Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aduruhyɛ—Ɛfata sɛ Kristofo Yɛ?

Aduruhyɛ—Ɛfata sɛ Kristofo Yɛ?

Aduruhyɛ—Ɛfata sɛ Kristofo Yɛ?

Tete agya nokwafo Yakob de adesrɛ a etwa to yi too gua bere na aka kakraa bi ma wawu no sɛ: “Munkosie me m’agyanom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuw mu no mu, ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuw so, wɔ Mamre ntentenso, wɔ Kanaan asase so.”—Genesis 49:29-31.

YOSEF dii n’agya ahyɛde no so denam amammerɛ a na ɛwɔ Misraim saa bere no a ɔde dii dwuma no so. Ɔhyɛɛ “ne nkoa aduyɛfo sɛ wɔnhyɛ n’agya mu aduru.” Sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis ti 50 kyerɛ no, nnuruyɛfo no faa amammerɛ kwan so nna 40 de siesiee amu no. Yakob amu a wɔhyɛɛ no aduru no maa abusuafo pii a na wɔato santen ne Misrifo atitiriw tumi nantew brɛoo tuu kwan a ne tenten bɛyɛ kilomita 400 de Yakob amu no kɔɔ Hebron kosiei.—Genesis 50:1-14.

So yebetumi ahu Yakob amu a wɔahyɛ no aduru no da bi? Hokwan a yɛde behu amu a wɔahyɛ no aduru no sua. Israel yɛ ɔmantam a na nsu tɔ hɔ yiye a ɛma no yɛ den mpo sɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no betumi ahu nnipa ne nneɛma a ɛtete saa nyinaa. (Exodus 3:8) Tete nnade ne abo ho nneɛma pii wɔ hɔ, nanso nneɛma a ɛnkyɛ na asɛe te sɛ ntama, aboa nnwoma, ne amu a wɔahyɛ no nnuru, ntumi nnyina fonwini ne wim nsakrae ano nkyɛ.

Dɛn koraa na amu a wɔhyɛ no aduru kyerɛ? Dɛn nti na wɔyɛɛ saa? Ɛfata sɛ Kristofo yɛ?

Amammerɛ no Fii Ase Wɔ He?

Wobetumi akyerɛkyerɛ amu a wɔhyɛ no aduru ase sɛ ɔkwan a wɔfa so kora nnipa anaa aboa bi funu so. Abakɔsɛm akyerɛwfo gye tom sɛ amu a wɔhyɛ no aduru fii ase wɔ Misraim nanso na tete Asiriafo, Persiafo, ne Skitefo nso yɛ bi. Ebetumi aba sɛ nea ɛkanyan wɔn ma wɔhyɛɛ amu aduru ne hu a wohuu sɛ wɔn a wosiee wɔn wɔ anhweatam mu no amu ansɛe no. Anhweatam mu a wosie nnipa no mma fonwini ne mframa nka funu no, ma enti entumi mporɔw. Ebinom kyerɛ sɛ amu a wɔhyɛ no aduru fii ase bere a wohui sɛ wɔde natron (nkyene nsu), a ɛne gyakisi a na ɛnyɛ na wɔ Misraim akora amu ahorow so no.

Nea ɔhyɛ amu aduru no botae ara ne sɛ obesiw mmoawa a wɔma funu porɔw fi bere a obi awu nnɔnhwerew kakra bi no kwan. Sɛ wotumi kwati tebea yi a, ɛremma ɛmporɔw anaasɛ ɛbɛma no akyɛ kakra. Nneɛma abiɛsa ho hia: sɛ wɔbɛkora amu no so ama no ayɛ sɛ nea onwui, wobesiw ne sɛe kwan, na mmoawammoawa ntumi nsɛe no.

Ɔsom ho ntease titiriw nti na tete Misrifo hyɛɛ wɔn amu aduru. Na adwene a wokura sɛ owu akyi asetra wɔ hɔ no ne ɔpɛ a awufo wɔ sɛ wɔne ateasefo bedi nkitaho no wɔ abusuabɔ. Na wogye di sɛ wɔde wɔn nipadua bedi dwuma daa ma wɔasan anya nkwa. Ɛwom sɛ na amu a wɔhyɛ no aduru abu so de, nanso besi nnɛ no, Misrifo nni kyerɛwtohɔ biara a ɛfa sɛnea na wɔyɛ no no ho. Kyerɛwtohɔ a edi mu paa ne Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B de no. Nanso wɔbɔ amanneɛ sɛ, sɛ wofa Herodotus akwankyerɛ no so yɛ a, wunnya ade koro no ara.

So Ɛfata sɛ Kristofo Yɛ?

Wɔn a wɔhyɛɛ Yakob amu aduru no, na wɔne no nni ɔsom mu gyidi biako. Nanso, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ bere a Yosef de n’agya amu no maa nnuruyɛfo no, ɔsrɛe sɛ wɔmmɔ mpae nyɛ amanne bi a ebia na ɛbata sɛnea Misrifo dodow no ara hyɛ wɔn amu wɔ saa bere no ho. Na Yakob ne Yosef nyinaa yɛ mmarima a wɔwɔ gyidi a emu yɛ den. (Hebrifo 11:21, 22) Ɛwom sɛ na ɛnyɛ ahyɛde a efi Yehowa hɔ de, nanso wɔanka kora a wɔkoraa Yakob amu so no ho asɛm sɛ ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia. Na Yakob amu a wɔhyɛɛ no aduru no nkyerɛ sɛ ɛyɛ nhwɛso ma Israel man no anaa Kristofo asafo no. Nokwarem no, akwankyerɛ ahorow pɔtee a ɛfa asɛm no ho nni Onyankopɔn Asɛm no mu. Bere a wɔhyɛɛ Yosef ankasa amu aduru wɔ Misraim akyi no, Kyerɛwsɛm foforo biara nka ho asɛm.—Genesis 50:26.

Anyɛ yiye koraa no, tebea bɔne a wohu nnipa amu wom wɔ Palestina ada mu no kyerɛ sɛ na ɛnyɛ Hebrifo amammerɛ sɛ wɔbɛhyɛ awufo aduru akora so bere tenten. Sɛ nhwɛso no, wɔanhyɛ Lasaro amu aduru. Ɛwom sɛ na wɔde ntama akyekyere no de, nanso wosusuw wɔn a na wogyina hɔ no ho bere a wopirew ɔbo a na ɛkata ɔboda no ano fii hɔ no. Esiane sɛ na Lasaro awu nnannan nti, na ne nuabea no nim pefee sɛ sɛ wobue ɔboda no a wɔbɛte sɛ wabɔn.—Yohane 11:38-44.

So wɔhyɛɛ Yesu Kristo amu aduru? Asɛmpa ho kyerɛwtohɔ no mfoa saa nsɛm yi so. Saa bere no, na ɛyɛ Yudafo amammerɛ sɛ wɔde pɛprɛ ne kurobow ne nnuhuam siesie amu ansa na wɔde ato ɔda mu. Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ na wɔasiesie Yesu amu no, Nikodemo de pɛprɛ ne kurobow a na ɛdɔɔso mae wɔ saa atirimpɔw yi ho. (Yohane 19:38-42) Dɛn nti na na pɛprɛ ne kurobow no dɔɔso saa? Ebia ɛnam ɔdɔ a efi komam ne obu a na ɔwɔ ma Yesu no nti na ɔdaa ayamye a ɛte saa adi. Ɛho nhia sɛ yɛka sɛ na atirimpɔw nti a wɔde pɛprɛ ne kurobow a ɛte saa dii dwuma ne sɛ wɔde rekora amu no so.

So Kristoni bɛpo amammerɛ a ɛfa amu a wɔhyɛ no aduru ho no? Ɛda adi pefee sɛ, nea ɛma wɔhyɛ amu aduru ne sɛ ɛbɛtwentwɛn amu a ɔkwan biara so no ɛbɛsɛe no ase. Dɔte mu na yefi, na yɛbɛsan akɔ dɔte mu wɔ owu mu. (Genesis 3:19) Nanso bere tenten bɛn na ebedi fi bere a obi awu kosi bere a wɔde bɛyɛ ayi no? Sɛ abusuafo ne nnamfonom befi akyiri aba na wɔpɛ sɛ wohu amu no a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ amu no aduru wɔ ɔkwan bi so.

Sɛ ɛhwehwɛ sɛ wɔhyɛ amu aduru wɔ mpɔtam hɔ anaa abusuafo pɛ sɛ wɔyɛ saa a, Kyerɛwnsɛm no nkasa ntia. “Awufo de wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Sɛ wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu a, wobenyan wɔn aba nkwa mu wɔ ne wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu.—Hiob 14:13-15; Asomafo no Nnwuma 24:15; 2 Petro 3:13.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31

AMU A WƆHYƐ NO ADURU—TETE NE NNƐ

Wɔ tete Misraim no, na ɔkwan a wɔfa so hyɛ amu aduru no gyina abusua no dibea so. Ebetumi aba sɛ abusua a wodi yiye bɛfa saa kwan yi so:

Wɔde adwinnade bi beyi onii no amemene afa ne hwenem. Ɛno akyi no, wɔde nnuru a ɛfata siesie tikora no. Nea edi hɔ ne sɛ woyi nneɛma a ɛwɔ nipadua no mu nyinaa gye koma ne asaabo no nko. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ yafunu no mu no, ɛsɛ sɛ wotwa nipadua no ho baabi, nanso na wobu eyi sɛ ɛyɛ bɔne. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ adwumaden yi no, na Misrifo a wosiesie amu no bɔ obi paa ma odi saa dwuma yi. Sɛ owie a, oguan sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkwati nnome ne asotwe ne siw a wobesiw no abo wɔ nea wosusuw sɛ ɛyɛ bɔne yi ho.

Sɛ woyi yafunu no mu nneɛma no wie a, wɔhohoro mu yiye. Abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛwee sɛ: “Na wɔde kurobow a ɛho tew a wɔayam, ne nnuhuam foforo biara hyehyɛ amu no mu gye sɛ ohuamfufu nko na wɔmfa nka ho, na wowie a wɔapam.”

Nea edi hɔ ne sɛ, wɔma emu nsu twe denam nkyene nsu mu a wɔde hyɛ nnafua 70 so. Ɛno akyi no, woguare funu no na wofi ahokokwaw mu de nwera pa kyekyere ho. Wɔde aneneduru a ɛte sɛ mannɔ fa nwera no ho, na wɔde amukyenee no to adaka a wɔayɛ no te sɛ onipa mu. Eyi te saa efisɛ wɔtaa de ade tentann di dwuma wɔ amu a wɔhyɛ no aduru mu mpɛn pii.

Ɛnnɛ, wobetumi ahyɛ amu aduru wɔ bere tiaa bi mu. Wɔtaa de nnuru a wɔde hyɛ amu dodow a ɛfata fa ntini ahorow ne afei yafunu no ne koko no mu. Wɔ mfe pii a abɛsen no mu no, wɔakɔ so ayɛ nnuru pii na wɔde adi dwuma. Nanso esiane sɛ asomduru bi a wɔfrɛ no formaldehyde bo nyɛ den na ɔhaw nni ho nti, wɔtaa de di dwuma kɛse.

[Mfonini ahorow]

Ɔhene Tutankhamen sika funadaka