Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Yɛn Boasetɔ Ne Animia

Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Yɛn Boasetɔ Ne Animia

Asetram Nsɛm

Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Yɛn Boasetɔ Ne Animia

SƐNEA ARISTOTELIS APOSTOLIDIS KA KYERƐE

Russiafo kurow Pyatigorsk a wonim sɛ nsu aniwa pii wom, na ɛhɔnom wim tebea ye no da Caucasus Mmepɔw no atifi fam nkoko no mu. Ɛha na Greekfo aguanfo bi woo me wɔ 1929 mu. Mfe du akyi wɔ Stalin ɔtaa, ahuyi, ne mmusua asetɔre a na ɛyɛ hu akyi no, yɛbɛyɛɛ aguanfo bio, bere a wɔhyɛɛ yɛn ma yetu kɔɔ Greece no.

BERE a yetu kɔɔ Piraiévs, Greece akyi no, asɛmfua “aguanfo” kyerɛɛ biribi foforo koraa maa yɛn. Yɛtee nka sɛ yɛyɛ ahɔho koraa. Ɛwom sɛ na me ne me nuabarima kura Helafo nyansapɛfo a wɔagye din yiye, Socrates ne Aristotle din de, nanso na wɔntaa mfa din yi mfrɛ yɛn. Na obiara frɛ yɛn Russiafo nkumaa.

Me maame a medɔ no no wui bere a Wiase Ko II no fii ase akyi bere tiaa bi no. Na ne ho hia kɛse wɔ yɛn fie, enti ne wu no haw yɛn paa. Esiane sɛ ɔyaree bere bi mu nti, ɔkyerɛɛ me sɛnea wɔyɛ fie nnwuma pii. Ntetee a ɛte saa no so baa mfaso kɛse wɔ m’asetram bere bi akyi.

Ɔko ne Ahofadi

Akodi, Nasi tumidi, ne aman a wɔko tia Germany atuo a na wɔkɔ so toto denneennen nti ɛbɛyɛɛ te sɛ nea na yebetumi awu bere biara. Na ohia fitaa, ɔkɔm, ne awuwuawuwu nyɛ na. Bere a midii mfe 11 no, na ɛsɛ sɛ me ne me papa yɛ adwumaden na ama watumi ahwɛ yɛn baasa no. Greece kasa pii a na mente ne ɔko no ne nea ɛde bae nti, me sukuukɔ yɛɛ basaa.

Di a German dii Greece so no baa awiei wɔ October 1944. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mihuu Yehowa Adansefo. Esiane abasamtu ne amanehunu a na ɛwɔ hɔ saa bere no nti, Bible no anidaso a ɛfa daakye asetra pa wɔ Onyankopɔn Ahenni ase ho no kaa me koma. (Dwom 37:29) Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne asetra a enni awiei wɔ asomdwoe mu wɔ asase so no kyekyee me werɛ. (Yesaia 9:7) Wɔ 1946 mu no, wɔbɔɔ me ne me papa asu de yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Afe a edi hɔ no, m’ani gyee me dwumadi a edi kan a ɛne dawurubɔ somfo (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no nsɛmma nhoma sohwɛfo) wɔ asafo a ɛto so abien a wɔtewee wɔ Piraiévs mu no ho. Na yɛn asasesin no fi Piraiévs kosi Eleusis, a ne tenten bɛyɛ kilomita 50. Saa bere no, na Kristofo a wɔde honhom asra wɔn pii som wɔ asafo no mu. Minyaa hokwan ne wɔn yɛɛ adwuma na misuaa nneɛma pii fii wɔn hɔ. M’ani gyee wɔn fekubɔ no ho efisɛ wɔkaa osuahu pii a ɛkyerɛ sɛ egye mmɔdenbɔ na ama yɛayɛ asɛmpaka adwuma no. Ɛda adi sɛ, mihuu wɔ wɔn asetram sɛ egye boasetɔ ne animia kɛse na ama yɛatumi asom Yehowa wɔ nokwaredi mu. (Asomafo no Nnwuma 14:22) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ mihu sɛ ɛnnɛ Yehowa Adansefo asafo bɛboro 50 na ɛwɔ saa beae yi!

Asɛnnennen Bi a Yɛanhwɛ Kwan

Bere bi akyi no, mihyiaa Eleni, Kristoni ababaa bi a ne ho yɛ anika na ɔyɛ nsi wɔ kurow Patras mu. Yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛware wɔ 1952 awiei mu. Nanso, wɔ asram kakraa bi akyi no, Eleni yaree dennennen. Nnuruyɛfo hui sɛ wanya amemene mu kokoram, na ne tebea no mu yɛɛ den. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn ntɛm ara. Wɔ mmɔdenbɔ pii akyi no, yetumi kohuu oduruyɛfo bi wɔ Athens—na ɛmfa ho sɛ na wonni oprehyɛnyɛ ho nneɛma pii saa bere no—onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛpene yɛn nyamesom mu gyidi so na wayɛ no oprehyɛn a ɔmfa mogya nni dwuma. (Leviticus 17:10-14; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Wɔ oprehyɛn no akyi no, ɛmfa ho sɛ na nnuruyɛfo no nim sɛ yare no betumi aba bio no, na wogye di sɛ ɔbea a merebɛware no no ho bɛto no.

Dɛn na na ɛsɛ sɛ meyɛ wɔ tebea yi mu? Esiane tebea foforo yi nti, so na ɛsɛ sɛ mitwa nhyehyɛe no mu na mede me ho anaa? Dabi! Na mahyɛ ɔbea no bɔ sɛ mɛware no, enti na ɛsɛ sɛ me yiw yɛ yiw. (Mateo 5:37) Ɛnyɛ saa bere yi na na ɛsɛ sɛ mema biribi sesa m’adwen. Ɛdenam ne nuabea panyin mmoa so no, Eleni ho tɔɔ no kakra, na yɛwaree wɔ December 1954 mu.

Mfe abiɛsa akyi no, Eleni yare no san bae na na ɛsɛ sɛ oduruyɛfo koro no ara san yɛ no oprehyɛn foforo. Saa bere yi na ɛsɛ sɛ obue adwene no mu kɔ akyiri na otu kokoram no ase koraa. Esiane eyi nti, me yere dwudwoe kakra, na ne kasa sɛee. Afei de na asetra a emu yɛ den yiye na ato yɛn baanu nyinaa. Adwuma ketewa bi mpo bɛyɛɛ akwanside a emu yɛ den maa me medɔfo yi. Ne tebea a na egu so resɛe no maa yɛyɛɛ nsakrae pii wɔ yɛn da biara da asetra mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, na egye boasetɔ ne animia kɛse.

Ɛha na ntetee a minya fii me maame hɔ no so baa mfaso kɛse no. Ahemadakye biara na misiesie atosode a yɛde bɛyɛ aduan no nyinaa ma Eleni noa. Na yɛtaa to nsa frɛ afoforo, a bere nyinaa asomfo, nkurɔfo a yɛne wɔn suaa Bible, ne mfɛfo Kristofo a wohia mmoa wɔ asafo no mu ka ho. Wɔn nyinaa gye toom sɛ saa nnuan no yɛ dɛ papaapa! Na me ne Eleni bom yɛ fie nnwuma afoforo, enti na yedi yɛn fie hɔ ni. Na tebea a na emu yɛ den yi bɛkɔ so mfe 30.

Yɛyɛɛ Nsi Ɛmfa Ho Ahoɔmmerɛw

Na ɛyɛ nkuranhyɛ ma me ne afoforo sɛ yehui sɛ na biribiara ntumi nsiw ɔdɔ a na me yere wɔ ma Yehowa ne ne som no kwan. Eduu bere bi no, na Eleni tumi bɔ mmɔden kasa kakra. Na n’ani gye sɛ ɔbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ mmɔnten so de Bible mu asɛmpa no akɔma wɔn. Sɛ na merekɔ adwuma a, na mede no tra kar mu kɔ de kar no kosi kwankyɛn baabi a nnipa twam paa. Na obue kar no mpoma frɛ wɔn a wɔretwam ma wɔbegye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Bere bi ɔde mmiako mmiako 80 memae wɔ nnɔnhwerew abien ntam. Mpɛn pii no, na ɔde nsɛmma nhoma dedaw a ɛwɔ asafo no mu na edi dwuma. Afei nso, na Eleni nya asɛnka adwuma foforo mu kyɛfa daa.

Mfe a ɛte saa nyinaa mu a na me yere yɛ ɔyarefo no, na me ne no kɔ asafo nhyiam horow bere nyinaa. Bere a wɔtaa Yehowa Adansefo wɔ Greece a enti na ɛsɛ sɛ yetu kwan kɔ amannɔne no, wamma ɔmantam nhyiam anaa ɔmansin nhyiam ampa ne ti so da. Ɛmfa ho ne mmerɛwyɛ no, ɔde anigye kɔɔ ɔmantam nhyiam wɔ Austria, Germany, Cyprus, ne aman afoforo so. Eleni anwiinwii anaa wantwe adwen amma ne ho so da ɛmfa ho sɛ ɛtɔ da a na m’asɛyɛde horow wɔ Yehowa som mu yɛ kɛse na ɛmma nneɛma nkɔ yiye mma no no.

Wɔ me fam no, saa tebea yi ama manya boasetɔ ne animia ho ntetee pii. Yehowa boaa me mpɛn pii. Anuanom mmarima ne mmea de wɔn ho bɔɔ afɔre sɛnea wɔbɛboa yɛn wɔ ɔkwan biara a ehia so, na nnuruyɛfo afi ayamye mu aboa yɛn. Wɔ saa mfe a na emu yɛ den yi nyinaa mu no, na yenya nea ehia yɛn wɔ asetram, ɛwom mpo sɛ na yɛn tebea no mma yentumi nyɛ adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ de. Nanso na bere nyinaa yɛde Yehowa apɛde ne ne som di kan.—Mateo 6:33.

Nnipa pii abisa nea ɛwowaw yɛn wɔ saa mmere a na emu yɛ den mu no ho asɛm. Ɛnnɛ sɛ mehwɛ m’akyi a, mihu sɛ kokoam Bible adesua, mpae a mifi komam bɔ kyerɛ Onyankopɔn, Kristofo nhyiam a na yɛkɔ daa, ne asɛmpaka adwuma a yɛbɔ mmɔden nya mu kyɛfa no hyɛɛ yɛn boasetɔ ne animia no mu den. Bere nyinaa na yɛkae nkuranhyɛsɛm a ɛwɔ Dwom 37:3-5 yi: ‘Bata Yehowa ho, na yɛ papa, ma w’ani nka Yehowa ho. Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.’ Nkyekyɛm foforo nso a ɛsom bo kɛse ma yɛn ne Dwom 55:22 no: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” Te sɛ abofra a ɔwɔ n’agya mu ahotoso koraa no, ɛnyɛ sɛ yɛde yɛn adesoa to Yehowa so nko na mmom yegyaw ma no nso.—Yakobo 1:6.

Wɔ April 12, 1987 mu bere a me yere reka asɛmpa wɔ yɛn fie anim no, dade pon bi a emu yɛ duru yiye bɛbɔɔ n’akyi, too no hwee kwankyɛn, ma opiraa kɛse. Enti ɔtɔɔ mum mfe abiɛsa a edi hɔ no. Owui wɔ 1990 mfiase.

Mmɔden Kɛse a Mebɔ De Som Yehowa

Wɔ 1960 mu no, wɔpaw me sɛ asafo somfo wɔ Nikaia, Piraiévs. Efi saa bere no, makɔ so anya hokwan asom asafo horow pii wɔ Piraiévs. Ɛwom sɛ mannwo de, nanso ɛyɛ me anigye sɛ m’aboa honhom mu mma pii ama wɔn ase atim wɔ nokware no mu. Seesei wɔn mu binom som sɛ asafo mu asomfo, akwampaefo, ne Betel abusua no mufo.

Bere a wɔde dodow amammu sii hɔ wɔ Greece wɔ 1975 mu no, Yehowa Adansefo atumi ayɛ wɔn nhyiam a biribiara ansiw wɔn kwan, a ɛnsɛ sɛ wohintaw wɔ wura mu bio. Osuahu a yɛn mu binom nyae bere a na yɛreyɛ ɔmantam nhyiam wɔ amannɔne no so aba mfaso kɛse. Enti minyaa hokwan de anigye somee wɔ ɔmantam boayikuw pii mu mfe bebree.

Afei wɔ 1979 mu no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobesi Nhyiam Asa a edi kan wɔ Greece, a ɛwɔ Athens kurotia. Wɔpaw me sɛ memmoa mma wɔnyɛ adansi adwuma kɛse yi ho nhyehyɛe. Adwuma yi nso gye boasetɔ ne animia pii. Anuanom mmarima ne mmea ɔhaha pii a wɔwɔ ahofama a me ne wɔn yɛɛ adwuma mfe abiɛsa no hyɛɛ ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no mu den. Nsɛm horow a mekaakae wɔ adwuma yi mu no da me koma so paa.

Memaa Nneduafo Nyaa Honhom Fam Ahiade

Mfe kakra akyi no, hokwan foforo buei. Asasesin a na ɛbɛn asafo a na me wom wɔ Korydallos no mu na na afiase kɛse a ɛwɔ Greece no wɔ. Wɔpaw me sɛ Yehowa Adansefo somfo a mesrasra saa nneduaban yi mufo dapɛn biara, fi April 1991. Na wɔma me kwan ma me ne wɔn a wɔwɔ hɔ a wɔn ani gye ho no yɛ Bible adesua ne Kristofo nhyiam ahorow wɔ hɔ. Wɔn mu pii yɛɛ nsakrae kɛse, de daa tumi a Onyankopɔn Asɛm Bible wɔ no adi. (Hebrifo 4:12) Eyi kanyanee afiase adwumayɛfo no ne nneduafo afoforo no. Woyii nneduafo binom a me ne wɔn suaa Bible no fii afiase na seesei wɔyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo.

Me ne nnipa baasa bi a wɔagye dimmɔne wɔ nnubɔne ho suaa ade bere bi. Bere a na wɔretu mpɔn honhom mu no, wɔbaa Bible adesua ase a na wɔayi wɔn bogyesɛ, anunu wɔn tirim kama, na wɔahyɛ hyɛɛt abɔ tae—wɔ August mu—asram a emu yɛ hyew yiye no mu biako wɔ Greece! Afiase panyin, ɔwɛmfo a ɔwɔ afiase hɔ, ne adwumayɛfo binom de mmirika fii wɔn adwumayɛdan mu bɛhwɛɛ saa ade yi. Ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw!

Osuahu foforo a ɛhyɛ nkuran bi sii wɔ dan a wɔde mmea gu mu wɔ afiase hɔ no mu. Me ne ɔbea bi a na wadi awu ma wɔde no ato afiase fii Bible adesua ase. Na ɔyɛ otuatewfo a obiara nim no. Nanso ankyɛ, Bible mu nokware a osuae no maa ɔyɛɛ nsakrae a ɛyɛ nwonwa ara ma enti nnipa pii kae sɛ ɔte sɛ gyata a wɔasesa abɛyɛ oguammaa! (Yesaia 11:6, 7) Ankyɛ koraa na afiase panyin no benyaa ne mu ahotoso ne obu. M’ani gyei sɛ onyaa honhom mu nkɔso pa hyiraa ne nkwa so maa Yehowa.

Ayarefo ne Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim a Meboa Wɔn

Yare a me yere yaree bere tenten no ama manya tema kɛse ama wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ yɛn mu no. Bere biara a yɛn nhoma no ka biribi a ɛhyɛ nkuran sɛ yɛmfi ɔdɔ mu mmoa ankorankoro a wɔte saa no, mekyerɛ ho anigye. Na ɛsom bo ma me ma enti meboaboa nsɛm a ɛtete saa ano. Bere a mfe bi twaam no, na m’aboaboa nsɛm a ɛte saa nkratafa bɛboro ɔha ano—mede asɛm “Tema a Yebenya Ama Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim ne Wɔn a Wɔyare” a ɛwɔ July 15, 1962, Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu na efii ase. Nneɛma a ɛte saa yi mu pii daa no adi sɛ ɛyɛ papa sɛ asafo no yɛ nhyehyɛe pa de boa ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no.—1 Yohane 3:17, 18.

Mpanyimfo no yii anuanom mmarima ne mmea bi a wɔde wɔn ho mae de hwɛɛ ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim ahiade wɔ yɛn asafo no mu. Yɛhyehyɛɛ nnipa a wotuu wɔn ho mae no akuw ahorow—te sɛ wɔn a wobetumi de mmoa ama wɔ da no mu, afoforo a wɔbɛboa wɔ anadwo, wɔn a wobetumi ayɛ kar ho nhyehyɛe, ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɔnhwerew 24 no nyinaa. Wɔn a wotwa to yi yɛ nkurɔfo a na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa ntɛm ara.

Nea efi mmɔden a ɛte saa mu bae no hyɛɛ yɛn nkuran kɛse. Sɛ nhwɛso no, na onuawa bi a ɔno nkutoo te atɔre mum da fam da koro bi a na wɔrekɔsra no sɛnea wɔyɛ daa no. Yɛbɔɔ onuawa bi a na ɔte bɛn no a na ɔwɔ kar amanneɛ. Ɔde onuawa no kɔɔ ayaresabea a ɛbɛn hɔ ntɛm ara—simma du pɛ mu! Nnuruyɛfo no kae sɛ eyi na egyee no nkwa.

Anisɔ a wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no daa no adi kyerɛɛ kuw yi mufo no maa akomatɔyam kɛse. Anuanom mmarima ne mmea a wɔte saa a yɛne wɔn bɛtra wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo mu wɔ tebea soronko mu ho anidaso a yɛwɔ no ma yɛn abotɔyam. Na nim a wonim sɛ denam mmoa a wonyae bere a na wɔrehu amanne no na ɛmaa wotumi gyinae no nso yɛ akatua foforo.

Animia De Mfaso Pii Aba

Seesei mesom sɛ asafo mu panyin wɔ Piraiévs asafo no biako mu. Ɛmfa ho sɛ manyin yiye na yare haw me no, ɛyɛ me anigye sɛ me da so ara tumi nya asafo dwumadi ahorow mu kyɛfa.

Wɔ mfe pii a atwam mu no, na egye akokoduru ne animia na m’atumi adi tebea horow a emu yɛ den, ɔhaw horow a emu yɛ den, ne asiane ahorow ho dwuma. Nanso, Yehowa ama me ahoɔden a ehia bere nyinaa ama mede adi ɔhaw ahorow yi so. Mpɛn pii na m’ahu sɛnea odwontofo no nsɛm yi yɛ nokware no: “Sɛ mise me nan rewatiriw a, wo, [Yehowa, NW] w’adɔe na ɛwaw me. Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.”—Dwom 94:18, 19.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Mene me yere Eleni, bere a wɔyɛɛ no oprehyɛn a ɛto so abien, wɔ 1957 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Nuremberg, Germany, wɔ 1969 mu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Anuanom mmarima ne mmea bi a wɔboaa wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim