Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnnɛyi Mogya Adansefo Di Adanse Wɔ Sweden

Ɛnnɛyi Mogya Adansefo Di Adanse Wɔ Sweden

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Ɛnnɛyi Mogya Adansefo Di Adanse Wɔ Sweden

HELA asɛmfua a wɔkyerɛ ase “adanse” ne martyr, na ɛno mu na Engiresi asɛmfua “martyr,” a ase ne “obi a ɔnam ne wu so di adanse” no fi. Afeha a edi kan mu Kristofo bebree wui wɔ wɔn gyidi mu de dii Yehowa ho adanse.

Saa ara na Hitler akyigyinafo atrimmɔdenfo kunkum afeha 20 no mu Adansefo ɔpepem pii esiane sɛ wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ amammui ne ɔmampɛ biara mu nti. Ɛnnɛyi mogya adansefo yi nso de adanse a edi mu ma. Eyi na esii wɔ Sweden nnansa yi ara.

Bere a na wɔrehyɛ Wiase Ko II mfe 50 ho fã wɔ Sweden no, ɛhɔ aban no maa wɔyɛɛ Okunkɛse no ho ɔkyerɛkyerɛ ho dwumadi wɔ ɔman no nyinaa mu. Wɔtoo dwumadi no din Ɛnnɛyi Abakɔsɛm. Wɔtoo nsa frɛɛ Yehowa Adansefo sɛ wɔmmɛka wɔn suahu.

Adansefo no kɔe kɔyɛɛ dwumadi bi a wɔtoo din, Okunkɛse no Mu Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn. Dwumadi no kɔɔ so wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Strängnäs no so. Adansefo a wonyaa nkwa wɔ Okunkɛse no mu no bɛkaa wɔn suahu, na ɛda a edi kan no, nnipa bɛboro 8,400 na wɔkɔhwɛɛ bi! Eduu 1999 no, na dwumadi no adu tete nneɛma akorae ne nhomakorabea bɛboro 100 a ɛwɔ Sweden no na na nnipa bɛyɛ 150,000 ahu. Wɔn a wɔkɔhwɛɛ bi a na aban mpanyimfo ka ho no kaa dwumadi no ho asɛmpa.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Sweden no dwumadi biara nni hɔ a ɔmanfo pii ahu na wɔaka ho asɛmpa saa da. Wɔn a wɔkɔɔ ase no mu pii bisae sɛ: “Adɛn nti na monkaa nea ɛtoo mo wɔ Okunkɛse no mu no nkyerɛɛ yɛn?”

Bere a wɔkaa dwumadi no ho asɛm wɔ beae bi no, asafo a ɛwɔ hɔ no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔanya ofie Bible adesua nkɔanim ɔha mu 30! Ɔdansefo bi too nsa frɛɛ ne yɔnko dwumayɛni bi sɛ ɔmmɛhwɛ dwumadi no bi. Odwumayɛni no de anigye penee so na ɔno nso de n’adamfo bae. Akyiri yi, n’adamfo no kae sɛ ontumi nte ase sɛ nnipa bi betumi anya gyidi a ɛyɛ den saa ma enti wɔpɛe sɛ wokum wɔn mmom sen sɛ wɔde wɔn nsa bɛhyɛ krataa ase de apo wɔn gyidi. Eyi kɔfaa nkɔmmɔbɔ foforo bae, na wɔne no fii Bible adesua ase.

Te sɛ wɔn nuanom a wɔtraa ase afeha a edi kan no mu no, afeha 20 yi mu mogya adansefo anokwafo no de akokoduru adi adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn biako pɛ a ɛsɛ sɛ yenya ne mu gyidi a edi mu na yedi no nokware.—Adiyisɛm 4:11.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 13]

Camp prisoner: Państwowe Muzeum Oświęcim-Brzezinka, courtesy of the USHMM Photo Archives