Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Koma Ne W’adwene Hwehwɛ Onyankopɔn

Fa Wo Koma Ne W’adwene Hwehwɛ Onyankopɔn

Fa Wo Koma Ne W’adwene Hwehwɛ Onyankopɔn

Nokware Kristosom hyɛ koma ne adwene nyinaa a wɔde nya gyidi a ɛsɔ Onyankopɔn ani ho nkuran.

NOKWASƐM ni, Yesu Kristo a ɔde Kristosom sii hɔ no kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yefi “yɛn adwene nyinaa” anaa yɛn nimdeɛ, a “yɛn koma nyinaa” ne “yɛn kra nyinaa” ka ho, mu dɔ Onyankopɔn. (Mateo 22:37) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛn adwene di dwuma titiriw bi wɔ yɛn som mu.

Sɛ Yesu reto nsa afrɛ n’atiefo ma wɔasusuw ne nkyerɛkyerɛ ho a, ɔtaa ka sɛ; “Wudwen ho dɛn?” (Mateo 17:25; 18:12; 21:28; 22:42) Saa ara na ɔsomafo Petro nso kyerɛw krataa kɔmaa ne mfɛfo gyidifo sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ɛbɛkanyan wɔn adwene.’ (2 Petro 3:1) Ɔsomafo Paulo, tete ɔsɛmpatrɛwfo a otuu kwan sen biara no, tuu Kristofo fo sɛ wɔmfa wɔn ‘adwene tumi’ nni dwuma na ‘wɔasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.’ (Romafo 12:1, 2) Saa kwan no nkutoo so na Kristofo betumi afa de anya gyidi a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na ɛma wotumi gyina ɔtaa a ɛsɔre wɔ asetram no ano.—Hebrifo 11:1, 6.

Tete Kristofo asɛmpakafo no boaa afoforo ma wonyaa gyidi a ɛte saa, denam ‘Kyerɛwnsɛm no a wɔne wɔn susuw ho na wɔkyerɛkyerɛɛ mu dii nea wɔakyerɛkyerɛ wɔn no ho adanse no so. (Asomafo no Nnwuma 17:1-3) Ɔkwan a ntease wom a ɛte saa a wɔfaa so no kanyan nnipa komapafo. Sɛ nhwɛso no, nnipa dodow bi a na wɔwɔ Makedonia kurow a ɛne Beroia mu no ‘gyee [Nyankopɔn] asɛm no, na wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.’ (Asomafo no Nnwuma 17:11) Ɛfata sɛ yɛhyɛ nneɛma abien nsow wɔ ha. Nea edi kan no, na Beroiafo no ani gye ho sɛ wobetie Onyankopɔn Asɛm no; nea ɛto so abien, wɔannye antom kɛkɛ sɛ nea wɔate no yɛ nokware na mmom wɔsan hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu. Kristoni ɔsɛmpatrɛwfo Luka fi ahobrɛase mu kamfoo Beroiafo no wɔ eyi ho, kae sɛ wɔwɔ “adwempa.” So wode adwempa a ɛte saa di dwuma wɔ honhom fam nneɛma ho?

Adwene ne Koma no Bom Di Dwuma

Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛ yebetumi asom wɔ nokware mu a, adwene ne koma no nso ka ho. (Marko 12:30) San susuw mfatoho a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim a ɛfa obi a ɔka dan ho a wamfa aduru a ɛsɛ sɛ ɔde ka ho anka ho no ho hwɛ. Sɛ otiee n’adwumawura akwankyerɛ a, anka obetumi ama n’adwene ne ne koma aba n’adwuma no so na wanya ahotoso sɛ n’adwuma no bɛsɔ ne wura no ani. Saa ara na ɛte wɔ yɛn som ho.

Yesu kae sɛ: ‘Nokware asomfo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu.’ (Yohane 4:23) Ne saa nti, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Eyi nti yɛn nso. . . yennyaee mo ti so mpaebɔ ne ɔsrɛ ɛ, sɛ ne pɛ mu hu nyɛ mo ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛfata [Yehowa, NW] na ɛsɔ n’ani koraa.” (Kolosefo 1:9, 10) ‘Nokware nimdeɛ’ a ɛte saa no boa ankorankoro anokwafo ma wɔde wɔn koma ne wɔn kra som wɔ ahotoso mu efisɛ ‘wɔsom nea wonim.’—Yohane 4:22.

Esiane eyi nti Yehowa Adansefo mmɔ nkokoaa anaa wɔn a afei na wɔanya asɛm no ho anigye na wonsuaa Kyerɛwnsɛm no yiye asu. Yesu de ahyɛde yi maa n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Gye sɛ Bible asuafo anokwafo nya Onyankopɔn apɛde ho nokware nimdeɛ ansa na wɔatumi asi gyinae pa a ɛfa ɔsom ho. So worebɔ mmɔden anya nokware nimdeɛ a ɛte saa?

