Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahofama Honhom A Wɔde Som

Ahofama Honhom A Wɔde Som

Asetram Nsɛm

Ahofama Honhom A Wɔde Som

SƐNEA DON RENDELL KA KYERƐE

Me maame wui wɔ 1972 mu bere a na madi mfe anum pɛ no. Nanso, gyidi a na ɔwɔ no nyaa m’asetra so nkɛntɛnso kɛse. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

NA ME maame yɛ Anglikan asɔre no muni a ne gyidi mu yɛ den bere a ɔwaree me papa a saa bere no na ɔyɛ ɔsraani no. Ɛno akyi ansa na Wiase Ko 1 no reba. Wiase Ko 1 pae gui 1914 mu, na Maame ne ne sɔfo anyɛ adwene sɛ ɔde n’asɛnka agua no redi dwuma sɛ baabi a wɔpaw asraafo. Mmuae bɛn na ɔsɔfo no de mae? “Kɔ fie na mma saa nsɛm no nnhaw wo!” Maame ante ne ho ase.

Wɔ 1917 mu bere a na ɔko no gyina mu denneennen no, Maame kɔhwɛɛ “Photo-Drama of Creation” no bi. Bere a ogye toom sɛ wahu nokware no, ogyaee n’asɔre no ntɛm ara na ɔne Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo no, bɔe. Ɔkɔɔ asafo nhyiam a na ɛwɔ Yeovil, kurow a ɛbɛn yɛn akuraa wɔ, West Coker, a ɛwɔ Engiresifo kurow Somerset no mu.

Ankyɛ na Maame kaa ne gyidi foforo no ho asɛm kyerɛɛ ne nuabeanom baasa no. Yeovil asafo no mufo a wɔanyin no mu bi aka sɛnea na maame ne ne nuabea Millie de nsiyɛ ka sakre kyini yɛn asasesin no mu nyinaa, kyekyɛ nhoma a wɔde sua Bible a ɛne Studies in the Scriptures no ho asɛm akyerɛ me. Awerɛhosɛm ne sɛ, Maame bɔɔ nsamanwaw a saa bere no na wonni ano aduru ma ɔkaa dan mu bɛyɛ asram 18.

Ahofama a Wɔde Di Dwuma

Ante Millie a saa bere no na ɔne yɛn te no hwɛɛ Maame bere a ɔyaree no na ɔhwɛɛ me ne me nua panyin Joan a na wadi mfe ason no. Bere a Maame wui no, Ante Millie penee so ntɛm ara sɛ ɔbɛhwɛ yɛn a yɛyɛ mmofra no. Paapa ani gyei sɛ saa asɛyɛde no befi no so, na ɔpenee so sɛ Ante Millie ne yɛn ntra daa.

Na yɛdɔ yɛn ante no, na na yɛn ani gye sɛ ɔne yɛn bɛkɔ so atra. Nanso dɛn nti na osii saa gyinae no? Mfe pii akyi no, Ante Millie ka kyerɛɛ yɛn sɛ na onim sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔtoa nea Maame fii ase no so—sɛ ɔde Bible mu nokware bɛkyerɛkyerɛ me ne Joan—biribi a na onim sɛ yɛn papa no renyɛ da esiane sɛ n’ani nnye nyamesom ho nti.

Bere kɔɔ so no, yehui nso sɛ na Ante Millie asi gyinae fofofo bi. Nea ɛbɛyɛ na watumi ahwɛ yɛn yiye nti, na ɔrenware da. Hwɛ ahofama ara ɛyɛ! Na ɛsɛ sɛ me ne Joan ani sɔ nea wayɛ no kɛse. Nea Ante Millie kyerɛɛ yɛn nyinaa ne ne nhwɛso pa no abɛyɛ yɛn de.

Bere a Ɛsɛ sɛ Yesi Gyinae

Me ne Joan kɔɔ Anglikan sukuu wɔ akuraase, baabi a Ante Millie gyinaa pintinn kaa yɛn nyamesom ntetee ho asɛm kyerɛɛ sukuu panyin no. Sɛ mmofra no kɔ asɔre a, na yɛn nso yɛkɔ fie, na sɛ ɔsɔfo ba sukuu hɔ bɛkyerɛkyerɛ nyamesom ho ade a, na wɔtew yɛn fi mmofra a aka no ho na wɔma yɛn kyerɛw nsɛm ahorow bi ma yekosua gu yɛn tirim. Eyi boaa me titiriw wɔ bere bi akyi, efisɛ nsɛm no kaa m’adwenem.

Bere a midii mfe 14 no, mifii sukuu kosuaa sɛnea wɔyɛ kyiis wɔ adwinnan bi mu. Misuaa sɛnea wɔbɔ adakabɛn, ne nnwonto, na na m’ani gye asaw ho nso. Ɛwom sɛ na Bible mu nokware no wɔ me komam de, nanso na ennya nkanyanee me. Afei da koro bi wɔ March 1940 mu no, Ɔdansefo bi a n’ani afi too nsa frɛɛ me sɛ me ne no nkɔ ɔmansin nhyiam wɔ Swindon, a kwan no tenten bɛyɛ kilomita 110. Saa bere no, Albert D. Schroeder, a na ɔhwɛ Yehowa Adansefo adwuma no so wɔ Britain no na ɔmaa baguam ɔkasa no. Nhyiam yi maa nsakrae titiriw bi baa m’asetram.

Na Wiase Ko II no gyina mu denneennen. Dɛn na na ɛsɛ sɛ meyɛ? Misii gyinae sɛ mɛsan akɔ Yeovil, Ahenni Asa so. Bere a edi kan a mekɔe no, wɔde mmorɔn so adansedi ho asɛm too gua. Ɛmfa ho sɛ na minni nimdeɛ pii no, mituu me ho mae wɔ dwumadi yi mu, na ɛyɛɛ me nnamfonom pii nwonwa ma wodii me ho fɛw bere a wohyiaa me abɔnten so no!

Wɔbɔɔ me asu wɔ June 1940, wɔ Bristol. Wɔ ɔsram biako ntam no, mebɛyɛɛ daa kwampaefo—bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Hwɛ anigye ara a minyae sɛ ɛno akyi bere tiaa bi no, me nuabea ketewa no nso de nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ho nsɛnkyerɛnne!

Akwampae Adwuma a Meyɛ Wɔ Ɔko Bere Mu

Bere a ɔko no fii ase afe akyi no, me nsa kaa krataa bi a wɔde reto nsa afrɛ me sɛ menkɔ sraadi. Bere a na makyerɛw me din wɔ Yeovil sɛ merenkɔ sraadi esiane ɔsom mu ahonim nti no, na ɛsɛ sɛ mikoyi me ho ano wɔ asɛnnibea wɔ Bristol. Mekɔkaa John Wynn ho wɔ akwampae adwuma no mu wɔ Cinderford, Gloucestershire, na ɛno akyi no yɛkɔɔ Haverfordwest ne Carmarthen, Wales. * Akyiri yi a wodii m’asɛm wɔ Carmarthen asɛnnibea no, wɔde me too afiase asram abiɛsa wɔ Swansea, na wɔsan bɔɔ me ka £25 kaa ho—na ɛyɛ sika a emu yɛ duru saa bere no. Bere bi akyi no, esiane sɛ mantumi antua sika no nti wɔsan de me too afiase asram abiɛsa bio.

Wɔ asɛnni a ɛto so abiɛsa no mu no wobisaa me sɛ: “Wunnim sɛ Bible no ka sɛ, ‘Wɔmfa Kaesare de mma Kaesare’?” Mibuae sɛ, “yiw, minim saa, nanso mepɛ sɛ meka saa nkyekyɛm no ho asɛm wie sɛ: ‘na wɔmfa Onyankopɔn de mma Nyankopɔn.’ Na ɛno na mereyɛ yi.” (Mateo 22:21) Adapɛn kakraa bi akyi no, me nsa kaa krataa bi a ɛkyerɛ sɛ made me ho afi sraadi asɛyɛde horow ho.

Wɔ 1945 mfiase no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔka Betel abusua a ɛwɔ London no ho. Nathan H. Knorr, a na odi wiase nyinaa asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe anim, ne ne kyerɛwfo Milton G. Henschel, baa London, awɔw bere a na edi hɔ no mu. Wɔde anuanom mmerante baawɔtwe a wofi Britain kaa Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wɔde tete asɛmpatrɛwfo no adesuakuw a ɛto so awotwe no ho, na na meka ho bi.

Asɛmpatrɛw Dwumadi Ahorow

Yɛde ɔko bere mu po so hyɛn bi fii yɛn akwantu no ase wɔ May 23 1946, wɔ Cornwallfo hyɛn gyinabea a ɛwɔ Fowey no. Na wɔfrɛ hyɛn gyinabea sohwɛfo no Panyin Collins, na na ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo, na bere a yesiim fii mpoano hɔ no, ɔhyɛn abɛn bi. Ampa, na yenhu nea yɛnyɛ bere a Engiresifo hyɛn no tui no. Na Atlantic so akwantu yi nna fam, nanso nna 13 akyi no yeduu United States dwoodwoo.

Nnawɔtwe amanaman ntam nhyiam a wɔato din Ɔman a Wɔwɔ Anigye Teokrase Nhyiam wɔ Cleveland, Ohio, fi August 4 kosi 11, 1946 a yɛkɔe no ma yenyaa osuahu a ɛyɛ anigye a yɛn werɛ remfi da.. Nhyiamfo mpem awɔtwe na ɛbae, a na emu 302 fi aman ahorow 32 so. Saa nhyiam no ase na woyii Awake! * nsɛmma nhoma ne nhoma a wɔde sua Bible a ɛne “Let God Be True” no adi kyerɛɛ nnipadɔm a wɔn ani agye no.

Yewiee yɛn Gilead adesua no wɔ 1947 mu, na wɔmaa me ne Bill Copson dwumadi wɔ Egypt. Nanso ansa na yɛrebɛkɔ no, minyaa dwumadibea ho ntetee pa fii Richard Abrahamson hɔ wɔ Brooklyn Betel. Yegyinae wɔ Alexandria, na ankyɛ na meyɛɛ nsakrae ma ɛne Mediterranea Supɔw no so asetra kwan hyiae. Na Arabic kasa no sua yɛ den, na na ɛsɛ sɛ mede adansedi nkratasin di dwuma wɔ kasa horow anan mu.

Bill Copson traa hɔ mfe ason, nanso me nsa antumi anka m’akwantu krataa a wɔbɛsesa ama me no wɔ afe a edi kan no mu, enti na ɛsɛ sɛ mifi ɔman no mu. Sɛ mehwɛ m’akyi wɔ afe biako a midii wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu a, mihu sɛ ɛsow aba sen biara wɔ m’asetram. Minyaa hokwan yɛɛ ofie Bible adesua bɛboro 20 dapɛn biara, na wɔn a wosuaa nokware no saa bere no mu bi da so ara de nsiyɛ reyi Yehowa ayɛ. Mifii Egypt no, wɔmaa me dwumadi wɔ Cyprus.

Cyprus ne Israel

Nea ɛbɛyɛ na matumi aka hɔnom kasa no, mifii ase suaa Greece kasa no. Bere tiaa bi akyi a wɔmaa Anthony Sideris kɔɔ Greece no, wɔpaw me sɛ menhwɛ Cyprus adwuma no so. Saa bere no na Israel hyɛ Cyprus baa dwumadibea no ase, na minyaa hokwan ne anuanom binom kɔsraa Adansefo kakraa bi a na wɔwɔ hɔ no wɔ bere ne bere mu.

Bere a edi kan a mekɔɔ Israel no, yɛyɛɛ nhyiam ketewaa bi wɔ adidibea bi wɔ Haifa, na nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 50 anaa 60 baa ase. Nea ɛbɛyɛ na yɛakyekyɛ amanaman no mu akuw no, yɛyɛɛ nhyiam dwumadi no wɔ kasa ahorow asia mu! Wɔ bere foforo mu no mitumi yii sini bi a Yehowa Adansefo ayɛ kyerɛe wɔ Jerusalem, na memaa baguam ɔkasa ma wɔkaa ho asɛm pa wɔ Engiresi atesɛm krataa bi mu.

Na Adansefo bɛyɛ 100 na wɔwɔ Cyprus saa bere no, na na ɛsɛ sɛ wodi apere denneennen wɔ wɔn gyidi ho. Basabasayɛfo kuw bi a na Greek Ortodɔks Asɔre no asɔfo bi di wɔn anim sɛee yɛn nhyiam horow, na na ɛyɛ osuahu foforo koraa ma me sɛ wosiw me abo bere a meredi adanse wɔ nkuraase no. Na ɛsɛ sɛ misua sɛnea meguan ntɛm! Nea ɛhyɛɛ yɛn gyidi den ne sɛ wɔmaa asɛmpatrɛwfo pii baa supɔw no so wɔ bere a na basabasayɛfo yi sɔretia no gyina mu denneennen no. Dennis ne Mavis Matthews ne Joan Hulley ne Beryl Heywood bɛkaa me ho wɔ Famagusta, na Tom ne Mary Goulden ne Nina Constanti, Cyprusni a wɔwoo no London no, nso kɔɔ Limassol. Bere koro no ara mu no, wɔde Bill Copson kɔɔ Cyprus na akyiri yi Bert ne Beryl Vaisey kɔkaa ho.

Tebea Horow a Ɛsakra a Yegyina Ano

Eduu 1957 awiei no, meyaree na mantumi antoa m’asɛmpatrɛw adwuma no so bio. Bere a na me werɛ ahow no, misii gyinae sɛ mɛsa me ho yare, enti mekɔɔ England, faako a metoaa akwampae adwuma no so kosii 1960 no. Me nuabea ne ne kunu fii ayamye mu gyee me traa wɔn fie, nanso na tebea no asesa. Na nneɛma mu yɛ den ma Joan. Wɔ ne kunu ne ne babea ketewa a na ɔhwɛ wɔn bere a mifii hɔ mfe 17 akyi no, ofii ɔdɔ mu hwɛɛ yɛn papa ne Ante Millie, a saa bere yi wanyin na onni ahoɔden no. Hia a na ehia sɛ midi me maame nua ahofama nhwɛso akyi no ho behiae, enti metraa me nuabea no nkyɛn kosii sɛ me maame nua no ne me papa nyinaa wuwui.

Na anka ɛnyɛ den koraa sɛ mɛtra England, nanso bere a mehomee kakra no, metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mesan kɔ me dwumadi no so. Anyɛ yiye koraa no, so Yehowa ahyehyɛde no nsɛee sika pii wɔ me ho mfa ntetee me? Enti wɔ 1972 mu no mede m’ankasa sika siim kɔɔ Cyprus kɔtoaa m’akwampae adwuma no so.

Nathan H. Knorr baa hɔ bɛyɛɛ nhyehyɛe maa ɔmantam nhyiam a na wɔbɛyɛ no afe a edi hɔ no. Bere a ohui sɛ masan aba hɔ no ɔma wɔpaw me sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ supɔw no nyinaa so, hokwan a minyae mfe anan. Nanso, na ɛyɛ dwumadi a ɛnna fam efisɛ na ɛsɛ sɛ meka Greece kasa bere nyinaa.

Ɔhaw Bere

Me ne Paul Andreou, Ɔdansefo bi a ofi Cyprus a ɔka Greece kasa traa fie bi mu wɔ Karakoumi akuraa bi ase a ɛbɛn Kyrenia apuei fam. Na Cyprus baa dwumadibea no wɔ Nicosia, a ɛbɛn Kyrenia atifi fam Mmepɔw so. Wɔ July 1974 mfiase mu no, na mewɔ Nicosia, na bere a ɔman anidan a wɔde tuu Ɔman Panyin Makarios sii no, mihui sɛ wɔde gya ato n’ahemfie no mu. Bere a ɛhɔ dwoe sɛ metumi atu kwan no, meyɛɛ ntɛm san kɔɔ Kyrenia, faako a na yɛreyɛ ahoboa ama ɔmansin nhyiam no. Nnanu akyi no metee sɛ wɔatow ɔtopae ato hyɛn gyinabea hɔ, na mihui sɛ helikopta pii wɔ soro a wɔde asraafo dɔm fi Turkey reba.

Esiane sɛ mifi Britain nti, Turkey asraafo no de me kɔɔ Nicosia kurotia, faako a Amanaman Nkabom panyin bi a ɔne baa dwumadibea no dii nkitaho no bisabisaa me nsɛm no. Afei mede ehu nantew telefon nhama ne anyinam ahoɔden nhama so kɔɔ afie bi a obiara nte mu wɔ asase no fã foforo a ɛnyɛ obiara de mu. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ biribiara ansɛe me ne Yehowa Nyankopɔn ntam nkitahodi no! Mpae a mebɔe wowaw me wɔ m’asetra mu bere a na enye koraa no mu.

Mehweree m’ahode nyinaa, nanso m’ani gyei sɛ baa dwumadibea no bɔɔ me ho ban. Nanso, na tebea yi yɛ bere tiaa bi de. Wɔ nna kakraa bi ntam no na asraafo no ako afa supɔw no atifi fam nkyem abiɛsa mu biako. Na ɛsɛ sɛ yefi Betel na yɛkɔ Limassol. M’ani gyei sɛ me ne boayikuw bi a wɔpawee yɛɛ adwuma wɔ hɔ de hwɛɛ anuanom 300 a basabasayɛ no kaa wɔn, a na wɔn mu pii ahwere wɔn afie no.

Nsakrae Pii a Wɔyɛe Wɔ Me Dwumadi Mu

Wɔ January 1981 mu no, Sodikuw no kae sɛ menkɔka Betel abusua a ɛwɔ Athens, Greece no ho, nanso bere a afe no kɔɔ awiei no, mesan baa Cyprus na wɔpaw me sɛ Baa Boayikuw no guamtrani. Andreas Kontoyiorgis ne ne yere Maro a ofi Cyprus a wɔde wɔn fi London bae no ‘kyekyee me werɛ kɛse.’—Kolosefo 4:11.

Bere a Theodore Jaracz, dantaban sohwɛfo bɛsraa yɛn wɔ 1984 mu na ɔne yɛn redi nkra no, me nsa kaa krataa bi fii Sodikuw no hɔ a ɛkae tiawa sɛ: “Sɛ Onua Jaracz wie ne nsrahwɛ no a, yɛpɛ sɛ woka no ho kɔ Greece.” Wɔankyerɛ nea enti, nanso bere a yeduu Greece no, wɔkenkanee krataa foforo bi a efi Sodikuw no hɔ a wɔde repaw me sɛ menkɔyɛ Baa Boayikuw no guamtrani wɔ saa man no mu no kyerɛɛ Baa Boayikuw no.

Saa bere yi nyinaa na yɛrehyia ɔwae ho nsɛnnennen. Afei nso, na wɔabɔ yɛn sobo pii wɔ sakra a yɛama afoforo asakra wɔn adwene wɔ wɔn som ho no ho. Na wɔkyere Yehowa nkurɔfo daa de wɔn kɔ asɛnnibea ahorow. Hwɛ hokwan ara a minyae sɛ mihuu anuanom mmarima ne mmea a wokuraa wɔn mudi mu wɔ ɔtaa bere no mu! Wodii ebinom asɛm wɔ Europa Asɛnnibea Ma Nnipa Hokwan Ahorow, na eyi nyaa asɛnka adwuma no so nkɛntɛnso pa wɔ Greece. *

Bere a na meresom wɔ Greece no, mitumi kɔɔ ɔmantam nhyiam bi a me werɛ remfi da a wɔyɛɛ no Athens, Thessalonica, ne nsupɔw a ɛwɔ Rhodes ne Crete so no bi. Na ɛyɛ mfe anan a emu yɛ anigye, na ɛsow aba, nanso na nsakrae foforo nam kwan mu—mesan kɔɔ Cyprus wɔ 1988 mu.

Mifi Cyprus na Meba Greece Bio

Bere a mifii Cyprus no, anuanom no nyaa baa dwumadibea foforo wɔ Nissou a efi Nicosia kɔ hɔ yɛ kilomita kakraa bi, na bere a wɔrebue ano no, Carey Barber a ofi Yehowa Adansefo asafo ti a ɛwɔ Brooklyn no na ɔmaa ɔkasa a wɔde hyiraa dan no so no. Saa bere yi de na nneɛma mu adwo paa wɔ supɔw no so, na na ɛyɛ me anigye sɛ masan aba hɔ—nanso na ɛrenkyɛ na nneɛma asan asesa bio.

Na Sodikuw no apene so sɛ wonsi Betel fie foforo wɔ Greece, bɛyɛ kilomita kakra wɔ Athens atifi fam. Esiane sɛ mitumi ka Engiresi ne Greece kasa nyinaa nti, wɔtoo nsa frɛɛ me maa mesan bɛyɛɛ adwuma wɔ baabi a na wɔresi dan foforo no wɔ 1990 mu sɛ obi a ɔkyerɛ kasa a anuanom a wofi amannɔne ba a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no ka no ase. Meda so ara kae anigye a na minya bere a madu beae a woresi dan hɔ anɔpa nnɔnsia wɔ ahohuru bere mu, na mihyia Greece anuanom mmarima ne mmea a wɔatu wɔn ho ama a wɔne adansi adwumayɛfo no rebɛyɛ adwuma no kwan no! Mɛkɔ so akae wɔn anigye ne wɔn nsiyɛ no daa.

Greece Ortodɔks asɔfo ne wɔn aboafo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛba hɔ abɛsɛe yɛn adwuma no, nanso Yehowa tiee yɛn mpaebɔ, ma yenyaa ahobammɔ. Mekɔɔ so traa hɔ kosii sɛ wohyiraa Betel fie foforo no so wɔ April 13, 1991.

Me Nuabea a Medɔ no a Meboa No

Afe a edi hɔ no, mikogyee m’ahome wɔ England, na me ne me nuabea ne ne kunu kɔtrae. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a mewɔ hɔ no, m’akonta no nyaa komayare mprenu na owui. Ná Joan ayɛ nea obetumi biara de aboa me bere a na mewɔ m’asɛmpatrɛw adwuma no mu no. Nnawɔtwe antwam a na ɔnkyerɛw me krataa mfa nhyɛ me nkuran. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhyira ma ɔsɛmpatrɛwfo biara sɛ obenya nkitahodi a ɛte saa! Seesei ɔyɛ okunafo a ɔyare na ohia mmoa. Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?

Joan babea Thelma ne ne kunu nso rehwɛ onua nokwafo biako a ɔwɔ wɔn asafo no mu, yɛn busuani biako a ɔno nso yare na ɔsan yɛ okunafo. Enti bere a mekɔɔ so bɔɔ mpae pii akyi no, misii gyinae sɛ mɛtra Joan nkyɛn na maboa no. Na saa nsakrae a meyɛe yi nna fam, nanso manya hokwan sɛ mesom sɛ ɔpanyin wɔ Pen Mill, asafo abien a ɛwɔ Yeovil no biako mu.

Anuanom mmarima a wɔwɔ amannɔne a masom wɔn pɛn no taa ne me di nkitaho wɔ telefon so ne nkrataakyerɛw mu, na ɛno ma m’ani gye kɛse. Sɛ ɛba sɛ mɛsan akɔ Greece anaa Cyprus bio a, minim sɛ me nsa bɛka m’akwantu tekiti ntɛm ara. Nanso seesei madi mfe 80 na m’ani ne m’akwahosan nte sɛ kan no bio. Sɛ ɛba sɛ wuntumi nyɛ nea bere bi a atwam no na woyɛ a, ɛhaw adwene yiye, nanso mfe a midii wɔ Betel som mu no boaa me ma minyaa su horow pii a ɛho hia ma me nnɛ. Sɛ nhwɛso no, mekenkan daa asɛm da biara ansa na madidi anɔpa. Masua nso sɛ me ne nnipa bɛtra na madɔ wɔn—ade a ɛho hia na obi atumi ayɛ asɛmpatrɛw adwuma yiye.

Sɛ mehwɛ bɛyɛ mfe 60 a mede ayi Yehowa ayɛ no a, mihu sɛ bere nyinaa som adwuma no yɛ ahobammɔ a ɛsen biara na ɛma ntetee pa nso. Metumi afi koma nyinaa mu aka Dawid nsɛm yi sɛ: “Woayɛ me abankɛse ne me hiada mu guankɔbea.”—Dwom 59:16.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 18 John Wynn asetram nsɛm a ɛne, “Anisɔ Ahyɛ Me Koma Ma” puei wɔ September 1, 1997, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 25-8.

^ nky. 23 Kan no na wɔfrɛ no Consolation.

^ nky. 41 Hwɛ December 1, 1998 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-1 ne September 1, 1993 de no, nkratafa 27-31; January 8, 1998 Engiresi Nyan!, nkratafa 21-2 ne March 22, 1997, Engiresi de no nkratafa 14-15.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

GREECE

CYPRUS

Famagusta

Limassol

Kyrenia

Nicosia

Athens

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Maame wɔ 1915 mu

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Me (meto so anan wɔ benkum so) ne anuanom afoforo a wowiee Gilead adesua kuw a ɛto so awotwe wɔ 1946 mu, a yɛwɔ Broklyn Betel dan so

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me ne Ante Millie bere a mesan kɔɔ England bere a edi kan no