Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yɛn Dɔ Mu Ayɛ Den’

‘Yɛn Dɔ Mu Ayɛ Den’

‘Yɛn Dɔ Mu Ayɛ Den’

BEPƆW Usu a ɛwɔ Hokkaido, Japan, a na atɛm dinn mfe 23 no paee wɔ Fida, March 31, 2000. Ɛmaa nnipa ɔpepem pii a wɔtete hɔ no guan fii beae a asiane wɔ yi. Nnipa pii hweree wɔn afie ne wɔn nnwuma, nanso anigyesɛm ne sɛ wɔn mu biara anwu. Wɔn a na wɔka nkurɔfo a ɛsɛ sɛ woguan yi ho ne Yehowa Adansefo 46 nanso wɔboaa wɔn.

Da a bepɔw no paee no, ɛdenam Kristoni ɔhwɛfo kwantufo bi a na ɔsom wɔ saa beae yi mmoa so no, wɔyɛɛ mmoa a wɔde ma ho nhyehyɛe. Ankyɛ na wɔn nsa kaa nneɛma fii asafo ahorow a ɛbemmɛn wɔn no hɔ. Japan baa dwumadibea no hwɛe ma wɔhyehyɛɛ boayikuw a wɔhwɛ ma wɔde mmoa ma ntɛm ara, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Japan nyinaa de ntoboa pii beguu boayikuw yi foto mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn wɔ honhom fam dwumadi mu no, wɔsomaa Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo kɔɔ asafo a wɔn ho aka mu paa no mu, na ɔmansin sohwɛfo kɔsrasraa beae yi mpɛn pii kɔboaa wɔn wɔ nkate fam ne honhom fam.

Adansefo a wɔwɔ beae a asiane wɔ yi kɔɔ so yɛɛ wɔn Kristofo nhyiam horow bere a na emu yɛ den yi mu wɔ ankorankoro afie a ahobammɔ wɔ no. Bere a wɔmaa wɔn kwan sɛ wobetumi asan akɔ beae a na Ahenni Asa no wɔ no, anuanom no san kohui sɛ dan no akyea, apaapae na asɛe. Na wusiw kumɔnn da so ara refi wɔ bepɔw no so beae a ɛne Ahenni Asa no ntam kwan nware pii no. Adansefo no bisaa wɔn ho sɛ, ‘So nyansa wom sɛ yɛkɔ so yɛ nhyiam horow wɔ ha? So wobetumi asiesie Ahenni Asa no?’

Wosii gyinae sɛ wobesi Ahenni Asa foforo wɔ baabi a ɛbɛn a asiane nni hɔ. Wɔde mmoa a ehia fi Ɔmansin Adansi Boayikuw nkyɛn mae. Wɔde sika a Adansefo a wɔwɔ ɔman no nyinaa mu de mae dii adansi yi ho dwuma. Wonyaa asase ntɛm ara na ɛdenam nnipa ɔhaha pii a wotuu wɔn ho mae mmoa so no, wowiee Ahenni Asa foforo no si wɔ bere tiaa bi mu. Wɔ Kwasida, July 23, 2000 no, wɔyɛɛ nhyiam a edi kan wɔ Ahenni Asa foforo a wɔasi yi mu na nnipa 75 na wɔbaa ase. Anigye maa nusu guu wɔn a wɔkɔe no mu pii. Bere a wohyiraa Ahenni Asa no so wɔ October saa afe no ara mu no, ɛkaa asafo mu panyin baako maa ɔkae sɛ: “Bepɔw a ɛpaee no de ahokyere bae. Nanso, saa adansi yi ama nea na yesuro no adan yɛn anigye. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo no mu ayɛ den!”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]

Eruption of Mount Usu: AP Photo/Koji Sasahara