Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Asu?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Asu?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Asu?

“Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu.”—Mateo 28:19.

1, 2. (a) Tebea ahorow bɛn mu na wɔabɔ ebinom asu? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre fa asubɔ ho?

FRANKFO hene Charlemagne hyɛɛ Saxonfo a odii wɔn so nkonim no ma wɔn nyinaa bɔɔ asu wɔ afe 775-77 Y.B. mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo John Lord kyerɛwee sɛ: “Ɔhyɛɛ wɔn ma wɔfaa Kristosom too wɔn ho so ara kwa.” Saa ara na bere a Russia sodifo Vladimir I waree Greece Ortodɔks hene babea bi wɔ 987 Y.B. mu no, osii gyinae sɛ ne manfo mmɛyɛ “Kristofo.” Ɔhyɛ ma wɔbɔɔ ne nkurɔfo no nyinaa asu—sɛ ɛho behia a, na wɔtwe ebinom so sekan ma wogye asubɔ!

2 So na asubɔ a ɛte saa no fata? So wɔtee ase ankasa? So obiara na ɛsɛ sɛ wɔbɔ no asu?

Asubɔ—Ɔkwan Bɛn So?

3, 4. Dɛn nti na nsu a wɔde dwira obi anaasɛ wɔde pete n’apampam no nyɛ asubɔ a ɛfata ma Kristofo?

3 Bere a Charlemagne ne Vladimir I hyɛɛ nkurɔfo ma wogyee asubɔ no, saa sodifo no yɛɛ ade a ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia. Nokwarem no, sɛ wodwira obi ho, de nsu pete obi apampam, anaasɛ wɔde nnipa a wɔmfaa Kyerɛwnsɛm mu nokware nkyerɛkyerɛɛ wɔn hyɛ nsu mu bɔ wɔn asu a, mfaso biara nni so.

4 Susuw nea esii bere a Yesu a ofi Nasaret kɔɔ Yohane Suboni hɔ wɔ 29 Y.B. mu sɛ ɔmmɔ no asu no ho. Ná Yohane rebɔ nkurɔfo asu wɔ Yordan Asubɔnten mu. Ná wofi wɔn pɛ mu aba ne nkyɛn sɛ ɔmmɔ wɔn asu. So ɔmaa wogyinaa Yordan mu kɛkɛ na ɔde asubɔnten no mu nsu kakraa bi petẽẽ wɔn apampam anaasɛ ɔde dwiraa wɔn? Dɛn na esii bere a Yohane bɔɔ Yesu asu no? Mateo bɔ amanneɛ sɛ bere a “wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ntɛm ara na ofii nsu no mu.” (Mateo 3:16) Ɔkɔɔ nsu no ase, kyerɛ sɛ, wɔde no hyɛɛ Yordan Asubɔnten mu. Saa ara na wɔbɔɔ Etiopiani bi a na n’ani gye Yehowa som ho yiye no asu wɔ “nsu” mu. Ná nsu a ɛte saa ho hia efisɛ wɔde Yesu ne n’asuafo no hyɛɛ nsu mu koraa na ɛbɔɔ wɔn asu.—Asomafo no Nnwuma 8:36.

5. Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo no bɔɔ nkurɔfo asu?

5 Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “bɔ asu,” “asubɔ,” ne nea ɛkeka ho no, kyerɛ biribi a wɔde hyɛ nsu mu anaa wɔde wura nsu mu koraa. Smith’s Bible Dictionary ka sɛ: “Nea asubɔ kyerɛ ma ɛfata ankasa ne sɛ wɔde obi bɛhyɛ nsu mu.” Enti Bible nkyerɛase ahorow bi ka Yohane ho asɛm sɛ “Yohane a Ɔde Nkurɔfo Hyɛ Nsu Mu” ne “Yohane a ɔde nkurɔfo wura nsu mu.” (Mateo 3:1, Rotherham; Diaglott interlinear) History of the Christian Religion and Church, During the Three First Centuries a Augustus Neander kyerɛwee no ka sɛ: “Mfiase no na wɔde wɔn a wɔregye asubɔ no hyɛ nsu mu.” Fransefo nhoma a agye din Larousse du XXe Siècle (Paris, 1928) ka sɛ: “Ná wɔde afeha a edi kan mu Kristofo no hyɛ nsu mu wɔ babiara a wobenya nsu no de bɔ wɔn asu.” Na New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Ɛda adi sɛ Asubɔ a na ɛkɔ so wɔ tete Asɔre no mu no yɛ nea na wɔde nkurɔfo hyɛ nsu mu.” (1967, Po II, kratafa 56) Enti ɛnnɛ, sɛ́ wɔbɛbɔ obi asu sɛ Yehowa Dansefo no yɛ anammɔn a obi fi ne pɛ mu tu a ɛhwehwɛ sɛ wɔde no bɛhyɛ nsu mu koraa.

Ade Foforo Nti a Ɛsɛ sɛ Wɔbɔ Obi Asu

6, 7. (a) Atirimpɔw bɛn nti na Yohane bɔɔ nkurɔfo asu? (b) Dɛn na na ɛyɛ foforo wɔ Yesu akyidifo no asubɔ ho?

6 Ná atirimpɔw a Yohane asubɔ no kura no yɛ soronko wɔ Yesu akyidifo no de ho. (Yohane 4:1, 2) Yohane bɔɔ nkurɔfo asu de yɛɛ bɔne a wɔyɛ tiaa Mmara no ho adwensakra ho baguam sɛnkyerɛnne. * (Luka 3:3) Nanso na biribi foforo wɔ asu a Yesu akyidifo no bɔ no mu. Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, ɔsomafo Petro hyɛɛ n’atiefo nkuran sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri.” (Asomafo no Nnwuma 2:37-41) Ɛwom sɛ na Petro rekasa akyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo de, nanso na ɛnyɛ asubɔ a ɛyɛ bɔne a etia Mmara ho adwensakra ho sɛnkyerɛnne ho asɛm na ɔreka; saa ara na na ɔnkyerɛ sɛ asu a wɔbɔ no Yesu din mu no hohoro bɔne.—Asomafo no Nnwuma 2:10.

7 Saa bere no, Petro de “ahenni nsafe” no mu nea edi kan dii dwuma. Atirimpɔw bɛn nti? Nea ɛbɛyɛ na ɔde abue kwan ama n’atiefo ahu hokwan a ɛne sɛ wɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni mu no. (Mateo 16:19) Esiane sɛ na Yudafo no apo Yesu sɛ Mesia no nti, na adwensakra a wobenya na wɔakyerɛ ne mu gyidi no yɛ ade titiriw foforo a ɛbɛma wɔanya Onyankopɔn hɔ fafiri. Ná wobetumi de gyidi a ɛte saa ho adanse ama wɔ baguam denam nsu mu a wɔbɛbɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu no so. Saa kwan no so no, na wobetumi ayɛ wɔn ankasa ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne denam Kristo so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom nnɛ nyinaa da gyidi a ɛte saa adi, wohyira wɔn ho so ma Yehowa Nyankopɔn, na wonya Kristofo asubɔ de yɛ ahosohyira a edi mu ma Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne.

Nokware Nimdeɛ Ho Hia

8. Dɛn nti na ɛnyɛ obiara na ɔfata ma Kristofo asubɔ?

8 Ɛnyɛ obiara na ɔfata ma Kristofo asubɔ. Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Ansa na wɔbɛbɔ obi asu no, ɛsɛ sɛ ‘wɔkyerɛkyerɛ no ma odi nea Yesu ahyɛ n’akyidifo nyinaa so.’ Enti, wɔn a wonni gyidi a egyina Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ so a wɔbɛhyɛ wɔn abɔ wɔn asu no yɛ nea mfaso nni so na ɛne ahyɛde a Yesu de maa ne nokware akyidifo no nhyia.—Hebrifo 11:16.

9. Dɛn na ‘Agya no din’ mu a wɔbɛbɔ obi asu no kyerɛ?

9 Dɛn na ‘Agya no din mu’ a wɔbɛbɔ obi asu no kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ onii a wɔrebɔ no asu no gye yɛn soro Agya no dibea ne ne tumi tom. Enti ogye Yehowa Nyankopɔn tom sɛ yɛn Bɔfo, “ɔsorosoroni, asase nyinaa so,” ne Amansan Hene.—Dwom 83:18; Yesaia 40:28; Asomafo no Nnwuma 4:24.

10. Dɛn na ‘Ɔba no din mu’ a wɔbɛbɔ obi asu no kyerɛ?

10 ‘Ɔba no din mu’ a wɔbɛbɔ obi asu no kyerɛ sɛ ogye Yesu dibea ne ne tumi tom sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro. (1 Yohane 4:9) Wɔn a wɔfata ma asubɔ no gye Yesu tom sɛ onii a Onyankopɔn nam ne so de “agyede ama nnipa pii.” (Mateo 20:28; 1 Timoteo 2:5, 6) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔregye asubɔ no gye ‘gyinabea a ɛkorɔn’ a Onyankopɔn de ama ne Ba no nso tom.—Filipifo 2:8-11; Adiyisɛm 19:16.

11. Dɛn na ‘honhom kronkron no din mu’ a wɔbɛbɔ obi asu no kyerɛ?

11 ‘Honhom kronkron no din mu’ a wɔbɛbɔ obi asu no ho hia dɛn? Eyi kyerɛ sɛ wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no gye tom sɛ honhom kronkron no yɛ Yehowa adeyɛ tumi a ɔde di n’atirimpɔw ho dwuma. (Genesis 1:2; 2 Samuel 23:1, 2; 2 Petro 1:21) Wɔn a wɔafata ama asubɔ no gye tom sɛ honhom kronkron no na ɛboa wɔn ma wɔte “Onyankopɔn ade a emu dɔ” no ase, ɛboa wɔn ma wɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma no, na ɛboa wɔn ma wɔda honhom aba a ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, [ne] anidahɔ” adi.—1 Korintofo 2:10; Galatifo 5:22, 23; Yoel 2:28, 29.

Hia a Ahonu ne Adwensakra Ho Hia

12. Ɔkwan bɛn so na Kristofo asubɔ bata ahonu ho?

12 Sɛ onipa a onni bɔne, Yesu, asubɔ no da nkyɛn a, asubɔ yɛ biribi a Onyankopɔn pene so a ɛsɛ sɛ wofi ahonu mu yɛ. Sɛ yenu yɛn ho a, yedi yaw kɛse wɔ biribi a yɛayɛ anaa yɛanyɛ ho. Ná ɛsɛ sɛ afeha a edi kan mu Yudafo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no nu wɔn ho wɔ bɔne a wɔyɛ tiaa Kristo no ho. (Asomafo no Nnwuma 3:11-12) Amanaman mufo bi a wɔbɛyɛɛ gyidifo wɔ Korinto no nuu wɔn ho wɔ aguamammɔ, ahonisom, korɔnbɔ, ne bɔne afoforo a anibere wom ho. Esiane sɛ wonuu wɔn ho nti, ‘woguaree wɔn’ wɔ Yesu mogya mu; ‘wɔtew wɔn ho,’ anaasɛ woyii wɔn sii hɔ maa Onyankopɔn adwuma; na ‘wobuu wɔn bem’ Kristo din ne Onyankopɔn honhom mu. (1 Korintofo 6:9-11) Ahonu ho hia na ama obi anya ahonim pa na wade ne ho afi bɔne ho afobu ho.—1 Petro 3:21.

13. Ɛdefa asubɔ ho no, dɛn na adwensakra hwehwɛ?