Awurade Mpaebɔ no a Yɛbɛte Ase

Sɛ yebetumi ahu nsonsonoe a ɛda nya a obi benya Bible no ho nokware nimdeɛ ne nea ɛka no ho adwene a emu nnɔ a yebenya no mu a, momma yensusuw nea wɔtaa frɛ no Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro, anaa Awurade Mpaebɔ, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 6:9-13 no ho nhwɛ.

Nnipa ɔpepem pii taa ka Yesu mpaebɔ nhwɛso no daa wɔ asɔre. Nanso wɔn mu baahe na wɔakyerɛ wɔn ase, titiriw mpaebɔ no mfiase a ɛfa Onyankopɔn din ne n’ahenni ho no? Nsɛm yi ho hia ara ma enti Yesu de dii kan wɔ ne mpaebɔ no mu.

Efi ase sɛ: “Yɛn agya a wowɔ soro, wo din ho ntew,” kyerɛ sɛ ɛnyɛ kronkron. Hyɛ no nsow sɛ Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew. Anyɛ yiye koraa no, wɔ nnipa pii fam no nsɛmmisa abien bi sɔre. Nea edi kan, Onyankopɔn din ne dɛn? Na nea ɛto so abien no, dɛn nti na ehia sɛ wɔtew ho?

Yebetumi anya asɛmmisa a edi kan no ho mmuae wɔ mmeae bɛboro 7,000 wɔ mfitiase kasa mu Bible no mu. Biako wɔ Dwom 83:18 a ɛka sɛ: ‘Na wonhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.’ Ɛdefa Onyankopɔn din Yehowa ho no, Exodus 3:15 ka sɛ: “Eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.” * Nanso dɛn nti na ehia sɛ wɔtew Onyankopɔn din a ɛyɛ titiriw na ɛyɛ kronkron yi ho? Efisɛ wɔabɔ din no ahohora asopa no fi adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa Wɔ Eden turo no mu sɛ sɛ wodi dua a wabara wɔn sɛ mma wonni no a, wobewu. (Genesis 2:17) Satan fi akokoduru mu kasa tiaa Nyankopɔn sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Enti, Satan twaa Nyankopɔn mpoa sɛ wadi atoro. Nanso, wamma anso hɔ ara. Ɔde ahohorabɔ pii baa Onyankopɔn din so, ka kyerɛɛ Hawa sɛ Onyankopɔn de nimdeɛ bi a mfaso wɔ so rekame no sɛnea ɛnsɛ. “Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Ntwiri bɛn ara ni!—Genesis 3:4, 5.

Adam ne Hawa gyinaa Satan afã denam dua a wabara wɔn sɛ mma wonni a wodii no so. Efi saa bere no, nnipa pii, sɛ́ wonim anaa wonnim no, ahyɛ mfitiase ahohorabɔ no mu den apo Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn no. (1 Yohane 5:19) Nnipa da so ara twiri Nyankopɔn denam wɔn amanehunu ho sobo a wɔbɔ no no so—ɛmfa ho sɛ efi wɔn ankasa akwammɔne no. Mmebusɛm 19:3 ka sɛ: “Onipa agyimisɛm dannan ne kwan, na ne koma huru hyɛ Awurade.” So woate nea enti a Yesu a ɔdɔ n’agya no bɔɔ mpae sɛ Ne din ho ntew no ase?

“W’ahenni Mmra”

Bere a Yesu bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew akyi no, ɔkae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ɛdefa saa asɛm no ho no yebetumi abisa sɛ: Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Na ba a ɛreba no fa Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ wɔ asase so no ho dɛn?’

Nea asɛmfua “ahenni” kyerɛ wɔ Bible mu titiriw ne “ɔhene bi nniso.” Ɛnde na wɔ ɔkwan a ɛfata so no, Onyankopɔn Ahenni bɛkyerɛ Onyankopɔn nniso, anaa n’aban a wapaw ɔhene a obedi so. Saa Ɔhene yi nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo a wɔanyan no afi awufo mu—“ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade” no. (Adiyisɛm 19:16; Daniel 7:13, 14) Odiyifo Daniel kyerɛw faa Onyankopɔn Mesia Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no ho sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa,” kyerɛ sɛ ɛremma awiei da.—Daniel 2:44.

Yiw, Onyankopɔn Ahenni bedi wiase nyinaa so tumi, ebeyi abɔnefo ne nniso nyinaa afi hɔ “akosi daa,” kyerɛ sɛ, enni awiei. Saa kwan yi, Onyankopɔn ahenni, no so na Yehowa nam bɛtew ne din ho, ayi ahohorabɔ biara a Satan ne adesamma abɔnefo de aba edin no so no afi hɔ.—Hesekiel 36:23.

Sɛnea nniso nyinaa te no, Onyankopɔn Ahenni nso wɔ ne manfo. Wɔne henanom? Bible no bua sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) Saa ara na Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wɔn na wobenya asase no adi.” Nokwarem no, saafo yi wɔ Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ, a ɛyɛ nkwa ho ahwehwɛde.—Mateo 5:5; Yohane 17:3.

So wubetumi ayɛ wiase nyinaa a nnipa ahobrɛasefo a wofi komam dɔ Nyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho ayɛ mu ma ho mfonini wɔ w’adwenem? (1 Yohane 4:7, 8) Ɛno ho mpae na Yesu bɔe bere a ɔkae sɛ: ‘Ma w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.’ So wote nea enti a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae wɔ saa kwan no so no ase? Nea hia sen saa no, so wuhu sɛnea saa mpaebɔ no mmamu ka w’ankasa no?

Nnipa Ɔpepem Pii Resusuw Kyerɛwnsɛm no Ho Nnɛ

Yesu kaa wiase nyinaa honhom mu ntetee ho ɔsatu a wɔnam so bɛbɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho dawuru ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

Wɔ wiase nyinaa no Yehowa Adansefo a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem asia reka saa asɛmpa no kyerɛ wɔn mfɛfo. Wɔto nsa frɛ wo sɛ sua pii fa Onyankopɔn ne N’ahenni no ho denam w’adwene nyinaa a wode bɛhwehwɛ ‘Kyerɛwnsɛm no mu yiye’ so. Saa a wobɛyɛ no bɛhyɛ wo gyidi den na ama anigye ne anidaso a wowɔ wɔ asase so paradise a ‘Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ mu ma sɛnea nsu kata po so” no adɔɔso.—Yesaia 11:6-9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Nhomanimfo bi pɛ sɛ wɔde “Yahwe” no di dwuma mmom sen “Yehowa.” Nanso, ɛnnɛyi Bible nkyerɛasefo pii apopa Onyankopɔn din no afi wɔn nkyerɛase no mu, de abodin a obiara nim a ɛne “Awurade” anaa “Onyankopɔn” asi ananmu. Sɛ wuhia Onyankopɔn din ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ wo hwɛ The Divine Name That Will Endure Forever, nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]

SUASUA ƆKYERƐKYERƐFO KƐSE NO

Na Yesu taa gyina Bible asɛmti pɔtee bi so kyerɛkyerɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ ne wusɔre akyi no ɔkyerɛkyerɛɛ dwuma a odi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho mu kyerɛɛ asuafo baanu a na ne wu ama wɔahaw no. Luka 24:27 ka sɛ: “Ofii Mose ne adiyifo nyinaa so kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.”

Hyɛ no nsow sɛ Yesu paw asɛmti pɔtee bi—“n’ankasa,” ne Mesia no—na oyii ne nsɛm no nyinaa fii ‘kyerɛwsɛm’ no mu. Denam saayɛ so no, Yesu kaa Bible mu nsɛm a ɛho hia no nyinaa boom ma ɛno boaa n’asuafo no ma wohuu honhom mu nokware no. (2 Timoteo 1:13) Nea efi mu bae ne sɛ, ɛnyɛ sɛ ɛkyerɛɛ wɔn biribi kɛkɛ na mmom ɛkanyan wɔn. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn koma anhyehye yɛn wɔ yɛn mu anaa?”—Luka 24:32.

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no wɔ wɔn asɛnka mu. Nhoma atitiriw a ɛboa wɔn ma wosua Bible no ne Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no. Nhoma horow yi ka Bible mu nsɛmti a ɛyɛ anigye te sɛ nea edidi so yi ho asɛm: “Hena Ne Nyankopɔn?,” “Dɛn nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?,” “Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahu Nokware Som?,” “Nna a Edi Akyiri no Ni!,” ne “Abusua a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam a Wobɛhyehyɛ.” Kyerɛwnsɛm pii wɔ adesua biara mu.

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaasɛ kyerɛw address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 ma obi ne wo mmɛyɛ ofie Bible adesua wɔ eyi ne nsɛmti afoforo ho a wuntua hwee.

[Mfonini]

Du wo suani komam denam Bible mu nsɛm pɔtẽẽ bi a wode w’adwene besi so no so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

So wo te Yesu mpaebɔ nhwɛso no ase?

“Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew . . .”

‘Ma wo [Mesia] ahenni no mmra . . .’

“Wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro”