Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Waldensefo—Atuatewfo a Wɔdan Protestantfo

Waldensefo—Atuatewfo a Wɔdan Protestantfo

Waldensefo—Atuatewfo a Wɔdan Protestantfo

Na ɛyɛ 1545 wɔ Lubéron mantam a ɛwɔ Provence, wɔ France kesee fam no mu. Na asraafo ahyia rebedi atirimpɔw bi a ɛyɛ hu a ebinom a wonni afoforo som ho koma ahyɛ wɔn no ho dwuma. Nea efii mu bae ne mogya a wohwie gui wɔ dapɛn biako mu.

WƆSƐEE nkuraase pii, na wɔde wɔn a wɔte hɔ no koguu afiase anaa wokunkum wɔn. Asraafo a wɔn tirim yɛ den dii atirimmɔdensɛm kunkum nnipa maa Europafo ho popoe. Mmarima bɛyɛ 2,700 wuwui, na wɔde 600 kɔe kɔyɛɛ adwuma wɔ hyɛn bi mu, na wɔyɛɛ mmea ne mmofra a wɔwom no nso ayayade. Fransefo hene ne pope no kamfoo ɔsraani panyin a odii mogyahwiegu yi anim no.

Na Ɔsesɛw no ama Germany mu apaapae dedaw bere a Katolekfo hene Francis I a ɔwɔ France a na Protestantfo som a emu atrɛw ho asɛm hia no no yɛɛ nhwehwɛmu wɔ nea na wɔfrɛ no ɔsom mu ɔwae a na ɛwɔ n’ahenni mu ho no. Sɛ́ anka wobehu ankorankoro a wɔatew atua wɔ asɔre mu no, atumfo a wɔwɔ Provence hɔ no nyinaa hwehwɛɛ nyamesomfo a wɔatew wɔn ho no nyinaa nsɛm mu. Wɔhyɛɛ mmara a wɔde beyi ɔsom mu atuatew yi afi hɔ na awiei koraa no wɔyɛɛ saa wɔ 1545 okunkɛse no mu.

Ná henanom ne ɔsom mu awaefo yi? Dɛn nti na na afoforo nni wɔn som ho koma koraa saa?

Adefo a Wɔdan Ahiafo

Wɔn a wokunkum wɔn wɔ okunkɛse no mu no fi asɔre foforo bi a wofii ase fii afeha a ɛto so 12 no mu a ɛtrɛw faa Europa mmeae pii no mu. Ɔkwan a ɛfaa so trɛwee ne sɛnea etumi gyinae mfeha pii akyi no ma ɛyɛ soronko wɔ ɔsom mu atuatew ho abakɔsɛm mu. Abakɔsɛm akyerɛwfo dodow no ara gye tom sɛ kuw no fii ase bɛyɛ afe 1170 mu. Oguadini ɔdefo bi a wɔfrɛ no Vaudès a ɔwɔ France kurow a wɔfrɛ no Lyons mu ani begyee ho sɛ obesua sɛnea ɔbɛsɔ Nyankopɔn ani. Ɛda adi sɛ bere a Yesu Kristo asɛm a ɛfa ɔdefo bi a otuu no fo sɛ ɔnkɔtɔn ne nneɛma mfa mma ahiafo no ho asɛm kaa Vaudès koma no, ɔyɛɛ honam fam nneɛma ho nhyehyɛe maa n’abusua na ogyaa n’ahode nyinaa guu hɔ kɔkaa Asɛmpa no kyerɛe. (Mateo 19:16-22) Ankyɛ na obenyaa akyidifo a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ wɔn sɛ Waldensefo no. *

Ade a na ehia Vaudès titiriw ne ohia, asɛnka, ne Bible. Na sɔre a wɔbɛsɔre atia asɔfo a wɔanya wɔn ho no nyɛ wɔn ade foforo. Wɔ bere kakra mu no, na nkurɔfo a wɔn ani nnye asɔfo ho no akasa atia ɔporɔw a ɛwɔ asɔre no mu ne tumi a na wɔde di dwuma ɔkwammɔne so no. Nanso na Vaudès yɛ asɔre ba, na saa ara na n’akyidifo no mu pii nso te. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nti na ɔbɛtee nka sɛ ɛho behia sɛ onya Bible no bi wɔ nnipa no ankasa kasa mu. Esiane sɛ na asɔre no Bible no wɔ Latin kasa mu na asɔfo no nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wonya bi nti, Vaudès hyɛe sɛ wɔnkyerɛ Nsɛmpa no ne Bible ho nhoma afoforo ase nkɔ Franco-Provençal kasa mu, kasa a na mpapahwekwa a wɔwɔ Franse atɔe fam mfinimfini nyinaa te. * Esiane sɛ wɔpɛ sɛ wodi Yesu asɛm a ese wɔnka asɛmpa no nkyerɛ so nti, Lyon Ahiafo no pue kɔkaa asɛm no wɔ baguam. (Mateo 28:19, 20) Abakɔsɛm kyerɛwfo Gabriel Audisio kyerɛkyerɛ mu sɛ si a wosii wɔn bo sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ baguam no bɛyɛɛ aniberesɛm a na wogyina so ka Waldensefo no ho asɛm wɔ asɔre no mu.

Katolekfo a Wɔbɛyɛɛ Atuatewfo

Saa bere no, na asɔfo nkutoo na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔka asɛm no, na asɔre no na na ɛma obi hokwan ansa na watumi aka asɛm no. Asɔfo no buu Waldensefo no sɛ wonnim hwee na wonnim nhoma, nanso wɔ 1179 mu no, Vaudès kɔhwehwɛɛ tumi a wɔde bɛka asɛm no fii Pope Alexander III hɔ. Wɔmaa no kwan—nanso na gye sɛ asɔfo a wɔwɔ hɔ no apene so ansa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Malcolm Lambert kae sɛ “na eyi te sɛ nea wɔampene so koraa.” Nokwarem no, Ɔsɔfopɔn Jean Bellesmains a ɔwɔ Lyons barae sɛ asɔreba biara nnka asɛm no. Vaudès de asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 5:29 no buaa no sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.” Esiane sɛ Vaudès ampene bra a wɔbaraa no no so nti, wotuu no fii asɔre no mu wɔ 1184 mu.

Ɛwom sɛ wɔpam Waldensefo fii Lyons mansin no mu anaasɛ na wɔrepam wɔn afi kurow no mu de, nanso ɛte sɛ nea kasa a wɔkasa tiaa wɔn mfiase no ankosi hwee. Nnipa mpapahwekwa pii kamfoo Waldensefo no wɔ wɔn nokwaredi ne wɔn asetra kwan ho, ma asɔfo mpanyin mpo ne wɔn kasae.

Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Euan Cameron kyerɛ no, ɛte sɛ nea Waldensefo asɛnkafo no ankasa “antia Roman Asɔre no ankasa.” Na nea “wɔhwehwɛ ara ne sɛ wɔbɛka asɛm akyerɛ.” Abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ sɛ kuw no bɛyɛɛ ɔsom mu atuatewfo denam mmara horow a wɔhyehyɛ de brɛɛ wɔn tumi ne wɔn nkɛntɛnso ase so. Kasa a Asɔre no kasa tiaa Waldensefo no na ɛmaa Lateran Bagua a Ɛto so Anan no domee Waldensefo no wɔ 1215 mu no. Eyi kaa wɔn asɛnka adwuma dɛn?

Wɔyɛɛ Adwuma Wɔ Sum Ase

Vaudès wui wɔ afe 1217 mu, na ɔtaa a ɛbaa n’akyidifo so no ma wɔhwetee maa ebinom kɔɔ Fransefo abon mu, Germany, Italy atifi fam, ne Europa atifi ne apuei fam. Ɔtaa no maa Waldensefo no kɔtraa nkuraase, na eyi maa wɔn asɛnka adwuma no brɛɛ ase wɔ mmeae pii.

Wɔ 1229 mu no Katolek Asɔre no wiee ne mmeamudua ho akodi a ɛko tiaa Catharifo, anaa Albigensefo a wɔwɔ France anafo fam no. * Efi wɔn so na wotuu wɔn ani sii Waldensefo no so. Ná ɛrenkyɛ na atirimmɔden asɛnni no adan aba wɔn a wɔsɔre tia asɔre no nyinaa so. Ehu na ɛkaa Waldensefo no ma wɔyɛɛ wɔn adwuma wɔ sum ase no. Ebeduu 1230 no na wɔnka asɛm no wɔ baguam bio. Audisio kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ́ anka wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ akyidifo afoforo no . . . , wotuu wɔn ho mae sɛ wɔbɛhwɛ wɔn a wɔasakra no so, na wɔakora wɔn so ɛmfa ho nhyɛso ne ɔtaa biara a ɛbɛba wɔn so no.” Ɔde kaa ho sɛ, “na asɛnka adwuma no da so ara yɛ ade titiriw nanso na wɔasakra sɛnea wɔyɛ no no koraa.”

Wɔn Gyidi ne Wɔn Nneyɛe

Sɛ anka Waldensefo no bɛma mmarima ne mmea nyinaa anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no, ebeduu afeha a ɛto so 14 no na wɔama nsonsonoe abɛda asɛnkafo ne gyidifo ntam. Na mmarima a wɔahyɛ da ama wɔn ntetee nkutoo na wɔyɛ asɔfodwuma saa bere no. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ asɔfo a na wokyinkyin yi barbes (wɔfanom).

Barbes, a na wɔsrasra Waldensefo mmusua wɔ wɔn afie mu no yɛɛ adwuma de bɔɔ kuw no ho ban sen sɛ wɔbɛma atrɛw. Na barbes no nyinaa nim akenkan ne akyerɛw, na wɔn ntetee a egye mfe nsia no gyina Bible no so. Bible a ɛwɔ wɔn ankasa kasa mu a wɔde dii dwuma no boaa wɔn ma wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn akyidifo no. Waldensefo no atamfo mpo gye toom sɛ na wɔne wɔn mma nim Bible no yiye, ma enti na wotumi fa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm pii de kasa.

Nneɛma a tete Waldensefo no poe no bi ne atorodi, ahodwiragya, Awufosom ho nneyɛe, bɔne a pope de kyɛ ne bɔnesrɛ, ne Maria ne “ahotefo” a wɔsom wɔn. Na wodi Awurade Anwummeduan anaa Adidi a Etwa to no afe biara. Sɛnea Lambert kyerɛ no, na sɛnea wɔn som no te no “ma ɔpapahwekwa biara tumi kɔ bi.”

“Asetra Akwan Abien”

Na biakoyɛ wɔ Waldensefo mmusua mu. Ankorankoro waree wɔ kuw no mu, na wɔ mfehaha akyi no, eyi maa wonyaa Waldensefo din. Nanso, bere a na Waldensefo no repere wɔn ti no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkata wɔn nsusuwii ahorow so. Wɔn som mu gyidi ahorow bi a na wɔmmma ɛnna adi no ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ atamfo no bɛbɔ wɔn sobo horow a ɛmfata, sɛ nhwɛso no, na wɔkyerɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ Ɔbonsam som mu. *

Ɔkwan biako a Waldensefo no nam so ko tiaa sobo a ɛte saa ne sɛ wogyaee nsɛm mu siesiei na wɔyɛɛ nea abakɔsɛm kyerɛwfo Cameron frɛ no Katoleksom “akyi a wodi kakra” mu no. Waldensefo no pii kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Katolek asɔfo, kɔɔ Mass, de nhyira nsu dii dwuma, na mpo wotuu kwan kɔyɛɛ ɔsom mu nneɛma. Lambert ka sɛ: “Wɔ nneɛma pii mu no na wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔn mfɛfo Katolekfo yɛ wɔn ade no.” Audisio kaa no pen sɛ bere kɔɔ so no, Waldensefo no de “asetra akwan abien” na ɛtraa ase. Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔ ɔkwan bi so no, wɔyɛɛ wɔn ade nyinaa te sɛ Katolekfo na ama wɔn asom adwo wɔn; ɔkwan foforo so no, wɔde wɔn ho hyɛɛ amanne ne nneyɛe ahorow bi mu, na ɛno ama Waldensefo no akɔ so atra ase.”

Ɔsom Mu Awaefo a Wɔdan Protestantfo

Wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, Ɔsesɛw no sesaa sɛnea Europafo som te koraa. Wɔn a afoforo annya wɔn som ho koma no kogyee hokwan a ɛbɛma wɔagye wɔn atom wɔ mmara kwan so wɔ wɔn ankasa man mu anaasɛ wotu kɔɔ baabi foforo kɔhwehwɛɛ asetra a eye. Ɔwae ho adwene nso bɛyɛɛ nea ɛho nhia biara bio, efisɛ na nnipa pii afi ase reka ɔkwan a nyamesom ahyehyɛde ahorow a agye ntini no fa so som ho asɛm.

Wɔ 1523 mfiase pɛɛ no, Ɔsesɛwfo a wonim no paa a wɔfrɛ no Martin Luther kaa Waldensefo no ho asɛm. Wɔ 1526 mu no Waldensefo barbes no mu biako de Europa nyamesom nkɔso ho nsɛm brɛɛ wɔn a wɔte Alps no. Nea edii eyi akyi bae ne Protestantfo kuw a wɔne Waldensefo susuw nsɛm ho. Protestanfo no hyɛɛ Waldensefo no nkuran sɛ wɔmmoa ma wɔnkyerɛ Bible no ase mfi mfitiase kasa mu nkɔ Franse kasa mu. Wɔbɛfrɛɛ Bible a wotintimii wɔ 1535 mu no akyiri yi sɛ Olivétan Bible. Anwonwasɛm ne sɛ, na Waldensefo pii nte Franse kasa.

Bere a ɔtaa a na Katolekfo de ba wɔn so no rekɔ so no, Waldensefo no mu fã kɛse no ara kɔtraa France anafo fam, te sɛ nea Protestanfo atutrafo no yɛe no. Ankyɛ koraa na wɔbɔɔ atutra yi ho amanneɛ kyerɛɛ atumfoɔ no. Nsɛmpa a wɔka faa Waldensefo asetra kwan ho akyi no, nkurɔfo bi kaa wɔn nokwaredi ho asɛmmɔne na wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔn ho yɛ hu wɔ ɔman mu. Wɔhyɛɛ Mérindol ho mmara, a ɛkɔfaa mogyahwiegu a ɛyɛ ahodwiriw a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no bae.

Katolekfo ne Waldensefo ntam abusuabɔ kɔɔ so sɛee. Waldensefo kɔhwehwɛɛ mmoa fii asraafo hɔ de bɔɔ wɔn ho ban wɔ ntua a wɔde baa wɔn so no ho. Saa ntawntawdi yi na ɛma wɔkɔkaa Protestantfo ho no. Enti Waldensefo no de wɔn ho kɔbɔɔ Protestantfo no ma wobenyaa adwenkoro.

Mfe mpempem a atwam ni no, wɔahyehyɛ Waldensefo asɔre ahorow pii wɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri te sɛ France ne Uruguay ne United States mu. Nanso, abakɔsɛm akyerɛwfo pii ne Audisio a ɔka sɛ “Waldensefo som no baa awiei wɔ bere a Ɔsesɛw no baa awiei” bere a “ɛkɔhyɛɛ” Protestanfo som mu no yɛ adwene. Nokwasɛm ne sɛ, na Waldensefo kuw no nsi a wɔde fii ase mfehaha a atwam no abrɛ ase. Ɛno sii bere a emufo no de ehu poo nsɛm ne nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Wɔtaa kyerɛ Vaudès ase sɛ Valdès, Valdesius, anaa Waldo. Edin a edi akyiri no na ɛma wobenyaa asɛmfua “Waldensefo” no. Na wɔsan frɛ Waldensefo, Lyon Ahiafo.

^ nky. 8 Wɔ 1199 mfiase pɛɛ no, ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Metz a ɛwɔ France atifi apuei fam no kɔka kyerɛɛ Pope Innocent III sɛ ɔmanfo kenkan Bible no wɔ wɔn kasa mu susuw ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na Waldensefo ho asɛm na na ɔsɔfo panyin no reka no.

^ nky. 15 Hwɛ “Catharifo—Na Wɔyɛ Kristofo Mogya Adansefo?” a epuee wɔ Ɔwɛn-Aban September 1, 1995 mu no kratafa 27-30 no.

^ nky. 21 Dimmɔne a wɔkɔɔ so bɔɔ Waldensefo no na ɛma wonyaa asɛmfua a ɛne vauderie (wonya fii Franse asɛmfua vaudios mu). Wɔde kyerɛkyerɛ sɛnea ɔsom mu awaefo anaa Ɔbonsam asomfo te mu.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mmeae a Waldensefo Nyaa So Nkɛntɛnso

FRANCE

PROVENCE

Lyons

Strasbourg

Milan

Berlin

Prague

Vienna

Rome

Lubéron

[Mfonini]

Waldensefo na ɛboa ma wɔkyerɛɛ Olivétan Bible no ase wɔ 1535 mu

[Asɛm Fibea]

Bible: © Cliché Bibliothèque nationale de France, Paris

[Asɛm Fibea]

Pages 20 and 21: © Landesbildstelle Baden, Karlsruhe

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

VAUDÈS

Waldensefo mmea mpanyimfo baanu a wɔrehyew wɔn