Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na asɛm, “Munnya nsiw ano nkoduu mogya mu ɛ” a ɛwɔ Hebrifo 12:4 no kyerɛ?

Asɛm ‘siw ano kodu mogya mu’ no kyerɛ sɛ obi begyina akɔ akyiri akodu owu mu, a ɛkyerɛ sɛ wobehwie ne mogya ankasa agu.

Ná ɔsomafo Paulo nim sɛ esiane Hebri Kristofo no gyidi nti, na wɔn mu bi ‘amia wɔn ani ahu ɔko bebree mu amane’ dedaw. (Hebrifo 10:32, 33) Bere a Paulo reda ɛno adi no, ɛte sɛ nea na ɔde apere a wodi wɔ Helafo akansi mu, a na nea ɛka ho ne mmirikatu, atentam, kuturukubɔ, prɛtetow ne peatow redi dwuma sɛ kasakoa. Sɛnea ɛfata no, ɔhyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran wɔ Hebrifo 12:1 sɛ: “Momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)

Nkyekyɛm abiɛsa a edi hɔ akyi, wɔ Hebrifo 12:4 no, ɛbɛyɛ sɛ na Paulo retwe adwene afi mmirikatu so akɔ kuturukubɔ so. (Adeyɛ abien no nyinaa pue wɔ 1 Korintofo 9:26.) Tete no, na kuturukubɔfo de aboa nhoma hyɛ wɔn nsa. Ná wotumi de “sumpii, ne nnade a etumi ma akuturukubɔfo no pira” hyehyɛ nhoma no mu mpo. Ná ntɔkwaw a emu yɛ den saa no ma mogya tu akuturukubɔfo no, na ɛtɔ mmere bi mpo a, na wowu.

Sɛnea ɛte biara no, na Hebri Kristofo no wɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wohyiaa ɔtaa ne ayayade a emu yɛ den, na wowuwui ‘wɔ mogya mu’ mpo ho nhwɛso a ɛfata. Hyɛ asɛm a ɛka ho a emu no Paulo twee adwene sii nea tete anokwafo no hyiae so no nsow:

“Wosiw wɔn abo, de ɔwan paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛe, de nkrante kunkum wɔn. Wokyinii nguanten ne mmerekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane.” Ɛno akyi no, Paulo twee adwene sii yɛn gyidi Wiefo, Yesu, so: ‘Ɔtɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.’—Hebrifo 11:37; 12:2.

Yiw, nnipa pii na ‘wosiw ano koduu mogya mu,’ kyerɛ sɛ, wogyinaa mu kosii owu mu. Ná wɔn de no boro gyidi a wonni a ɛyɛ bɔne no ho apere a wodi. Wodii nokware wɔ honam mu ayayade a wohyiae mu, na wodii nokware kosii owu mu.

Ná wɔn a wɔyɛ foforo wɔ Yerusalem asafo no mu, a ebia wɔbɛyɛɛ Kristofo bere a na ɔtaa a na ɛwɔ hɔ bere bi abrɛ ase no, nhyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den saa pɛn. (Asomafo no Nnwuma 7:54-60; 12:1, 2; Hebrifo 13:7) Nanso, na sɔhwɛ a emu nhyɛ da nyɛ den mpo rema wɔn mu binom agyae mmirika no tu; ‘na wɔrebrɛ na na wɔn kra retɔ piti.’ (Hebrifo 12:3) Ná ehia sɛ wɔpere kɔ onyin mu. Ná ɛno bɛma wɔayɛ den ma wɔagyina nea ɛbɛba biara ano, sɛ na wɔbɛyɛ wɔn ayayade ma wɔawu mpo a.—Hebrifo 6:1; 12:7-11.

Nnɛyi Kristofo pii ‘asiw ano akodu mogya mu,’ na wɔakum wɔn esiane sɛ wɔannyae wɔn Kristosom mu ansiesie nti. Sɛ́ anka yɛbɛma Paulo nsɛm a ɛwɔ Hebrifo 12:4 abɔ yɛn hu no, yebetumi abu no sɛ ɛkyerɛ baabi a yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ akodu, na yɛakɔ so adi Onyankopɔn nokware. Paulo kyerɛwee akyiri yi wɔ krataa koro no ara a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu sɛ: “Momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu.”—Hebrifo 12:28.