Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahotew Ho Hia Dɛn?

Ahotew Ho Hia Dɛn?

Ahotew Ho Hia Dɛn?

ƐSONO sɛnea obiara bu ahotew. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛna bi ka kyerɛ ne babarima kumaa bi sɛ ɔnhohoro ne nsa ne n’anim a, ebia abofra no bɛdwene sɛ ɛno ara ne sɛ ɔde ne nsa bɛsɔ nsu ahohoro n’anim ara kɛkɛ. Nanso, ɛna no nim sɛ ɛnyɛ ɛno ara ne no. Ɔde no kɔ nsu no ho de samina ne nsu pii hohoro ne nsa ne n’anim—ɛmfa ho sɛ abofra no mpene so koraa no!

Ampa, ɛsono sɛnea obiara bu ahotew wɔ wiase nyinaa, na ɛsono sɛnea nkurɔfo bu ahotew bere a wɔrenyin no. Bere a abɛsen kɔ no, na sukuu a ɛwɔ aman pii mu a ɛhɔ tew no boa sukuufo no ma wonya ahotew ho su pa. Ɛnnɛ, efi abu so wɔ sukuu bi mu araa ma ɛhɔ abɛyɛ te sɛ sumina so sen sɛ anka ɛbɛyɛ beae a wodi agoru teɛteɛ wɔn apɔw mu. Sukuu dan mu nso ɛ? Darren a ɔyɛ ɔwɛmfo wɔ Australia ntoaso sukuu bi mu no ka sɛ: “Ɛnnɛ yehu efi wɔ sukuu dan mu nso.” Sukuufo binom fa no sɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn sɛ “Wɔmfa nwura no” anaa “Wonsiesie beae bi” a, na wɔretwe wɔn aso. Asɛm no ne sɛ akyerɛkyerɛfo bi ma nkurɔfo siesie baabi de twe wɔn aso.

Afei nso, mpanyimfo nyɛ nhwɛso pa bere nyinaa wɔ ahotew ho, sɛ wɔwɔ fie anaa wɔreyɛ adwuma no. Sɛ nhwɛso no, wogyae mmeae pii ma ɛhɔ yɛ fi anaasɛ ɛyɛ basaa. Nnwumakuw binom ma fi ba mmeae a yɛtete no. Ɛnyɛ nnwuma ahorow no ankasa na ɛma efi ba na mmom nnipa a wɔwom no. Ɛwom sɛ ebia adifudepɛ ne ade titiriw a akɔfa efi ne ɔhaw pii aba wiase nyinaa de, nanso nkurɔfo a wonni wɔn ho ni ka ho bi. Ɔkwankyerɛfo panyin bi a na ɔwɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔmanfo Yiyedi So wɔ Australia no too asɛm yi so sɛ: “Sɛ ɔman no mu betumi atew a, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara, ɔbea biara, ne abofra biara, ma ne ho tew.”

Nanso, ebinom te nka sɛ ɛyɛ ankorankoro asɛm sɛ wobedi wɔn ho ni ma enti enni sɛ obi haw ne ho wɔ ɔfoforo ahotew ho. Ɛte saa ampa?

Ahotew ho hia kɛse bere a yɛreka yɛn aduan ho asɛm no—sɛ ebia yɛtɔ wɔ gua so, yɛtɔ wɔ adidibea, anaa yedi wɔ yɛn adamfo bi fie no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnoa aduan a yedi no ho tew kɛse. Nsa a ɛho ayɛ fĩ—aduannoafo ne yɛn a yedi de—betumi ama yɛanya nyarewa pii. Ayaresabea—beae a yɛhwɛ kwan sɛ ɛhɔ bɛtew asen baabiara no—nso ɛ? The New England Journal of Medicine bɔɔ amanneɛ sɛ ebetumi aba sɛ nnuruyɛfo ne ayaresafo nsa a wɔnhohoro na ɛma nyarewa ahorow san ayarefo pii a wɔwɔ ayaresabea no na ɛno ma wɔbɔ ka dɔla ɔpepepem du afe biara. Ɛfata sɛ yɛhwɛ yiye na obi a onni ne ho ni amma yɛanyare.

Nea ɛyɛ aniberesɛm nso ne sɛ obi sɛe nsu a yɛnom—sɛ ɔboapa anaasɛ ɔmmoapa no. So ɛyɛ nea asiane nnim sɛ obi de ne nan begu fam anantew mpoano baabi a wɔn a wɔnom nnubɔne ne nnipa foforo agyaw mpaane agugu hɔ no anaa? Ebia asɛmmisa a ɛho hia paa ne sɛ: Yɛda ahotew adi wɔ yɛn ankasa afie mu?

Suellen Hoy bisa wɔ ne nhoma Chasing Dirt mu sɛ: “Wugye di sɛ yɛda ahotew adi sɛnea na yɛyɛ bere bi a atwam no?” Obua sɛ: “Ebetumi aba sɛ ɛnte saa.” Ɔka sɛ nea enti a aba saa titiriw ne asetram gyinapɛn ahorow a asesa no. Esiane sɛ nkurɔfo ntaa ntra fie nti, wotua obi ka na wasiesie wɔn afie ama wɔn. Ne saa nti, sɛ obi bɛma faako a ɔte atew no ho nhia no bio. Owura bi kae sɛ: “Mintwitwiw m’aguaree—miguare. Sɛ me fie ntew mpo a, me ho tew.”

Nanso, ahotew kɔ akyiri sen obi ho a obesiesie ara kwa. Ɛfa asetram ahotew nyinaa ho. Ɛfa adwene ne koma mu a yefi bɔ yɛn bra na yɛsom nso ho. Ma yɛnhwɛ sɛnea eyi te saa.