Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Nnyinasosɛm Betumi Aboa Wo

Onyankopɔn Nnyinasosɛm Betumi Aboa Wo

Onyankopɔn Nnyinasosɛm Betumi Aboa Wo

AKYINNYE biara nni ho sɛ wunim sɛ mmoa fi nkate mu na ɛyɛ ade. Mfiri pii di akwankyerɛ akyi. Nanso, wɔbɔɔ nnipa a na ɛsɛ sɛ nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛte saa? Yehowa, Nea ɔde nnyinasosɛm a ɛteɛ nyinaa mae no kae bere a ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no sɛ: “Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso.” Ɔbɔadeɛ no yɛ honhom; onni nipadua te sɛ yɛn, enti wɔbɔɔ yɛn ne “suban” so a ɛkyerɛ sɛ yebetumi ada ne nipasu ne ne su horow a eye no bi adi. Nnipa betumi abɔ wɔn bra ma ɛne nnyinasosɛm ahorow ahyia, kyerɛ sɛ, wɔ ɔkwan a wosusuw sɛ eye so. Yehowa ama wɔakyerɛw nnyinasosɛm yi mu pii wɔ N’asɛm mu.—Genesis 1:26; Yohane 4:24; 17:17.

Ebia obi bɛka sɛ ‘nanso nnyinasosɛm ɔhaha pii na ɛwɔ Bible no mu. Mintumi nhu ne nyinaa.’ Ampa. Nanso susuw asɛm yi ho hwɛ: Ɛwom sɛ Onyankopɔn nnyinasosɛm nyinaa so wɔ mfaso de, nanso ebi ho hia paa sen afoforo. Wubetumi ahu eyi wɔ Mateo 22:37-39, baabi a Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Mose Mmara no mu no bi ho hia paa kyɛn afoforo no.

Nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛho hia paa no? Bible mu nnyinasosɛm a ɛho hia paa no ne nea ɛfa yɛne Yehowa abusuabɔ ho tẽẽ no. Sɛ yetie nnyinasosɛm ahorow yi a, Ɔbɔadeɛ no ba bɛyɛ obi a ne ho hia paa wɔ kɔmpase a ɛkyerɛ yɛn asetra kwan no mu. Afei nso, yɛwɔ nnyinasosɛm ahorow a ɛfa yɛne nnipa afoforo abusuabɔ ho. Sɛ yedi eyinom so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati ahopɛ su ɛmfa ho sɛnea afoforo bu no no.

Ma yɛmfa nokwasɛm bi a ɛho hia paa wɔ Bible mu mfi ase. Ɛyɛ nokwasɛm bɛn, na ɔkwan bɛn so na ɛfa yɛn ho?

“Ɔsorosoroni, Asase Nyinaa So”

Kyerɛw Kronkron no ma ɛda adi pefee sɛ Yehowa ne yɛn Bɔfo Kɛseɛ, Ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn. Obiara ntumi ne no nyɛ pɛ anaa onsi n’ananmu. Eyi yɛ nokwasɛm titiriw a ɛwɔ Bible mu.—Genesis 17:1; Ɔsɛnkafo 12:1.

Dwom nhoma no akyerɛwfo biako kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no kyerɛwee sɛ: Wo, [Yehowa, NW] na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti.” Na odiyifo Yeremia a wagye din no kyerɛwee sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, [Yehowa, NW]; wo na woyɛ kɛse, na wo din nso sõ, mmaninyɛ mu.”—Dwom 83:18; 1 Beresosɛm 29:11; Yeremia 10:6.

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn ho nokwasɛm a ɛte saa no di dwuma wɔ asetram daa?

