Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristo Di N’asafo No Anim

Kristo Di N’asafo No Anim

Kristo Di N’asafo No Anim

“Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”—Mateo 28:20.

1, 2. (a) Bere a Yesu a wɔanyan no no de ahyɛde rema sɛ wɔnyɛ asuafo no, dɛn na ɔde hyɛɛ n’akyidifo no bɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu de nnamyɛ dii tete Kristofo asafo no anim?

ANSA na Yesu Kristo, yɛn Kannifo a wɔanyan no afi awufo mu no reforo akɔ soro no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no kae sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”—Mateo 23:10; 28:18-20.

2 Ɛnyɛ adwuma a egye nkwa yi nko na Yesu de hyɛɛ n’asuafo no nsa, na mmom ɔhyɛɛ bɔ nso sɛ ɔbɛka wɔn ho. Tete Kristosom abakɔsɛm a ɛwɔ Bible nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma mu no ma ɛda adi pefee sɛ Kristo de tumi a wɔde maa no no dii dwuma de dii asafo a na wɔahyehyɛ no foforo no anim. Ɔsomaa “okyigyinafo”—honhom kronkron—a ɔhyɛɛ ho bɔ no ma ɛbɛhyɛɛ n’akyidifo no den kyerɛɛ wɔn dwumadi kwan. (Yohane 16:7; Asomafo no Nnwuma 2:4, 33; 13:2-4; 16:6-10) Yesu a wɔanyan no no de abɔfo a wɔhyɛ n’ase no dii dwuma ma wɔboaa n’asuafo no. (Asomafo no Nnwuma 5:19; 8:26; 10:3-8, 22; 12:7-11; 27:23, 24; 1 Petro 3:22) Bio nso, yɛn kannifo no de akwankyerɛ maa asafo no denam nhyehyɛe a ɔyɛ maa mmarima a wɔfata somee sɛ sodikuw no so.—Asomafo no Nnwuma 1:20, 24-26; 6:1-6; 8:5, 14-17.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm yi mu?

3 Na yɛn bere yi, ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei’ nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo redi Kristofo asafo no anim nnɛ? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yegye n’akanni no tom?

Owura no Wɔ Akoa Nokwafo Bi

4. (a) Henanom na wɔbom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no? (b) Dɛn na Owura no de ahyɛ akoa no nsa?

4 Bere a Yesu rehyɛ ne ba ho sɛnkyerɛnne ho nkɔm no, ɔkae sɛ: “Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.” (Mateo 24:45-47) ‘Owura’ no ne yɛn Kannifo, Yesu Kristo, na wapaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma”—Kristofo kuw a wɔwɔ asase so a wɔasra wɔn—no sɛ wonni n’asase so nneɛma nyinaa so.

5, 6. (a) Wɔ anisoadehu a ɔsomafo Yohane nyae mu no, dɛn na “sika akaneadua ason” ne “nsoromma ason” no gyina hɔ ma? (b) Dɛn na Yesu nifa a “nsoromma ason” no wɔ no kyerɛ?

5 Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no kyerɛ sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no hyɛ Yesu Kristo akwankyerɛ ase tẽẽ. Bere a ɔsomafo Yohane nyaa “Awurade da” no ho anisoadehu no, ohuu “sika akaneadua ason, na akaneadua no mfinimfini no, . . . obi a ɔte sɛ onipa ba” a “okura nsoromma ason ne nifa mu.” Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ anisoadehu no mu akyerɛ Yohane no, ɔkae sɛ: “Nsoromma ason a wuhui me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason.”—Adiyisɛm 1:1, 10-20.

6 “Sika akaneadua ason” no yɛ nokware Kristofo asafo a na ɛwɔ hɔ wɔ “Awurade da” a efii ase wɔ 1914 mu no nyinaa ho mfonini. Nanso, “nsoromma ason” no yɛ dɛn? Nea edi kan no, egyina hɔ ma ahwɛfo a wɔde honhom asra wɔn a na wɔhwɛ afeha a edi kan asafo ahorow no so. * Na ahwɛfo no wɔ Yesu nifa—n’akwankyerɛ ne ne hwɛ ase. Yiw, Kristo Yesu dii nnipa horow a wɔbom yɛ akoa kuw no anim. Nanso mprempren, ahwɛfo a wɔasra wɔn no dodow sua. Ɔkwan bɛn so na Kristo akanni no du Yehowa Adansefo asafo bɛboro 93,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no so?

