Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Nna Papayɛ Adi

Monkɔ So Nna Papayɛ Adi

Monkɔ So Nna Papayɛ Adi

“Hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu.”—Efesofo 5:9.

1. Ɔkwan bɛn so na nnipa ɔpepem pii kyerɛ sɛ wogye nsɛm a ɛwɔ Dwom 31:19 no tom?

ADE pa a ɛsen biara a onipa biara betumi ayɛ ne sɛ ɔbɛhyɛ Yehowa anuonyam. Nnipa ɔpepem pii reyɛ eyi nnɛ denam Onyankopɔn a wɔreyi no ayɛ wɔ ne papayɛ ho so. Sɛ́ Yehowa Adansefo anokwafo no, yefi koma nyinaa mu ne odwontofo a ɔtoo dwom yi yɛ adwene sɛ: “Wo papa a wode asie ama wo fɛrefo no sõ dɛn ara! Ɛno na wuyi kyerɛ wɔn a woguan toa wo no, nnipa anim.”—Dwom 31:19.

2, 3. Sɛ yɛamfa nneyɛe pa anka yɛn asuafoyɛ adwuma no ho a, dɛn na ebetumi asi?

2 Osuro pa a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yeyi no ayɛ wɔ ne papayɛ ho. Afei nso ɛka yɛn ma ‘yɛkamfo Yehowa, hyira no, na yɛda n’ahenni anuonyam adi.’ (Dwom 145:10-13) Ɛno nti na yɛde nsi yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛde nneyɛe pa ka yɛn asɛnka adwuma no ho. Anyɛ saa a, yɛde ahohorabɔ bɛba Yehowa din kronkron no so.

3 Nnipa pii ka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔn suban ne N’asɛm mu gyinapɛn ahorow a efi honhom mu no nhyia. Ɛdefa ebinom a na wɔnyɛ ade mma ɛne papa a wɔka sɛ wɔyɛ no nhyia ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade? Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, wosɛe aware? . . . Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛnea wɔakyerɛw no.”—Romafo 2:21, 22, 24.

4. Nkɛntɛnso bɛn na yɛn nneyɛe pa tumi nya?

4 Sɛ́ anka yɛde ahohorabɔ bɛba Yehowa din so no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛnam nneyɛe pa so bɛhyɛ no anuonyam. Eyi nya wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no akyi no so nkɛntɛnso pa. Ade biako ne sɛ, ɛma ɛyɛ den sɛ yɛn asɔretiafo benya yɛn ho asɛm bi aka. (1 Petro 2:15) Nea ehia sen saa no, yɛn nneyɛe pa twetwe nkurɔfo ba Yehowa ahyehyɛde no mu, na ebue kwan ma wɔhyɛ no anuonyam na ama wɔanya daa nkwa.—Asomafo no Nnwuma 13:48.

5. Nsɛmmisa bɛn na afei ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

5 Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛbɛyɛ dɛn akwati nneyɛe a ɛde ahohorabɔ ba Yehowa din so na ɛto wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no hintidua no? Nokwarem no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada papayɛ adi?

Hann Aba

6. “Esum nnwuma a ɛnsow aba” no bi ne nea ɛwɔ he, nanso aba bɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ Kristofo mu?

6 Sɛ́ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, yɛwɔ biribi a ɛboa yɛn ma yɛkwati “esum nnwuma a ɛnsow aba.” Eyinom bi ne nnwuma a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam te sɛ korɔnbɔ, kasafĩ, nguamansɛm, aniwude, asereseresɛm a ɛmfata, ne asabow. (Efesofo 4:25, 28, 31; 5:3, 4, 11, 12, 18) Sɛ́ anka yɛde yɛn ho bɛhyɛ nnwuma a ɛtete saa mu no, yɛkɔ so ‘nantew sɛ hann mma.’ Ɔsomafo Paulo kae sɛ “hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu.” (Efesofo 5:8, 9) Enti sɛ yɛnantew hann no mu a, ɛnna ɛma yetumi da papayɛ adi. Nanso eyi yɛ hann bɛn?

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛasow papayɛ aba?

7 Yɛn sintɔ nyinaa akyi no, sɛ yɛnantew honhom mu hann mu a, yebetumi ada papayɛ adi. Odwontofo no too dwom sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so da “hann aba” adi denam ‘papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu” a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya honhom fam hann a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu, a wɔahwehwɛ mu yiye wɔ Kristofo nhoma horow mu, na wosusuw ho wɔ yɛn nhyiam ahorow a yɛde som ase no so mfaso. (Luka 12:42; Romafo 15:4; Hebrifo 10:24, 25) Afei nso ehia sɛ yɛma yɛn ani ku Yesu Kristo, “wiase hann” ne ‘Yehowa anuonyam sɛso’ no nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛso ho.—Yohane 8:12; Hebrifo 1:1-3.

Honhom Aba

8. Dɛn nti na yebetumi ada papayɛ adi?

8 Akyinnye biara nni ho sɛ honhom fam hann boa yɛn ma yɛda papayɛ adi. Bio nso, yetumi da saa su yi adi efisɛ Onyankopɔn honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi na ɛkyerɛ yɛn kwan. Papayɛ ka “honhom aba” no ho. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa honhom kronkron no akwankyerɛ a, ɛbɛma yɛasow papayɛ aba a ɛyɛ anigye no.

9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ ade ma ɛne Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 11:9-13 no ahyia?

9 Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani denam papayɛ a ɛyɛ honhom no aba a yɛbɛda no adi so no bɛka yɛn ma yɛde Yesu nsɛm yi adi dwuma: “Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobehiɛ mo. Na obiara a obisa no, onya; na nea ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobehiɛ no. Na mo mu hena na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no (abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? Anaasɛ nso obisa no) apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no? Anaasɛ nso obisa kesua a, ɔbɛma no akekantwɛre? Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?” (Luka 11:9-13) Ma yenni Yesu afotu no akyi denam mpae a yɛbɛbɔ asrɛ Yehowa honhom sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so ada n’aba a ɛne papayɛ no adi.

‘Kɔ so Yɛ Papa’

10. Nneɛma a ɛfa Yehowa papayɛ ho bɛn na wɔabobɔ so wɔ Exodus 34:6, 7?

10 Ɛdenam honhom fam hann a efi Onyankopɔn Asɛm mu ne Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa so no, yebetumi ‘akɔ so ayɛ papa.’ (Romafo 13:3) Yɛnam Bible a yebesua no daa so behu pii afa sɛnea yebetumi asuasua Yehowa papayɛ no ho. Adesua a edi eyi anim no kaa Onyankopɔn papayɛ afã bi a wɔdaa no adi wɔ asɛm bi a wɔka kyerɛɛ Mose a wɔakyerɛw wɔ Exodus 34:6, 7 ho asɛm, na ɛkenkan sɛ: “[Yehowa, Yehowa, NW], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni” no mu. Yehowa papayɛ a ɛda adi yi a yebesusuw ho yiye no bɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so ayɛ papa.’

11. Ɔkwan bɛn so na nim a yenim sɛ Yehowa yɛ mmɔborohunufo ne ɔdomfo no ka yɛn?

11 Asɛm a efi soro yi twe yɛn adwene kɔ hia a ehia sɛ yesuasua Yehowa denam mmɔborohunu ne ayamye a yɛbɛda no adi so. Yesu kae sɛ: “Nhyira ne mmɔborohunufo, na wɔn na wobehu wɔn mmɔbɔ.” (Mateo 5:7; Luka 6:36) Bere a yenim sɛ Yehowa yɛ ɔdomfo no, ɛka yɛn ma yɛda ayamye ne anigye adi wɔ yɛne afoforo nsɛnnii mu, a wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no nso ka ho. Eyi ne Paulo afotu no hyia: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kolosefo 4:6.

12. (a) Esiane sɛ Onyankopɔn bo kyɛ fuw nti, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di nsɛm? (b) Yehowa adɔeyɛ kanyan yɛn ma yɛyɛ dɛn?

12 Esiane sɛ Onyankopɔn bo kyɛ fuw nti, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ ‘yɛbɛkɔ so ayɛ papa’ no ka yɛn ma yenya mfɛfo gyidifo mfomso ho abotare na yɛde yɛn adwene si wɔn su a eye so. (Mateo 7:5; Yakobo 1:19) Yehowa adɔeyɛ kanyan yɛn ma yɛda nokware dɔ adi wɔ tebea a ɛyɛ den sen biara mpo mu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ye paa.—Mmebusɛm 19:22.

13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade de kyerɛ sɛ Yehowa ‘nokware dɔɔso’?

13 Esiane sɛ yɛn soro Agya no ‘nokware dɔɔso nti,’ yɛpɛ sɛ ‘yefi nokwaredi mu yi yɛn ho kyerɛ sɛ n’asomfo.’ (2 Korintofo 6:3-7) Nneɛma ason a Yehowa kyi no bi ne “atoro tɛkrɛma” ne “ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm.” (Mmebusɛm 6:16-19) Enti pɛ a yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani no aka yɛn ma ‘yɛayi atoro akyene, na yedi nokware.’ (Efesofo 4:25) Ɛmmra sɛ yɛn werɛ remfi sɛ yɛbɛda papayɛ adi wɔ saa kwan yi so da.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛde bɔne firi?

14 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asɛm a ɔka kyerɛɛ Mose no nso ka yɛn ma yɛde bɔne firi, efisɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɔne befiri. (Mateo 6:14, 15) Nanso Yehowa twe abɔnefo a wonnu wɔn ho no aso. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yekura asafo no honhom fam ahotew mu a, ɛsɛ sɛ yekura ne papayɛ gyinapɛn mu.—Leviticus 5:1; 1 Korintofo 5:11, 12; 1 Timoteo 5:22.

“Monhwɛ Mo Nantew Yiye”

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Paulo afotu a wɔakyerɛw wɔ Efesofo 5:15-19 no boa yɛn ma yɛyɛ papa?

15 Ɛmfa ho bɔne a atwa yɛn ho ahyia no, sɛ yɛpɛ sɛ yedi papayɛ akyi a, ehia sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kronkron hyɛ yɛn ma na yɛhwɛ yɛn nantew yiye. Eyi nti, Paulo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Efeso no nkuran sɛ: “Enti monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne. Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a Awurade pɛ yiye. Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ honhom mu. Momfa sanku ho nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sanku mo koma mu mma [Yehowa, NW].” (Efesofo 5:15-19) Akyinnye biara nni ho sɛ afotu yi fata yɛn wɔ awiei bere a emu yɛ den yi mu.—2 Timoteo 3:1.

16 Sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ papa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn nantew yiye sɛ nnipa a yɛde nyansa a efi soro di dwuma. (Yakobo 3:17) Ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ bɔne a anibere wom na ɛsɛ sɛ yɛma honhom kronkron hyɛ yɛn ma na ɛkyerɛ yɛn kwan. (Galatifo 5:19-25) Ɛdenam honhom fam nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ Kristofo nhyiam ahorow, amansin ne amantam nhyiam ase so no, yebetumi akɔ so ayɛ papa. Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Efesofo no nso betumi akae yɛn sɛ yenya mfaso fi komam a yefi to “honhom mu nnwom”—a emu pii fa honhom fam su horow te sɛ papayɛ ho—wɔ nhyiam ahorow a yɛde som no ase.

17. Sɛ Kristofo a wɔyare denneennen ntumi nkɔ nhyiam ahorow daa a, dɛn na ɛsɛ sɛ wonya mu ahotoso?

17 Na yɛn mfɛfo gyidifo a wontumi mma Kristofo nhyiam ahorow daa esiane yare a enni sabea a aka wɔn ahyɛ dan mu nti no nso ɛ? Ebetumi ama wɔn abam abu efisɛ wontumi ne wɔn honhom fam anuanom no mmom nsom Yehowa tẽẽ. Nanso wobetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa te wɔn tebea horow no ase, na ne werɛ remfi wɔn, na ɔbɛma wɔn ne honhom kronkron, na ɔbɛboa wɔn ma wɔayɛ papa.—Yesaia 57:15.

18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛafa papayɛ kwan no so?

18 Papayɛ a yebedi akyi no hwehwɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ayɔnkofa yiye na yɛtwe yɛn ho fi wɔn a “wɔmpɛ papa” ho. (2 Timoteo 3:2-5; 1 Korintofo 15:33) Afotu a ɛte saa a yɛde bedi dwuma no boa yɛn ma yɛkwati sɛ ‘yɛbɛhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ’ denam nneɛma a ɛne n’akwankyerɛ nhyia a yɛbɛyɛ so. (Efesofo 4:30) Bio nso, sɛ yɛne wɔn a wɔn asetra kyerɛ sɛ wɔpɛ papa na Yehowa honhom kronkron na ɛkyerɛ wɔn kwan no bɔ a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ papa.—Amos 5:15; Romafo 8:14; Galatifo 5:18.

Papayɛ Sow Aba Pa

19-21. Ka osuahu ahorow a ɛkyerɛ nea efi papayɛ a wɔda no adi mu ba ho asɛm.

19 Honhom mu hann mu a yɛbɛnantew, yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ ase, na yɛahwɛ yɛn nantew yiye no bɛboa yɛn ma yɛakwati ade bɔne, na ‘yɛayɛ papa.’ Ɛno nso betumi asow aba pa. Susuw Zongezile a ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ South Africa no suahu ho hwɛ. Anɔpa bi a na ɔrekɔ sukuu no, ɔkɔhwɛɛ sika a watumi de asie wɔ sikakorabea no dodow. Kratasin a efi afiri a woyi sika fi mu ba no dii mfomso ma ɛboroo so R42,000 ($6,000, U.S.). Sikakorabea hɔ wɛmfo ne afoforo hyɛɛ no nkuran sɛ onyi sika no mfa nkɔto sikakorabea foforo. Adansefo awarefo a ɔne wɔn te no nkutoo na wɔkamfoo no sɛ wanyi sika no mu bi.

20 Ade kyee no, Zongezile kɔbɔɔ sikakorabea no amanneɛ wɔ mfomso a aba no ho. Wobehui sɛ ne nɔma a ɔde yi sika no ne oguadini sikani bi de di nsɛ na ɔno na odii mfomso de sika kɔtoo mu. Bere a oguadini no ho dwiriw no sɛ Zongezile anyi sika yi mu biara no, obisaa no sɛ: “Asɔre bɛn na wokɔ?” Zongezile kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo. Sikakorabea mpanyimfo no de anigye kamfoo no, kae sɛ: “Sɛ yenyae a anka nnipa nyinaa di nokware sɛ Yehowa Adansefo.” Nokwarem no, nokwaredi ne papayɛ betumi ama afoforo ahyɛ Yehowa anuonyam.—Hebrifo 13:18.

21 Ɛnsɛ sɛ papayɛ yɛ ade soronko bi ansa na atumi anya nkɛntɛnso pa. Sɛ nhwɛso no: Ɔdansefo kumaa bi a ɔsom sɛ bere nyinaa sɛnkafo wɔ Samoa supɔw so no kɔɔ ɛhɔnom ayaresabea. Na nkurɔfo tete hɔ retwɛn oduruyɛfo, na Ɔdansefo no hui sɛ aberewa bi a odi n’akyi yare paa. Ɔmaa ɔbea no bedii n’anim sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ no ntɛm. Bere foforo mu no, Ɔdansefo no hyiaa aberewa yi wɔ gua so. Ɔkaee no ne papa a ɔyɛɛ no wɔ ayaresabea hɔ no. Ɔkae sɛ: “Afei na mahu sɛ Yehowa Adansefo dɔ wɔn yɔnkonom ampa.” Ɔdansefo no papayɛ no nyaa obi a kan no na anka n’ani nnye Ahenni asɛm no ho no so nkɛntɛnso pa. Ɔpenee so ma wɔne no yɛɛ ofie Bible adesua na ofii ase nyaa Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ.

22. Dɛn ne ɔkwan titiriw biako nti a ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ papa’?

22 Ɛda adi sɛ wubetumi aka osuahu ahorow a ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ papayɛ a wɔda no adi so no ho asɛm. Ɔkwan titiriw biako a yɛfa so “yɛ papa” ne sɛ yebenya Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka no mu kyɛfa daa. (Mateo 24:14) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so de nsi anya dwumadi yi mu kyɛfa bere a yehu sɛ eyi yɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ papa, ne titiriw wɔn a wɔkyerɛ ho anigye no. Nea ehia no, yɛn som adwuma ne nneyɛe pa hyɛ Yehowa, papayɛ nyinaa wura no anuonyam.—Mateo 19:16, 17.

Monkɔ So ‘Nyɛ Yiye’

23. Dɛn nti na Kristofo som adwuma no yɛ adwuma pa?

23 Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn som adwuma yi yɛ adwuma pa. Ebetumi ama yɛne wɔn a wotie Bible mu asɛm no nyinaa anya nkwa na ama yɛafa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (Mateo 7:13, 14; 1 Timoteo 4:16) Enti sɛ ɛba sɛ yebesisi nneɛma ho gyinae a, ɛda adi sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ papa no bɛma yɛabisa yɛn ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na gyinaesi yi bɛka Ahenni asɛnka adwuma a meyɛ no? So ade a mepɛ sɛ meyɛ no ye ankasa? So ɛbɛma matumi aboa afoforo ma wɔatie “daa asɛmpa” no na ama wɔne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den?’ (Adiyisɛm 14:6) Gyinaesi a ɛhyɛ Ahenni nneɛma nkɔso ho nkuran no de anigye pii ba.—Mateo 6:33; Asomafo no Nnwuma 20:35.

24, 25. Dɛn ne akwan a yebetumi afa so ayɛ papa wɔ asafo no mu, na sɛ yɛkɔ so da papayɛ adi a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

24 Mommma yemmu yɛn ani ngu mfaso a efi papayɛ mu ba no so da. Yebetumi akɔ so ada su yi adi denam Kristofo asafo no akyi a yebegyina na yɛayɛ nea yebetumi nyinaa de adi ne yiyedi ho dwuma so. Ampa ara, sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow daa na yenya mu kyɛfa a, ɛyɛ papayɛ. Kɔ a yɛkɔ kɛkɛ no hyɛ mfɛfo asomfo nkuran, na yɛn mmuae a yesiesie no yiye no hyɛ wɔn den honhom fam. Afei nso sɛ yɛde yɛn ahode boa ma wosiesie Ahenni Asa na yɛboa ma wɔhwɛ so yiye a, ɛyɛ papayɛ. (2 Ahene 22:3-7; 2 Korintofo 9:6, 7) Nokwarem no, “yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Galatifo 6:10.

25 Yɛrentumi nhu tebea biara a ebehia sɛ yɛda papayɛ adi wom. Bere a yehyia nsɛnnennen foforo no, momma yɛnhwehwɛ hann mfi Kyerɛwnsɛm no mu, mmɔ mpae nhwehwɛ Yehowa honhom kronkron, na yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa nsɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no nhwɛ. (Romafo 2:9, 10; 12:2) Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira yɛn pii bere a yɛkɔ so da papayɛ adi no.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ ade pa a ɛsen biara?

• Dɛn nti na wɔka papayɛ ho asɛm sɛ ‘hann aba’?

• Dɛn nti na wɔka papayɛ ho asɛm sɛ ‘honhom aba’?

• Nkɛntɛnso pa bɛn na yɛn nneyɛe pa wɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron no boa yɛn ma yɛda papayɛ adi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Papayɛ a yɛbɛda no adi no de mfaso pii ba