Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mo Ani Nna Hɔ, Monkɔ Mo Anim Akokoduru Mu!

Mo Ani Nna Hɔ, Monkɔ Mo Anim Akokoduru Mu!

Mo Ani Nna Hɔ, Monkɔ Mo Anim Akokoduru Mu!

Nhyiam Atitiriw Ho Amanneɛbɔ

HENA na obetumi de ne nsa asi ne bo aka sɛ ɛnyɛ “mmere a emu yɛ den” no mu na yɛte yi? Yɛ a yɛyɛ Yehowa Adansefo no nkyerɛ sɛ “nna a edi akyiri” mu haw no bi nka yɛn. (2 Timoteo 3:1-5) Nanso yehu sɛ nnipa hia mmoa. Wonnim nea enti a nneɛma bi rekɔ so wɔ wiase no. Wohia awerɛkyekye ne anidaso. Dɛn paa na yebetumi ayɛ de aboa yɛn yɔnko nnipa?

Onyankopɔn ama yɛn adwuma sɛ yɛnka N’ahenni a ɔde asi hɔ no ho asɛmpa. (Mateo 24:14) Ehia sɛ adesamma hu sɛ ɔsoro Ahenni yi nko ara ne wɔn anidaso. Nanso ɛnyɛ baabiara na nkurɔfo ani gye yɛn asɛm no ho. Mmeae bi wɔ hɔ a wɔabara yɛn adwuma no, na wɔde ɔtaa aba yɛn nuanom so. Ne nyinaa akyi no, yɛmpa abaw. Ɛnam sɛ yɛde yɛn werɛ nyinaa ahyɛ Yehowa mu nti, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ de akokoduru akɔ yɛn anim aka asɛmpa no a yennyae.—Asomafo no Nnwuma 5:42.

Sɛnea yɛasi yɛn bo denneennen no daa adi wɔ nhyiam atitiriw bi a wɔyɛɛ no October, 2001 mu no mu. Wɔyɛɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania afe afe nhyiam no Memeneda, October 6 wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Jersey City no so wɔ New Jersey, United States. * Ade kyee no, wɔyɛɛ nhyiam afoforo wɔ mmeae anan kaa ho. Wɔyɛɛ emu abiɛsa wɔ United States, ɛnna wɔyɛɛ biako nso wɔ Canada. *

Afe afe nhyiam no titrani, Samuel F. Herd a ɔka Yehowa Adansefo Sodikuw ho no kaa Dwom 92:1, 4 ho asɛm de buee nhyiam no, na ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase.” Ampa, nneɛma bebree a enti ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase no daa adi wɔ amanneɛbɔ anum a efi wiase nyinaa no mu.

Amanneɛbɔ a Efi Mmaa Nyinaa

Onua Alfred Kwakye kaa sɛnea asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ Ghana, baabi a kan no na wɔfrɛ hɔ Gold Coast no. Wɔbaraa yɛn adwuma no mfe bi wɔ saa man no mu. Ná ɛma nkurɔfo bisa sɛ: “Adɛn nti na wɔabara mo? Moyɛɛ dɛn?” Onua Kwakye kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛmaa yenyaa hokwan dii adanse. Bere a wɔmaa yɛn kwan wɔ 1991 mu sɛ yɛnsan nyɛ yɛn adwuma no, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ghana yɛ 34,421. Ebeduu August 2001 no, na yɛn dodow adu 68,152—nkɔanim ɔha mu 98. Yɛayɛ nhyehyɛe a yɛde rebesi Nhyiam Asa a ebetumi afa nnipa 10,000. Ɛda adi pefee sɛ yɛn honhom mu anuanom a wɔwɔ Ghana no de hokwan a wɔanya de resom no redi dwuma yiye.