Yɛahu onii ko a ɛsɛ sɛ yɛma ne ho hia yɛn kɛse wɔ asetram no—yɛn Bɔfo ne yɛn Nkwamafo no. Ɛnde, wunsusuw sɛ ɛfata sɛ yɛko tia su biara a ɛbɛma yɛatwe adwene asi yɛn ho so—su a ebia atim wɔ ebinom mu sen afoforo no? Nnyinasosɛm a nyansa wom a ebetumi akyerɛ yɛn kwan ne sɛ ‘yɛbɛyɛ biribiara de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam!’ (1 Korintofo 10:31) Odiyifo Daniel yɛɛ eyi ho nhwɛso pa.

Abakɔsɛm ka kyerɛ yɛn sɛ Babilon Hene Nebukadnesar soo dae bi a ɛhaw no ma enti na ɔrehwehwɛ ne nkyerɛase. Bere a obiara anhu ne nkyerɛase no, Daniel tumi kaa nea na ɔhene no pɛ sɛ ohu nyinaa kyerɛɛ no. So Daniel gyee eyi ho anuonyam fae? Dabi, ɔhyɛɛ ‘Onyankopɔn a ɔwɔ soro a oyi ahintasɛm adi’ no anuonyam. Daniel kaa bio sɛ: “Ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sen ateasefo nyinaa nti na wɔayi ahintasɛm yi akyerɛ me.” Na Daniel yɛ ɔbarima a ɔde nnyinasosɛm di dwuma. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔka ne ho asɛm mprɛnsa wɔ Daniel nhoma no mu sɛ Onyankopɔn ‘pɛ n’asɛm’ no.—Daniel 2:28, 30; 9:23; 10:11, 19.

Sɛ wusuasua Daniel a, ebesi wo yiye. Bere a woresuasua Daniel no, ade a ɛsɛ sɛ ɛho hia wo paa ne wo nsusuwii. Hena na ɛsɛ sɛ wode nea woyɛ ho anuonyam ma no? Ɛmfa ho sɛnea wote biara no, wubetumi agye Bible nnyinasosɛm a ɛho hia paa yi atom—Yehowa ne Amansan Hene. Saa a wobɛyɛ no bɛma ‘wapɛ w’asɛm paa.’

Afei ma yensusuw nnyinasosɛm abien bi a ɛho hia paa a ebetumi aboa yɛn wɔ nnipa nkitahodi mu ho. Ɛmfa ho sɛ wɔtwe adwene si ahopɛ so wɔ baabiara no, ɛnyɛ su a ɛfata, yɛne afoforo nsɛnnii wɔ asetram ho hia kɛse.

“Ahobrɛase Adwene”

Wɔn a wɔhoahoa wɔn ho no nni anigye. Wɔn mu dodow no ara pɛ asetra pa, na wɔpɛ no seesei ara. Wɔn fam no, wɔte nka sɛ ahobrɛase yɛ mmerɛwyɛ bi. Wosusuw sɛ afoforo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔda boasetɔ adi. Sɛ ɛba sɛ wɔhwehwɛ anuonyam a, wɔyɛ nea wɔpɛ biara. Wuhu sɛ woda su bi a ɛte sɛ wɔn de no adi?

Onyankopɔn asomfo hyia su a ɛte saa da biara, nanso ɛnsɛ sɛ wɔma enya wɔn so tumi. Kristofo a wɔn ho akokwaw gye nnyinasosɛm yi tom sɛ: “Ɛnyɛ nea oyi ne ho ayɛ na ɔfra, na mmom nea [Yehowa NW] yi no ayɛ.”—2 Korintofo 10:18.

Nnyinasosɛm a ɛwɔ Filipifo 2:3, 4 a wode bedi dwuma no bɛboa. Saa kyerɛwsɛm no hyɛ wo nkuran sɛ ‘nnwene biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom fa ahobrɛase adwene bu wo yɔnkonom kyɛn wo ankasa ho.’ Sɛ ɛba saa a, na ‘worenhwɛ wo nko ade, na mmom na worehwehwɛ wo mfɛfo de bi.’

Obi a na onim ne su ankasa na ɔkaa ne ho nokwasɛm ne Gideon, tete Hebri temmufo no. Wampɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔkannifo wɔ Israel. Enti, bere a wɔkae sɛ Gideon mmɛyɛ ɔkannifo no, ɔkae sɛ ɔmfata. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘M’asafo na esua Manase mu, na me nso, mene akumaa m’agya fie.’—Atemmufo 6:12-16.

Afei nso, bere a Yehowa maa Gideon dii nkonim no, Efraim mmarima ne no hamee. Dɛn na Gideon yɛe? Ne nkonimdi no maa ɔmaa ne ho so? Dabi. Ɔmaa mmuae bɔkɔɔ de siankaa asiane. “Dɛn na mayɛ afei a ɛte sɛ mo de?” Na Gideon brɛ ne ho ase.—Atemmufo 8:1-3.

Nokwarem no, Gideon asɛm yi sii bere tenten bi a atwam ni. Nanso, mfaso da so ara wɔ so sɛ wubesusuw ho. Wubetumi ahu sɛ na Gideon wɔ su a ɛne nea abu so nnɛ no bɔ abira koraa, na ɔdaa su pa yi adi ma ɛso baa no mfaso.

Su a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛhyɛ ahopɛ ho nkuran no betumi asɛe sɛnea yebu yɛn ho no. Bible nnyinasosɛm teɛ saa adwene no, na ɛma yehu abusuabɔ a yɛne Ɔbɔade no ne afoforo wɔ ankasa.

Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm di dwuma a, ɛmma yɛnnyɛ ahopɛfo. Yɛmma yɛn nsusuwii anaa yɛn nipasu nnaadaa yɛn. Dodow a yehu nnyinasosɛm pa no, dodow no ara na yehu Nea ɔde mae no yiye. Ampa, mfaso wɔ so kɛse sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn nnyinasosɛm nsow bere a yɛrekenkan Bible no.—Hwɛ adaka no.

Yehowa ama nnipa akorɔn sen mmoa a nkate mu titiriw na wofi yɛ ade no. Onyankopɔn apɛde a yebedi akyi no hwehwɛ sɛ yɛde ne nnyinasosɛm bedi dwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi ama abrabɔ kɔmpase no adi dwuma yiye na ama yɛahyɛn Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu. Bible no ma yenya anidaso sɛ ɛnkyɛ wɔbɛyɛ asase foforo a “trenee te mu.”—2 Petro 3:13.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6

Bible Nnyinasosɛm Bi a Mfaso Wɔ So

Wɔ abusua no mu:

“Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.”—1 Korintofo 10:24.

‘Ɔdɔ nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.’—1 Korintofo 13:4, 5.

“Mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho.”—Efesofo 5:33.

“Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom.”—Kolosefo 3:18.

“Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.”—Mmebusɛm 23:22.

Wɔ sukuu ne adwumam:

‘Nsisi nsenia yɛ akyide. Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu.’—Mmebusɛm 11:1, 18.

“Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa.”—Efesofo 4:28.

“Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.”—2 Tesalonikafo 3:10.

“Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa, NW].”—Kolosefo 3:23.

“Yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.”—Hebrifo 13:18.

Ahonyade ho su:

“Nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.”—Mmebusɛm 28:20.

“Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no.”—Ɔsɛnkafo 5:10.

Sɛnea ɛsɛ sɛ obi bu ne ho:

“Sɛ nkurɔfo hyɛ wɔn ho anuonyam a, so ɛno yɛ anuonyam ankasa?”—Mmebusɛm 25:27, NW.

“Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano.”—Mmebusɛm 27:2.

“Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen.”—Romafo 12:3.

“Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ biribi, na ɔnyɛ hwee a, ɔdaadaa ne ho.”—Galatifo 6:3.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Daniel hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn nnyinasosɛm a yɛde di dwuma wɔ yɛne afoforo nsɛnnii mu no de abusuabɔ pa ne anigye ba

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]

U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./Robert Bridges