Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akanni Pa—Yebenya Wɔ He?

Akanni Pa—Yebenya Wɔ He?

Akanni Pa—Yebenya Wɔ He?

BIBLE no ka sɛ: “Ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4; Adiyisɛm 4:11) Esiane sɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn no, ne yɛn Bɔfo nti, “onim yɛn su.” (Dwom 103:14) Onim yɛn sintɔ ne nea yehia nyinaa. Na esiane sɛ ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn nti, ɔpɛ sɛ ɔde saa ahiade no ma yɛn. (Dwom 145:16; 1 Yohane 4:8) Akanni pa a yehia no nso ka ho.

Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo.” (Yesaia 55:4) Akanni ho nsɛnnennen a ɛwɔ hɔ nnɛ no ano aduru ne sɛ yebehu onnii ko a ɔkannifo—a Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ankasa na apaw no—no yɛ, na yɛagye n’akanni no atom. Ɛnde na hena ne Ɔkannifo ne Ɔsahene a wɔaka ne ho asɛm yi? Dɛn na edi ne ho adanse sɛ ɔyɛ ɔkannifo? Ɛhe na obedi yɛn anim akɔ? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya n’akanni no so mfaso?

Ɔkannifo a Wɔhyɛɛ ne Ho Bɔ no Aba

Mfe 2,500 a atwam ni no, ɔbɔfo Gabriel yii ne ho adi kyerɛɛ odiyifo Daniel na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn ason, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.”—Daniel 9:25.

Ɛda adi pefee sɛ na ɔbɔfo no reka bere pɔtee a Ɔkannifo a Yehowa apaw no no bɛba ho asɛm akyerɛ Daniel. Na “Mesia Ɔkannifo” no bepue wɔ adapɛn 69 awiei, anaa mfe 483 mu, bere a yɛkan fi 455 A.Y.B., bere a wɔkae sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem no. * (Nehemia 2:1-8) Dɛn na esii wɔ saa mmere no awiei? Asɛmpa kyerɛwfo Luka ka sɛ: “Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunnum so a Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene [29 Y.B.], . . . Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn sare so. Na ɔbaa Yordan ho asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔne fafiri mu.” Saa bere no, na ‘ɔman no rehwɛ’ Mesia a ɔyɛ Ɔkannifo no ‘kwan.’ (Luka 3:1-3, 15) Ɛwom sɛ nnipadɔm pii baa Yohane nkyɛn, nanso na ɛnyɛ ɔno ne saa Ɔkannifo no.

Wɔ October 29 Y.B. mu no, Nasareni Yesu baa Yohane osuboni no hɔ sɛ ɔmmɔ no asu. Na Yohane dii adanse sɛ: “Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtraa no so. Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtra no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu. Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.” (Yohane 1:32-34) Yesu bɛyɛɛ Ɔkannifo a wɔasra no—Mesia no, anaa Kristo, bere a wɔbɔɔ no asu no.

Yiw, ɛda adi sɛ ‘ɔman no kannifo ne ɔsahene’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛyɛɛ Yesu Kristo. Na sɛ yɛhwɛ ne su ahorow a ɔdaa no adi sɛ ɔkannifo no a, yehu no pefee sɛ n’akanni no sen nea wɔhwehwɛ fi ɔkannifo pa biara a yebetumi asusuw no ho nnɛ no nkyɛn.

Mesia—Ɔkannifo Pa

Ɔkannifo pa biara de akwankyerɛ a emu da hɔ a ɛboa nnipa a wɔhyɛ n’ase ma na ama wanya akokoduru ne ahoɔden a wobetumi de adi nsɛnnennen ho dwuma yiye. Nhoma a wɔfrɛ no 21st Century Leadership: Dialogues With 100 Top Leaders no ka sɛ: ‘Eyi yɛ ahiade a wɔhwehwɛ fi afeha a ɛto so 21 no kannifo hɔ.’ Hwɛ sɛnea Yesu siesiee n’atiefo no na ama wɔadi wɔn da biara da asetram nsɛnnennen ho dwuma! Wode susuw ne kasa a agye din—Bepɔw so Asɛnka—no ho hwɛ. Afotu a mfaso wɔ so ahyɛ nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo ti 5 kosi 7 no ma.

Sɛ nhwɛso no, susuw Yesu afotu a wɔde siesie ankorankoro ntam akasakasa no ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.” (Mateo 5:23, 24) Di a na obi bedi kan asiesie ɔne afoforo ntam no ho hia sen biara—ɛho hia mpo sen ɔsom ho nnwuma a obi yɛ, te sɛ ayɛyɛde a ɔde bɛkɔ asɔrefie afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem hɔ sɛnea na Mose Mmara no hwehwɛ no. Anyɛ saa a, ɔsom ho adeyɛ biara rensɔ Onyankopɔn ani. Yesu afotu no ho wɔ mfaso ma yɛn nnɛ sɛnea na ɛte mfehaha bi a atwam no.

Yesu boaa n’atiefo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkwati ɔbrasɛe ho afiri. Otuu wɔn fo sɛ: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Nsɛe aware! Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:27, 28) Afotu a ɛfata bɛn ara ni! Dɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ yefi ase susuw nneɛma ahorow bi a ɛde awaresɛe bɛba ho? Yesu kae sɛ, koma no mu na aguamammɔ ne awaresɛe fi ba. (Mateo 15:18, 19) Nyansa wom sɛ yɛbɛbɔ yɛn koma ho ban.—Mmebusɛm 4:23.

Afotu a ɛkyɛn so a ɛfa obi tamfo a ɔbɛdɔ no, ayamye a wɔbɛda no adi, honam fam ade dodow ne honhom fam nneɛma ho adwempa a yebenya ne nea ɛtete saa nso ho asɛm wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mateo 5:43-47; 6:1-4, 19-21, 24-34) Yesu nam mpaebɔ so kyerɛɛ n’atiefo no sɛnea wɔhwehwɛ mmoa fi Nyankopɔn nkyɛn. (Mateo 6:9-13) Mesia a ɔyɛ Ɔkannifo no hyɛ n’akyidifo no den na osiesie wɔn ma wodi nsɛnnennen a adesamma nyinaa hyia no so.

Yesu daa asɛm a ɛne sɛ: “Motee sɛ wɔkae sɛ” anaa “bio wɔkae sɛ,” adi mpɛn asia wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu, nanso ɔsan da adwen foforo adi sɛ, “nanso, mede” me se mo sɛ.” (Mateo 5:21, 22, 27, 28, 31-34, 38, 39, 43, 44) Ɛno kyerɛ sɛ na n’atiefo no taa yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan bi so, sɛnea Farisifo atetesɛm kyerɛ no. Nanso seesei de na Yesu rekyerɛ wɔn ɔkwan foforo a wɔbɛfa so—nea ɛdaa nea na Mose Mmara no kyerɛ ankasa adi no. Na Yesu nam so reyɛ nsakrae, na ɔyɛɛ eyi wɔ ɔkwan bi so a ɛyɛɛ mmerɛw maa n’akyidifo no sɛ wobegye atom. Yiw, Yesu kaa nkurɔfo koma ma wɔyɛɛ nsakrae wɔ wɔn asetram, honhom fam ne abrabɔ fam. Eyi yɛ nokware kannifo agyiraehyɛde.

Adwumam mpanyimfo nkyerɛkyerɛ nhoma bi ka sɛnea ɛyɛ den sɛ wotumi yɛ nsakrae a ɛte saa ho asɛm. Ɛka sɛ: Ehia sɛ nea ɔde nsakrae no ba [ɔkannifo] no nya tema a asetram yiyedi ho dwumayɛni kura, nhumu a adwene ne nneyɛe ho nimdefo da no adi, obi a otu mmirika tenten koma, ɔkraman kɛse akokoduru, obi a watwe ne ho afi nnipa mu ahodaso, ne ɔhotefo boasetɔ. Na sɛ mpo onya su ahorow yi nyinaa a, ɛno nkyerɛ sɛ ebesi no yiye.

Asɛm bi a wɔato din sɛ: “Akanni: So Ɛfa Suban Ho?” no ka sɛ “Ɛsɛ sɛ akannifo yɛ wɔn ade sɛnea wɔpɛ sɛ wɔn akyidifo yɛ no.” Nokwarem no, ɔkannifo pa de nea ɔka no yɛ adwuma. Hwɛ sɛnea na eyi yɛ nokware wɔ Yesu Kristo ho! Yiw, ɔkyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase, nanso ɔsan yɛɛ ho nhwɛso kyerɛɛ wɔn denam wɔn nan ho a ɔhohoroe so. (Yohane 13:5-15) Wansoma n’asuafo no kɛkɛ sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, mmom no, n’ankasa nso de ne ho hyɛɛ saa adwuma no mu yiye. (Mateo 4:18-25; Luka 8:1-3; 9:1-6; 10:1-24; Yohane 10:40-42) Na ɛdefa akanni ho no Yesu yɛɛ nhwɛso. Ɔka faa ne ho sɛ: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ.”—Yohane 5:19.

Nea Yesu kae na ɔyɛe a yɛadi kan aka ho asɛm no kyerɛ pefee sɛ ɔno ne Ɔkannifo pa no. Nokwasɛm ni, ɔboro akanni pa ho gyinapɛn biara a nnipa ahyehyɛ so. Yesu yɛ pɛ. Esiane sɛ wɔmaa no asetra a owu nnim wɔ ne wusɔre akyi nti, ɔte hɔ daa. (1 Petro 3:18; Adiyisɛm 1:13-18) Nnipa kannifo bɛn na obetumi adu saa ahwehwɛde yi ho?

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ?

Sɛ́ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no, “Mesia Ɔkannifo” no bɛtɔ ne nhyira agu adesamma asoɔmmerɛfo so. Eyi nti Kyerɛwsɛm no hyɛ yɛn bɔ sɛ: ‘Yehowa hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.’ (Yesaia 11:9) “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.” (Mika 4:4) “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Ɛnnɛ wiase no rehyia akanni ho nsɛnnennen. Nanso Yesu Kristo redi ahobrɛasefo anim akɔ wiase foforo a asomdwoe wom mu, faako a adesamma asoɔmmerɛfo bɛbom de biakoyɛ asom Yehowa Nyankopɔn na wɔapere adu pɛyɛ ho no. Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yebegye bere anya nokware Nyankopɔn no ne Ɔkannifo a wapaw no no ho nimdeɛ na yɛayɛ yɛn ade ma ɛne saa nimdeɛ no ahyia!—Yohane 17:3.

Nkamfo a ɛsen biara a yebetumi de ama obi ne sɛ yebesuasua no. So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua ɔkannifo a ɔsen biara a watra ase pɛn wɔ nnipa abakɔsɛm mu—Yesu Kristo? Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ayɛ saa? Nkɛntɛnso bɛn na n’akanni akyi a yebedi no benya wɔ yɛn asetra so? Wobebua saa nsɛm yi ne nsɛmmisa afoforo wɔ nsɛm abien a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Daniel kaa ba a Ɔkannifo a Onyankopɔn apaw no no bɛba ho asɛm siei

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yesu nkyerɛkyerɛ siesiee nkurɔfo na ama wɔatumi adi wɔn nsɛnnennen ho dwuma

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu bedi adesamma asoɔmmerɛfo anim akɔ wiase foforo a asomdwoe wom mu