Amammui mu basabasayɛ nyinaa akyi no, yɛn nuanom a wɔwɔ Ireland no gu so denneennen reka asɛm no, na ɔmamfo nhaw wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu. Baa Boayikuw no titrani, Peter Andrews kae sɛ amansin 6 na ɛwɔ Ireland, na asafo ahorow a ɛwɔ hɔ nso yɛ 115. Onua Andrews kaa osuahu bi faa Liam, abarimaa bi a wadi mfe du a onsuro sɛ obedi adanse wɔ sukuu mu ho. Liam de Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm a Yehowa Adansefo tintimii no 25 memaa ne sukuufo de bi maa ne kyerɛkyerɛfo nso. Liam pɛe sɛ ɔbɔ asu, nanso obi kae sɛ ɛyɛ no sɛ Liam nnyinii papa. Liam buae sɛ: “Ɛnyɛ mfe a madi na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ho bɔ me asu, na mmom ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ. M’asubɔ no na ɛbɛkyerɛ sɛnea misi dɔ no.” Liam de asi n’ani so sɛ ɔbɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo.

Asɛmpa no ho adawurubɔfo 5,400 na na wɔwɔ Venezuela wɔ 1968 mu. Stefan Johansson, Baa Boayikuw no titrani, kae sɛ seesei de, wɔboro 88,000. Wobetumi mpo adɔɔso asen saa daakye efisɛ wɔn a wɔkɔɔ Nkaedi no bi wɔ 2001 mu no boro 296,000. December 1999 mu no, osu kɛse bi tɔe puw atɛkyɛ kunkum nnipa bɛyɛ 50,000 a na Adansefo bi ka ho. Atɛkyɛ no bi baa Ahenni Asa bi so maa ɛkaa kakraa bi sɛ eduu nsɛmso no so. Bere a obi maa anuanom no adwene sɛ wonnyae dan no akyi di no, wobuae sɛ: “Ɛrenyɛ yiye! Yɛn Ahenni Asa ni, ɛnyɛ afei na yɛrebegyae akyi di.” Wɔkɔyɛɛ ɛho adwuma tetee atɛkyɛ yiyii abo ne wura foforo bebree. Wosii dan no foforo, na anuanom no se ayɛ fɛ seesei mpo kyɛn bere a na atoyerɛnkyɛm no mmae no!

Baa Boayikuw titrani, Onua Denton Hopkinson kae sɛ kasa atitiriw ne nketewa 87 na wɔka wɔ Philippines. Ɔsom afe a etwaam no, wonyaa New World Translation of the Holy Scriptures no nyinaa wɔ ɛhɔ kasa atitiriw no abiɛsa mu—Cebuano, Iloko, ne Tagalog. Onua Hopkinson kaa abarimaa bi a wadi mfe akron a ɔkenkanee Asɛmpa—A Ɛbɛma Wo Ani Agye nhoma a Yehowa Adansefo tintimii, no suahu. Abarimaa no san gyee nhoma afoforo fii baa dwumadibea hɔ kenkanee, nanso n’abusua sɔre tiaa no. Mfe bi akyi, bere a na ɔresua ade abɛyɛ oduruyɛfo no, ɔne baa dwumadibea no dii nkitaho kae sɛ obi ne no mmɛyɛ Bible adesua. Ɔbɔɔ asu 1996 mu, na ankyɛ na ɔde ne bere nyinaa bɛyɛɛ ɔsom adwuma no. Ɛnnɛ ɔne ne yere nyinaa som wɔ baa dwumadibea hɔ.

Puerto Rico Baa Boayikuw titrani Ronald Parkin kae sɛ ‘Puerto Rico “de Adansefo kɔ amannɔne.”’ Adawurubɔfo bɛyɛ 25,000 na wɔwɔ supɔw no so, na mfe pii ni no, saa nnipa dodow no ara na wonya afe biara. Adɛn ntia? Nea ɛwom ara ne sɛ, sɛ wɔde wɔn ani bu a, afe biara, adawurubɔfo bɛyɛ 1,000 na Puerto Rico “de wɔn kɔ” United States, a sikasɛm nti na pii tu kɔ hɔ. Onua Parkin kaa Luis, Ɔdansefo bi a wadi mfe 17 a na wanya mogya mu kokoram a asɛnnibea bi buu no bem maa ɛde nsakrae kɛse bae no ho asɛm. Ɛnam sɛ Luis annye mogya nti, wɔde n’asɛm no kɔɔ asɛnnibea. Ɔtemmufo no pɛe sɛ ɔne Luis ankasa kasa, enti ɔkɔsraa no wɔ ayaresabea hɔ. Luis bisaa no sɛ: “Sɛ midii bɔne kɛse bi a, anka wubebu me atɛn sɛ ɔpanyin, adɛn nti na bere a mepɛ sɛ mitie Onyankopɔn de, wuse misua?” Ɔtemmufo no tee ne ho ase sɛ Luis yɛ abofra a onim nea ɔreyɛ a obetumi asi gyinae.

Bere a wɔkaa nea ɛrekɔ so wɔ akyirikyiri aman so wiei no, Harold Corkern a ɔka U.S. Baa Boayikuw ho no bisabisaa nnipa baanan bi a wɔasom Yehowa akyɛ nsɛm. Arthur Bonno de mfe 51 ayɛ bere nyinaa som adwuma no, na seesei ɔka Ecuador Baa Boayikuw no ho. Angelo Catanzaro de mfe 59 ayɛ bere nyinaa som adwuma no, na ɔde emu fã kɛse no ara ayɛ ɔhwɛfo kwantufo. Richard Abrahamson wiee Gilead Sukuu wɔ 1953 mu, na onyaa hokwan hwɛɛ Denmark adwuma no so mfe 26 ansa na ɔresan akɔ Brooklyn Betel. Nea otwa to ne Carey W. Barber a wadi mfe 96 a obiara de anigye tiee no no. Onua Barber bɔɔ asu 1921 mu, ɔde mfe 78 asom sɛ bere nyinaa somfo na ɔbɛkaa Sodikuw no ho wɔ 1978 mu.

Nsɛm a Tumi Wom

Wɔkaa nsɛm a ɛma yesusuw nneɛma ho nso wɔ afe afe nhyiam no mu. Onua Robert W. Wallen kaa “Nnipa a Wayi Wɔn Ama Ne Din” ho asɛm. Onyankopɔn din da yɛn so, na nkurɔfo hu yɛn wɔ nsase bɛboro 230 so. Yehowa ama yɛn “awiei pa ne anidaso.” (Yeremia 29:11) Ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no daa ma nkurɔfo nya awerɛkyekye ne ahotɔ. (Yesaia 61:1) Onua Wallen wiee n’asɛm no sɛ: “Ɛmmra sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra da biara ama ɛne yɛn din Yehowa Adansefo no ahyia.”—Yesaia 43:10.

Dwumadi no fã a etwa to no yɛ ɔkasa a wɔakyekyɛm a Sodikuw no mufo baasa dii ho dwuma. Asɛmti a wɔkaa ho asɛm ne, “Ɛnnɛ Ne Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛma Yɛn Ani Da Hɔ, Gyina Pintinn, na Yenya Ahoɔden.”—1 Korintofo 16:13.

Onua Stephen Lett na odii kan kasae, na n’asɛmti ne, “Mo Ani Nna Hɔ Wɔ Dɔn a Edi Akyiri Yi Mu.” Onua Lett kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nna yɛ akyɛde. Ɛma yenya ahoɔden. Nanso honhom fam nna ho nni mfaso ɔkwan biara so. (1 Tesalonikafo 5:6) Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani ada hɔ wɔ honhom mu daa? Onua Lett kyerɛɛ honhom fam “nnuru” abiɛsa a ɛsɛ sɛ yɛfa: (1) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma mu. (1 Korintofo 15:58) (2) Ɛsɛ sɛ yɛn honhom fam nneɛma ho hia yɛn. (Mateo 5:3) (3) Ɛsɛ sɛ yetie Bible mu afotu na ama yɛde nyansa ayɛ adwuma.—Mmebusɛm 13:20.

Onua Theodore Jaracz kaa asɛm a tumi wom a n’asɛmti ne, “Gyina Pintinn Wɔ Sɔhwɛ Mu.” Bere a Onua Jaracz reka Adiyisɛm 3:10 ho asɛm no, obisae sɛ: “‘Sɔhwɛ dɔn no’ yɛ bere bɛn?” “Awurade da” a yɛte mu seesei no mu na saa sɔhwɛ no ba. (Adiyisɛm 1:10) Sɔhwɛ no fa asɛntitiriw yi ho—yɛwɔ Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ no afã, anaasɛ yɛwɔ Satan wiase no afã? Nea ɛbɛyɛ biara, sɔhwɛ anaa nsɛmnsɛm bɛtoto yɛn akosi sɛ sɔhwɛ dɔn no betwam. Yɛbɛkɔ so adi Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware anaa? Onua Jaracz kae sɛ, ‘ɛsɛ sɛ ankorankoro biara da nokwaredi a ɛte saa adi.’

Onua John E. Barr na otwaa to, na asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne, “Yɛ Den sɛ Honhom Muni.” Bere a ɔreka Luka 13:23-25 ho asɛm no, ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ yɛpere “hyɛn ɔpon teateaa no mu.” Ɛnam sɛ ebinom mmɔ wɔn ho mmɔden sɛnea ɛsɛ nti, wontumi. Ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma wɔn yɛn asetram biribiara mu, na yɛatumi ayɛ Kristofo a yɛawie nyin. Onua Barr kae sɛ: “Migye di sɛ mo ne me bɛyɛ adwene sɛ seesei ne bere a ɛsɛ sɛ (1) yɛde Yehowa di kan wɔ biribiara mu; (2) yɛyɛ den; na (3) yɛyere yɛn ho yɛ Yehowa apɛde. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ahyɛn ɔpon teateaa a ɛkɔ daa nkwa a ɛyɛ anigye mu no mu.”

Bere a wɔreyɛ apɔn nhyiam no, asɛmmisa bi wɔ hɔ a na wonnya mmuae: Dɛn ne 2002 afe asɛm? Ade kyee na wɔmaa asɛmmisa no ho mmuae.

Nhyiam Foforo a Wɔyɛ Kaa Ho

Bere a wofii dwumadi no ase Kwasida anɔpa no, na obiara rehwɛ kwan sɛ wɔbɛte nsɛm foforo. Nnawɔtwe no Ɔwɛn-Aban adesua a wɔabɔ no mua na wɔde fii ase, na wɔde afe afe nhyiam no mu nsɛntitiriw tiawa bi toaa so. Afei, obiara ani gyei bere a wotiee 2002 afe asɛm ho ɔkasa no: “Mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.” (Mateo 11:28) Wɔde asɛm no gyinaa adesua nsɛm a akyiri yi wotintim no December 15, 2001, Ɔwɛn-Aban mu no so.

Ɛno akyi no, wɔn a wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam nhyiam atitiriw no bi wɔ France ne Italy wɔ August 2001 mu no kaa sɛnea nhyiam no kaa wɔn no kyerɛɛ atiefo. * Awiei koraa no, akasafo baanu a wofi Brooklyn Betel bɛkasa de maa da no dwumadi no dii mu.

Nea edi kan no asɛmti ne, “Momma Yemfi Akokoduru mu Mfa Yɛn Ho Nto Yehowa So Wɔ Mmere a Emu Yɛ Den Yi Mu.” Ɔkasafo no kaa nsɛntitiriw a edidi so yi ho asɛm: (1) Ehia bere nyinaa sɛ Onyankopɔn nkurɔfo fi akokoduru mu de wɔn ho to Yehowa so. Nnipa a wɔdaa akokoduru ne gyidi adi wɔ ɔtaa mu bebree ho nsɛm wɔ Bible mu. (Hebrifo 11:1–12:3) (2) Yehowa ma yenya biribi a yebegyina so de yɛn ho nyinaa ato ne so. Ne nnwuma ne N’asɛm ma yenya awerɛhyem sɛ ɔdwene n’asomfo ho na ne werɛ remfi wɔn da. (Hebrifo 6:10) (3) Yehia akokoduru ne Yehowa mu gyidi kɛse paa nnɛ. Sɛnea Yesu ka too hɔ no, ‘amanaman nyinaa tan’ yɛn. (Mateo 24:9) Sɛ yebetumi agyina mu a, ehia sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn Asɛm so, na yenya awerɛhyem sɛ ne honhom no ka yɛn ho, ne akokoduru a yɛde bɛkɔ so aka asɛmpa no. (4) Nneɛma a ɛrekɔ so kyerɛ sɛ yɛwɔ ɔtaa mu seesei. Awɔse guu obiara bere a ɔkasafo no kaa nneɛma a nkurɔfo de ayɛ yɛn nuanom a wɔwɔ Armenia, France, Georgia, Kazakhstan, Russia, ne Turkmenistan no. Ampa, seesei ara na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ akokoduru ne gyidi wɔ Yehowa mu!

Asɛmti a ɔkasafo a otwa to kaa ho asɛm ne, “Momma Yɛne Yehowa Ahyehyɛde no Mmom Nkɔ Yɛn Anim.” Nneɛma bi a ɛho hia sɛ yehu no nnɛ puee n’asɛm no mu. (1) Nnipa bebree ani tua sɛ Yehowa nkurɔfo rekɔ wɔn anim. Asɛnka adwuma ne nhyiam akɛse a yɛyɛ no ma obiara hu yɛn. (2) Yehowa ahyehyɛ kuw bi a waka emufo no nyinaa abom. Wɔ 29 Y.B. no, wɔde honhom kronkron sraa Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka “nneɛma nyinaa”—wɔn a wɔbɛkɔ soro ne wɔn a wɔbɛtra asase so—abom wɔ Onyankopɔn abusua a biakoyɛ wom no mu. (Efesofo 1:8-10) (3) Amantam nhyiam da no adi pefee sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ aman foforo so no yɛ biako. Eyi daa adi pefee wɔ amantam nhyiam atitiriw a wɔyɛɛ no France ne Italy wɔ August a etwaam no mu ase. (4) Wɔyɛɛ tirimbɔ bi a tumi wom wɔ France ne Italy. Ɔkasafo no kaa tirimbɔ yi mu nsɛntitiriw kakra bi. Tirimbɔ no mu nsɛm nyinaa na edi so no.

Bere a kasa a etwa to no reba awiei no, ɔkasafo a ofi Brooklyn bae no kenkan amanneɛbɔ bi a ɛka koma a efi Sodikuw no hɔ. Ne fã bi ni: “Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛwɛn, de hu sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ wiase. . . . Yɛpɛ sɛ yɛma muhu sɛ Sodikuw no fi ɔdɔ mu dwene mo ne Onyankopɔn nkurɔfo a aka no nyinaa ho. Yɛn mpaebɔ ne sɛ obehyira mo pii bere a mode koma nyinaa yɛ n’apɛde no.” Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ baabiara asi wɔn bo sɛ wɔbɛma wɔn ani ada hɔ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu na wɔakɔ so de akokoduru ne Yehowa ahyehyɛde a wɔayɛ biako no akɔ wɔn anim.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Wɔyɛ maa nkurɔfo tumi faa anyinam ahoɔden nhama so tiee afe afe nhyiam no bi wɔ mmeae bebree ma enti nnipa dodow a wotiee bi no si 13,757.

^ nky. 5 Wɔyɛɛ nhyiam afoforo a ɛka ho no wɔ Long Beach, California; Pontiac, Michigan; Uniondale, New York; ne Hamilton, Ontario. Sɛ yɛde wɔn a wɔhyɛɛ da kɔɔ ase ne wɔn a wɔnam anyinam ahoɔden nhama so tiee bi wɔ mmeae foforo no nyinaa bom a, wɔn dodow si 117,885.

^ nky. 23 Wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam atitiriw abiɛsa wɔ France—wɔ Paris, Bordeaux, ne Lyons. Wɔ Italy no, ɔmantam nhyiam a wɔyɛɛ no Rome ne Milan no na wɔmaa wɔn a wofi United States no kɔɔ bi, nanso mmiako mmiako akron na wɔyɛɛ no bere koro mu wɔ hɔ.

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 29

Tirimbɔ

Wɔyɛɛ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam nhyiam atitiriw bi wɔ France ne Italy wɔ August, 2001 mu. Wɔde tirimbɔ bi a tumi wom too gua wɔ saa nhyiam ahorow no ase. Tirimbɔ no mu nsɛm na edi so no.

“YƐN a yɛahyia wɔ ‘Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo’ Ɔmantam nhyiam yi ase sɛ Yehowa Adansefo no nyinaa anya nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so paa. Yɛahu baabi a saa nkyerɛkyerɛ yi fi no kann. Emfi nnipa nkyɛn. Efi Onii a tete diyifo Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ yɛn ‘Kyerɛkyerɛfo Kunini’ no nkyɛn. (Yesaia 30:20) Hwɛ asɛm bi a Yehowa ka kyerɛ yɛn wɔ Yesaia 48:17: ‘Me Yehowa, wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.’ Ɔkwan bɛn na ɔfa so kyerɛkyerɛ yɛn? Ɔkwan titiriw a ɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn ne Bible no, nhoma a wɔakyerɛ ase akyekyɛ pii sen nhoma biara a ɛwɔ wiase. Ɛka ma emu da hɔ pefee sɛ: ‘Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na mfaso wɔ so.’—2 Timoteo 3:16.

“Ɛnnɛ, adesamma hia nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so saa denneennen. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Sɛ nnipa a wɔwɔ nhumu hwɛ sɛnea nneɛma resesã wɔ wiase, ne ahometesɛm a ɛrekɔ so no a, dɛn na wɔka? Nea wɔka ara ne sɛ: Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii akɔ wiase sukuu awie de, nanso adepa biara mfii mu mmae, na wonhu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu. (Yesaia 5:20, 21) Nnipa bebree nnim Bible ho hwee. Nyansahu mu nimdeɛ ama nnipa tumi hu nneɛma pii ho nsɛm wɔ kɔmputa so, nanso sɛ wubisa sɛ, Dɛn nti na yɛte ase?, Yɛbɛyɛ dɛn ate nneɛma a ɛresisi wɔ yɛn bere yi mu no ase?, Daakye pa bi wɔ hɔ anaa?, Yebenya asomdwoe ne bammɔ ampa? a, ɛho mmuae wɔ he? Afei nso, sɛ wokɔ nhomakorabea a, wubehu nhoma ahorow ahorow bebree a ɛka nea nnipa atumi ayɛ biara ho asɛm. Ne nyinaa akyi no, nnipa di mfomso koro no ara a tetefo dii no. Awudisɛm adɔɔso. Nyarewa bi a yenim sɛ yɛatu ase no asan aba bio, na afoforo te sɛ AIDS ka nnipa pii ntɛmntɛm. Aware gyigya ntɛmntɛm. Efĩ atwa yɛn ho ahyia. Amumɔyɛsɛm ne akode a ebetumi atɔre nnipa dodow no ara ase ama asomdwoe ne bammɔ ho aba asɛm. Ɔhaw a enni aduru redɔɔso. Dɛn na ɛfata a yebetumi ayɛ de aboa yɛn yɔnko nnipa wɔ mmere a emu yɛ den yi mu? Wugye di sɛ nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a ɛma yehu nea ɛde adesamma tebea no aba na ɛkyerɛ nea ɛbɛma yɛn asetra akɔ yiye nnɛ na ɛsan ma yenya anidaso pintinn sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye anaa?

“Kyerɛwnsɛm no de adwuma to yɛn so sɛ ‘yɛnkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo, nkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea Kristo ahyɛ nyinaa so.’ (Mateo 28:19, 20) Yesu Kristo na ɔde adwuma no maa yɛn bere a owu nyanee a ne nsa kaa ɔsoro ne asase so tumi nyinaa no. Ehia sen adwuma a nnipa de aba biara. Onyankopɔn ani so de, yɛn adwuma a ɛboa wɔn a trenee ho kɔm de wɔn ma wonya wɔn honhom fam ahiade no na ɛsɛ sɛ yɛdwene ho kan. Yɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ntease wom a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ saa adwuma no ho.

“Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde adwuma a ɛte saa no di kan wɔ yɛn asetram. Nneɛma a ɛtwetwe yɛn adwene, akwanside ne ɔsɔretia a nyamesom ne amammui ahyehyɛde de ba yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ adwuma yi bɛbrɛ ase nyinaa akyi no, Onyankopɔn behyira yɛn na waboa ama adwuma no akɔ so. Yɛwɔ awerɛhyem ne gyidi sɛ adwuma yi bɛkɔ so atu mpɔn anya awiei pa. Adɛn nti na yebetumi de gyidi aka saa? Efisɛ Awurade Yesu Kristo hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛka yɛn ho wɔ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn yi mu akosi wiase awiei.

“Aka kakraa bi sɛ adesamma ahoyeraw afi hɔ. Ɛsɛ sɛ yewie adwuma a wɔde ama yɛn nnɛ no ansa na awiei no aba. Enti, yɛn Yehowa Adansefo, abɔ yɛn tirim sɛ:

“Nea Edi Kan: Ɛnam sɛ yɛyɛ asomfo a yɛahyira yɛn ho so nti, yɛasi yɛn bo sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan wɔ yɛn asetram na yɛakɔ so anyin wɔ honhom fam. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa nti, yɛbɔ mpae ma ɛne nsɛm a ɛwɔ Dwom 143:10 no hyia: ‘Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn.’ Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sua ade, bɔ mmɔden kenkan Bible da biara, yɛ kokoam adesua ne nhwehwɛmu. Nea ɛbɛma nnipa nyinaa ahu yɛn nkɔso ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden biara a yebetumi asiesie yɛn ho ansa na yɛakɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam, aman ne amanaman ntam nhyiam akonya teokrase nkyerɛkyerɛ so mfaso a edi mu.—1 Timoteo 4:15; Hebrifo 10:23-25.

“Nea Etia Abien: Nea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ yɛn no, yebedidi wɔ ne pon nko ara so na yɛde ahwɛyiye atie Bible kɔkɔbɔ a ɛfa adaemone nkyerɛkyerɛ a ɛdaadaa nnipa ho no. (1 Korintofo 10:21; 1 Timoteo 4:1) Yɛbɛyɛ ahwɛyiye paa akwati nneɛma a ebetumi apira yɛn te sɛ nyamesom mu atosɛm, nsusuwii hunu, nna ho adapaade, aguamansɛm a epira nnipa, anigyede a ɛmfra, ne biribiara a ɛne ‘nkyerɛkyerɛ pa’ nkɔ. (Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 3:20; 1 Timoteo 6:3; 2 Timoteo 1:13) Ɛnam obu a yɛwɔ ma ‘nnipa mu akyɛde’ a wɔfata sɛ wɔkyerɛkyerɛ ade pa nti, yebefi nokwaredi mu akyerɛ mmɔden a wɔbɔ no ho anisɔ de yɛn koma nyinaa ne wɔn ayɛ biako adi abrabɔ ne honhom mu mmara a ɛho tew a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so.—Efesofo 4:7, 8, 11, 12; 1 Tesalonikafo 5:12, 13; Tito 1:9.

“Nea Etia Abiɛsa: Yɛn Kristofo a yɛyɛ awofo no befi yɛn koma nyinaa mu abɔ mmɔden de yɛn abrabɔ ne nea yɛka akyerɛkyerɛ yɛn mma. Nea ehia yɛn paa ne sɛ yɛbɛboa wɔn afi wɔn mmofraase ama ‘wɔasua nkyerɛwee kronkron no ahu nyansa akɔ nkwagye mu.’ (2 Timoteo 3:15) Yɛremma yɛn werɛ mfi sɛ, sɛ yɛtete wɔn Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu a, ɛno na ɛbɛma wɔanya hokwan kɛse a ‘ɛbɛma awie wɔn yiye na wɔn nkwa nna aware asase so’ sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no.—Efesofo 6:1-4.

“Nea Etia Anan: Sɛ adwennwene anaa ɔhaw kɛse bi to yɛn a, nea edi kan koraa no, ‘yɛbɛma yɛn adesrɛ adu Onyankopɔn asom,’ na yɛanya awerɛhyem sɛ ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra nnipa adwene nyinaa so no’ bɛbɔ yɛn ho ban. (Filipifo 4:6, 7) Bere a yɛaba Kristo kɔndua ase no, yebenya ahotɔ. Esiane sɛ yenim sɛ Onyankopɔn dwene yɛn ho nti, yɛrentwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde yɛn dadwen bɛto ne so.—Mateo11:28-30; 1 Petro 5:6, 7.

“Nea Etia Anum: Yɛbɛbɔ mmɔden foforo ‘akura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’ na ‘yɛawie yɛn som koraa’ de ada Yehowa ase sɛ wama yɛanya hokwan kyerɛkyerɛ N’asɛm. (2 Timoteo 2:15; 4:5) Ɛnam sɛ yenim nea ɛwom pefee nti, yɛn koma so ade ne sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn a wɔfata na yɛahwɛ ama aba a yɛadua no anyin. Bio nso, yɛde nsi bɛyɛ ofie Bible adesua pii de ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Ɛbɛma yɛne Onyankopɔn ayɛ adwene kɛse wɔ ne pɛ mu sɛ ‘wonnye nnipa nyinaa nkwa mma wɔmmra nokware nimdeɛ mu.’—1 Timoteo 2:3, 4.

“Nea Etia Asia: Efi afeha a atwam no mu besi nnɛ no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase pii so ahyia ɔtaa ne ɔsɔretia wɔ akwan horow so. Nanso Yehowa akyerɛ sɛ ɔka yɛn ho. (Romafo 8:31) N’asɛm a mfomso biara nni ho no ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘akode biara a wɔbɛbɔ ahyɛ yɛn’ de asiw yɛn kwan, abrɛ yɛn ase, anaa wɔde bɛma yɛagyae Ahenni ho asɛmpaka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no renyɛ yiye. (Yesaia 54:17) Bere pa ne bere bɔne nyinaa mu no, yɛrentumi nnyae nokware no ho asɛm ka. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛde ntɛmpɛ bɛyɛ yɛn asɛnka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no. (2 Timoteo 4:1, 2) Yɛn botae ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ amanaman nyinaa sɛnea yebetumi biara. Ɛno bɛma wɔakɔ so anya hokwan ahu nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya daa nkwa akɔ wiase foforo a trenee te mu no mu. Ɛnam sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo dɔm a yɛayɛ biako nti, yɛasi yɛn bo sɛ yebedi Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse Yesu Kristo nhwɛso akyi na yɛada ne suban pa no bi adi. Yɛbɛyɛ eyinom nyinaa de ayi yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini ne yɛn Nkwa Mafo Yehowa Nyankopɔn ayɛ akamfo no.

“Nnipa a mowɔ nhyiam yi ase a mugye tirimbɔ yi tom nyinaa, yɛpa mo kyɛw, monka sɛ YEGYE TOM!”

Bere a wɔde tirimbɔ no mu nsɛm a etwa to too nnipa 160,000 a wohyiaam wɔ France ne 289,000 wohyiaam wɔ mmeae akron wɔ Italy anim no, wɔmaa wɔn nne so kae sɛ “Yegye Tom” wɔ kasa bebree a emufo baa nhyiam no bi no mu.