Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyiam a Ɛtwetwe Yɛn Kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu

Nhyiam a Ɛtwetwe Yɛn Kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu

“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Moahome”

Nhyiam a Ɛtwetwe Yɛn Kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu

EFI Toronto kɔka Tokyo, efi Moscow kɔka Montevideo no—Yehowa Adansefo ne wɔn nnamfonom ɔpepem pii kɔ mmeae ahorow a wɔsom mpɛn pii wɔ dapɛn biara mu. Saa ankorankoro yi ne mmarima a wɔwɔ mmusua a wɔyɛ adwumaden, a wɔabrɛ wɔ da mũ no mu adwuma a wɔyɛ akyi; ɔyerenom ne ɛnanom a wɔyɛ nsi a wɔn mma nketewa ka wɔn ho; mmabun nsiyɛfo a wɔakɔ sukuu apɔn; wɔn a wɔn mfe akɔ anim a ɛsɛ sɛ wɔnantew bɔkɔɔ esiane amanehunu ne ɛyaw nti; akunafo ne nyisaa a wɔwɔ akokoduru; ne akra a wɔabotow a wohia awerɛkyekye.

Yehowa Adansefo yi nam akwan horow pii so—ebi ne keteke a etu mmirika ntɛmntɛm ne mfurum ; kar a ɛfa asase ase na ɛkɔ mmeae yi. Ɛsɛ sɛ ebinom twa asu a adɛnkyɛm wɔ mu, na afoforo nso de ayamhyehye fa kurow akɛse a kar pii akyere so mu. Dɛn nti na saa nkurɔfo yi nyinaa bɔ mmɔden a ɛte saa?

Ade titiriw nti a eyi te saa ne sɛ, Kristofo nhyiam horow a wɔbɛkɔ na wɔde wɔn ho ahyem yɛ ɔkwan pa wɔnam so som Yehowa Nyankopɔn. (Hebrifo 13:15) Ɔsomafo Paulo twee adwene sii ade foforo nti a eyi te saa so bere a ɔkyerɛwee sɛ: ‘Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, . . . na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no. (Hebrifo 10:24, 25) Wɔ ha yi no, Paulo tee nka te sɛ odwontofo Dawid a ɔtoo dwom yi: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa, NW] fi” no.—Dwom 122:1.

Dɛn nti na sɛ Kristofo kɔ wɔn nhyiam ahorow ase a wɔn ani gye? Efisɛ wɔn a wɔba no nyɛ bɛhwɛadefo ara kwa. Mmom no, nhyiam horow no ma wonya hokwan hu wɔn ho wɔn ho yiye. Ne titiriw no, saa nhyiam horow yi yɛ bere a wɔde biribi ma, na ɛnyɛ sɛ wonya biribi nko, na ɛtwetwe wɔn ma wɔda ɔdɔ adi ma wɔde wɔn ho hyɛ nnwuma pa mu. Eyi boa ma nhyiam horow yɛ bere a ɛma denhyɛ. Afei nso, Kristofo nhyiam horow yɛ ɔkwan biako a Yesu nam so di ne bɔhyɛ a ɛne: “Mommra me nkyɛn, na mɛma moahome” no ho dwuma.—Mateo 11:28.

Ahotɔbea a Wunya Awerɛkyekye na Wodwen Wo Ho

Yehowa Adansefo wɔ ntease pa nti a wohu sɛ wɔn nhyiam ahorow no ma denhyɛ. Ade biako ne sɛ, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de honhom fam aduan ma wɔ bere a ɛsɛ mu wɔ nhyiam ahorow no ase. (Mateo 24:45) Afei nso, nhyiam ahorow no di dwuma titiriw bi wɔ Yehowa asomfo mu ma wɔn ho kokwaw na wɔyɛ nsi sɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo. Bio nso, ade foforo a wonya wɔ Ahenni Asa so ne nnamfo a wɔwɔ ɔdɔ na wodwen afoforo ho a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa wɔn akyekye wɔn werɛ bere a amanehunu ato wɔn no.—2 Korintofo 7:5-7.

Eyi ne nea ɛtoo Phillis, okunafo a ɔhweree ne kunu bere a na ne ba biako adi mfe anum na biako nso adi mfe awɔtwe no. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ abotɔyam a Kristofo nhyiam ahorow maa ɔne ne mma nkumaa nyae mu no, ɔkae sɛ: “Na ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wobɛkɔ Ahenni Asa so efisɛ bere nyinaa mfɛfo gyidifo da ɔdɔ a wɔwɔ ne dwen a wodwen wo ho adi denam atuu a wɔyɛ wo, Kyerɛwnsɛm mu asɛm a wɔka, anaa wo nsam a wokyia no ahomeka so no so. Ɛyɛ beae a na mepɛ sɛ mekɔ bere nyinaa.”—1 Tesalonikafo 5:14.

Bere a Marie kɔyɛɛ oprehyɛn kɛse bi no, ne duruyɛfo no kae sɛ anyɛ yiye koraa no ebegye no adapɛn asia ansa na ne ho atɔ no. Wɔ adapɛn a edi kan a na Marie ho retɔ no mu no, na ontumi nkɔ nhyiam. Ne duruyɛfo no hui sɛ n’ani nka sɛnea na ɔte kan no. Bere a oduruyɛfo no hui sɛ Marie nkɔ nhyiam ahorow no, ɔhyɛɛ no nkuran sɛ obetumi akɔ. Marie kae sɛ esiane sɛ ɔyare nti, ne kunu a ɔne ne gyidi nyɛ biako no rempene so sɛ ɔbɛkɔ nhyiam ahorow no. Ɛmaa oduruyɛfo no kyerɛw krataa titiriw bi “hyɛɛ” Marie sɛ ɔnkɔ Ahenni Asa so nkogye nkuranhyɛ ne fekubɔ a ɛma denhyɛ. Marie ka de wie sɛ: “Bere a mekɔɔ nhyiam biako akyi no, metee nka sɛ me ho atɔ me. Mifii ase didii, daa anadwo mũ no nyinaa, mpɛn pii no na enhia sɛ menom aduru a edwudwo yaw ano, na mifii ase serewee bio!”—Mmebusɛm 16:24.

Ɔdɔ tebea a ɛwɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no nyɛ nea wɔn a wonni asafo no mu no nhu. Kɔlegeni bi paw sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa Adansefo nsɛm mu yiye na ama wakyerɛw krataa a ɛfa nnipa a ɛsono kasa a wɔka asetra ho nsɛm ho. Ɔkyerɛw faa tebea horow a ɛwɔ nhyiam no ase no ho sɛ: “Wofi ɔdɔ mu maa me akwaaba . . . [maa] me ho dwiriw me yiye. . . . Adamfofa a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu no yɛ su a ɛho hia, na mete nka sɛ ɛno ne ade titiriw.”—1 Korintofo 14:25.

Wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu no, Kristofo asafo no yɛ honhom mu ahotɔbea. Ɛyɛ beae a ɔdɔ ne asomdwoe wɔ. Sɛ wokɔ nhyiam ahorow ase a, w’ankasa wubehu nokwasɛm a odwontofo no nsɛm yi yɛ: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.”—Dwom 133:1.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25

EDI ATIRIMPƆW TITIRIW BI HO DWUMA

Ɔkwan bɛn so na mum betumi anya Kristofo nhyiam ahorow so mfaso? Yehowa Adansefo rehyehyɛ mum asafo ahorow wɔ wiase nyinaa. Wɔ mfe 13 a etwaa mu no, wɔahyehyɛ mum asafo ahorow 27 ne kuw ahorow 43 wɔ United States. Anyɛ yiye koraa no, seesei mum asafo ahorow bɛyɛ 140 na ɛwɔ aman 40 foforo so. Wɔasiesie Kristofo nhoma ahorow wɔ video so wɔ mum kasa 13 mu.

Kristofo asafo no ma mum nya hokwan yi Yehowa ayɛ. Odile, a ɔyɛ kan Katolekni wɔ France a ɔtaa hu amane denneennen wɔ adwenemhaw ho, na ɛbaa ne tirim sɛ obekum ne ho no nyaa anigye kɛse wɔ Bible ntetee a ne nsa ka wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no ho. Ɔka sɛ: “Masan anya akwahosan ne asetra mu anigye. Nea ɛsen ne nyinaa no, mahu nokware no. Asetra wɔ atirimpɔw ma me mprempren.”