Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Abusua ntam aware ho anohyeto a ɛwɔ Mose Mmara no mu no fa Kristofo ho dɛn nnɛ?

Mmara a Yehowa de maa Israel man no nka nsɛm pii mfa aware ho guasodeyɛ ne akwan a wɔfa so yɛ no ho. Nanso, ɛbara aware binom. Sɛ nhwɛso no, wɔ Leviticus 18:6-20 no, yehu anohyeto a ɛfa ‘obi busuani a ɔbɛn no pɛɛ’ a ɔbɛware no no ho. Saa nsɛm no kyerɛ pii fa nea ɔyɛ obi busuani a ɔbɛn no pɛɛ a ɛnsɛ sɛ ɔne no nya nna mu kyɛfa ho. Nokwarem no, Kristofo nni Mose Mmara no ase anaa emu nsɛm no nkyekyere wɔn. (Efesofo 2:15; Kolosefo 2:14) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ Kristofo betumi abu wɔn ani agu saa asɛm yi so bere a wɔrepaw obi a wɔbɛware no no. Ntease pii nti na eyi te saa.

Nea edi kan no, yɛwɔ wiase mmara horow a ɛfa abusuafo a wɔbɛn pɛɛ aware ho, na ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wodi ɔman a wɔte mu no mmara so. (Mateo 22:21; Romafo 13:1) Nokwarem no, ɛsono sɛnea mmara horow yi te wɔ beae biara. Wonya mmara a ɛwɔ hɔ nnɛ no pii fi awosu mu. Ɛyɛ ampa sɛ abusuafo a wɔbɛn pɛɛ aware betumi ama wɔn mma anya nyarewa afi awo mu. Esiane eyi ne wɔn ho ase a ‘wɔbrɛ hyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase’ nti, Kristofo a wɔde wɔn ho hyɛ aware mu di mpɔtam hɔ aware mmara so.

Afei nso, ɛwɔ nneɛma a wogye tom ne nea wɔmpene so wɔ baabi a obi te no. Ɛkame ayɛ sɛ amammerɛ biara wɔ mmara ne amanne a ɛfa wɔn a wɔyɛ mogya koro aware ho, na mpɛn pii no wobu nkabom a ɛte saa sɛ mogyafra na wokyi koraa. Ɛwom sɛ ɛsono mmara pɔtee bi a wɔbara wɔ amammerɛ ahorow bi mu koraa de, nanso, The Encyclopædia Britannica ka sɛ, “ɛkame ayɛ sɛ dodow a nnipa baanu no abusua bɛn pɛɛ no, dodow no ara na ɔmanfo no bara anaa wɔnhyɛ ho nkuran koraa sɛ wobenya nna mu kyɛfa.” Na baabi a mogyafra ho asɛm nnim mpo no, Kristofo mpɛ sɛ wɔbɛyɛ ade ma abu amammerɛ a ɛwɔ hɔ animtiaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔmfa ahohorabɔ mma Kristofo asafo no anaa Onyankopɔn din so.—2 Korintofo 6:3.

Nea ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so ne ahonim a Onyankopɔn de ama yɛn no. Wɔde nea eye ne nea enye, papa ne bɔne ho adwene awo obiara. (Romafo 2:15) Wɔn ahonim kyerɛ wɔn nea ɛyɛ ne kwan so ne nea ɛfata ne nea ɛnyɛ ne kwan so ne nea wokyi, gye sɛ ebia ahonim no asɛe anaa nneyɛe bɔne bi ama akum. Yehowa twee adwene sii eyi so bere a ɔde ne mmara a na ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ abusuafo a wɔbɛn pɛɛ no ware maa Israelfo no. Yɛkenkan sɛ: “Misraim asase a motraa hɔ no so nneyɛe de, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo merekɔ hɔ no so nneyɛe nso, monnyɛ, na munnni wɔn ahyɛde so.” (Leviticus 18:3) Kristofo ani sɔ wɔn ahonim a wɔde Bible atete no no na wɔmma adwene a ɛnteɛ a amanaman no kura wɔ papa ne bɔne ho no nsɛe no.—Efesofo 4:17-19.

Ɛnde, na yɛde asɛm no bɛba awiei dɛn? Ɛwom sɛ Kristofo nni Mose Mmara no ase de, nanso wɔn ahonim kyerɛ wɔn pefee sɛ abusuafo aware—te sɛ agya a ɔware ne babea, ɛna a ɔware ne babarima, nuabarima a ɔware ne nuabea no—mfata koraa wɔ Kristofo mu. * Bere a nnipa a wofi abusua koro mu dɔɔso no, Kristofo hu sɛ mmara ne ahyɛde ahorow wɔ hɔ a wogyina so hyehyɛ aware wɔ mmara kwan so, ɛne sɛ gyinapɛn ahorow wɔ hɔ a ɔmanfo gye tom na ɛne amammerɛ hyia. Ɛsɛ sɛ yesusuw eyinom ho yiye na ama yɛatumi adi Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi so: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu.”—Hebrifo 13:4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ hwɛ asɛm “Incestuous Marriages—How Should Christians View Them?” (Abusua Aware—Ɛsɛ sɛ Kristofo Bu No Dɛn?) a ɛwɔ March 15, 1978, Engiresi Ɔwɛn-Aban kratafa 25-6 no.