Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Fa Koma A Atim Som Yehowa

Kɔ So Fa Koma A Atim Som Yehowa

Kɔ So Fa Koma A Atim Som Yehowa

“Me koma atim, Onyankopɔn, me koma atim.”—DWOM 57:7.

1. Dɛn nti na yebetumi anya gyidi te sɛ Dawid?

YEHOWA betumi ama yɛatim wɔ Kristofo gyidi no mu na ama yɛatumi akura nokware Kristosom mu sɛ n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so. (Romafo 14:4) Enti, yebetumi anya gyidi te sɛ odwontofo Dawid a biribi kanyan no ma ɔtoo saa dwom yi no: “Me koma atim, Onyankopɔn.” (Dwom 108:1) Sɛ yɛn koma tim a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛadi yɛn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho dwuma. Na sɛ yɛdan kɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛ akwankyerɛ ne ahoɔden a, yɛn ase betumi atim, na yɛayɛ pintinn anya nsi ne gyidi a edi mu sɛ mudi mu kurafo, ‘na yɛayɛ pii wɔ Awurade adwuma mu daa.’—1 Korintofo 15:58.

2, 3. Dɛn na Paulo afotu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Korintofo 16:13 no kyerɛ?

2 Wɔ afotu a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Yesu akyidifo a na wɔwɔ tete Korinto nanso mfaso kɛse wɔ so ma nnɛyi Kristofo no mu no, ɔkae sɛ: “Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.” (1 Korintofo 16:13) Wɔ Hela mu no, ahyɛde yi mu biara wɔ mprempren kabea mu, na ɛkyerɛ adeyɛ a ɛkɔ so daa. Dɛn na saa afotu yi kyerɛ?

3 Yebetumi ‘awɛn’ honhom mu denam Ɔbonsam a yɛbɛko atia no na yɛabɛn Onyankopɔn no so. (Yakobo 4:7, 8) Yehowa so a yɛde yɛn ho to no boa yɛn ma yɛyɛ biako na ‘yegyina pintinn wɔ Kristofo gyidi no mu.’ Yɛn—a mmea pii a wɔwɔ yɛn mu ka ho no—‘kɔ so yɛ mmarima’ denam akokoduru a yɛde som Onyankopɔn sɛ Ahenni adawurubɔfo no so. (Dwom 68:11) ‘Yɛma yɛn ho yɛ den’ denam kɔ a yɛkɔ so de yɛn ho to yɛn soro Agya no so hwehwɛ ahoɔden de yɛ n’apɛde no so.—Filipifo 4:13.

4. Dɛn na ɛma yegyee asubɔ sɛ Kristofo?

4 Yebegyinaa nokware gyidi no afã bere a yefi koma nyinaa mu hyiraa yɛn ho so maa Yehowa na yɛde nsu mu asubɔ yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no. Nanso dɛn na ɛma yegyee asubɔ? Nea edi kan no, yenyaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ. (Yohane 17:3) Eyi maa yenyaa gyidi na ɛkaa yɛn ma yenuu yɛn ho, na yedii yɛn kan nneyɛe bɔne ho awerɛhow ankasa. (Asomafo no Nnwuma 3:19; Hebrifo 11:6) Nea edii hɔ ne adwensakra, efisɛ yɛdan fii nneyɛe bɔne ho na ama yɛatra ase ma ɛne Onyankopɔn apɛdeyɛ ahyia. (Romafo 12:2; Efesofo 4:23, 24) Nea edii eyi akyi ne koma nyinaa mu a yefi hyiraa yɛn ho so maa Yehowa wɔ mpaebɔ mu no. (Mateo 16:24; 1 Petro 2:21) Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛn ahonim pa, na wɔbɔɔ yɛn asu de yɛɛ yɛn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. (1 Petro 3:21) Saa anammɔntu yi a yɛbɛma atra yɛn adwene mu no bɛboa yɛn ma yɛahu hia a ehia sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden tra ase ma ɛne yɛn ahosohyira hyia na yɛkɔ so de koma a atim som Yehowa.

Kɔ So Hwehwɛ Nokware Nimdeɛ

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ?

5 Sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ma Nyankopɔn no ahyia a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya nimdeɛ a ɛhyɛ gyidi den a egyina Kyerɛwnsɛm so. Hwɛ anigye a na ɛyɛ sɛ yebedi honhom fam aduan bere a edi kan a yebehuu Onyankopɔn nokware no! (Mateo 24:45-47) Ná saa “aduan” no yɛ dɛ—na esiesiee yɛn yiye wɔ honhom mu. Seesei ɛho hia sɛ yɛkɔ so di honhom fam aduan a ahoɔden wom na ama yɛanya koma a atim sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so.

6. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkwan bɛn so na wɔboaa wo ma wunyaa komam anisɔ maa Bible mu nokware no?

6 Egye mmɔdenbɔ na ama yɛanya Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ foforo. Ɛte sɛ nea worehwehwɛ akorade a ahintaw—adeyɛ a ɔbrɛ wom. Nanso hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ obi benya “Onyankopɔn ho nimdeɛ”! (Mmebusɛm 2:1-6) Bere a Ahenni dawurubɔfo bi ne wo suaa Bible no nea edi kan no, ebia ɔde Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no na edii dwuma. Ebia egyee bere pii ansa na moresua ti biara awie, ebia moyɛɛ saa bɛboro pɛnkoro mpo. Wunyaa kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni adesua no mu a mokenkanee no so mfaso. Sɛ na ɛyɛ den sɛ wobɛte asɛm bi ase a, na ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ wo. Ná nea ɔne wo yɛ Bible adesua no siesie ne ho yiye, bɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom, na ɔboaa wo ma wunyaa komam anisɔ maa nokware no.

7. Dɛn na ɛma obi fata sɛ ɔde Onyankopɔn nokware bɛkyerɛkyerɛ afoforo?

7 Ná saa mmɔdenbɔ yi fata, efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no ne nea ɔkyerɛkyerɛ no no mmom nnepa nyinaa mu.” (Galatifo 6:6) Ɛha yi Hela asɛm no kyerɛ sɛ na Onyankopɔn Asɛm sian kɔ onii a “wɔkyerɛkyerɛ no” no adwene ne ne komam. Saa kwan no so a wɔkyerɛkyerɛ wo no ma wo nso wofata sɛ wokyerɛkyerɛ afoforo mpo. (Asomafo no Nnwuma 18:25) Sɛ wobɛkɔ so atra ase ma ɛne w’ahosohyira ahyia a, ɛsɛ sɛ wukura wo honhom fam akwahosan pa ne pintinnyɛ mu denam Onyankopɔn Asɛm a wubesua no daa no so.—1 Timoteo 4:13; Tito 1:13; 2:2.

Kae W’ahonu ne W’adwensakra No

8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akura abrabɔ pa mu?

8 So wokae ahotɔ a wunyae bere a wusuaa nokware no, wunyaa ahonu, na afei wotee nka sɛ woanya Onyankopɔn fafiri denam Yesu agyede afɔrebɔ no so no? (Dwom 32:1-5; Romafo 5:8; 1 Petro 3:18) Akyinnye biara nni ho sɛ wompɛ sɛ wobɛsan akɔ asetra bɔne mu bio. (2 Petro 2:20-22) Nneɛma a ɛbɛboa wo no bi ne Yehowa mpae a wobɛbɔ daa ma waboa ma woakura abrabɔ pa mu, woatra ase ma ɛne w’ahosohyira ahyia, na woakɔ so de nokwaredi asom Yehowa.—2 Petro 3:11, 12.

9. Bere a woadan afi nneyɛe bɔne ho no, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wonantew so?

9 Bere a woasakra denam nneyɛe bɔne a woatwe wo ho afi ho so no, kɔ so hwehwɛ Onyankopɔn mmoa na ama woakura koma a atim mu. Enti sɛnea yɛbɛka no no, na woayera kwan nanso bere a wohwɛɛ akwankyerɛ nhoma bi so no wufii ase nantew ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so. Nyera kwan bio. Kɔ so fa wo ho to Onyankopɔn akwankyerɛ so, na si wo bo sɛ wobɛnantew nkwa kwan no so.—Yesaia 30:20, 21; Mateo 7:13, 14.

Mma Wo Werɛ Mfi W’ahosohyira ne W’asubɔ Da

10. Ɛdefa yɛn ahosohyira ma Onyankopɔn ho no, nsɛntitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

10 Kae sɛ wuhyiraa wo ho so maa Yehowa wɔ mpaebɔ mu, a na ɛwɔ w’adwenem sɛ wode nokwaredi bɛsom no daa. (Yuda 20, 21) Nea ahosohyira kyerɛ ne sɛ wobeyi biribi asi hɔ ama atirimpɔw kronkron bi. (Leviticus 15:31; 22:2) Ná w’ahosohyira no nyɛ bere tiaa mu nhyehyɛe bi, ɛnna na ɛnyɛ bɔ bi a worehyɛ nnipa. Ná ɛyɛ Amansan Hene no na worehyira wo ho so ama no daa, na ɛno a wode bɛtra ase no hwehwɛ sɛ wubedi Onyankopɔn nokware wo nkwa nna nyinaa. Yiw, ‘sɛ yɛte ase o, sɛ yewu o, yɛyɛ Yehowa dea.’ (Romafo 14:7, 8) Anigye a yebenya no gyina n’apɛde a yɛbɛyɛ na yɛakɔ so de koma a atim asom no daa no so.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokae w’asubɔ ne sɛnea ɛho hia no?

11 Kae bere nyinaa sɛ w’asubɔ yɛ koma nyinaa mu a wufi hyira wo ho so ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Ɛnyɛ obi na ɔhyɛɛ wo ma wugyee asubɔ, efisɛ w’ankasa na wusii gyinae no. So woasi wo bo afei sɛ wobɛma w’apɛde ne Onyankopɔn apɛde ahyia wo nkwa nna nyinaa? Wosrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo ahonim pa na wɔbɔɔ wo asu de yɛɛ wo ho so a wuhyira maa no no ho sɛnkyerɛnne. Kura saa ahonim pa no mu denam w’ahosohyira ho dwuma a wubedi no so, na wo nsa bɛka Yehowa nhyira daa.—Mmebusɛm 10:22.

W’apɛde Nso Ka Ho

12, 13. Ɔkwan bɛn so na yɛn ankasa apɛde wɔ ahosohyira ne asubɔ mu?

12 Nokwarem no, ahosohyira ne asubɔ de nhyira akɛse abrɛ nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa. Sɛ yɛnam nsu mu asubɔ so yɛ yɛn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne a, yewu ma yɛn kan asetra, nanso ɛnyɛ yɛn ankasa apɛde. Sɛ́ gyidifo a wɔakyerɛkyerɛ yɛn yiye no, yɛdaa yɛn apɛde adi ankasa bere a yehyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu na wɔbɔɔ yɛn asu no. Ahosohyira ne asubɔ hwehwɛ sɛ yebehu nea Onyankopɔn apɛde kyerɛ na afei yɛahyɛ da apaw sɛ yebedi akyi. (Efesofo 5:17) Yɛnam saayɛ so suasua Yesu a ɔdaa n’ankasa apɛde adi bere a ɔde ne duadwumfo nnwinnade guu hɔ, gyee asubɔ, na ɔde ne ho mae koraa yɛɛ ne soro Agya no apɛde no.—Dwom 40:7, 8; Yohane 6:38-40.

13 Ná Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ne Ba no “nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ a ewie du mu.” Enti na ɛsɛ sɛ Yesu da n’apɛde adi na ama ɔde nokwaredi agyina amanehunu a ɛte saa ano. Ne saa nti, ɔde ‘mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne nteɛm a emu yɛ den ne nusu dii dwuma, na ɔfɛre nti wotiee no.’ (Hebrifo 2:10, 18; 5:7, 8) Sɛ yɛda Nyankopɔn ho suro pa a ɛte saa ara adi a, yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem sɛ ‘obetie yɛn,’ na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛatim sɛ N’adansefo a yɛahyira yɛn ho so.—Yesaia 43:10.

Wubetumi Akura Koma a Atim Mu

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible no da biara?

14 Dɛn na ɛbɛboa wo ma woakura koma a atim mu na wonam so atra ase ma ɛne w’ahosohyira ma Nyankopɔn ahyia? Kenkan Bible da biara, a atirimpɔw no ne sɛ wubenya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ kɛse. Eyi yɛ biribi a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hyɛ yɛn nkuran daa sɛ yɛnyɛ. Wɔde afotu a ɛte saa ma yɛn efisɛ tra a yɛbɛtra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia no hwehwɛ sɛ yɛbɛkɔ so anantew Onyankopɔn nokware mu. Sɛ Yehowa ahyehyɛde no boapa pene atoro nkyerɛkyerɛ so a, anka wɔrentu Yehowa Adansefo ne wɔn a wɔka asɛm no kyerɛ wɔn no fo sɛ wɔnkenkan Bible no.

15. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho bere a woresisi gyinae ahorow no? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ honam fam adwuma nyɛ Kristofo asetra mu adwuma titiriw?

15 Sɛ woresisi gyinae a, bere nyinaa susuw sɛnea ebetumi aka w’ahosohyira ma Yehowa ho dwuma a wubedi no ho. Eyi betumi afa wo honam fam adwuma ho. So wobɔ mmɔden sɛ ɛbɛboa wo na wode ama nokware som anya nkɔanim? Ɛwom sɛ mpɛn pii no adwumawuranom hu sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so yɛ nnipa a wotumi de ho to wɔn so na wɔyɛ nsi de, nanso wohu nso sɛ Yehowa Adansefo mfa nyɛɛ wɔn botae sɛ wobedi kan wɔ wiase no mu, na wɔne afoforo mpere dibea a ɛkorɔn sen biara ho. Nea enti a eyi te saa ne sɛ ɛnyɛ Adansefo no botae ne sɛ wobenya wɔn ho, anya din, anuonyam, anaa tumi. Wɔ wɔn a wɔtra ase ma ɛne wɔn ahosohyira ma Nyankopɔn hyia no fam no, nea ehia wɔn sen biara ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Honam fam adwuma a ɛma wonya wɔn asetrade no nyɛ wɔn asetram adwuma titiriw ankasa. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, wɔn adwuma titiriw ne Kristofo som adwuma no. (Asomafo no Nnwuma 18:3, 4; 2 Tesalonikafo 3:7, 8; 1 Timoteo 5:8) So wode Ahenni nneɛma di kan wɔ w’asetram?—Mateo 6:25-33.

16. Dɛn na yebetumi ayɛ bere a dadwen a ɛmfata rema ayɛ den sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ma Nyankopɔn ahyia no?

16 Ebia na adwennwen abunkam ebinom so ansa na wɔrebehu nokware no. Nanso hwɛ sɛnea anigye ne aseda hyɛɛ wɔn koma ma na wɔdɔɔ Nyankopɔn bere a wogyee Ahenni anidaso no toom no! Nhyira a wɔanya afi saa bere no ho a wobesusuw no bɛboa wɔn ma wɔatra ase ma ɛne wɔn ahosohyira ma Yehowa no ahyia. Nanso, sɛ asetra mu haw ahorow a ɛda obiara so wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe mu no ho dadwen a ɛmfata mia “Nyankopɔn asɛm” no, sɛnea nsɔe betumi amia aduaba na annyin no nso ɛ? (Luka 8:7, 11, 14; Mateo 13:22; Marko 4:18, 19) Sɛ wuhu sɛ eyi afi ase reto wo anaa w’abusua a, fa wo dadwen to Yehowa so na bɔ mpae sɛ ɔmmoa wo na nya ɔdɔ ne anisɔ kɛse. Sɛ wodan w’adesoa to ne so a, ɔbɛwowaw wo na wama wo ahoɔden a ɛbɛma wode koma a atim akɔ so asom no wɔ anigye mu.—Dwom 55:22; Filipifo 4:6, 7; Adiyisɛm 2:4.

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina sɔhwɛ a emu yɛ den ano?

17 Kɔ so bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae daa, sɛnea wobɔɔ mpae mpo bere a na worehyira wo ho so ama no no. (Dwom 65:2) Sɛ wuhyia bɔne ho sɔhwɛ anaasɛ wuhyia sɔhwɛ a emu yɛ den bi a, hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ne ne mmoa na di akyi. Kae sɛ gyidi ho hia, efisɛ osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no. Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba. Na mma saa onipa no nnsusuw sɛ obenya [Yehowa, NW] hɔ biribi. Onipa a ne kra yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.” (Yakobo 1:5-8) Sɛ ɛte sɛ nea sɔhwɛ bi boro yɛn so a, yebetumi anya eyi mu awerɛhyem: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.”—1 Korintofo 10:13.

18. Sɛ bɔne a anibere wom bi a yɛakata so rebrɛ yɛn ase wɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ma Yehowa ahyia no mu a, dɛn na yebetumi ayɛ?

18 Na sɛ bɔne a anibere wom bi a woakata so rehaw w’ahonim na ɛrebrɛ wo ase wɔ wo bo a woasi sɛ wobɛtra ase ma ɛne w’ahosohyira ma Nyankopɔn ahyia no mu nso ɛ? Sɛ wunu wo ho a, wubetumi ama nim a wunim sɛ Yehowa ‘rempo koma a abubu na apɛtɛw’ no akyekye wo werɛ. (Dwom 51:17) Hwehwɛ Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ dɔ no mmoa, a wunim sɛ—esiane sɛ wɔresuasua Yehowa nti—wɔremmu ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsan ne wo soro Agya no anya abusuabɔ pa no adewa. (Dwom 103:10-14; Yakobo 5:13-15) Afei bere a woasan ayɛ den wɔ honhom fam na woanya koma a atim no, wubetumi asiesie w’akwan na woatumi atra ase ma ɛne w’ahosohyira ma Nyankopɔn no ahyia.—Hebrifo 12:12, 13.

Kɔ so Fa Koma a Atim Som

19, 20. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so tra ase ma ɛne yɛn ahosohyira hyia?

19 Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse tra ase ma ɛne yɛn ahosohyira hyia na yɛkɔ so de koma a atim som Onyankopɔn. Yesu kae sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mateo 24:13) Esiane sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu nti, awiei no betumi aba bere biara. (2 Timoteo 3:1) Bio nso, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi ahu sɛ ɔkyena bɛto no. (Yakobo 4:13, 14) Enti ɛho hia sɛ yɛkɔ so tra ase ma ɛne yɛn ahosohyira hyia nnɛ!

20 Ɔsomafo Petro sii eyi so dua wɔ ne nhoma a ɛto so abien no mu. Ɔkyerɛe sɛ sɛnea abɔnefo sɛee wɔ Nsuyiri no mu no, saa ara na wɔbɛsɛe sɛnkyerɛnne kwan so asase, anaa adesamma abɔnefo, wɔ ‘Yehowa da’ no mu. Enti Petro kae sɛ: “Nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu.” Ɔhyɛɛ wɔn nkuran nso sɛ: “Enti, adɔfo, sɛ munim dedaw nti, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa [atoro akyerɛkyerɛfo ne nnipa amumɔyɛfo] nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase.” (2 Petro 3:5-17) Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛfa obi a wɔabɔ no asu akɔ na ne nkwa aba awiei sɛ obi a wantumi ankura koma a atim mu!

21, 22. Ɔkwan bɛn so na Dwom 57:7 mu nsɛm no nyaa mmamu wɔ Dawid fam na anya mmamu wɔ nokware Kristofo fam?

21 Wo bo a woasi sɛ wobɛtra ase ma ɛne w’ahosohyira ma Nyankopɔn ahyia no mu bɛyɛ den bere a woma da a ɛyɛ anigye a wɔbɔɔ wo asu no tra w’adwenem na wohwehwɛ Onyankopɔn mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a wo nsɛm ne wo nneyɛe bɛma ne koma ani agye no. (Mmebusɛm 27:11) Yehowa nni ne nkurɔfo huammɔ, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yedi no nokware. (Dwom 94:14) Ɔdaa ayamhyehye ne ahummɔborɔ adi bere a ɔsɛee Dawid atamfo nsusuwii na ogyee no no. Dawid kaa sɛnea ɔdɔ a ɔwɔ ma ne Gyefo no atim, na enhinhim, no ho asɛm de daa n’anisɔ adi. Ɔde anigye too dwom sɛ: “Me koma atim, Onyankopɔn, me koma atim, mɛto dwom na mayɛ ayɛ”—Dwom 57:7.

22 Te sɛ Dawid no, nokware Kristofo nhinhim wɔ ɔsom a wɔde ma Nyankopɔn no mu. Wɔde koma a atim ka sɛ Yehowa gye wɔn na ɔkora wɔn so, na wɔde anigye to no ayeyi nnwom. Sɛ wo koma atim a, ɛde ne ho bɛto Onyankopɔn so, na ɛdenam ne mmoa so no wubetumi atra ase ma ɛne w’ahosohyira ahyia. Yiw, wubetumi ayɛ sɛ “ɔtreneeni” a odwontofo no too ne ho dwom yi no: “Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, ne koma si hɔ pintinn da [Yehowa, NW] so.” (Dwom 112:6, 7) Sɛ wunya Onyankopɔn mu gyidi na wode wo ho to ne so koraa a, wubetumi atra ase ma ɛne w’ahosohyira ahyia na woakɔ so de koma a atim asom Yehowa.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya Bible mu nokware nimdeɛ?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ahonu ne yɛn adwensakra tra yɛn adwenem?

• Ɔkwan bɛn so na yenya yɛn ahosohyi- ra ne asubɔ a yɛkae no so mfaso?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so de koma a atim asom Yehowa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

So wukura wo honhom fam akwahosan mu denam Onyankopɔn Asɛm a wusua no daa so?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Kristofo som adwuma no a yɛde yɛ yɛn adwuma titiriw no boa yɛn ma yɛkɔ so de koma a atim som Yehowa