hui sɛ nea Onyankopɔn kae sɛ nnipa besiam mfifiri na wɔahu amane pii no nso yɛ nokware.—Genesis 3:16, 19.

Ɛbɛyɛ sɛ na Kain ne Habel nim Yehowa asɛm yi a ɔka kyerɛɛ ɔwɔ no: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Ná Yehowa ho nsɛm a Kain ne Habel nim no betumi ama wɔne no anya ayɔnkofa pa.

Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa bɔhyɛ ne ne su sɛ Ɔdomfoɔ a ɔwɔ dɔ no kanyan Kain ne Habel maa wɔpɛe sɛ wonya n’anim dom. Nanso na wobenya saa ɔpɛ no akosi he? Ná wobefi wɔn koma mu asom Nyankopɔn ayɛ den honhom fam na wɔanya ne mu gyidi anaa?—Mateo 5:3.

Anuanom no Bɔ Afɔre

Ɛbere soe no, Kain ne Habel bɛbɔɔ afɔre maa Nyankopɔn. Kain de afum nneɛma bae, na Habel de nguanten mu mmakan bae. (Genesis 4:3, 4) Ɛbɛyɛ sɛ na mmarima yi adi mfe 100, efisɛ bere a Adam woo ne ba Set no, na wadi mfe 130.—Genesis 4:25; 5:3.

Afɔre a Kain ne Habel bɔe no kyerɛ sɛ na wonim sɛ wɔyɛ abɔnefo a wohia Nyankopɔn dom. Ɛbɛyɛ sɛ wɔdwenee Yehowa bɔhyɛ a ɛfa ɔwɔ no ne ɔbea no Aseni ho no ho kakra. Yennim bere dodow ne mmɔden a Kain ne Habel de hwehwɛɛ Yehowa anim dom. Nanso nea Onyankopɔn yɛe wɔ wɔn afɔre no ho no ma yehu nea na ɛwɔ obiara koma mu.

Animdefo bi kyerɛ sɛ Hawa faa no sɛ Kain ne ‘aseni’ a na ɔbɛsɛe ɔwɔ no, efisɛ bere a ɔwoo Kain no ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] adaworoma, manya ɔbarima.” (Genesis 4:1) Sɛ Kain nso adwene yɛɛ no saa a, ɛnde odii mfomso paa. Nanso Habel de, gyidi na ɔde bɔɔ n’afɔre no. Enti, “gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn.”—Hebrifo 11:4.

Ná Kain nni honhom mu ntease a na Habel wɔ no bi, nanso ɛnyɛ ɛno nko ne nsonsonoe a na ɛwɔ wɔn mu. Ná ɛsono obiara nso ne ne suban. Enti ‘bere a Yehowa ani sɔɔ Habel ne n’ayɛyɛde no, Kain ne n’ayɛyɛde de, n’ani ansɔ.’ Ɛbɛyɛ sɛ Kain ammu n’afɔre no ade mu biara ma enti ɔbɔe ara kwa kɔɔ ne baabi. Onyankopɔn nso ani ansɔ ɔsom a emfi koma mu no. Kain nyaa koma bɔne, na Yehowa hui sɛ adwemmɔne aba ne tirim. Nea Kain yɛe bere a Onyankopɔn ani ansɔ n’afɔre no ma yehu ne suban ankasa. Ná anka ɛsɛ sɛ Kain sesã n’akwan yɛ ade pa nanso ne “bo fuwii pii, na omunae” mmom. (Genesis 4: 5) Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ɔwɔ adwemmɔne.

Kɔkɔbɔ ne Nea Ɔyɛɛ Wɔ Ho

Kain suban a Onyankopɔn hui no nti, otuu no fo sɛ: “Ɛdɛn nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi? Sɛ woyɛ yiye a, anka w’anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ yiye a, bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ, nanso di no so.”—Genesis 4:6, 7.

Ɛsɛ sɛ yɛfa aba bi fi mu. Nokwasɛm ni, bɔne butuw ɔpon ano abae n’anom rebɛmene yɛn. Nanso Onyankopɔn de yɛn pɛ ama yɛn, a sɛ yɛpɛ a, yebetumi ayɛ nea ɛfata. Yehowa ka kyerɛɛ Kain sɛ ‘ɔnyɛ yiye’ nanso Wanhyɛ no sɛ ɔnsesã. Kain yɛɛ nea ɔpɛ.

Bible mu asɛm no ntoaso ni: “Na Kain ne ne nua Habel kasae, na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.” (Genesis 4:8) Enti Kain bɛyɛɛ wudini tirimɔdenfo. Bere a Yehowa bisae sɛ “ɛhe na wo nua Habel wɔ?” no, anhaw no biako koraa. Mmom no, Kain de ahomaso ne aniammɔnho buae sɛ: “Minnim, me nua so hwɛfo ne me anaa?” (Genesis 4:9) Nkontompo kɛse a Kain twae, ne ka a ɔkae sɛ ɔnyɛ ne nua so hwɛfo no kyerɛ sɛ na esum wɔ ne tirim.

Yehowa domee Kain na otwaa no asu fii Eden mpɔtam. Ɛda adi sɛ Kain nti, na asase a wadome no dedaw no bɛsɛe kɛse, na sɛ odua so biribi a ɛnyɛ yiye. Ná ɔbɛbɔ asesa adan kobɔfo wɔ asase so. Ka a Kain kae sɛ n’asotwe no sõ no kyerɛ sɛ na osuro sɛ Onyankopɔn bɛtwe n’aso wɔ ne nua no wu ho, nanso wannu ne ho wɔ ne koma mu. Yehowa yɛɛ “nsɛnkyerɛnne bi” maa Kain—ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmara kronkron bi a na nkurɔfo nim na wodi so a na ɛmma obiara nkum Kain ntua ka.—Genesis 4:10-15.

Enti Kain “fii [Yehowa, NW] anim kɔe, na ɔkɔtraa Nod asase so wɔ Eden apuei.” (Genesis 4:16) Ɔwaree ne nuabeanom anaa ne nuanom mmabea no bi, na ɔkyekyeree kurow bi de ne babarima a odi kan, Henok, din too so. Kain aseni Lamek nso bɛyɛɛ tirimɔdenfo te sɛ ne nana nipabɔneni no. Nanso Onyankopɔn sɛee Kain asefo nyinaa wɔ Noa Nsuyiri no mu.—Genesis 4:17-24.

Aba a Yɛfa Fi Mu

Yebetumi afa aba bi afi Kain ne Habel asɛm no mu. Ɔsomafo Yohane ka kyerɛ Kristofo sɛ yɛnnodɔ yɛn ho, “ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.” Ná Kain “nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de de, ɛteɛ.” Yohane toa so sɛ: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentra owudifo biara mu.” Yiw, sɛnea yɛne yɛn nuanom Kristofo te no ka ayɔnkofa a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam no. Yentumi ntan yɛn nuanom agyidifo no biara na yennya Onyankopɔn anim dom.—1 Yohane 3:11-15; 4:20.

Ɛbɛyɛ sɛ ntetee a Habel nyae no ara bi na Kain nso nyae, nanso Kain annya gyidi wɔ Onyankopɔn mu. Nokwasɛm ne sɛ ɔfaa ‘owudifo a odi kan ne atoro agya,’ Ɔbonsam, suban no bi. (Yohane 8:44) Ɔkwan a Kain faa so no ma yehu sɛ Onyankopɔn de obiara pɛ ama no, na wɔn a wɔfa bɔne kwan so no twe wɔn ho fi Ne ho na Yehowa bu abɔnefo a wonnu wɔn ho no atɛn.

Habel de, onyaa gyidi wɔ Yehowa mu. Nokwarem no, “gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse.” Habel anom asɛm biako pɛ mpo nni Kyerɛwnsɛm no mu de, nanso ne gyidi a na ɛyɛ den no nti, “ɔda so kasa.”—Hebrifo 11:4.

Habel din na edi kan wɔ mudi mu kurafo bebrebe no nyinaa mu. Yɛn werɛ mfii ne mogya a ‘ɛteɛɛm frɛɛ Yehowa fii asase so’ no. (Genesis 4:10; Luka 11:48-51) Sɛ yɛda gyidi adi te sɛ nea Habel yɛe no a, yɛn nso yebetumi ne Yehowa anya ayɔnkofa a edi mu daa.

[Adaka wɔ kratafa 22

OKUAFO NE OGUANHWƐFO

Kuadwuma ne mmoayɛn ka nnwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ Adam nsa no ho. (Genesis 1:28; 2:15; 3:23) Ne ba Kain bɛyɛɛ okuafo na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo. (Genesis 4:2) Sɛ nnuaba ne nhabamma nko ara na nnipa di kosii Nsuyiri no mu a, ɛnde wɔyɛnee nguan yɛɛ dɛn?—Genesis 1:29; 9:3, 4.

Ehia sɛ nnipa hwɛ nguan na wɔanyɛ basaa. Habel adwuma no di adanse sɛ, nnipa abɔse pɛɛ na wofii ase yɛnee nguan. Sɛ́ nnipa a wodii kan traa ase no de mmoa nufusu kaa wɔn aduan ho anaasɛ wɔamfa anka ho de, Kyerɛwnsɛm no nka, nanso wɔn a wokyi nam no mpo betumi de oguan nhwi ayɛ biribi. Sɛ oguan wu a, wobetumi de ne nhoma no ayɛ nneɛma pa bebree nso. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea ɛbɛyɛ a Adam ne Hawa benya biribi akata wɔn ho nti, Yehowa yɛɛ “nhoma ntade” hyɛɛ wɔn.—Genesis 3:21.

Sɛnea ɛte biara no, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ mfitiase no na biakoyɛ wɔ Kain ne Habel mu. Wɔmaa wɔn abusuafo nyaa nea wobedi ne nea wobefura.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ná Kain “nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de de, ɛteɛ”