Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Anya Wo Ti Adidi Mu Wɔ Wiase Yi Awiei?

Wobɛyɛ Dɛn Anya Wo Ti Adidi Mu Wɔ Wiase Yi Awiei?

Wobɛyɛ Dɛn Anya Wo Ti Adidi Mu Wɔ Wiase Yi Awiei?

BIBLE ka nhyehyɛe bɔne yi awiei ho asɛm sɛ, “anibere da, ahohia ne ahokyere da, ɔsɛe ne amamfõyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da.” (Sefania 1:15) Ampa ara, eyi nyɛ da a wobɛhwɛ kwan sɛ ɛmmra! Nanso, ɔsomafo Petro bɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ ‘wɔntwɛn na wɔmma Onyankopɔn da no ba nyɛ ntɛm. Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew. Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.’—2 Petro 3:12, 13.

Ná ɛnyɛ ɔsoro ne asase ankasa sɛe ho asɛm na Petro reka wɔ ha. “Ɔsoro” ne “asase” a Petro twee adwene sii so wɔ asɛm yi mu no yɛ nnɛyi nnipa nniso a aporɔw ne adesamma abɔnefo ho sɛnkyerɛnne. ‘Yehowa da’ no rensɛe asase ankasa, na mmom ‘ebeyi ɛso nnebɔneyɛfo afi so.’ (Yesaia 13:9) Yehowa da no bɛyɛ nkwagye da ama wɔn a ‘wosisi apini di akyide a wɔyɛ so nkɔmmɔ’ wɔ nnɛyi nnipa abɔnefo mu no.—Hesekiel 9:4.

Ɛnde ɔkwan bɛn so na wobetumi agye obi nkwa wɔ ‘Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu’ no mu? Yehowa asɛm a ɛbaa n’adiyifo no biako nkyɛn no bua saa asɛm no: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no, wobegye no nkwa.” (Yoel 1:1; 2:31, 32) Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woahu nea Yehowa din a wobɛbɔ no kyerɛ.