Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woka Wɔn A Onyankopɔn Dɔ Wɔn No Ho?

So Woka Wɔn A Onyankopɔn Dɔ Wɔn No Ho?

So Woka Wɔn A Onyankopɔn Dɔ Wɔn No Ho?

“Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no.”—YOHANE 14:21.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ɔdɔ a ɔwɔ ma adesamma no adi? (b) Dɛn na Yesu de sii hɔ Nisan 14, 33 Y.B. anadwo?

YEHOWA dɔ adesamma. Nokwarem no, ɔdɔ adesamma wiase araa ma “ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Bere a Kristo wu ho Nkaedi no rebɛn no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo kae yiye sɛ Yehowa ‘dɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba no sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.’—1 Yohane 4:10.

2 Wɔ Nisan 14, 33 Y.B. anadwo no, Yesu ne n’asomafo 12 no hyiaam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem dii Twam no de kaee gye a wogyee Israelfo fii Misraim no. (Mateo 26:17-20) Bere a wodii Yudafo afahyɛ yi wiei no, Yesu maa Yuda Iskariot fii adi, na ɔde anwummeduan a ɛyɛ nkae ade a na ɛbɛyɛ Kristo wu ho Nkaedi ama Kristofo no sii hɔ. * Bere a Yesu de abodoo a mmɔkaw nnim ne bobesa dii dwuma sɛ ne honam ne ne mogya ho sɛnkyerɛnne no, ɔmaa asomafo 11 a aka no nyinaa dii nkae aduan yi bi. Nsɛmpa Abiɛsa a Edi Kan no akyerɛwfo, Mateo, Marko, ne Luka ne afei ɔsomafo Paulo a ɔfrɛɛ no ‘Awurade anwummeduan’ no akyerɛkyerɛ sɛnea Yesu yɛɛ no no mu.—1 Korintofo 11:20; Mateo 26:26-28; Marko 14:22-25; Luka 22:19, 20.

3. Akwan a ɛho hia bɛn so na ɔsomafo Yohane kyerɛwtohɔ a ɛfa nnɔnhwerew a etwa to a Yesu ne n’asuafo no dii wɔ abansoro dan no mu no yɛ soronko wɔ afoforo de ho?

3 Nea ɛyɛ nwonwa no, ɔsomafo Yohane anka abodoo ne bobesa a wɔde fa wɔn anim no ho asɛm biara, ebia esiane sɛ bere a ɔkyerɛw N’asɛmpa no (bɛyɛ afe 98 Y.B. no), na tete Kristofo no nim sɛnea wɔyɛ no yiye nti. (1 Korintofo 11:23-26) Nanso, honhom kaa Yohane ma ɔno nkutoo maa yɛn nsa kaa nsɛm bi a ɛho hia a Yesu kae na ɔyɛe ansa na ɔde Ne wu ho Nkaedi no resi hɔ ne ɛno akyi pɛɛ. Yohane Nsɛmpa no ti bɛyɛ anum na ɛka saa nsɛm a ɛyɛ anigye yi. Ɛma yehu nnipa a Onyankopɔn dɔ wɔn no pefee. Ma yɛnhwehwɛ Yohane ti 13 kosi 17 mu.

Sua Biribi Fi Yesu Dɔ Soronko no Mu

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Yohane sii nhyiam a Yesu ne n’asuafo yɛe bere a ɔde Nkaedi no sii hɔ no mu asɛmti titiriw no so dua? (b) Dɛn ne ade biako titiriw nti a Yehowa dɔ Yesu?

4 Ɔdɔ yɛ asɛmti titiriw a ɛda adi wɔ saa ti ahorow a ɛka nkra a Yesu ne n’akyidifo dii ho asɛm no nyinaa mu. Nokwarem no, asɛmfua “ɔdɔ” a wɔde adi dwuma akwan horow so no pue mpɛn 31 wɔ hɔ. Wɔnkaa ɔdɔ kɛse a Yesu wɔ ma N’agya, Yehowa, ne n’asuafo no ho asɛm pefee kɛse wɔ baabiara sɛ ti ahorow yi mu. Yebetumi ahu ɔdɔ a Yesu wɔ ma Yehowa no wɔ n’asetra ho nsɛm a ɛwɔ Nsɛmpa no ho kyerɛwtohɔ no nyinaa mu, nanso Yohane nkutoo na ɔyɛɛ kyerɛwtohɔ sɛ Yesu kaa no pefee sɛ: “Medɔ agya no.” (Yohane 14:31) Yesu kae nso sɛ Yehowa dɔ no, na ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛte saa no mu. Ɔkae sɛ: “Sɛnea agya no adɔ me no na me nso madɔ mo; montra me dɔ no mu. Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu, sɛnea madi m’agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.” (Yohane 15:9, 10) Yiw, Yehowa dɔ ne Ba no esiane osetie koraa a ɔyɛ nti. Asuade a ɛfata ma Yesu Kristo akyidifo nyinaa bɛn ara ni!

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ɔdɔ a ɔwɔ ma n’asuafo no adi?

5 Wosi ɔdɔ kɛse a na Yesu wɔ ma n’akyidifo so dua wɔ Yohane kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu nhyiam a etwa to a ɔne asomafo no yɛe ho no mfiase pɛɛ. Yohane kae sɛ: “Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wi yi ase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.” (Yohane 13:1) Saa anwummere titiriw no, ɔde afoforo a yebefi ɔdɔ mu asom wɔn ho asuade bi a werɛ remfi da maa wɔn. Ɔhohoroo wɔn anan ho. Na eyi yɛ ade a anka ɛsɛ sɛ wɔn mu biara nya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ama Yesu ne wɔn nuanom, nanso wɔanyɛ. Yesu yɛɛ adwuma a egye ahobrɛase yi, na afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho. Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yohane 13:14, 15) Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nya ɔpɛ ne anigye sɛ wɔbɛsom wɔn nuanom.—Mateo 20:26, 27, NW ase hɔ asɛm; Yohane 13:17.

Di Ahyɛde Foforo no Akyi

6, 7. (a) Nkaedi no a wɔde sii hɔ no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛho hia bɛn na Yohane de ma? (b) Ahyɛde foforo bɛn na Yesu de maa n’asuafo no, na dɛn na na ɛyɛ foforo wɔ mu?

6 Yohane kyerɛwtohɔ a ɛfa nea esii abansoro dan no mu wɔ Nisan 14 anadwo ho no nkutoo na ɛhyɛɛ da kaa fi a Yuda Iskariot fii hɔ no ho asɛm. (Yohane 13:21-30) Sɛ yɛde Asɛmpa no toto ho a, ɛda adi sɛ ɔfatwafo yi fii hɔ ansa na Yesu de Ne wu ho Nkaedi no resi hɔ. Afei ɔne n’asomafo anokwafo no kasae pii, tuu wɔn fo maa wɔn akwankyerɛ ne wɔn dii nkra. Bere a yɛresiesie yɛn ho akɔ Nkaedi no, ɛsɛ sɛ yɛma nea Yesu kae saa da no ho hia yɛn kɛse, na ne titiriw no, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛka wɔn a Onyankopɔn dɔ wɔn no ho nti.

7 Akwankyerɛ a edi kan paa a Yesu de maa n’asuafo no bere a ɔde ne wu ho Nkaedi sii hɔ no yɛ biribi foforo. Ɔkae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Dɛn na na ɛyɛ foforo wɔ saa ahyɛde yi ho? Akyiri yi, saa anwummere no, Yesu kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:12, 13) Mose Mmara no hyɛɛ Israelfo no sɛ ‘wɔnnɔ wɔn yɔnko sɛ wɔn ho.’ (Leviticus 19:18) Nanso, Yesu ahyɛde no kɔɔ akyiri. Na ɛsɛ sɛ Kristofo dodɔ wɔn ho sɛnea Kristo dɔɔ wɔn no, na wonya ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa ankasa bɛbɔ afɔre ama wɔn nuanom.

8. (a) Dɛn na ahofama a efi ɔdɔ mu kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo da ɔdɔ a efi ahofama mu adi nnɛ?

8 Nkaedi bere yɛ bere a ɛfata sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ, sɛ́ ankorankoro ne asafo, na yɛhwɛ sɛ ebia yɛwɔ nokware Kristofo agyiraehyɛde a ɛda nsow yi—Kristo dɔ—ankasa anaa. Ahofama a efi ɔdɔ mu yi betumi akyerɛ, na aba mmere bi, sɛ Kristoni de ne nkwa bɛto asiane mu ama ne nuanom mmom sen sɛ obeyi wɔn ama. Nanso, mpɛn pii no, ɛfa ɔpɛ a yebenya de nneɛma a yɛn ani gye ho abɔ afɔre de aboa yɛn nuanom ne afoforo na yɛasom wɔn ho. Ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. (2 Korintofo 12:15; Filipifo 2:17) Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔwɔ ahofama, wɔboa wɔn nuanom ne wɔn afipamfo, na wɔde wɔn ho ma ka Bible mu nokware no kyerɛ wɔn yɔnko nnipa. *Galatifo 6:10.

Abusuabɔ a Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Ho Anisɔ

9. Sɛ yɛbɛkora abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne Onyankopɔn ne ne Ba no wɔ no so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde anigye yɛ?

9 Biribiara nni hɔ a ebetumi asom bo ama yɛn sen ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, bɛdɔ yɛn. Nanso, sɛ yebenya ɔdɔ yi na yɛate nka saa a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Wɔ anadwo a etwa to a Yesu ne n’asuafo no hyiae no, ɔkae sɛ: “Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.” (Yohane 14:21) Esiane sɛ yebu yɛne Onyankopɔn ne ne Ba no ntam abusuabɔ nti, yɛde anigye di wɔn ahyɛde ahorow so. Nea ɛka eyi ho ne ahyɛde foforo a ese yɛnna ahofama a efi ɔdɔ mu adi no, ɛne afei ahyɛde a Kristo de mae wɔ ne wusɔre akyi “sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse,” na yɛmmɔ mmɔden ‘nyɛ’ wɔn a wotie asɛmpa no “asuafo” no.—Asomafo no Nnwuma 10:42; Mateo 28:19, 20.

10. Abusuabɔ a ɛsom bo bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no?

10 Akyiri yi, saa anadwo no, bere a Yesu rebua asɛm bi a ɔsomafo nokwafo Yuda (Tadeo) bisaa no no, ɔkae sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn trabere ne nkyɛn.” (Yohane 14:22, 23) Bere a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ soro no da so wɔ asase so mpo no, wɔne Yehowa ne ne Ba no nya abusuabɔ soronko a emu yɛ den. (Yohane 15:15; 16:27; 17:22; Hebrifo 3:1; 1 Yohane 3:2, 24) Nanso, sɛ wɔn mfɛfo “nguan foforo” a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no nso yɛ osetie a, wɔne wɔn ‘hwɛfo biako,’ Yesu Kristo, ne wɔn Nyankopɔn, Yehowa, benya abusuabɔ a ɛsom bo.—Yohane 10:16; Dwom 15:1-5; 25:14.

“Monnyɛ Wiase no Fã”

11. Kɔkɔbɔ a anibere wom bɛn na Yesu de maa n’asuafo no?

11 Wɔ nhyiam a etwa to a Yesu ne n’asuafo no yɛe ansa na ɔrewu ase no, ɔde kɔkɔbɔ bi a anibere wom mae sɛ: Sɛ Onyankopɔn dɔ obi a, wiase bɛtan no. Ɔkae sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ monyɛ wiase no fã na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo. Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi.”—Yohane 15:18-20, NW.

12. (a) Dɛn nti na Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ wiase no bɛtan wɔn? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ obiara susuw ho bere a Nkaedi no rebɛn no?

12 Yesu de kɔkɔbɔ yi mae sɛnea ɛbɛyɛ a saa asomafo 11 yi ne nokware Kristofo nyinaa a na wɔbɛba akyiri yi no abam remmu na wɔrempa abaw esiane ɔtan a wiase no de ba wɔn so nti. Ɔde kaa ho sɛ: “Eyinom na maka makyerɛ mo na moanhintiw. Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn. Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu agya no ne me ɛ.” (Yohane 16:1-3) Bible ho nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘hintiw’ no kyerɛ “sɛ́ wɔbɛma obi nnye obi nni, na wagyaw obi a anka ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to no so na otie no no; sɛ́ wɔbɛma obi agyae obi akyi di.” Bere a Nkaedi bere rebɛn no, ɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa susuw gyidifo a wɔtraa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no asetra kwan ho, na yesuasua sɛnea wogyinaa pintinn wɔ sɔhwɛ mu no. Nnyae Yehowa ne Yesu akyi di esiane ɔsɔretia anaa pɛsɛmenkominya nti, na mmom si wo bo sɛ wode wo ho bɛto wɔn so na woatie wɔn.

13. Dɛn na Yesu srɛ maa n’akyidifo no wɔ mpae a ɔbɔɔ N’agya no mu no?

13 Wɔ mpae a edi akyiri a Yesu bɔe ansa na ɔrefi abansoro dan mu wɔ Yerusalem no, ɔka kyerɛɛ N’agya sɛ: “Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ wɔnyɛ wiase no fã, sɛnea me nso menyɛ wiase no fã no. Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie! Wɔnyɛ wiase no fã, sɛnea me nso menyɛ wiase no fã no.” (Yohane 17:14-16, NW) Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa hwɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no nyinaa, hyɛ wɔn den bere a wɔkɔ so twe wɔn ho fi wiase no ho no.—Yesaia 40:29-31.

Monkɔ so Ntra Agya no ne Ɔba no Dɔ Mu

14, 15. (a) Dɛn na Yesu de ne ho totoo ho de bɔɔ ‘bobe bɔne’ no abira? (b) Henanom ne “nokware bobe” no “baa” no?

14 Wɔ nkɔmmɔ a Yesu ne n’asuafo anokwafo no bɔe wɔ kokoam wɔ Nisan 14 anadwo no mu no, ɔde ne ho totoo “nokware bobe” ho, de bɔɔ Israel a anni nokware, ‘bobe bɔne’ no, abira. Ɔkae sɛ: “Mene nokware bobe no, na m’agya ne okuafo no.” (Yohane 15:1) Mfehaha pii a na atwam no, odiyifo Yeremia yɛɛ Yehowa nsɛm yi ho kyerɛwtohɔ maa ne nkurɔfo a na wɔawae no: ‘Matɛw wo bobe pa na ɛyɛɛ dɛn na woadan me amannɔne bobe nhama yi?’ (Yeremia 2:21) Na odiyifo Hosea kyerɛwee sɛ: ‘Israel yɛ bobe bɔne a ɛsow n’aba. Wɔn koma mu apaapae.’—Hosea 10:1, 2, NW.

15 Sɛ́ anka Israel bɛsow nokware som aba no, ɛkɔɔ ɔwae mu na ɛsow n’ankasa aba. Aka nnansa na Yesu ne n’asuafo anokwafo ayɛ nhyiam a etwa to no, ɔka kyerɛɛ Yudafo akannifo nyaatwomfo no sɛ: “Mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.” (Mateo 21:43) Saa ɔman foforo no ne “Nyankopɔn Israel” a Kristofo a wɔasra wɔn 144,000 a wɔde wɔn totoo “nokware bobe,” Kristo Yesu ‘baa’ no ho no, na wɔwom.—Galatifo 6:16; Yohane 15:5; Adiyisɛm 14:1, 3.

16. Dɛn na Yesu hyɛɛ asomafo anokwafo 11 no nkuran sɛ wɔnyɛ, na dɛn na yebetumi aka afa nkaefo anokwafo a wɔwɔ hɔ wɔ awiei bere yi mu no ho?

16 Yesu ka kyerɛɛ asomafo 11 a na ɔne wɔn wɔ abansoro dan no mu no sɛ: “Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree. Montra me mu, na me nso mentra mo mu. Sɛnea baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtra obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motra me mu.” (Yohane 15:2, 4) Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho abakɔsɛm da no adi sɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no akɔ so ne wɔn Ti, Kristo Yesu, atra. (Efesofo 5:23) Wɔapene so ma wɔatew wɔn ho ayiyi wɔn ho. (Malaki 3:2, 3) Efi afe 1919 reba no, wɔasow Ahenni aba pii, nea edi kan, Kristofo a wɔasra wɔn a aka no, na efi afe 1935 reba no, wɔn ahokafo “nnipakuw kɛse” a wɔredɔɔso bere nyinaa no.—Adiyisɛm 7:9; Yesaia 60:4, 8-11.

17, 18. (a) Yesu nsɛm bɛn na ɛboa wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no ma wɔkɔ so tra Yehowa dɔ mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Nkaedi no a yɛbɛkɔ no bɛboa yɛn?

17 Yesu nsɛm foforo yi fa Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no nyinaa ho sɛ: “Eyi mu na wɔahyɛ m’agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo. Sɛnea agya no adɔ me no na me nso madɔ mo; montra me dɔ no mu. Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu, sɛnea madi m’agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.”—Yohane 15:8-10.

18 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛtra Onyankopɔn dɔ mu, na eyi ka yɛn ma yɛyɛ Kristofo a yɛsow aba. Yɛyɛ eyi denam hokwan biara a yɛde ka “ahenni ho asɛmpa” no so. (Mateo 24:14) Yɛyɛ nea yebetumi biara nso sɛ yɛbɛda “honhom aba” adi wɔ yɛn asetra mu. (Galatifo 5:22, 23) Kristo wu ho Nkaedi a yɛbɛkɔ no bɛhyɛ yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛbɛyɛ eyi no mu den, efisɛ wɔbɛkae yɛn Onyankopɔn ne Kristo dɔ kɛse a wɔwɔ ma yɛn no.—2 Korintofo 5:14, 15.

19. Mmoa foforo bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Bere a Yesu de Nkaedi no resi hɔ no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ N’agya bɛsoma ‘okyigyinafo a ɔne honhom kronkron’ no ma wabɛboa n’akyidifo anokwafo no. (Yohane 14:26) Yɛbɛhwehwɛ sɛnea honhom yi boa wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no ma wɔtra Yehowa dɔ mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Sɛnea Bible akontaabu kyerɛ no, afe 2002 Nisan 14 fi ase Yawda, March 28, bere a owia akɔtɔ. Saa anwummere no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam akae Awurade Yesu Kristo wu no.

^ nky. 8 Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 19 ne 32.

Ntimu Nsɛmmisa

• Ɔsom a efi ɔdɔ mu ho asuade a mfaso wɔ so bɛn na Yesu de maa n’asuafo no?

• Dɛn nti na Nkaedi bere yɛ bere a ɛfata sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yesu kɔkɔbɔ a ɛfa ɔtan ne ɔtaa a wiase de bɛba yɛn so ho no to yɛn hintidua?

• Hena ne “nokware bobe” no? Henanom ne “baa” no, na dɛn na wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yesu maa n’asomafo no asuade bi a ɛfa ɔdɔ mu a yebefi asom afoforo ho a werɛ remfi da

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Kristo asuafo tie n’ahyɛde a ese yɛnna ɔdɔ a efi ahofama mu adi no