Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahotew Dɛn na Ɛkyerɛ Ankasa?

Ahotew Dɛn na Ɛkyerɛ Ankasa?

Ahotew Dɛn na Ɛkyerɛ Ankasa?

ESIANE sɛ na efĩ pii wɔ Europa ne United States wɔ afeha 18 ne 19 mu nti, asɛmpatrɛwfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no kyerɛkyerɛɛ nea yebetumi afrɛ no “ahotew ho nkyerɛkyerɛ” no. Nkyerɛkyerɛ yi daa no adi sɛ efĩ yɛ bɔne, na wɔkae sɛ ahotew ma obi tumi bɛn Onyankopɔn. Ebia eyi nti na asɛm “Nyamesom ne ahotew na ɛnam” begyee din no.

Salvation Army asɔre a William ne Catherine Booth tewee no nso de nkyerɛkyerɛ yi dii dwuma. Sɛnea Health and Medicine in the Evangelical Tradition nhoma no kyerɛ no, nsɛm a na wɔtaa ka mfiase no bi ne: “Samina, Nkwan, ne Nkwagye.” Afei, bere a Louis Pasteur ne afoforo kyerɛkyerɛɛ sɛnea yare mmoawa de nyarewa ba mu pefee no, ɛmaa wobehui ankasa sɛ ahotew ne nyansahu kwan a wɔfa so hwehwɛ no ho hia kɛse.

Nneɛma a edi kan a wɔbarae no bi ne sɛ wɔremma wɔn a wodi adanse wɔ asɛnnibea no mfew Bible ho na wɔmma obiara nnom kuruwa koro no ara ano wɔ sukuu mu ne keteke gyinabea. Wɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ wobeyi kuruwa biako a obiara nom ano wɔ asɔredan mu no afi hɔ na obiara de ne de aba. Enti, nnipa a wodi kan yi bɔɔ mmɔden kɛse de sesaa adwene a nkurɔfo kura wɔ ahotew ho no. Ahotew ho su foforo yi nyaa nkurɔfo so tumi araa ma ɔkyerɛwfo bi frɛɛ no “ahotew ho dɔ.”

Nanso, na “ahotew ho dɔ” yi yɛ ani so ade kɛkɛ. Ankyɛ koraa na aguadifo sesaa samina mu ma ɛbɛyɛɛ ahuamhuamnne. Aguade ho adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw maa adetɔfo gye dii sɛ ahotew ho nneɛma pɔtee bi a wɔde besiesie wɔn ho no ma wonya dibea bi a afoforo ani bere. Television da adwene a ɛte saa adi bere nyinaa. Nkurɔfo a wɔagye din na wɔn ho yɛ fɛ a wɔka wɔn ho asɛm wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ ne sini mu no ntaa nsiesie wɔn afie, mpra wɔn aboboano, nkɔtow nwura ngu, na wonguare wɔn nnyinammoa ne wɔn akraman.

Ebinom nso wɔ hɔ a wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma de tua aka horow, na efie nnwuma anaa afisiesie mfa sika biara mma. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosiesie mmeae a wɔte bere a wonim sɛ wonnya sika mfi mu no? Ade biako a eyi akɔfa aba ne sɛ ɛnnɛ, ebinom susuw sɛ nea ahotew kyerɛ ara ne sɛ wobedi wɔn nipadua ni.

Onyankopɔn Adwene Wɔ Ahotew Ho

Akyinnye biara nni ho sɛ mmɔden a wodii kan bɔe de kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo ahotew no boaa wɔn wɔ asetram kɛse. Na eyi te saa efisɛ ahotew yɛ Onyankopɔn, Yehowa a ɔyɛ kronkron na ne ho tew no su. Ɔkyerɛ yɛn nea eye sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ kronn na yɛn ho atew wɔ akwan nyinaa mu.—Yesaia 48:17; 1 Petro 1:15.

Yehowa Nyankopɔn yɛ nhwɛso wɔ eyi mu. Ahotew ne ne su ahorow a wonhu da adi pefee wɔ Onyankopɔn adebɔ mu. (Romafo 1:20) Yetumi hu sɛ abɔde ankasa mfa efi biara mma. Asase ne ɛso abɔde pii no tumi siesie wɔn ankasa ho ma ɛyɛ nwonwa, na wɔyɛe na ama nkurɔfo anya ahotew ne asetra pa. Ɛyɛ Ɔbɔadeɛ a n’ani ku ahotew ho nkutoo na obetumi ayɛ nneɛma a ɛho tew saa. Enti, yebetumi agyina eyi so aka sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ma wɔn ho tew wɔ wɔn asetra nyinaa mu.

Akwan Horow Anan a Wɔde Da Ahotew Adi

Bible kyerɛ mmeae anan bi a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo bɔ mmɔden ma wɔn ho tew wɔ mu. Momma yensusuw eyi mu biara ho.

Honhom fam. Wobetumi aka eyi ho asɛm sɛ ahotew a ɛho hia sen biara efisɛ ɛfa daa nkwa a obi benya daakye ho. Nanso, eyi ne ahotew a wɔtaa bu ani gu so sen biara. Ne tiaa mu no, sɛ́ obi ho bɛtew wɔ honhom mu no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obu n’ani gu nsonsonoe a Onyankopɔn de ato nokware som ne atoro som ntam no so, efisɛ atoro som biara ho ntew wɔ Onyankopɔn ani so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea [Yehowa, NW] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo.” (2 Korintofo 6:17) Osuani Yakobo nso ka eyi ho asɛm pefee sɛ: ‘Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi yi ne ho fi wiase nkekae mu.’—Yakobo 1:27.

Onyankopɔn ani annye atoro som a wɔde bataa ne nokware som ho no ho koraa. Mpɛn pii no, nea ɛka atoro som ho ne nneyɛe a ɛho ntew ne ahoni ne anyame a wɔsom wɔn. (Yeremia 32:35) Enti, wotu nokware Kristofo fo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ɔsom a ɛho ntew biara ho.—1 Korintofo 10:20, 21; Adiyisɛm 18:4.

Abrabɔ fam. Eyi mu nso, Onyankopɔn ma yehu nsonsonoe a ɛda nea ɛho tew ne nea ɛho ntew mu pefee. Asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:17-19 no fa wiase no nyinaa ho: “Wɔn adwenem aduru sum, na . . . wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo. Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.” Nsusuwii bɔne a ɛte saa da adi wɔ akwan pii so, nea wohu, ne nea ahintaw, enti ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ.

Onyankopɔn adɔfo nim sɛ tuutuusi, wɔn a wokura bɔbeasu biako ntam nna, nna a edi aware anim, ne nguamansɛm, to Yehowa abrabɔ ho mmara no. Nanso, nneyɛe a ɛte saa da adi wɔ anigyede ne nneɛma a aba so mu. Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye wɔ su a ɛtete saa ho. Atade a ɛyɛ tia dodo ne nea eyi obi ho kyerɛ a obi bɛhyɛ akɔ Kristofo nhyiam ase anaa anigyebea biara no twe adwene si nipadua no fa bi so na ɛkyerɛ sɛ onii no ho ntew wɔ abrabɔ fam. Sɛ wiase nsusuwii bɔne a ɛde bɛba Kristofo mu no da nkyɛn a, ahosiesie a ɛte saa no tumi ma adwemmɔne ba afoforo tirim. Eyi yɛ beae a ɛsɛ sɛ Kristofo yere wɔn ho na ama wɔada “nyansa a efi soro” adi.—Yakobo 3:17.

Adwenem. Ɛnsɛ sɛ obi kɔ so de nneɛma a ɛho ntew hyɛ n’adwenem. Yesu bɔɔ adwemmɔne a obi benya ho kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:28; Marko 7:20-23) Saa nsɛm yi fa aguamansɛm mfonini ne sini a obi bɛhwɛ, nguamansɛm a ɔbɛkenkan, na watie nnwom a ɛmfata, ho. Enti, ɛnsɛ sɛ Kristofo susuw nneɛma bɔne a ɛbɛma wɔaka kasafi na wɔayɛ nneyɛe bɔne ho.—Mateo 12:34; 15:18.