13 Ɛsɛ sɛ obi sakra n’adwene ansa na wɔabɔ no asu sɛ Yehowa Dansefo. Adwensakra yɛ biribi a obi fi ne pɛ mu yɛ de kyerɛ sɛ ofi koma nyinaa mu asi gyinae sɛ obedi Kristo Yesu akyi. Nnipa a wɔte saa no po wɔn kan abrabɔ, na wosi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, Hebri ne Hela adeyɛ nsɛm a wɔde di dwuma ma adwensakra no kura adwene a ɛne sɛ obi bɛsan n’akyi, ɔbɛdan ne ho. Saa adeyɛ yi kyerɛ sɛ obi bɛdan afi akwammɔne ho aba Onyankopɔn nkyɛn. (1 Ahene 8:33, 34) Adwensakra hwehwɛ sɛ obi yɛ “nnwuma a ɛsɛ adwensakra.” (Asomafo no Nnwuma 26:20) Ɛhwehwɛ sɛ yɛbɛpo atoro som, yɛbɛyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn mmara ahyia, na yɛasom Yehowa nkutoo. (Deuteronomium 30:2, 8-10; 1 Samuel 7:3) Adwensakra ma yɛsakra yɛn nsusuwii, yɛn botae ahorow, ne yɛn suban. (Hesekiel 18:31) ‘Yɛdan yɛn ho’ bere a nipasu foforo besi suban a ɛmfata ananmu no.—Asomafo no Nnwuma 3:19; Efesofo 4:20-24; Kolosefo 3:5-14.

Koma Nyinaa Mu a Yebefi Ahyira Yɛn Ho So Ho Hia

14. Dɛn na Yesu akyidifo ahosohyira kyerɛ?

14 Ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo fi koma nyinaa mu hyira wɔn ho so ma Onyankopɔn nso ansa na wɔabɔ wɔn asu. Nea ahosohyira kyerɛ ne sɛ obi betu ne ho asi hɔ ama atirimpɔw kronkron bi. Saa anammɔntu yi ho hia araa ma enti ɛsɛ sɛ yɛka gyinae a yɛasi sɛ yɛbɛsom ne nkutoo daa no kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. (Deuteronomium 5:9) Nokwarem no, ɛnyɛ adwuma anaa onipa bi na yehyira yɛn ho so ma, na mmom Onyankopɔn ankasa.

15. Dɛn nti na wɔbɔ wɔn a wɔrehwehwɛ asubɔ no asu wɔ nsu mu?

15 Sɛ yehyira yɛn ho so ma Nyankopɔn denam Kristo so a, yesi yɛn bo sɛ yɛde yɛn nkwa bɛyɛ Onyankopɔn apɛde a wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu no. Nea ɛbɛyɛ na wɔayɛ saa ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne no, wɔbɔ wɔn a wɔrehwehwɛ asubɔ no asu wɔ nsu mu, sɛnea wɔbɔɔ Yesu asu wɔ Yordan Asubɔnten mu de yɛɛ ne ho a ɔde rema Onyankopɔn ho sɛnkyerɛnne no. (Mateo 3:13) Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na Yesu rebɔ mpae saa bere titiriw no.—Luka 3:21, 22.

16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada anigye adi ma afata bere a yehu sɛ nkurɔfo gye asubɔ no?

16 Ná Yesu asubɔ no yɛ biribi a anibere wom nanso ɛyɛ anigye. Saa ara na Kristofo asubɔ te nnɛ. Sɛ yehu sɛ nkurɔfo ayɛ wɔn ahosohyira ma Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne a, yebetumi afi obu mu de nsambɔ ne nkamfo a ɛfata ama wɔn de ada yɛn anigye adi. Nanso yɛkwati nteɛteɛm, hwiremabɔ ne nneɛma a ɛtete saa de kyerɛ obu ma kronn a gyidi mpaemuka yi yɛ no. Yɛda yɛn anigye adi wɔ ɔkwan a nidi wom so.

17, 18. Dɛn na ɛboa ma wohu sɛ obi fata ma asubɔ?

17 Nea ɛnte sɛ wɔn a wɔde nsu pete nkokoaa so anaa wɔhyɛ nnipadɔm a wonni Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ biara bɔ wɔn asu no, Yehowa Adansefo nhyɛ obiara ma ɔmmɔ asu. Nokwarem no, wɔmmɔ wɔn a wɔmfata wɔ honhom fam no asu. Ansa na obi bɛba abɛyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu mpo no, Kristofo mpanyimfo hwɛ hu sɛ ɔte Bible nkyerɛkyerɛ titiriw ase, ɔde di dwuma wɔ n’asetram, na ɔde asɛmmisa te sɛ nea edi so yi ho mmuae a edi mu ma, “So wopɛ sɛ woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako ankasa?”

18 Wɔ nsɛm pii mu no, sɛ ankorankoro nya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa a edi mu na wɔpɛ sɛ wogye asubɔ a, Kristofo mpanyimfo ne wɔn susuw nneɛma bi ho de hwɛ hu sɛ wɔyɛ agyidifo a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa na wodu Onyankopɔn ahwehwɛde ma asubɔ no ho. (Asomafo no Nnwuma 4:4; 18:8) Bible nkyerɛkyerɛ ho nsɛmmisa bɛboro 100 a wɔn a wɔrebegye asubɔ no ankasa bua no boa ma mpanyimfo no hu sɛ wodu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛfa asubɔ ho no ho. Ebinom ntumi mfata ma enti wɔmmɔ wɔn asu sɛ Kristofo.

So Biribi Retwe Wo Asan?

19. Esiane asɛm a ɛwɔ Yohane 6:44 no nti, henanom na wɔbɛyɛ Yesu yɔnko adedifo?

19 Ebia wɔka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔhyɛɛ wɔn bɔɔ wɔn asu no mu pii sɛ sɛ wowu a wɔbɛkɔ soro. Nanso Yesu kaa n’akyidifo ho asɛm sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Yehowa atwe nnipa 144,000 abɛka Kristo ho a wɔne Yesu bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Asubɔ a wɔhyɛ nkurɔfo ma wɔbɔ no ntew obi ho mmaa saa anuonyam gyinabea no wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu ɛ.—Romafo 8:14-17; 2 Tesalonikafo 2:13; Adiyisɛm 14:1.

20. Dɛn na ebetumi aboa ebinom a wɔmmɔɔ wɔn asu no?

20 Efi 1930 mfe no mu titiriw no, nnipadɔm a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu na wɔatra asase so daa no abɛka Yesu “nguan foforo” kuw no ho. (Adiyisɛm 7:9, 14; Yohane 10:16) Wɔfata ma asubɔ efisɛ wɔama wɔn asetra ne Onyankopɔn Asɛm ahyia na ‘wofi koma nyinaa, ɔkra nyinaa, ahoɔden nyinaa, ne adwene nyinaa mu’ dɔ no. (Luka 10:25-28) Ɛwom sɛ nnipa binom nim sɛ Yehowa Adansefo ‘som Onyankopɔn wɔ honhom ne nokware mu’ de, nanso wonnya nnii Yesu nhwɛso akyi, na wonnii adanse wɔ baguam sɛ wɔdɔ Yehowa na wɔsom ne nkutoo denam asubɔ so. (Yohane 4:23, 24; Deuteronomium 4:24; Marko 1:9-11) Mpae a edi mu a wɔka nsɛm pɔtee wom a wɔbɛbɔ afa saa anammɔntu titiriw yi ho no betumi ama wɔanya adwinnade ne akokoduru a wɔde bedi Onyankopɔn Asɛm so ahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn koraa, na wɔabɔ wɔn asu.

21, 22. Nneɛma bɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn ho so agye asubɔ?

21 Ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn ho so agye asubɔ efisɛ wɔde wɔn ho ahyɛ wiase nsɛm mu fee anaasɛ wodi ahonyade akyi araa ma wonnya bere mma honhom fam nneɛma. (Mateo 13:22; 1 Yohane 2:15-17) Sɛ wɔsesa wɔn nsusuwii ne wɔn botae ahorow a, hwɛ anigye ara a anka wobenya! Yehowa a wɔbɛbɛn no no bɛma wɔanya honhom fam nhyira, ɛbɛboa wɔn ma wɔakwati dadwen, na ɛbɛma wɔanya asomdwoe ne abotɔyam a Onyankopɔn apɛdeyɛ de ba no.—Dwom 16:11; 40:8; Mmebusɛm 10:22; Filipifo 4:6, 7.

