Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woanya “Nokware Honhom” No?

So Woanya “Nokware Honhom” No?

So Woanya “Nokware Honhom” No?

‘Agya no bɛma mo okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtra daa: nokware honhom no.’—YOHANE 14:16, 17.

1. Asɛm a ɛho hia bɛn na Yesu de maa n’asuafo no wɔ nnɔnhwerew a edi akyiri a ɔne wɔn traa abansoro dan bi mu no?

“AWURADE, ɛhe na worekɔ?” Ɛno yɛ nsɛm a Yesu asomafo no bisaa no nnɔnhwerew a edi akyiri a ɔne wɔn hyiae wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem no mu biako. (Yohane 13:36) Bere a nhyiam no kɔɔ so no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ bere adu sɛ ofi wɔn nkyɛn na ɔsan kɔ N’agya hɔ. (Yohane 14:28; 16:28) Ná ɔne wɔn renkɔso nntra honam mu nkyerɛkyerɛ wɔn na onyiyi wɔn nsɛmmisa ano. Nanso, ɔmaa wɔn awerɛhyem, kae sɛ: “Mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo [anaa, ɔwerɛkyekyefo] foforo, na ɔne mo abɛtra daa.”—Yohane 14:16, NW ase hɔ asɛm.

2. Dɛn na Yesu hyɛɛ bɔ sɛ sɛ ɔkɔ a ɔbɛsoma ma aba n’asuafo no so?

2 Yesu daa saa kyigyinafo no adi, na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛbɛboa n’asuafo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ. Na afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, . . . eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔno, nokware honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu.”—Yohane 16:4, 5, 7, 13.

3. (a) Bere bɛn na wɔsomaa “nokware honhom” no baa tete Kristofo no so? (b) Dɛn ne ɔkwan titiriw biako a honhom no yɛɛ ‘okyigyinafo’ maa wɔn?

3 Saa bɔhyɛ yi nyaa ne mmamu Pentekoste 33 Y.B., sɛnea ɔsomafo Petro dii ho adanse no: “Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; ɛho adansefo na yɛn nyinaa yɛ. Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu.” (Asomafo no Nnwuma 2:32, 33) Sɛnea yebehu akyiri yi no, honhom kronkron a wohwie guu asuafo no so Pentekoste no yɛɛ nneɛma pii maa tete Kristofo no. Nanso, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ “nokware honhom” no ‘bɛkae wɔn nneɛma a waka akyerɛ wɔn no nyinaa.’ (Yohane 14:26) Ɛbɛma wɔatumi akae Yesu som adwuma ne ne nkyerɛkyerɛ, ne nsɛm mpo, na wɔakyerɛw. Na eyi bɛboa ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakoraa no titiriw wɔ afeha a edi kan Y.B. awiei no, bere a ofii ase sɛ ɔrekyerɛw ne Nsɛmpa no. Na afotu a ɛsom bo a Yesu de mae bere a ɔde ne wu ho Nkaedi sii hɔ no wom.—Yohane, ti 13-17.

4. Ɔkwan bɛn so na “nokware honhom” no boaa tete Kristofo a wɔasra wɔn no?

4 Yesu hyɛɛ n’asuafo a wodi kan no bɔ nso sɛ honhom no ‘bɛkyerɛ wɔn nneɛma nyinaa’ na ‘akyerɛ wɔn kwan akɔ nokware no nyinaa mu.’ Na honhom no bɛboa wɔn ma wɔate Kyerɛwnsɛm no mu nneɛma a emu dɔ ase na ama wɔanya adwene, ntease, ne atirimpɔw koro. (1 Korintofo 2:10; Efesofo 4:3) Enti honhom kronkron no hyɛɛ saa tete Kristofo no den ma wɔboom yɛɛ ade sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” de maa Kristofo a wɔasra wɔn no mu biara honhom fam “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.”—Mateo 24:45.