Honam fam. Kronnyɛ ne honam fam ahotew wɔ abusuabɔ kɛse wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Enti, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo bɔ mmɔden a wobetumi biara ma wɔn nipadua, wɔn afie, ne baabi a wɔte tew. Wɔ baabi a nsu a wɔde si nneɛma anaa wɔde guare ho yɛ na mpo no, ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ nea wobetumi de ma wɔn ho tew.

Honam fam ahotew kyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ obi twe ne ho fi tawa biara, asanom bebrebe, ne nnubɔne biara a egu nipadua ho fi anaa ɛsɛe no, ho. Oguanhwɛfo a wɔka ne ho asɛm wɔ Nnwom mu Dwom mu no ani gyee Sulamit abeawa no ntade mu hua no ho. (Nnwom mu Dwom 4:11) Ɛfata ankasa sɛ yebedi yɛn nipadua ni na amma yɛn ho pampan anhaw obiara. Aduhuam betumi ayɛ nea ɛfata, nanso ɛno ntumi nsi aguare ne ntade a ani tew ananmu.

Adwene a Ɛfata a Yebenya

Ebinom betumi ayɛ ade ma aboro so wɔ honam fam ahotew ho. Ade biako ne sɛ, sɛ yɛyɛ katee wɔ ahotew ho a, ɛremma yennya anigye wɔ asetram. Ebetumi agye yɛn bere a ɛho hia paa nso. Nanso, afie a emu ntew na ɛhɔ ayɛ basaa no betumi ama obi abɔ ka kɛse. Wɔ tebea abien yi mu no, yebetumi afa ɔkwan bi a ɛfata na ɛkari pɛ so de adi yɛn afie ni.

Ɛmma wo fie nnkyere so. Ɛyɛ den sɛ wobesiesie afie anaa adan a emu kyere, na ɛyɛ den sɛ wobehu efi wɔ beae a ɛhɔ akyere. Egye bere kakraa bi na wɔatumi asiesie afie a ɛnyɛ kyenkyerenn na nneɛma nkyeree so no mu. Bible no ka sɛ eye paa sɛ obi bɛyɛ ne ho awiɛmfoɔ wɔ asetram: “Sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—1 Timoteo 6:8.

Di hɔ ni. Sɛ ofie bi mu bɛtew a, ɛsɛ sɛ obiara a ɔte fie hɔ no bɔ ne ho mmɔden. Sɛ ofie bi mu bɛyɛ fi a efi ase wɔ adan a ɛwɔ fie hɔ no mu. Tew a wɔbɛma baabi atew no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma gugu baabi a ɛfata. Sɛ nhwɛso no, enni sɛ wɔde ntade a ayɛ fi gu pia mu. Na nea ɛyɛ ahometew no, agode ne nnwinnade a wogyaagyae gugu baabiara tumi di awu kɛse. Nneɛma a wogyaagyae gugu basabasa wɔ fie no na ɛtaa de asiane ba.

Nokwarem no, Kristofo ntumi nkwati ahotew wɔ wɔn asetra mu. Odiyifo Yesaia ka asetra pa ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɔkwan kronkron.” Na ɔde asɛm a ɛho hia kɛse yi ka ho sɛ “nea ne ho ntew remfa so.” (Yesaia 35:8) Ampa, ahotew ho su pa a yebenya no di adanse ankasa sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi sɛ ɛnkyɛ ɔbɛma asase ayɛ paradise a ɛso tew. Afei wɔ asase a ɛso ayɛ fɛ no nyinaa so no, obiara bɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam na wɔadi n’ahotew ho gyinapɛn a edi mu no so koraa.—Adiyisɛm 7:9.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Sɛ ofie bi mu bɛtew a, ɛsɛ sɛ obiara a ɔte hɔ no bɔ ne ho mmɔden

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Asase no ankasa tumi siesie ne ho ma ɛyɛ nwonwa