22 Afoforo ka sɛ wɔdɔ Yehowa nanso wonhyira wɔn ho so nnye asubɔ efisɛ wosusuw sɛ wɔnam saayɛ so bɛkwati bɔne ho asodi biara. Nanso yɛn mu biara bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Asodi bɛdaa yɛn so bere a yɛtee Yehowa asɛm no. (Hesekiel 33:7-9; Romafo 14:12) Sɛ́ ‘ɔman a na wɔapaw wɔn’ no, wɔwoo tete Israelfo no guu ɔman a na ahyira ne ho so ama Yehowa mu ma enti na wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔbɛsom no nokwaredi mu ma ɛne ne nnyinasosɛm ahyia. (Deuteronomium 7:6, 11) Wɔnwo obi nto ɔman a ɛte saa mu nnɛ, nanso sɛ yɛanya Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ a edi mu a, ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma wɔ gyidi mu.

23, 24. Osuro bɛn na ɛnsɛ sɛ ɛtwe ankorankoro san wɔ asubɔ ho?

23 Nimdeɛ a ebinom susuw sɛ wonni no betumi ama wɔatwentwɛn wɔn nan ase wɔ asubɔ ho. Nanso, yɛn nyinaa wɔ pii sua efisɛ ‘onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no mu da.’ (Ɔsɛnkafo 3:11) Susuw Etiopiani piani no ho hwɛ. Sɛ́ obi a na wasakra ne som no, na ɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ bi, nanso na ontumi mmua Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho asɛmmisa biara. Nanso, bere a osuaa nsiesiei a Yehowa nam Yesu agyede afɔrebɔ no so ayɛ ama nkwagye ho ade no, wɔbɔɔ opiani no asu wɔ nsu mu ntɛm ara.—Asomafo no Nnwuma 8:26-38.

24 Ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn ho so ama Onyankopɔn efisɛ wosuro sɛ ebia na wɔantumi anni wɔn ahosohyira no ho dwuma. Monique a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Metwentwɛn me nan ase wɔ asubɔ ho esiane suro a misuro sɛ mintumi ntra ase ma ɛne m’ahosohyira nhyia nti.” Nanso, sɛ yefi koma nyinaa mu de yɛn ho to Yehowa so a, ‘ɔbɛteɛ yɛn akwan.’ Ɔbɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so anantew nokware no mu’ sɛ n’asomfo anokwafo a wɔahyira wɔn ho so.—Mmebusɛm 3:5, 6; 3 Yohane 4.

25. Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho afei?

25 Esiane Yehowa mu ahotoso koraa a wɔwɔ ne komam a wofi dɔ no nti, afe biara nnipa mpempem pii hyira wɔn ho so gye asubɔ. Na akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa pɛ sɛ wodi no nokware. Nanso, yɛte mmere a emu yɛ den mu, na yehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ ahorow. (2 Timoteo 3:1-5) Yɛbɛyɛ dɛn atumi atra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ma Yehowa no ahyia? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Esiane sɛ na Yesu nni bɔne nti, na n’asubɔ no nyɛ adwensakra ho sɛnkyerɛnne. Ná n’asubɔ no kyerɛ ne ho a ɔde rema Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ N’agya no apɛde.—Hebrifo 7:26; 10:5-10.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ Kristofo asu?

• Nimdeɛ bɛn na ehia na ama wɔabɔ obi asu?

• Anammɔn bɛn na nkurɔfo tu ansa na wɔabɔ wɔn asu sɛ nokware Kristofo?

• Dɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase wɔ asubɔ ho, nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi anya mmoa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 14]

Wunim nea ‘Agya, Ɔba, ne honhom kronkron din mu’ a wɔbɛbɔ obi asu no kyerɛ?