Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Na Mepɛ sɛ Mesom Onyankopɔn”

“Na Mepɛ sɛ Mesom Onyankopɔn”

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Na Mepɛ sɛ Mesom Onyankopɔn”

“ME MAN mumfi ne mu.” Ɛno yɛ ɔbɔfo bi nne a ɔsomafo Yohane tee wɔ afeha a edi kan Y.B. Wɔ yɛn bere yi mu no nnipa komapafo ɔpepem pii atie na wɔafi “Babilon Kɛse,” wiase nyinaa atorosom ahemman no mu. (Adiyisɛm 18:1-4) Wɔn mu biako ne Wilner a ofi Haiti, a ɔka ne suahu yi no.

“Wɔwoo me wɔ 1956 wɔ Katolekfo abusua bi a wɔmfa wɔn som nni agoru koraa wɔ kurow ketewaa bi a ɛwɔ St. Marc, Haiti, no mu. Susuw sɛnea m’awofo ani begye bere a wɔpaw me kaa nnipa baanu a wɔwɔ kurom hɔ ho sɛ yenkosua ade wɔ adesuabea a ɛwɔ St. Michel de l’Atalaye, Haiti no ho hwɛ. Afei wɔ 1980 mu no, wɔde yɛn kɔɔ Stavelon wɔ Belgium sɛ yenkogye ntetee foforo. Ɛhɔ nso yɛkɔɔ Katolekfo sukuupɔn.

“Mfitiase no, na m’ani gye ho sɛ mede me ho bɛhyɛ asɔfodi mu. Da koro bi a mewɔ adididan mu no, ɔsɔfo a ɔhwɛ yɛn kuw no so no ka kyerɛɛ me sɛ mentwɛn kakra efisɛ ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ me. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me bere a ɔka kyerɛɛ me pen sɛ ɔpɛ me no! Mampene n’adebisa no so nanso m’abam bui koraa. Mekyerɛw nea esii no ho asɛm kɔmaa m’awofo na mifii nteteebea hɔ asram kakra akyi, ɛmfa ho sɛ na wɔn ani nnye ho no. Minyaa dan traa mu wɔ akuraa no ase na misuaa adwuma foforo.

“Bere a mesan baa St. Marc no, mannya Katolek Asɔre no mu ahotoso bio. Ná meda so ara pɛ sɛ mesom Onyankopɔn, nanso na minnim nea mɛyɛ. Mekɔɔ Adventistfo asɔre, Ebenezer asɔre, ne Mormonfo asɔre. Ná minhu nea menyɛ me ho wɔ honhom fam.

“Afei mekaee sɛ bere a na mewɔ adesuabea a ɛwɔ Belgium no, na metaa kenkan Crampon Bible no. Mihuu wɔ mu sɛ Onyankopɔn wɔ din. Enti, mede Onyankopɔn din bɔɔ mpae srɛɛ no sɛ ɔmmoa me na minhu nokware som.

“Wɔ ɛno akyi bere tiaa bi no, Yehowa Adansefo baanu tu bɛtraa yɛn mpɔtam hɔ. Ná wɔmpɛ kasa, wobu wɔn ho, na wodi wɔn ho ni. M’ani gyee wɔn abrabɔ ho. Da koro bi, Adansefo no mu biako too nsa frɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ afe afe Kristo wu Nkaedi no. M’ani gyee nhyiam no ho paa na mepenee so sɛ Adansefo no ne me nyɛ Bible adesua daa. Wɔ bɛyɛ asram asia mu no, mibegye dii sɛ mahu kwan pa a wɔfa so som Onyankopɔn no. Mihyiraa me nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ me asu wɔ November 20, 1988.”

Bere kɔɔ so no, Wilner de ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Ɛnnɛ, ɔsom sɛ asafo mu panyin. Ɔne ne yere ne ne mma baanu no de anigye som wɔ asafo no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Denam Bible no a Wilner kenkanee so no, obehui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa