Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Adi Ankonamyɛ So

Wubetumi Adi Ankonamyɛ So

Wubetumi Adi Ankonamyɛ So

“Mframa bɔ fa ankonam koma ho, na ankonam koma botow.” Sɛnea Irelandni William Butler Yeats, anwensɛm kyerɛwfo yi nsɛm da adi no, ankonamyɛ betumi ama koma no adi awerɛhow.

HENA na obetumi aka sɛ onhyiaa yaw a ankonamyɛ de ba no bi da? Nneɛma ahorow pii betumi ama yɛate nka sɛ yɛayɛ ankonam. Eyi mu titiriw paa ne mmea a wonnya kunu anaa akunafo anaa wɔn a wɔagyae wɔn aware.

Sɛ nhwɛso no, Kristoni bea bi a ne din de Frances ka sɛ: “Bere a midii mfe 23 no, na ɛkame ayɛ sɛ me nnamfonom nyinaa aware, na na aka me nkutoo.” * Ankonamyɛ no mu betumi ayɛ den bere a mfe kɔ so twam na aware ho yɛ den ma no no. Sandra a seesei ɔreyɛ adi mfe 50 no ka sɛ: “Manyɛ m’adwene sɛ menware, na meda so ara pɛ sɛ meware sɛ hokwan no ba a.” Angela a ɔwɔ ne mfe 50 mu twe adwene si so sɛ: “Mammɔ me tirim sɛ mɛtra ase sɛ ɔhokwafo, nanso saa na tebea no aba. Na anuanom mmarima kakraa bi na wɔwɔ beae a mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw no.”

Nea ɛfata nkamfo no, Kristofo mmea pii apaw sɛ wɔrenware esiane sɛ wofi nokwaredi mu di Yehowa afotu a ese wɔnware wɔ “Awurade mu nko” no so nti. (1 Korintofo 7:39) Ebinom akura ahokwafo a wɔyɛ no mu yiye, nanso wɔ mfe bi akyi no, afoforo hu sɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛware na wɔanya mma no mu kɔ so yɛ den. Sandra ka sɛ: “Di a midi yaw sɛ minni ɔhokafo no bɛyɛɛ m’asetra fã.”

Ebia nneɛma afoforo te sɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛhwɛ wɔn no nso betumi ama obi ankonamyɛ mu ayɛ den. Sandra ka sɛ: “Esiane sɛ menwaree nti, abusua no pɛe sɛ me na mehwɛ yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Ɛwom mpo sɛ yɛyɛ anuanom baasia de, nanso makɔ so adi asɛyɛde a emu yɛ duru yi ho dwuma mfe 20. Sɛ mewɔ kunu a, anka ɔbɛboa me ama asetra mu ayɛ mmerɛw.”

Frances ka biribi foforo a ɛma n’ankonamyɛ mu yɛ den. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a nkurɔfo bisa me tee sɛ, ‘Adɛn nti na wonwaree?’ Nsɛm a ɛte saa ma mete nka sɛ ɔkwan bi so no me ara na mayɛ a enti menwaree. Ɛkame ayɛ sɛ ayeforohyia biara ase a mekɔ no, obi bisa me nsɛm a ɛyɛ yaw yi, ‘Enti da bɛn na wobɛware?’ Na mifi ase dwen sɛ, ‘Sɛ honhom mu anuanom mmarima no ani nnye me ho a, ebia na minni Kristofo su horow a ehia anaasɛ me ho nyɛ fɛ.’”

Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi ankonamyɛ so? So biribi wɔ hɔ a afoforo betumi ayɛ de aboa?

Fa Wo Ho To Yehowa So

Odwontofo no too dwom sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Nea Hebri asɛmfua “adesoa” kyerɛ ankasa ne “kyɛfa,” na egyina hɔ ma ɔhaw ne dadwen a ebia yebehyia esiane yɛn asetram nsɛm tebea bi nti. Yehowa nim saa adesoa yi sen obi foforo biara na obetumi ama yɛn ahoɔden a yɛde begyina eyinom ano. Yehowa Nyankopɔn so a Angela de ne ho toe no na aboa no ma wagyina n’ankonamyɛ no ano. Bere a ɔretwe adwene asi ne bere nyinaa som adwuma so no ɔka sɛ: “Bere a mifii akwampae adwuma ase no, na me ne m’akwampae hokafo no te baabi a ɛne asafo a ɛbɛn no mu kwan ware. Yesuae sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so koraa, na eyi aboa me wɔ m’asetra mu bere nyinaa. Sɛ nsusuwii a ɛmfata ba me tirim a, meka ho asɛm kyerɛ Yehowa na ɔboa me. Dwom 23 akyekye me werɛ bere nyinaa, na metaa kan no mpɛn pii.”

Na ɔsomafo Paulo wɔ adesoa bi a emu yɛ duru a ɛda ne so. Anyɛ yiye koraa no, ɔsrɛɛ ‘Awurade mprɛnsa sɛ onyi ne honam mu nsɔe no mfi ne so.’ Wɔamfa anwonwakwan so ammoa Paulo, na mmom onyaa bɔhyɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn dom bɛwowaw no. (2 Korintofo 12:7-9) Paulo huu nea ɛma abotɔyam nso. Akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Minim ahobrɛase, na minim taamudi nso. Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi; mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:12, 13.

Ɔkwan bɛn so na obi betumi anya ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ bere a n’abam abu anaa ɔte nka sɛ wayɛ ankonam no? Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Sandra de saa afotu yi di dwuma. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ meyɛ ɔhokwafo nti, me nkutoo na meyɛ m’ade mpɛn pii. Eyi ma minya hokwan a ɛdɔɔso de bɔ Yehowa mpae. Mete nka sɛ mebɛn no na mitumi fi me pɛ mu ka me haw ne m’anigye ho asɛm kyerɛ no.” Frances nso ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ me nkutoo medi ankonamyɛ ho dwuma. Nanso ka a meka me nkate ho asɛm pefee kyerɛ Yehowa no boa me kɛse. Mewɔ awerɛhyem sɛ Yehowa ani ku biribiara a ebetumi aka me honhom ne me nkate mu yiyedi no ho.”—1 Timoteo 5:5.

“Munnyigye Mo Ho Ade a Ɛyɛ Mo Duru Nsoa”

Wɔ Kristofo onuayɛ mu no, ɛnsɛ sɛ yɛn nkutoo soa adesoa. Ɔsomafo Paulo de afotu ma sɛ: “Munnyigye mo ho ade a ɛyɛ mo duru nsoa, na saa na mode bewie Kristo mmara so di.” (Galatifo 6:2) Ɛdenam mfɛfo Kristofo a yɛne wɔn bɛbɔ so no, yebetumi anya “asɛmpa” a ɛma denhyɛ a ebetumi atew ankonamyɛ ho adesoa no so.—Mmebusɛm 12:25.

Afei nso, susuw nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ Israel ɔtemmufo Yefta babea no ho hwɛ. Ansa na Yefta rekodi n’atamfo Ammon dɔm so nkonim no, na wadi kan ahyɛ Yehowa bɔ sɛ onipa biara a obedi kan afi ne fie abɛma no amo no, ɔde no bɛma Yehowa. Ne babea na ebehyiaa no. (Atemmufo 11:30, 31, 34-36) Ɛwom sɛ na ɛno kyerɛ sɛ ne ba no bɛkɔ so ayɛ ɔhokwafo a onnya abusua de, nanso Yefta babea no fii ne pɛ mu dii bɔhyɛ yi so na ɔsomee wɔ Silo asɔrefie ne nkwa nna nyinaa. So wɔankae n’afɔrebɔ no? Nea ɛne no bɔ abira no: “Daa afirihyia Israel mmabea kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babea no afe mu nnannan.” (Atemmufo 11:40) Ampa, nkamfo betumi ahyɛ wɔn a wɔde ma wɔn no nkuran. Enti momma yɛnkamfo wɔn a nkamfo sɛ wɔn no.

Ɛfata nso sɛ yesusuw Yesu nhwɛso no ho. Ɛwom sɛ na ɛnyɛ Yudafo amammerɛ ne sɛ mmarima ne mmea bedi nkɔmmɔ de, nanso Yesu gyee bere ne Maria ne Marta bɔɔ nkɔmmɔ. Ebetumi aba sɛ na wɔyɛ akunafo anaa mmea a wɔnwaree. Na Yesu pɛ sɛ wɔn baanu nyinaa nya honhom fam mfaso wɔ ɔne wɔn adamfofa no so. (Luka 10:38-42) Yebetumi asuasua Yesu nhwɛso no denam yɛn honhom fam anuanom mmea a wɔnwaree a yɛne wɔn bɛbɔ denam nhyehyɛe a yɛbɛyɛ ne wɔn anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa so. (Romafo 12:13) So wɔn ani gye bere a wobenya ama wɔn saa no ho? Onuawa biako kae sɛ: “Minim sɛ anuanom mmarima no dɔ me na wohu sɛ mesom bo, nanso sɛ wɔkyerɛ me ho anigye ankasa a m’ani gye ho kɛse.”

Sandra kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ yenni abusua nti, ehia sɛ wɔda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn kɛse, na yɛte nka sɛ yɛka honhom fam anuanom mmarima ne mmea no ho.” Ɛda adi sɛ, Yehowa hwɛ wɔn a wɔte saa no so, na sɛ yɛma wɔte nka sɛ yɛpɛ wɔn asɛm na wɔn ho hia a yɛne Yehowa yɛ biako wɔ eyi mu. (1 Petro 5:6, 7) Yehowa werɛ remfi eyinom a yedwen wɔn ho no da, efisɛ “nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa, NW] na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.”—Mmebusɛm 19:17.

“Obiara Bɛsoa N’ankasa N’adesoa”

Ɛwom sɛ afoforo betumi aboa, na wɔn mmoa no betumi ayɛ nkuranhyɛ kɛse de, nanso “obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Nanso bere a yɛresoa ankonamyɛ ho adesoa no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ asiane ahorow binom ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛne afoforo anni ho nkɔmmɔ a ankonamyɛ betumi adi yɛn so. Ɔkwan foforo so no, yebetumi de ɔdɔ adi ankonamyɛ so. (1 Korintofo 13:7, 8) Ɛmfa ho sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara no, ɔma ne adekyɛ ne ɔkwampa a wɔnam so nya anigye. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Onuawa kwampaefo mmɔdenbɔfo bi ka sɛ: “Minni bere pii a mede dwen ankonamyɛ ho. Sɛ mete nka sɛ metumi ayɛ biribi na mede me ho hyɛ mu a, mente nka sɛ mayɛ ankonam.”

Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ankonamyɛ annya nkɛntɛnso bɔne wɔ yɛn so na amma yɛannya obi a ɔmfata ho akɔnnɔ. Sɛ nhwɛso no, hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛma ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛware no ama yɛabu yɛn ani agu ɔhaw ahorow pii a ɛwɔ obi a ɔnyɛ gyidini a yɛbɛware no no so, na ne titiriw no ɛremma yenhu nyansa a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no afotu a ɛka sɛ yɛnkwati kɔndua a ɛte saa no! (2 Korintofo 6:14) Kristoni bea bi a wagyae aware kae sɛ: “Ade biako wɔ hɔ a ɛsɛe asɛm no koraa sen sɛ wobɛyɛ ɔhokwafo. Ɛne sɛ wobɛware obi a ɔmfata.”

Ebia anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wugyina ɔhaw a wontumi nyɛ ho hwee no ano seesei. Denam Onyankopɔn mmoa so no, wubetumi agyina ankonamyɛ ho nkate ano. Momma yenya awerɛhyem sɛ bere a yɛkɔ so som Yehowa no, obedi yɛn ahiade horow nyinaa ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛanya abotɔyam so da bi.—Dwom 145:16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔasesa mmea a wɔafa wɔn asɛm aka no din.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

Wubetumi adi ankonamyɛ so denam ɔma ne adekyɛ so