Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akanni Pa Wiase Nyinaa Asɛnnennen

Akanni Pa Wiase Nyinaa Asɛnnennen

Akanni Pa Wiase Nyinaa Asɛnnennen

Na ɔbarima no yɛ ɔkyerɛwfo ne anwensɛm hyehyɛfo. Na daakye ho anidaso pa ahyɛ ne koma ma. Mfe 90 a atwam ni no, ɔyɛɛ baabi a “ehu ne adwemmɔne biara nni; baabi a wobenya nimdeɛ kwa; baabi a wɔntoo fasu nketenkete mpaapaee aman horow mu; baabi a wɔka nokware turodoo; [ne] baabi a nnipa mmɔdenbɔ betumi de wɔn akowie pɛyɛ mu ho mfonini wɔ n’adwenem.”

ƆKYERƐWFO yi hwɛɛ kwan sɛ da bi ne man mufo ne aman a ɛwɔ wiase nyinaa nsa bɛka tebea a ɛte saa. Sɛ anka anwensɛm kyerɛwfo a wanya Nobel Akyɛde yi da so ara te ase nnɛ a, anka n’abam bebu kɛse. Ɛmfa ho wiase no nkɔanim ne nea atumi ayɛ nyinaa no, wiase no mu apaapae sen bere biara. Na anidaso a wiase no wɔ nyinaa asɛe.

Bere a wobisaa okuafo bi nea enti a basabasayɛ sii mpofirim wɔ matew-me-ho kuw bi a ɛwɔ ne kurom mu no, ɔtwee adwene sii ade biako a osusuw sɛ ɛno na ɛde bae no so. Ɔkae sɛ: “Efi akannifo a wonnye.” Abakɔsɛm kyerɛwfo bi a wɔfrɛ no Jonathan Glover daa no adi wɔ ɔkwan koro no ara so wɔ ne nhoma bi a wɔfrɛ no Humanity—A Moral History of the Twentieth Century, mu sɛ: “Ɛnyɛ nitan nti na mmusua asetɔre [a ɛwɔ saa ɔman no ara mu no] baa mpofirim, ɛyɛ nnipa a wɔmpɛ sɛ tumidi befi wɔn nsa na ɛyɛɛ ho nhyehyɛe.”

Bere a ɔko sii wɔ adehyeman abien a ɛwɔ kan Yugoslavia wɔ 1990 mfiase mu no, sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Yɛabom atra ase mfe pii wɔ anigye mu na seesei de tebea no asɛe ma nea aba ne sɛ obiara tumi kum ne yɔnko ba. Dɛn na ɛreba yɛn so yi?”

Efi Europa ne Afrika rekɔ India yɛ kilomita mpempem pii, faako a wɔwoo anwensɛm kyerɛwfo a yɛadi kan abɔ ne din no. Ɔkyerɛwfo Pranay Gupte hyɛɛ no nsow wɔ ne kasa a n’asɛmti ne “So India Betumi Atra Ase sɛ Ɔman Biako?,” no mu sɛ: “Indiafo a wɔn dodow bɛyɛ ɔha mu 70 nnya nnii mfe 30, nanso wonni akannifo a wobetumi ahwɛ wɔn asuasua wɔn.”

Wɔ aman bi so no, akannifo binom de wɔn dibea ato hɔ esiane sɛ wɔabɔ wɔn sobo wɔ amumɔyɛ ho nti. Esiane nneɛma pii nti, ɛda adi pefee sɛ wiase no rehyia akanni ho nsɛnnennen. Tebea horow bi di nokware a odiyifo bi a ɔtraa ase bɛyɛ mfe 2,600 a atwam ni no nsɛm yɛ no ho adanse. Ɔkae sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

So amanehunu a ɛrekɔ so nnansa yi ano aduru wɔ hɔ? Hena na obetumi adi adesamma anim akɔ wiase bi a ntɔkwaw anaa ehu nni mu, baabi a adesamma bɛpere adu pɛyɛ ho?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Fatmir Boshnjaku