Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kurow a Ɛda Bepɔw So

Kurow a Ɛda Bepɔw So

Kurow a Ɛda Bepɔw So

YESU ka kyerɛɛ n’asuafo no wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu sɛ: “Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw.”—Mateo 5:14.

Wɔkyekyeree Yudafo ne Galileafo nkurow no pii wɔ mmepɔw so mmom sen abon mu. Ahobammɔ titiriw nti na wɔpaw mmepɔw atifi. Sɛ asraafo a na wotu Israelfo so sa no da nkyɛn a, na nnipa afoforo nso kɔtow hyɛ Israelfo nkurow so. (2 Ahene 5:2; 24:2) Na ɔmamfo a wɔwɔ akokoduru tumi bɔ adan a ɛwowɔ mmepɔw so a ɛbemmɛn no ho ban ntɛm sen adan a ɛwɔ abon mu a ɛsɛ sɛ wɔde afasu akɛse bɔ wɔn ho ban no.

Esiane sɛ na wɔtaa de akado ka Yudafo adan ho nti, na ɛnyɛ den sɛ obi behu adan a ɛtete saa a wɔaka ho sɛ esisi nkoko so wɔ akyirikyiri. (Asomafo no Nnwuma 23:3) Sɛ owia bɔ wɔ Palestina a, nkurow a egu mmepɔw so yi hyerɛn sɛ akanea, sɛnea ɛnnɛ mpo ɛte wɔ Mediterranea nkurow bi ho no.

Yesu de sɛnea na Galileafo ne Yudafo nkurow yi te dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no afã a nokware Kristofo wɔ mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:16) Bere a Kristofo nyɛ nnwuma pa mfa nhwehwɛ nnipa ayeyi no, wohu wɔn abrabɔ pa a wɔda no adi no.—Mateo 6:1.

Abrabɔ pa a ɛte saa da adi pefee titiriw wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam ase. Nnansa yi, bere a Spain atesɛm krataa biako retwe adwene asi ɔmantam nhyiam bi so no, ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Bere a anigye a nkurɔfo wɔ wɔ nyamesɛm ho rekɔ fam wɔ ɔsom afoforo mu no, eyi nte saa wɔ Yehowa Adansefo fam. Esiane sɛ wɔmpɛ sɛ Bible no bɛyɛ nhoma a mfaso nni so nti, wɔde Onyankopɔn Asɛm no di dwuma.”

Thomas a ɔhwɛ agumadibea a ɛwɔ Spain atifi fam atɔe a na Adansefo no taa kogye hɔ no ani gyei sɛ na ɔwɔ nkurɔfo a wɔde Onyankopɔn Asɛm di dwuma no mu. Otuu ne pɛnhyen a na ɔbɛkɔ no hyɛɛ da adapɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a obenya Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam mu kyɛfa. Bere a nhyiamfo pii, a mmofra ka ho kɔɔ ne nkyɛn wɔ nhyiam no akyi kɔdaa no ase sɛ ɔne wɔn yɛɛ biako mfe pii mu, na wɔhyɛɛ no den wɔ ne pɛnhyen a ɔrebɛkɔ ho no, nusu guu no. Ɔkae sɛ: “Hu a mahu mo saa nkurɔfo yi ayɛ m’asetra mu suahu ahorow a eye sen biara no mu biako.”

Obi tumi de n’adwene kɔ kurow a ohu sɛ ɛda bepɔw so no so efisɛ eyi ne ho adi wɔ wim na sɛ owia tɔ ɔdan fitaa biara a ɛwɔ mu so a, ɛhyerɛn. Saa ara na nokware Kristofo da nsow efisɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Kyerɛwnsɛm mu gyinapɛn a ɛkorɔn a ɛne nokwaredi, abrabɔ pa, ne mmɔborohunu, no so.

Afei nso, Kristofo nam asɛmpa no a wɔka no so da nokware hann no adi. Ɔsomafo Paulo ka faa afeha a edi kan Kristofo no ho sɛ: “Sɛ yɛwɔ saa ɔsom yi, sɛnea wɔahu yɛn mmɔbɔ no, yɛmpa abaw . . . na mmom yɛde nokware adiyi yi yɛn ho kyerɛ nnipa ahonim nyinaa, Onyankopɔn anim.” (2 Korintofo 4:1, 2) Ɛwom sɛ wohyiaa ɔsɔretia wɔ baabiara a wɔkaa asɛmpa no de, nanso Yehowa hyiraa wɔn som adwuma no so ma enti bɛyɛ afe 60 Y.B. mu no, Paulo tumi kyerɛwee sɛ wɔaka asɛmpa no wɔ “wiase abɔde nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo nso fa wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ ‘wɔbɛma wɔn kanea ahyerɛn nnipa anim,’ no aniberesɛm sɛnea Yesu hyɛe no. Ɛdenam asɛm a wɔka ne nhoma a wotintim so no, Yehowa Adansefo abɔ Ahenni ho asɛmpa no dawuru wɔ nsase 235 so wɔ wiase nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na Bible mu nokware betumi adu nkurɔfo pii nkyɛn no, wɔatintim wɔn Bible ho nhoma horow wɔ kasa horow bɛyɛ 370 mu.—Mateo 24:14; Adiyisɛm 14:6, 7.

Wɔ mmeae pii no, Adansefo ayɛ adwumaden de asua nkurɔfo a wɔatu afi aman a wɔabara asɛmpaka adwuma no anaa wɔde nsa ato so a wɔatu aba wɔn kurom no kasa. Sɛ nhwɛso no, nnipa a wɔdɔɔso paa atu afi China ne Russia kɔ Amerika Atifi fam nkurow akɛse pii mu. Mpɔtam hɔ Adansefo abɔ mmɔden asua China, Russia, ne kasa afoforo pii sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔaba hɔ foforo yi. Nokwarem no, wɔayɛ adesua a ɛbɛma wɔanya nkɔso ntɛmntɛm wɔ kasa ahorow yi mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaka asɛmpa no akyerɛ afoforo bere a afuw no “ahoa ama otwa” no.—Yohane 4:35.

Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.” Yehowa Adansefo nam wɔn abrabɔ ne wɔn asɛnka adwuma no so reboa nkurɔfo a wɔwɔ baabiara ama wɔaba ‘Yehowa fi bepɔw’ so ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan na wɔanantew Onyankopɔn atempɔn so. (Yesaia 2:2, 3) Nea afi eyi mu aba a ɛyɛ anigye ne sɛ, Yesu kyerɛe sɛ, wɔn nyinaa ‘hyɛ wɔn soro Agya,’ Yehowa Nyankopɔn anuonyam.—Mateo 5:16; 1 Petro 2:12.