Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubu Kristo Akanni Sɛ Ɛyɛ Paa Ara?

So Wubu Kristo Akanni Sɛ Ɛyɛ Paa Ara?

So Wubu Kristo Akanni Sɛ Ɛyɛ Paa Ara?

“Mommma wɔmmfrɛ mo ‘akannifo,’ efisɛ obiako ne mo Kannifo, ɔne Kristo no.”—MATEO 23:10, NW.

1. Hena nkutoo ne nokware Kristofo Kannifo?

NÁ ƐYƐ Benada, Nisan 11. Ná wobekum Yesu Kristo ne nnansa akyi. Ná eyi ne bere a etwa to a ɔde bɛkɔ asɔrefie hɔ. Saa da yi, Yesu de nkyerɛkyerɛ titiriw bi maa nkurɔfo akuwakuw a na wɔahyia hɔ ne n’asuafo no. Ɔkae sɛ: “Mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo [akannifo, NW]; na obiako ne mo [Kannifo, NW], ɔne Kristo no.” (Mateo 23:8-10) Ɛda adi pefee sɛ Yesu Kristo ne nokware Kristofo Kannifo.

2, 3. Nkɛntɛnso bɛn na Yehowa a yebetie no na yɛagye Ɔkannifo a wapaw no no atom no wɔ wɔ yɛn asetra so?

2 Hwɛ nkɛntɛnso pa ara a sɛ yegye Yesu akanni tom a, enya wɔ yɛn asetra so! Bere a Yehowa Nyankopɔn reka ba a Ɔkannifo no bɛba ho asɛm asie no, ɔnam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Huu, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no, mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsã ne nufusu: ɛnyɛ́ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso. . . . Múntie me ɛ, múnni nnepa, na sradeduan nyɛ mo kra dɛ. . . . Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo.”—Yesaia 55:1-4.

3 Yesaia de nneɛma a ɛyɛ nsunsu—nsu, nufusu, ne nsã—dii dwuma sɛ kasakoa de kyerɛɛ sɛnea sɛ yetie Yehowa na yedi Ɔkannifo ne Mmarahyɛfo a ɔde no ama yɛn no akyi a, ɛbɛka yɛn asetra. Nea efi mu ba no ma abotɔyam. Ɛte sɛ nea sɛ yenya nsu kuruwa ma nom awiabere a yɛte nka no. Ekum nokware ne trenee ho sukɔm a ɛde yɛn no. Sɛnea nufusu ma mmofra ahoɔden na ɛboa wɔn ma wonyin no, ‘asɛm no nufusu’ no hyɛ yɛn den na ɛma yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no nyin. (1 Petro 2:1-3) Na hena na onnye ntom sɛ sɛ edu afahyɛ bere a, nsã nso ma anigye? Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, nokware Nyankopɔn no a yɛbɛsom no na yɛadi Ɔkannifo a wapaw no no anammɔn akyi no, ma asetra yɛ ‘anigye ankasa.’ (Deuteronomium 16:15) Ɛnde na ehia sɛ yɛn nyinaa—mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea—da no adi sɛ Kristo akanni yɛ paa ara ma yɛn. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn asetra kwan akyerɛ sɛ Mesia no ne yɛn Kannifo?

MmabunMonkɔ So ‘Nyin Wɔ Nyansa Mu’

4. (a) Dɛn na esii bere a Yesu a wadi mfirihyia 12 no kɔɔ Yerusalem wɔ Twam afahyɛ bere mu no? (b) Na Yesu nimdeɛ di mu dɛn bere a na wadi mfe 12 pɛ no?

4 Susuw nhwɛso a yɛn Kannifo no yɛ maa mmofra no ho hwɛ. Ɛwom sɛ yennim Yesu mmofraase nsɛm pii de, nanso asɛm bi a esii ma yenya mu asuade pii. Bere a Yesu dii mfirihyia 12 no, n’awofo de no kɔɔ Yerusalem daa afirihyia Twam afahyɛ ase. Saa bere yi, Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ begyee n’adwene maa n’abusua no gyaw no hɔ a wɔanhu. Nnansa akyi no, n’awofo a na wɔahaw, Yosef ne Maria behuu no wɔ asɔrefie hɔ sɛ “ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.” Bio nso “wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa.” Twa ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ sɛ bere a na Yesu adi mfirihyia 12 pɛ no, na ɛnyɛ sɛ otumi bisa honhom fam nsɛm a ɛkanyan adwene nko na mmom na ɔma mmuae a nyansa wom nso! Akyinnye biara nni ho sɛ, na n’awofo ntetee aboa no.—Luka 2:41-50.

5. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi asusuw su a wɔda no adi wɔ abusua Bible adesua ho no ho?

5 Ebia na woyɛ abofra. Sɛ w’awofo yɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ ahofama a, ɛda adi sɛ moyɛ abusua Bible adesua wɔ mo fie. Su bɛn na woda no adi wɔ abusua adesua no ho? Dɛn nti na wunsusuw nsɛm te sɛ: ‘So mifi koma nyinaa mu reboa nhyehyɛe a wɔayɛ ama Bible adesua wɔ m’abusua mu no? So midi akyi, a menyɛ biribiara mfa nsɛe nhyehyɛe no?’ (Filipifo 3:16) ‘So mede me ho hyɛ adesua no mu daa? Sɛ minya hokwan a ɛfata a, so mibisa adesua asɛm no ho biribi anaa meka sɛnea yebetumi de adi dwuma no ho asɛm? Bere a minya honhom fam nkɔso no, so merenya ‘aduan a ɛyɛ den a ɛfata wɔn a wɔn ho akokwaw’ no ho akɔnnɔ?’—Hebrifo 5:13, 14.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na da biara da Bible akenkan nhyehyɛe betumi asom bo ama mmabun?

6 Da biara Bible akenkan nhyehyɛe nso yɛ ade a ɛsom bo. Odwontofo no too dwom sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntra fɛwdifo trabea, na mmom [Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.” (Dwom 1:1, 2) Mose dedifo, Yosua, ‘kenkanee mmara nhoma no dwen ho awia ne anadwo.’ Eyi ma ɔyɛɛ n’ade nyansam, na otumi yɛɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa no. (Yosua 1:8) Yɛn Kannifo, Yesu Kristo kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa, NW] anom so.” (Mateo 4:4) Sɛ yehia honam fam aduan da biara da a, ɛnde na hwɛ hia a ehia sɛ yenya honhom fam aduan daa!

7 Bere a abeawa Nicole a wadi mfirihyia 13 huu ne honhom fam ahiade no, ofii ase kenkan Bible no da biara. * Mprempren a wadi mfirihyia 16 no, watumi akenkan Bible mũ no nyinaa pɛnkoro na wadu bɛyɛ mfinimfini wɔ n’akenkan a ɛto so abien no mu. Ɔkwan a ɔfa so kenkan no nyɛ den. Ɔka sɛ: “Masi me bo sɛ anyɛ yiye koraa no, mɛkenkan ti biako da biara.” Ɔkwan bɛn so na ne da biara Bible akenkan no aboa no? Obua sɛ: “Ɛnnɛ, nkɛntɛnso bɔne abu so. Da biara da mihyia nhyɛso wɔ sukuu ne mmeae foforo a ɛsɔ me gyidi hwɛ. Bible no a mekenkan no daa no boa me ma mekae Bible ahyɛde ne nnyinasosɛm ahorow a ɛboa me ma meko tia nhyɛso horow yi ntɛm. Ne saa nti, mete nka sɛ mebɛn Yehowa ne Yesu kɛse.”

8. Ná dɛn na Yesu taa yɛ wɔ hyiadan mu, na ɔkwan bɛn so na mmofra betumi asuasua no?

8 Ná ɛyɛ Yesu su sɛ obetie Kyerɛwnsɛm akenkan na ɔde ne ho ahyɛ akenkan no mu wɔ hyiadan mu. (Luka 4:16; Asomafo no Nnwuma 15:21) Hwɛ ye a eye sɛ mmofra bedi saa nhwɛso no akyi denam Kristofo nhyiam ahorow, baabi a wɔkenkan Bible na wosua, a wɔbɛkɔ daa so! Bere a Richard a wadi mfirihyia 14 rekyerɛ nhyiam ahorow a ɛte saa ho anisɔ no, ɔkae sɛ: “Nhyiam ahorow no som bo ma me. Daa sɛ mekɔ ase a, ɛma mekae nneɛma a eye ne nea enye, nea ɛkyerɛ abrabɔ pa ne abrabɔ bɔne, nea ɛkyerɛ Kristo su ne nea ɛnkyerɛ. Ɛho nhia sɛ mefa ɔkwan a ɛyɛ yaw so hu—denam osuahu a ɛyɛ yaw a menya so.” Yiw, “[Yehowa, NW] mmara yɛ pɛ, . . . ɛma ayemfo hu nyansa.” (Dwom 19:7) Nicole nso asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam anum no nyinaa dapɛn biara. Ɔno nso de nnɔnhwerew bɛyɛ abien anaa abiɛsa sua nneɛma a wobesusuw ho no.—Efesofo 5:15, 16.

9. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi akɔ so ‘anyin wɔ nyansa mu’?

9 Babunbere yɛ bere pa a wubetumi de ‘anya nokware Nyankopɔn koro, ne nea ɔsomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.’ (Yohane 17:3) Ebia na wunim mmabun a wɔsɛe bere pii wɔ aseresɛm nhoma horow, television a wɔhwɛ, video so agorudi, anaa Intanɛt ho. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wusuasua wɔn bere a wubetumi adi yɛn Kannifo no nhwɛso a ɛkyɛn so akyi no? Bere a na ɔyɛ abarimaa no, ɔmaa n’ani gyee Yehowa ho ade a obesua ho. Na dɛn na efii mu bae? Esiane sɛ na Yesu ani gye honhom fam nneɛma ho nti, ‘ɔkɔɔ so nyinii wɔ nyansa mu.’ (Luka 2:52) Wo nso wubetumi ayɛ saa.

“Mommrɛbrɛ Mo Ho Ase Mma Mo Ho”

10. Dɛn na ɛbɛboa ma asomdwoe ne anigye aba abusua asetra mu?

10 Ofie betumi ayɛ baabi a asomdwoe ne abotɔyam wɔ anaa baabi a nitan ne akameakame wɔ. (Mmebusɛm 21:19; 26:21) Kristo akanni a yebegye atom no ma yenya asomdwoe ne anigye wɔ abusua no mu. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu nhwɛso no na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ abusua ntam nkitahodi kwan. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho Kristo suro mu. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa. . . . Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:21-25) Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa asafo a ɛwɔ Kolose no sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.”—Kolosefo 3:18-20.

11. Ɔkwan bɛn so na okunu betumi abu Kristo akanni sɛ ɛyɛ paa ara?

11 Afotu yi a yebedi akyi no kyerɛ sɛ okunu bedi abusua no anim, ne yere de nokwaredi bɛboa no, na mmofra no abu wɔn awofo. Nanso sɛ onipa di ne tiyɛ ho dwuma yiye nkutoo a, ɛnna ɛde anigye ba. Ɛsɛ sɛ okunu nyansafo sua sɛnea obedi ti denam n’ankasa Ti ne ne Kannifo, Kristo Yesu a obesuasua no no so. (1 Korintofo 11:3) Ɛwom sɛ akyiri yi no, Yesu bɛyɛɛ ‘ade nyinaa ti maa asafo’ no de, nanso wamma asase so sɛ ‘wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee.’ (Efesofo 1:22; Mateo 20:28) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛnsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ okunu fa pɛsɛmenkominya kwan so di ti, na mmom ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ne yere ne ne mma ahiade—yiw, abusua mũ no nyinaa de. (1 Korintofo 13:4, 5) Ɔbɔ mmɔden sɛ obedi suban pa a ne ti, Yesu Kristo daa no adi no akyi. Te sɛ Yesu no, odwo na ɔbrɛ ne ho ase komam. (Mateo 11:28-30) Sɛ ɔfom a, ɛnyɛ den mma no sɛ ɔbɛka nsɛm te sɛ “mepa wo kyɛw, anaa “w’asɛm no yɛ nokware.” Ne nhwɛso pa no ma ɛyɛ mmerɛw ma ne yere sɛ ɔbɛyɛ ne “sɛso boafo,” ne ‘ɔhokafo’ ama ɔbarima a ɔte saa, asua ade afi ne nkyɛn na ɔne no abom ayɛ adwuma.—Genesis 2:20; Malaki 2:14.

12. Dɛn na ɛbɛboa ɔyere ma wadi tiyɛ ho nnyinasosɛm ahorow no so?

12 Ɛsɛ sɛ ɔyere no nso brɛ ne ho ase ma ne kunu. Nanso sɛ wiase no su nya no so nkɛntɛnso a, ebetumi atoto sɛnea obu tiyɛ ho nnyinasosɛm no ase, na ɛrenyɛ no dɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ɔbarima no. Kyerɛwnsɛm no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima no yɛ nhyɛ, na mmom ɛhwehwɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom. (Efesofo 5:24) Bible no de asɛyɛde to okunu ne agya no so, na sɛ wɔde afotu yi di dwuma a, ɛma asomdwoe ba abusua no mu.—Filipifo 2:5.

13. Ahobrɛase ho nhwɛso bɛn na Yesu ayɛ ama mmofra?

13 Ɛsɛ sɛ mmofra brɛ wɔn ho ase ma wɔn awofo. Yesu yɛɛ nhwɛso wɔ eyi mu. Asɔrefie asɛm no akyi, bere a na Yesu adi mfirihyia 12 na wogyaw no hɔ no, “ɔne wɔn [n’awofo] siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn.” (Luka 2:51) Sɛ mmofra brɛ wɔn ho ase ma wɔn awofo a, ɛde asomdwoe ne biakoyɛ ba abusua no mu. Sɛ abusua no muni biara brɛ ne ho ase hyɛ Kristo akanni ase a, nea efi mu ba ne abusua a wɔwɔ anigye.

14, 15. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi adi tebea a emu yɛ den ho dwuma wɔ fie? Ma nhwɛso.

14 Sɛ nsɛm tebea a emu yɛ den sɔre wɔ fie mpo a, nea ɛbɛma ayɛ yiye ara ne sɛ yebesuasua Yesu na yɛagye n’akwankyerɛ atom. Sɛ nhwɛso no, Jerry a wadi mfe 35 hyiaa nsɛnnennen bi a wɔansusuw ho wɔ ɔne Lana, a na ne babea adu ne mpanyin afe so, aware mu. Jerry kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná minim sɛ sɛ metumi adi me tiyɛ ho dwuma yiye a, ɛsɛ sɛ mede Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛma abusua afoforo yɛ yiye no di dwuma. Nanso ankyɛ na mibehui sɛ, ɛsɛ sɛ mede nyansa ne nhumu a ɛkɔ akyiri di ho dwuma.” N’abanoma no buu no sɛ obi a wabɛtetew ɔne ne maame ntam ma enti na ɔmpɛ n’asɛm koraa. Na Jerry hia nhumu na ama wahu sɛ saa su yi anya abeawa yi kasa ne ne nneyɛe so tumi. Odii tebea no ho dwuma dɛn? Jerry bua sɛ: “Me ne Lana gye toom sɛ, sɛ ɛbɛyɛ a, saa bere yi de, Lana nni nteɛso a awofo de ma no ho dwuma, na me nso memfa m’adwene nsi abusuabɔ pa a me ne m’abanoma no benya so. Bere bi akyi no, yenyaa saa kwan yi so mfaso.”

15 Sɛ yehyia tebea horow a emu yɛ den wɔ fie a, yehia nhumu na ama yɛahu nea enti a abusua no mufo kasa na wɔyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan bi so no. Yehia nyansa nso na ama yɛatumi de Onyankopɔn mmara adi dwuma yiye. Sɛ nhwɛso no, Yesu huu nea enti a ɔbea bi a na mogya retu no soo ne mu no, na ofi nyansam daa ayamhyehye adi kyerɛɛ no. (Leviticus 15:25-27; Marko 5:30-34) Nyansa ne nhumu yɛ yɛn Kannifo no su. (Mmebusɛm 8:12) Sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛnea anka ɔbɛyɛ a, yɛn ani gye.

‘Monkɔ so Nhwehwɛ Ahenni no Kan’

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn asetram ade titiriw, na ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso?

16 Yesu maa nea ɛsɛ sɛ ehia wɔn a wɔpɛ sɛ wogye n’akanni tom no mu daa hɔ pefee. Ɔkae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” (Mateo 6:33) Ɔnam ne nhwɛso so kyerɛɛ yɛn sɛnea yebetumi ayɛ eyi. Bere a Yesu wiee adaduanan mmuadadi, nsusuwho, ne mpaebɔ wɔ n’asubɔ akyi no, ohyiaa sɔhwɛ bi. Satan Ɔbonsam de “wiase ahenni nyinaa” kyerɛɛ no. Sɛ Yesu gyee Ɔbonsam akyɛde yi a, susuw asetra a anka ɔbɛkɔ mu no ho hwɛ! Nanso, Kristo de n’ani sii N’agya apɛde a na ɔbɛyɛ so. Ohui nso sɛ, asetra kwan a ɛte saa wɔ Satan wiase mu no renkyɛ. Ntɛm ara na ɔpoo ade a Ɔbonsam de maa no no, kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” Ɛno akyi pɛɛ no, Yesu “fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:2, 8-10, 17) Kristo de n’asase so asetra a aka no nyinaa bɔɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru.

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ Ahenni ho nneɛma di kan wɔ yɛn asetra mu?

17 Ɛsɛ sɛ yesuasua yɛn Kannifo no a yɛmma Satan wiase no ntwetwe yɛn mma yɛmmfa adwuma a ɛbɛma yɛanya akatua kɛse nyɛ yɛn asetram ade titiriw. (Marko 1:17-21) Hwɛ ade hunu ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ wiase nneɛma akyidi mu na yɛapia Ahenni nneɛma agu nkyɛn! Yesu de Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ahyɛ yɛn nsa. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Yiw, ebia na yɛwɔ abusua anaa asɛyɛde afoforo a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma, nanso so yɛn ani nnye sɛ yɛde anwummere anwummere ne dapɛn awiei bɛyɛ adwuma de adi yɛn Kristofo asɛyɛde a ɛne sɛ yɛbɛka asɛm na yɛakyerɛkyerɛ no ho dwuma? Na hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ 2001 ɔsom afe no mu no, nnipa bɛyɛ 780,000 tumi somee sɛ bere nyinaa asomfo anaa akwampaefo!

18. Dɛn na ɛboa yɛn ma yenya asɛnka adwuma no mu anigye?

18 Asɛmpa no mu nsɛm da Yesu adi sɛ ɔbarima a ɔyɛ nsi ne obi a ɔwɔ tema nso. Bere a ohuu wɔn a wɔatwa ne ho ahyia honhom fam ahiade no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ na ɔboaa wɔn. (Marko 6:31-34) Sɛ yefi ɔdɔ ne ɔpɛ pa a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa afoforo mu yɛ yɛn som adwuma no a, ɛma yɛn ani gye. Nanso yɛbɛyɛ dɛn anya ɔpɛ a ɛte saa? Aberante bi a wɔfrɛ no Jayson ka sɛ: “Bere a na minnya nnii mfe aduonu no, na m’ani nnye asɛnka ho papa.” Dɛn na ɛboaa no ma onyaa adwuma yi ho anigye? Jayson bua sɛ: “Wɔ m’abusua mu no, na yɛde Memeneda anɔpa biara kɔ asɛnka. Na eyi ye ma me efisɛ bere dodow a mekɔ asɛnka no, dodow no ara na mihu ɛso mfaso, na dodow no ara na m’ani gye ho.” Ɛsɛ sɛ yɛn nso, yɛde nsi nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ wɔ Kristo akanni ho?

19 Nokwarem no, Kristo akanni a yebegye atom no ma abotɔyam na mfaso wɔ so. Sɛ yɛyɛ saa a, babunbere bɛyɛ bere a yebenya nkɔso wɔ nimdeɛ ne nyansa mu. Asomdwoe ne anigye ba abusua asetra mu, na asɛnka bɛyɛ adwuma a ɛde anigye ne abotɔyam ba. Sɛ saa a, ɛnde momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛma ada adi wɔ yɛn da biara da asetra mu ne gyinae ahorow a yesisi mu sɛ yebu Kristo akanni sɛ ɛyɛ paa ara. (Kolosefo 3:23, 24) Nanso Yesu Kristo nam ɔkwan foforo so di yɛn anim—Kristofo asafo no. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ sɛnea yebenya nsiesiei yi so mfaso mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Wɔasesa din ahorow no bi.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na yenya yɛn Kannifo a Onyankopɔn apaw no no akyi a ye- bedi no so mfaso?

• Ɔkwan bɛn so na mmabun betumi akyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wodi Yesu akanni akyi?

• Nkɛntɛnso bɛn na Kristo akanni nya wɔ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ase no abusua asetra so?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn asɛnka betumi akyerɛ sɛ yebu Kristo akanni sɛ ɛyɛ paa ara?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Mmabunbere yɛ bere pa a yebetumi de anya Onyankopɔn ne yɛn Kannifo a wɔapaw no no ho nimdeɛ

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yɛn ho ase a yɛbrɛ hyɛ Kristo akanni ase no ma yenya abusua mu anigye

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Yesu hwehwɛɛ Ahenni no kan. Saa na woyɛ?