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu nam Sodikuw no so di asafo ahorow no anim wɔ wiase nyinaa? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ honhom kronkron na ɛpaw Kristofo ahwɛfo nyinaa?

7 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, mprempren mmarima a wɔfata a wɔasra wɔn, kuw ketewaa bi a wofi ahwɛfo a wɔasra wɔn mu no na wɔsom sɛ Sodikuw, a wogyina hɔ ma nnipa horow a wɔbom yɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no. Yɛn Kannifo no de saa Sodikuw yi di dwuma de paw mmarima a wɔfata—sɛ́ ebia wɔde honhom asra wɔn anaasɛ ɛnte saa—sɛ mpanyimfo wɔ asafo ahorow no mu. Honhom kronkron a Yehowa de ama Yesu sɛ ɔmfa nyɛ adwuma no di dwuma titiriw saa kwan yi so. (Asomafo no Nnwuma 2:32, 33) Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ ahwɛfo yi du ahwehwɛde a wɔakyerɛ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a wɔnam honhom kronkron so na ɛkyerɛwee no ho. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9; 2 Petro 1:20, 21) Wɔnam honhom kronkron no akwankyerɛ ase na wɔkamfo afoforo kyerɛ na wɔpaw wɔn bere a wɔabɔ mpae awie no. Bio nso, wɔn a wɔpaw wɔn no da no adi sɛ wɔsow honhom no aba. (Galatifo 5:22, 23) Ɛnde na Paulo afotu no fa mpanyimfo nyinaa, sɛ́ ebia wɔasra wɔn anaa wɔnsraa wɔn, no ho: “Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo . . . no yiye.” (Asomafo no Nnwuma 20:28) Mmarima a wɔapaw wɔn yi gye akwankyerɛ fi Sodikuw no nkyɛn na wofi wɔn pɛ mu hwɛ asafo no so. Saa kwan yi so no, Kristo ne yɛn wɔ hɔ nnɛ, na odi asafo no anim.

8. Ɔkwan bɛn so na Kristo de abɔfo di dwuma ma wodi n’akyidifo anim?

8 Yesu san de abɔfo ankasa di dwuma de di n’akyidifo anim nnɛ. Sɛnea awi ne nwura ho mfatoho no kyerɛ no, otwa bere no bedu so wɔ ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ mu. Henanom na Owura no de wɔn bedi dwuma ma wɔayɛ otwa adwuma no? Kristo kae sɛ: “Twafo no ne abɔfo.” Ɔde kaa ho sɛ: “Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo ma wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu.” (Mateo 13:37-41) Bio nso, sɛnea ɔbɔfo dii Filipo anim kɔɔ Etiopiani piani no nkyɛn no, saa ara na adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Kristo de abɔfo di dwuma de kyerɛ adwuma a nokware Kristofo yɛ de hwehwɛ nnipa komapafo no kwan.—Asomafo no Nnwuma 8:26, 27; Adiyisɛm 14:6.

9. (a) Akwan bɛn so na Kristo nam di Kristofo asafo no anim nnɛ? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yenya Kristo akanni so mfaso a, asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

9 Hwɛ awerɛhyem ara a ɛyɛ sɛ yenim sɛ Yesu Kristo nam Sodikuw, honhom kronkron, ne abɔfo no so ma n’asuafo nya akannifo nnɛ! Sɛ ɛba mpo sɛ Yehowa asomfo binom ne Sodikuw no ntam tew bere tiaa bi esiane ɔtaa anaa biribi a ɛte saa nti a, Kristo bɛkɔ so ara adi wɔn anim denam honhon kronkron no ne abɔfo no mmoa so. Nanso, sɛ yegye n’akanni tom nkutoo a na yenya so mfaso. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yegye Kristo akanni no tom?

“Muntie . . . Mommrɛ Mo Ho Ase”

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ obu ama mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no?

10 Yɛn kannifo no de ‘nnipa mu akyɛde’ ama asafo horow no—“ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo.” (Efesofo 4:8, 11, 12) Sɛnea yɛda yɛn suban ne yɛn nneyɛe adi kyerɛ wɔn no ka pii wɔ gye a yegye Kristo akanni tom anaa yennye ntom no ho. Enti ɛyɛ papa sɛ ‘yɛkyerɛ anisɔ’ wɔ mmarima a wɔfata wɔ honhom fam a Kristo de wɔn ama yɛn yi ho. (Kolosefo 3:15) Ɛfata sɛ yɛkyerɛ obu ma wɔn nso. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, wɔmfa nidi mmɔho nni wɔn.” (1 Timoteo 5:17) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ anisɔ ne obu ama mpanyimfo—ahwɛfo—a wɔwɔ asafo no mu no? Paulo de mmuae ma sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn.” (Hebrifo 13:17) Yiw, ɛsɛ sɛ yetie wɔn na yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛde yɛn ho hyɛ wɔn ase.

11. Dɛn nti na obu a yɛbɛkyerɛ ama mpanyimfo nhyehyɛe no hwehwɛ sɛ yedi yɛn asubɔ no ho dwuma?

11 Yɛn Kannifo no yɛ pɛ. Mmarima a ɔde wɔn ama sɛ akyɛde no nyɛ pɛ. Enti ɛtɔ mmere bi a wobetumi adi mfomso. Nanso, ehia sɛ yedi Kristo nhyehyɛe nokware. Nokwarem no, yɛn ahosohyira ne asubɔ ho dwuma a yebedi no kyerɛ sɛ yebegye tumi a wɔnam honhom so de asi hɔ wɔ asafo no mu atom na yɛafi yɛn pɛ mu de yɛn ho ahyɛ ase. Asu a yɛbɔe ‘wɔ honhom kronkron no din mu’ no yɛ baguam mpaemuka a ɛkyerɛ sɛ yegye dwuma a honhom kronkron no di wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow mu no tom. (Mateo 28:19) Asubɔ a ɛte saa no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛne honhom no yɛ biako na yɛnnyɛ biribiara mmfa nsiw adwuma a ɛyɛ wɔ Kristo akyidifo mu no kwan. Esiane sɛ honhom kronkron no di dwuma titiriw wɔ kamfo a wɔkamfo mpanyimfo ma wɔpaw wɔn mu nti no, sɛ yɛne mpanyimfo nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no mu no anyɛ biako a, so yebetumi aka sɛ yedi yɛn ahosohyira no mu nokware?

12. Nhwɛso horow a ɛfa obu a wɔnkyerɛ mma tumidi ho bɛn na Yuda ka ho asɛm, na asuade bɛn na ɛma yenya?

12 Nhwɛso ahorow a ɛkyerɛkyerɛ yɛn mfaso a ɛwɔ osetie ne ahobrɛase so no wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Bere a osuani Yuda reka wɔn a wɔka mmarima a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu ho asɛm no, ɔtwee adwene sii kɔkɔbɔ nhwɛso abiɛsa so: “Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so, na mfaso nti wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera Kora atuatew mu.” (Yuda 11) Kain buu n’ani guu Yehowa afotu a ɔdɔ wom so na ɔboapa dii nitan kwan a ekowiee awudi mu akyi. (Genesis 4:4-8) Ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn de kɔkɔbɔ pii maa Bileam no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdome Onyankopɔn nkurɔfo de anya sika. (Numeri 22:5-28, 32-34; Deuteronomium 23:5) Ná Kora wɔ dibea a anuonyam wom wɔ Israel, nanso na n’ani nsɔ. Ɔtew atua tiaa Onyankopɔn somfo Mose, ɔbarima a na odwo sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa no. (Numeri 12:3; 16:1-3, 32, 33) Asɛm too Kain, Bileam, ne Kora. Hwɛ sɛnea nhwɛso ahorow yi kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yetie wɔn a Yehowa de wɔn di asɛyɛde ahorow ho dwuma no na yebu wɔn!

13. Nhyira horow bɛn na odiyifo Yesaia kaa ho asɛm sie maa wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ mpanyimfo nhyehyɛe ase no?

13 Hena na ɔrempɛ sɛ obenya nhyehyɛe pa a wɔnam so hwɛ yɛn so a yɛn Kannifo no ayɛ wɔ Kristofo asafo no mu no so mfaso? Odiyifo Yesaia kaa ɛso nhyira horow ho asɛm siei sɛ: “Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene. Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:1, 2) Mpanyimfo no mu biara bɛyɛ sɛ ‘baabi’ a wonya ahobammɔ. Sɛ ɛba mpo sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ tumidi ase a, momma yɛmmɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ osetie ama yɛabrɛ yɛn ho ase ahyɛ tumi a Onyankopɔn ahyehyɛ wɔ asafo no mu no ase.

Sɛnea Mpanyimfo Brɛ Wɔn Ho Ase Hyɛ Kristo Akanni Ase

14, 15. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu no da no adi sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo akanni ase?

14 Ɛsɛ sɛ Kristoni biara—titiriw mpanyimfo no—di Kristo akanni akyi. Ahwɛfo anaa mpanyimfo no wɔ tumi bi wɔ asafo no mu. Nanso wɔnhwehwɛ sɛ ‘wɔbɛhyɛ mfɛfo gyidifo gyidi so’ denam mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asetra mu so. (2 Korintofo 1:24) Mpanyimfo no tie Yesu nsɛm yi: “Munim sɛ wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.” (Mateo 20:25-27) Bere a mpanyimfo di wɔn asɛyɛde ho dwuma no, wofi komam bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom afoforo.

15 Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ: “Monkae mo mpanyimfo, . . . monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.” (Hebrifo 13:7) Ɛnyɛ sɛ mpanyimfo yɛ akannifo nti na wɔhwehwɛ eyi. Yesu kae sɛ: ‘Obiako ne mo Kannifo.’ (Mateo 23:10) Ɛyɛ mpanyimfo no gyidi na ɛsɛ sɛ wosua efisɛ wɔyɛ nkurɔfo a wosuasua Kristo yɛn Kannifo no ankasa. (1 Korintofo 11:1) Susuw akwan bi a mpanyimfo no fa so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ sɛ Kristo bere a wɔne afoforo di nkitaho wɔ asafo no mu no ho hwɛ.

16. Ɛmfa ho tumi a na Yesu kura no, ɔkwan bɛn so na ɔne n’akyidifo no dii?

16 Ɛwom mpo sɛ na Yesu korɔn sen nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ ɔkwan biara so, na na ɔwɔ tumi a ebiara ne no nsɛ a efi N’agya nkyɛn, nanso na ɔda odwo adi wɔ ɔne n’asuafo no nsɛnnii mu. Wamfa nimdeɛ soronko biara anhunahuna n’atiefo. Yesu daa tema ne mmɔborohunu adi kyerɛɛ n’akyidifo no, na osusuw wɔn ahiade sɛ nnipa no ho. (Mateo 15:32; 26:40, 41; Marko 6:31) Wanhwehwɛ pii amfi n’asuafo no hɔ ansen nea wobetumi ayɛ da, na wankyekyere adesoa a wontumi nsoa ansoa wɔn. (Yohane 16:12) Ná Yesu ‘dwo na ɔbrɛ ne ho ase komam.’ Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔmaa nnipa pii nyaa abotɔyam.—Mateo 11:28-30.

17. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo da Kristo dwo adi wɔ wɔne afoforo nkitahodi mu wɔ asafo no mu?

17 Sɛ Kristo a ɔyɛ Kannifo no daa odwo adi a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔn a wodi asafo no anim no yɛ saa! Yiw, wɔhwɛ yiye sɛ wɔremfa tumi biara a wɔde ahyɛ wɔn nsa no nni dwuma ɔkwammɔne so. Na wɔmfa ‘anodɛ’ mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛpɛ afoforo anim anuonyam. (1 Korintofo 2:1, 2) Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobefi nokwaredi mu aka Kyerɛwnsɛm mu nokware wɔ ɔkwan a asete nyɛ den so. Bio nso, mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ntease adi wɔ nea wɔhwehwɛ fi afoforo nkyɛn no ho, na wosusuw wɔn ahiade ho. (Filipifo 4:5) Esiane sɛ wonim sɛ obiara wɔ sintɔ ahorow nti, wofi ɔdɔ mu susuw wɔn nuanom ho wɔ saa kwan yi so. (1 Petro 4:8) Na so mpanyimfo a wɔbrɛ wɔn ho ase na wodwo no nhyɛ nkuran? Nokwarem no, wɔhyɛ nkuran.

18. Dɛn na mpanyimfo betumi asua afi sɛnea Yesu ne mmofra dii no mu?

18 Ná obiara, a wɔn a wɔba fam mpo ka ho tumi bɛn Yesu. Susuw nea ɔyɛe bere a n’asuafo no kaa nkurɔfo anim sɛ wɔde “mmofraa brɛɛ no” no ho hwɛ. Yesu kae sɛ: “Momma mmofraa no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan.” Afei “ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.” (Marko 10:13-16) Na Yesu wɔ ɔdɔ na na ne yam ye, na ɛmaa afoforo ka baa ne nkyɛn. Ná nkurɔfo nsuro Yesu. Ná mmofra mpo ho mpopo wɔ n’anim. Mpanyimfo nso yɛ nkurɔfo a nnipa tumi bɛn wɔn, na bere a wɔda ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ no, afoforo—mmofra mpo—ho mpopo wɔ wɔn anim.

19. “Kristo adwene” a yebenya no kyerɛ dɛn, na mmɔden bɛn na eyi hwehwɛ sɛ yɛbɔ?

19 Sɛ mpanyimfo betumi asuasua Kristo Yesu a, egyina sɛnea wobehu no yiye no so. Paulo bisae sɛ: “Hena na ohuu [Yehowa, NW] adwene sɛ obetumi akyerɛkyerɛ no?” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.” (1 Korintofo 2:16) Kristo adwene a yebenya no hwehwɛ sɛ yehu ne nsusuwii ne ne nipasu nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nea anka ɔbɛyɛ n’ade wɔ tebea pɔtẽẽ bi mu. Susuw ho hwɛ, sɛ anka yehu yɛn Kannifo no yiye saa a! Yiw, eyi hwehwɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛm a ɛwɔ Asɛmpa no mu so yiye na yɛde Yesu asetra ne ne nhwɛso horow ho ntease hyɛ yɛn adwenem daa. Sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wobedi Kristo akanni akyi saa a, ɛyɛ mmerɛw ma wɔn a wɔwɔ asafo no mu sɛ wobesuasua wɔn gyidi. Na mpanyimfo no ani gye sɛ wohu sɛ afoforo de anigye di Ɔkannifo no anammɔn akyi.

Monkɔ so Wɔ Kristo Nniso Ase

20, 21. Bere a yɛhwɛ wiase foforo a wɔde ahyɛ bɔ no kwan no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

20 Ehia paa sɛ yɛn nyinaa de yɛn ho hyɛ Kristo akanni ase. Bere a yɛreyɛ adu nneɛma nhyehyɛe yi awiei no, yebetumi de yɛn tebea no atoto Israelfo a na wɔwɔ Moab Tataw so wɔ 1473 A.Y.B. no ho. Na wɔadu Bɔhyɛ Asase no aboboano, na Onyankopɔn nam odiyifo Mose so kae sɛ: “Wode ɔman yi bɛkɔ asase a [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.” (Deuteronomium 31:7, 8) Yosua na na wɔapaw no sɛ Ɔkannifo. Sɛ na Israelfo no bedu Bɔhyɛ Asase no so a, na ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho hyɛ Yosua akanni ase.

21 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “Obiako ne mo [Kannifo, NW], ɔne Kristo.” (Mateo 23:10) Kristo nkutoo na obedi yɛn anim akɔ wiase foforo a trenee bɛtra mu no mu. (2 Petro 3:13) Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ n’akanni ase wɔ yɛn asetra nyinaa mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 “Nsoromma” a ɛwɔ ha no nkyerɛ abɔfo ankasa. Ɛremma sɛ Yesu bɛma onipa akyerɛw asɛm bi ama honhom abɔde a yentumi nhu wɔn. Ɛnde “nsoromma” no begyina hɔ ama ahwɛfo, anaa mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu a wobu wɔn sɛ Yesu asomafo no. Wɔn dodow a esi ason no kyerɛ biribi a ɛyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn gyinapɛn mu.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na Kristo dii tete asafo no anim?

• Ɔkwan bɛn so na Kristo di n’asafo no anim nnɛ?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu ase?

• Akwan bɛn so na mpanyimfo betumi akyerɛ sɛ Kristo ne wɔn Kannifo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Kristo di asafo no anim na okura ahwɛfo no wɔ ne nsa nifa mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

“Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn”

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ná Yesu wɔ ɔdɔ na na wotumi bɛn no. Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua no