Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɔbaabun Maria sintɔ nyaa Yesu a onyinsɛnee no no so nkɛntɛnso bɔne bi?

Ɛdefa “Yesu awo” ho no, kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Wɔde ne na Maria maa Yosef aware, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu.” (Mateo 1:18) Nokwarem no, Onyankopɔn honhom kronkron dii dwuma titiriw wɔ Maria nyinsɛn no mu.

Na Maria nso ɛ? So ne nkesua anaa n’awode no dii dwuma bi wɔ ne nyinsɛn no mu? Bɔhyɛ ahorow a Onyankopɔn de maa—Abraham, Isak, Yakob, Yuda, ne Ɔhene Dawid—Maria agyanom—no kyerɛ sɛ na abofra a wɔbɛwo no no bɛyɛ wɔn aseni mapa. (Genesis 22:18; 26:24; 28:10-14; 49:10; 2 Samuel 7:16) Ɔkwan bɛn so bio na abofra a Maria bɛwo no no bɛyɛ ɔdedifo a ɔfata saa bɔhyɛ ahorow a Nyankopɔn de ama no? Na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ba ankasa.—Luka 3:23-34.

Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ ɔbaabun Maria sɛ: “Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ dom. Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.” (Luka 1:30, 31) Nyinsɛn hwehwɛ sɛ nkesua bi benyin. Ɛda adi sɛ, Yehowa Nyankopɔn na ɔmaa nkesua a ɛwɔ Maria awode mu no nyinii, denam yi a oyii ne Dɔba no nkwa fii ahonhom atrae hɔ baa asase so no so.—Galatifo 4:4.

So abofra a ɔbea a ɔnyɛ pɛ nyinsɛn no wɔ saa kwan yi so no betumi ayɛ pɛ a bɔne ho nkekae biara nni ne nipadua mu? Sɛ pɛyɛ ne sintɔ wɔ abusuabɔ a ɛnde na ɔkwan bɛn so na awosu ho mmara no betumi ayɛ adwuma? Kae sɛ wɔde honhom kronkron no dii dwuma yii Onyankopɔn Ba no nkwa tumi a ɛyɛ pɛ no bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu na ɛmaa nyinsɛn bae. Eyi twaa sintɔ biara a ɛwɔ Maria awotwaa mu no mu, na ɛmaa wonyaa awosu mu nhyehyɛe a ɛyɛ pɛ fi mfiase pɛɛ.

Nanso sɛnea ɛte biara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn honhom kronkron no dii dwuma saa bere no maa Onyankopɔn atirimpɔw baa mu. Na ɔbɔfo Gabriel akyerɛkyerɛ mu akyerɛ Maria sɛ: “Honhom Kronkron bɛba wo so, na nea ɔwɔ sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.” (Luka 1:35) Yiw, sɛnea ɛte no, Onyankopɔn honhom kronkron bɔɔ mogyatɔw a ɛwɔ awotwaa no mu no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a sintɔ anaa ade bɔne biara rensɛe no.

Ɛda adi pefee sɛ, Yesu nyaa ne desani nipadua a ɛyɛ pɛ no fii ne soro agya no nkyɛn na ɛnyɛ onipa biara hɔ. Yehowa ‘siesiee ɔhonam’ maa no, ma enti efi bere a wonyinsɛnee Yesu rekɔ no, na ‘ne ho nni nkekae, na na wɔayi no afi abɔnefo ho’ ampa.—Hebrifo 7:26; 10:5.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

“Wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima”