Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn Nso Nim Nyansa

Wɔn Nso Nim Nyansa

Wɔn Nso Nim Nyansa

NIGERIAFO bu bɛ bi sɛ: “Mpanyimfo nim nyansa, na mmofra nso nim nyansa.” Edwin a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo bi a ɛwɔ Nigeria mu no hui sɛ eyi yɛ nokware.

Da bi, Edwin huu konko bi sɛ ɛhyɛ pon bi ase wɔ ne fie.

Edwin bisaa ne mma baasa no sɛ: “Hena ade ni?”

Emmanuel a wadi mfe awotwe buae sɛ, “Ɛyɛ me de.” Ɔka kaa ho ntɛm ara sɛ, me de ntoboa begu konko a wɔatwa ano ketewaa a ne tenten ne ne trɛw yɛ sɛntimita ahinanan12 a awe nkannare yi mu ama Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Esiane sɛ ɛnyɛ daa na mekɔ Ahenni Asa so nti, mabɔ me tirim sɛ sɛ manni me sika a mede tɔ nnɔkɔnnɔkɔwade no a, matumi de ato konko no mu.”

Ná Emmanuel papa wɔ adaka a osie sika a wɔde bɛkɔ afe biara ɔmantam nhyiam wɔ mu. Nanso, esiane biribi a na egye ntɛmpɛ wɔ abusua no mu nti, na wɔayi sika a ɛwom no. Nea ɛbɛyɛ na wɔremfa Emmanuel ntoboa no nyɛ biribi foforo biara nti, ɔde konko dedaw no kɔmaa obi a ɔsɔ nnade ma ɔkataa ano. Bere a nea ɔsɔ nnade no huu atirimpɔw a Emmanuel de konko no di no, ɔde ne nnade bi a aka yɛɛ adaka maa no. Emmanuel nuabarima a wadi mfe anum a wɔfrɛ no Michael nso kae sɛ ɔpɛ adaka no bi.

Esiane sɛ Edwin ho dwiriw no wɔ nea ne mma no ayɛ no ho nti, obisaa wɔn nea enti a wɔyɛɛ nnaka no. Michael buae sɛ: “Mepɛ sɛ miyi ntoboa!”

Ná Emmanuel, Michael, ne wɔn nuabea Uchei a wadi mfe akron no de wɔn sika no mu bi asie wɔn konko no mu, a wɔn awofo nnim ho hwee. Ɛhe na wonyaa saa adwene no? Bere a mmofra no duu baabi a wotumi de sika di dwuma no, wɔn awofo kyerɛɛ wɔn sɛnea wɔde sika to ntoboa adaka mu wɔ Ahenni Asa so. Akyinnye biara nni ho sɛ, mmofra no de nea wosuae no dii dwuma yiye.

Bere a wɔn nnaka no yɛɛ ma no, wobuee so. Sika a wɔde siei no ano sii $3.13 (U.S.)—eyi nyɛ sika ketewa koraa wɔ ɔman a sɛ wɔkyem pɛpɛɛpɛ a sika a wonya wɔ afe mũ no nyinaa bɛyɛ dɔla ɔhaha pii pɛ no. Wɔde ntoboa a ɛte saa a wofi ɔpɛ mu yi no boa Yehowa Adansefo asɛnka adwuma a seesei wɔreyɛ wɔ nsase 235 so wɔ wiase nyinaa no.