Honhom no Di Adanse

5. (a) Anidaso foforo bɛn na Yesu yii no adi kyerɛɛ n’asuafo no wɔ Nisan 14, 33 Y.B. anadwo no? (b) Dwuma bɛn na na honhom kronkron no bedi ama Yesu bɔhyɛ no anya ne mmamu?

5 Wɔ Nisan 14 33 Y.B. anadwo no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔbɛba abɛfa wɔn akyiri yi ma wɔne no ne N’agya akɔtra soro. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Trabere pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa? Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.” (Yohane 13:36; 14:2, 3) Wɔne no bedi hene wɔ N’ahenni mu. (Luka 22:28-30) Sɛ wobenya ɔsoro anidaso yi a, na ‘wobefi honhom mu awo wɔn’ sɛ Onyankopɔn honhom mu mma, na wɔasra wɔn ma wɔne Kristo adi ade sɛ ahene ne asɔfo wɔ soro.—Yohane 3:5-8; 2 Korintofo 1:21, 22; Tito 3:5-7; 1 Petro 1:3, 4; Adiyisɛm 20:6.

6. (a) Bere bɛn na ɔsoro frɛ no fii ase, na nnipa dodow ahe na wonyaa saa frɛ yi? (b) Wɔbɔɔ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn no asu kɔɔ dɛn mu?

6 “Ɔsoro frɛ” yi fii ase wɔ Pentekoste 33 Y.B., na ne titiriw no, ɛte sɛ nea ɛbaa awiei wɔ 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ. (Hebrifo 3:1) Nnipa dodow a honhom kronkron asɔ wɔn ano ma wɔabɛyɛ honhom fam Israel no mufo yɛ 144,000, “na wɔatɔ wɔn afi nnipa mu.” (Adiyisɛm 7:4; 14:1-4) Wɔbɔɔ eyinom asu kɔɔ Kristo honhom fam nipadua, n’asafo, ne ne wu mu. (Romafo 6:3; 1 Korintofo 12:12, 13, 27; Efesofo 1:22, 23) Sɛ wɔbɔ wɔn asu wɔ nsu mu na wɔde honhom kronkron sra wɔn wie a, wɔde wɔn ho bɔ afɔre, na wokura wɔn mudi mu kosi sɛ wobewu.—Romafo 6:4, 5.

7. Dɛn nti na Kristofo a wɔasra wɔn no nkutoo na wɔfata sɛ wodi nkae aduan no bi wɔ Nkaedi no ase?

7 Sɛ́ honhom fam Israelfo no, na saa Kristofo a wɔasra wɔn yi wɔ apam foforo a Yehowa ne “Nyankopɔn Israel” yɛe no mu. (Galatifo 6:16; Yeremia 31:31-34) Wɔde Kristo mogya a ohwie gui no na ɛhyɛɛ apam foforo no mu den. Yesu kaa eyi ho asɛm bere a ɔde ne wu ho Nkaedi no sii hɔ no. Luka kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔfaa abodoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae. Saa ara nso na wowiee adidi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” (Luka 22:19, 20) Nkaefo, anaa 144,000 no mufo a aka no ne wɔn a wɔfata sɛ wodi sɛnkyerɛnne kwan so abodoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Kristo wu ho Nkaedi no ase.

8. Ɛyɛ dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no hu sɛ wɔanya ɔsoro frɛ?

8 Wɔn a wɔasra wɔn no yɛ dɛn hu sɛ wɔanya ɔsoro frɛ? Wonya honhom kronkron no adanse a mfomso biara nni ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛw faa saafo no ho sɛ: “Dodow a Onyankopɔn honhom ka wɔn no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma. . . . Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.” (Romafo 8:14-17) Honhom no adanse yi mu yɛ den araa ma wɔn a wɔn adwene nsi wɔn pi kakraa mpo sɛ ebia wɔanya ɔsoro frɛ anaa no betumi agye atom koraa sɛ wonnyae, ma enti wɔatwe wɔn ho afi nkae aduan no bi a wobedi wɔ Nkaedi no ase no ho.

Honhom no ne Nguan Foforo No

9. Akuw soronko abien bɛn na wɔbɔ wɔn din wɔ Nsɛmpa no ne Adiyisɛm nhoma no mu?

9 Esiane sɛ na Yesu nim sɛ Kristofo a wɔafrɛ wɔn no dodow wɔ anohyeto nti, ɔfrɛɛ wɔn “kuw ketewa.” Wɔde wɔn ba apam foforo “ban” no mu de bɔ “nguan foforo” a wɔn dodow nni ano a Yesu kae sɛ etwa sɛ ɔboaboa wɔn nso ano no abira. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Nguan foforo a wɔbɛboaboa wɔn ano wɔ awiei bere mu no na wɔbɛyɛ “nnipakuw kɛse” a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” no mu a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so no mufo. Nea ɛyɛ anigye no, anisoadehu a Yohane nyae wɔ afeha a edi kan Y.B. awiei no kyerɛɛ nsonsonoe a ɛda nnipakuw kɛse yi ne honhom fam Israel no mufo a wɔyɛ 144,000 no ntam no. (Adiyisɛm 7:4, 9, 14) So nguan foforo no nso nya honhom kronkron, na sɛ ɛte saa a, ɔkwan bɛn so na ɛka wɔn asetra?

10. Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ nguan foforo no asu ‘hyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu’?

10 Nokwarem no, honhom kronkron no di dwuma titiriw bi wɔ nguan foforo no asetra mu. Wɔbɔ wɔn asu hyɛ ‘Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu’ de yɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. (Mateo 28:19) Wogye Yehowa tumidi tom, brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn Hene ne wɔn Dimafo Kristo ne Onyankopɔn honhom dwumadi, anaa adeyɛ tumi, ase wɔ wɔn asetra mu. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsow “honhom aba” a ɛne ‘ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi’ wɔ wɔn asetra mu da biara da.—Galatifo 5:22, 23.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔtew wɔn a wɔasra wɔn no ho wɔ ɔkwan soronko so? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔtew nguan foforo no ho na wɔyɛ wɔn kronkron?

11 Ɛsɛ sɛ nguan foforo no nso ma Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron no tew wɔn ho. Wɔatew wɔn a wɔasra wɔn no ho dedaw wɔ ɔkwan soronko so, wɔabu wɔn treneefo ne akronkronfo sɛ Kristo ayeforo. (Yohane 17:17; 1 Korintofo 6:11; Efesofo 5:23-27) Odiyifo Daniel ka wɔn ho asɛm sɛ “ɔsorosoroni no akronkronfo” a wonya Ahenni no wɔ “onipa ba” Kristo Yesu ase. (Daniel 7:13, 14, 18, 27) Na Yehowa adi kan afa Mose ne Aaron so aka akyerɛ Israel man no sɛ: “Mene [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn, enti monyɛ mo ho kronkron na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.”—Leviticus 11:44.

12 Nea asɛmfua “ahotew” kyerɛ ara ne “kronkron a obi bɛyɛ, twe a ɔbɛtwe ne ho afi biribi ho, anaa ne ho a obetu asi hɔ ama ɔsom anaasɛ ɔbɛma Yehowa Nyankopɔn de no adi dwuma; sɛ́ obi bɛyɛ kronkron, ne ho atew, anaa wayɛ kurennyenn.” Afe 1938 mu tɔnn na Ɔwɛn-Aban kae sɛ ‘ɛsɛ sɛ Yonadabfo, anaa nguan foforo no hu sɛ ahosohyira ne ahotew yɛ ade a wɔhwehwɛ fi obiara a ɔbɛba abɛyɛ nnipakuw kɛse no muni na watra asase so no hɔ.’ Wɔ nnipakuw kɛse no ho anisoadehu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔka wɔn ho asɛm sɛ “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu” na ‘wɔsom Yehowa awia ne anadwo n’asɔredan mu.’ (Adiyisɛm 7:9, 14, 15) Ɛdenam honhom kronkron no mmoa so no, nguan foforo no yɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wobedu Yehowa ahwehwɛde ahorow a ɛfa kronkronyɛ ho no ho.—2 Korintofo 7:1.

Papa a Wɔyɛ Kristo Nuanom No

13, 14. (a) Sɛnea Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho kyerɛ no, dɛn na nguan no nkwagye gyina so? (b) Wɔ awiei bere yi mu no, ɔkwan bɛn so na nguan foforo no ayɛ Kristo nuanom no papa?

13 Yesu sii abusuabɔ a emu yɛ den a ɛda nguan foforo no ne kuw ketewa no ntam no so dua wɔ ne bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho a ɛwɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ ho no mu. Wɔ saa bɛ no mu no, Kristo daa no adi pefee sɛ nguan foforo no nkwagye gyina abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne wɔn a wɔasra wɔn a ɔfrɛɛ wɔn “me nuanom” no benya no so kɛse. Ɔkae sɛ: “Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni! . . . Nokware mise mo sɛ, sɛ moayɛ ama me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moayɛ ama me.”—Mateo 24:3; 25:31-34, 40.

14 Asɛm “sɛ moayɛ” no fa ɔdɔ mu a wofi boaa Kristo nuanom a wɔde honhom awo wɔn a Satan wiase no ne wɔn adi no sɛ ahɔho, na wɔde ebinom agu afiase mpo no ho. Wɔahia aduan, ntama, ne ayaresa. (Mateo 25:35, 36, NW ase hɔ asɛm) Wɔ awiei bere yi mu, efi afe 1914 no, wɔn a wɔasra wɔn no mu pii aba tebea horow a ɛte saa mu. Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm di adanse sɛ honhom no aka wɔn ayɔnkofo anokwafo, nguan foforo no, ma wɔaboa wɔn.

15, 16. (a) Adwuma bɛn mu na nguan foforo no aboa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no wɔ asase so titiriw? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no ada anisɔ a wɔwɔ ma nguan foforo no adi?

15 Kristo nuanom a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so wɔ awiei bere yi mu titiriw no anya nguan foforo no mmoa wɔ wɔn ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ ‘wɔnka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa mfa nni amanaman nyinaa adanse’ no mu. (Mateo 24:14; Yohane 14:12) Bere a wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no so retew wɔ mfe a abɛsen no mu no, nguan foforo no adɔɔso akodu ɔpepem pii ankasa. Eyinom mu mpempem pii asom sɛ bere nyinaa asɛmpakafo—akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo—atrɛw Ahenni ho asɛmpa no mu ‘akɔpem asase ano nohoa.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Afoforo nso nya adansedi adwuma no mu kyɛfa sɛnea wobetumi, na wɔde anigye boa adwuma a ɛho hia yi wɔ sika fam.

16 Hwɛ sɛnea Kristo nuanom a wɔasra wɔn no kyerɛ mmoa yi a wɔn ayɔnkofo nguan foforo no fi nokwaredi mu de ma wɔn no ho anisɔ! Wɔdaa wɔn nkate no adi wɔ Worldwide Security Under the “Prince of Peace” nhoma a akoa kuw no yɛe wɔ afe 1986 mu no mu. Ɛka sɛ: “Efi Wiase Ko II reba no, mmamu a Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ ho anya no gyina dwuma a ‘nguan foforo’ no mu ‘nnipakuw kɛse’ no adi no so kɛse. . . . Enti, yɛda amanaman ntam ‘nnipakuw kɛse’ a wɔka kasa horow no ase kɛse wɔ adwuma no fã kɛse a wɔayɛ ma [Yesu] nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:14 no anya mmamu no ho!”

“Wɔankwati Yɛn Anyɛ Wɔn Pɛ”

17. Ɔkwan bɛn so na “wɔankwati” wɔn a wɔasra wɔn no “anyɛ” tetefo anokwafo a wobenyan wɔn aba asase so no “pɛ”?

17 Bere a ɔsomafo Paulo rekasa sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu biako, na ɔreka mmarima ne mmea anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Eyinom nyinaa a wɔnam gyidi so nyaa adanse pa no, wɔn nsa anka bɔhyɛ no, efisɛ Onyankopɔn asiesie biribi a eye kyɛn so asie yɛn [wɔn a wɔasra wɔn no], na wɔankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ.” (Hebrifo 11:35, 39, 40) Wɔ Mfirihyia Apem no mu no, Kristo ne ne nuanom 144,000 a wɔasra wɔn no befi soro adi ade sɛ ahene ne asɔfo na wɔde Kristo agyede afɔre no ho mfaso horow aba asase so. Enti, nguan foforo no ‘bɛyɛ pɛ’ wɔ nipadua ne adwene mu.—Adiyisɛm 22:1, 2.

18. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ Bible mu nokwasɛm ahorow boa nguan foforo no ma wohu? (b) Anidaso bɛn na nguan foforo no de retwɛn “Onyankopɔn mma ahoyi” no?

18 Ɛsɛ sɛ eyi nyinaa ma nguan foforo no hu nea enti a Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no twe adwene si Kristo ne ne nuanom a wɔasra wɔn no ne dwuma titiriw a wodi wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow mmamu so kɛse no. Enti, nguan foforo no bu no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔbɛboa akoa kuw a wɔasra wɔn no sɛnea wobetumi biara bere a wɔretwɛn “Onyankopɔn mma ahoyi” wɔ Harmagedon ne Mfirihyia Apem no mu no. Wobetumi ahwɛ kwan sɛ ‘wɔbɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.’—Romafo 8:19-21.

Biako a Wɔyɛ Wɔ Honhom Mu Wɔ Nkaedi no Ase

19. Dɛn na “nokware honhom” no ayɛ ama wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛyɛ biako titiriw wɔ March 28 anwummere?

19 Wɔ mpae a edi akyiri a Yesu bɔe wɔ Nisan 14, 33 Y.B. anadwo no, ɔkae sɛ: ‘Mesrɛ sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.’ (Yohane 17:20, 21) Onyankopɔn fi ɔdɔ mu somaa ne Ba ma ɔde ne nkwa bɛmae na wɔagye wɔn a wɔasra wɔn no ne adesamma asoɔmmerɛfo a wɔwɔ wiase no. (1 Yohane 2:2) “Nokware honhom” no ama Kristo nuanom ne wɔn ayɔnkofo no ayɛ biako. Wɔ March 28 anwummere, bere a owia akɔtɔ no, akuw abien yi nyinaa behyiam akae Kristo wu no, ne nea Yehowa nam ne Dɔba, Kristo Yesu, so ayɛ ama wɔn nyinaa. Ɛmmra sɛ afahyɛ titiriw no ase a wɔbɛkɔ no bɛhyɛ wɔn biakoyɛ mu den, na ama wɔahyɛ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn apɛde no mu den bio, na wɔnam so de adi adanse sɛ wɔn ani gye sɛ wɔka wɔn a Yehowa dɔ wɔn no ho.

Ntimu

• Bere bɛn na wɔsomaa “nokware honhom” no baa tete Kristofo no so, na ɔkwan bɛn so ɛdaa adi sɛ ɛyɛ “okyigyinafo”?

• Wɔn a wɔasra wɔn no yɛ dɛn hu sɛ wɔanya ɔsoro frɛ?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom yɛ adwuma wɔ nguan foforo no so?

• Ɔkwan bɛn so na nguan foforo no ayɛ Kristo nuanom no papa, na dɛn nti na ‘wɔrenkwati’ wɔn a wɔasra wɔn no nyɛ nguan foforo no “pɛ”?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Wohwiee “nokware honhom” no guu asuafo no so wɔ Pentekoste 33 Y.B.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Nguan foforo no ayɛ Kristo nuanom papa denam boa a wɔaboa wɔn ma wɔadi Onyankopɔn ahyɛde a ese wɔnka asɛmpa no so