Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Gye Aman Nyinaa Tom

Onyankopɔn Gye Aman Nyinaa Tom

Onyankopɔn Gye Aman Nyinaa Tom

WƆ John akwantu a edi kan a ɔde kɔɔ Mali no, Mamadou ne n’abusua ahɔhoyɛ su a wɔdaa no adi kyerɛɛ no no kaa ne koma. Bere a John traa fam de ahopopo ne wɔn didii wɔ kyɛnsee koro mu no, osusuw ɔkwan a ɔbɛfa so ne wɔn aka akyɛde a ɛsen biara—Ahenni ho asɛmpa a efi Nyankopɔn Asɛm Bible mu akyerɛ wɔn no ho. Ɛwom sɛ na John te Franse kasa, kasa a wɔka wɔ Mali no de, nanso na osusuw ɔkwan a ɔbɛfa so ne abusua a ɛsono wɔn som koraa ne ɔkwan a wosusuw nsɛm ho no adi nkitaho ho.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ John susuw Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Babel kurow no ho. Ɛhɔ na Nyankopɔn yɛɛ nnipa atuatewfo kasa basabasa no. (Genesis 11:1-9) Nea efii mu bae ne nnipa dodow a ɛsono kasa a obiara ka, ɔsom ahorow, ne akwan horow a obiara fa so susuw nsɛm ho a ɛhyetaa asase so baabiara. Ɛnnɛ a akwantu ne atutradi abu so no, nnipa pii hyia nsɛnnennen koro no a John hyiae no bi, mpo wɔ wɔn ankasa mpɔtam: Ɔkwan bɛn so na wobetumi ne nnipa a ɛsono faako a wofi asusuw wɔn Bible mu anidaso ho?

Tete Nhwɛso Bi

Yona kaa nsɛm titiriw kyerɛɛ Israelfo no, te sɛ nea Israelfo adiyifo a aka yɛe no. Ɔhyɛɛ nkɔm wɔ bere a na mmusuakuw du ahenni a awae no de wɔn ho ahyɛ nneyɛe a ɛbɔ Nyankopɔn ahohora mu wɔ baguam no. (2 Ahene 14:23-25) Susuw sɛnea Yona bɛyɛ n’ade afa bere a onyaa ahyɛde sɛ omfi n’ankasa kurom nkɔ Asiria nkɔkasa nkyerɛ Niniwefo, nnipa a ɛsono wɔn som ne wɔn amammerɛ no ho hwɛ. Ebetumi aba sɛ na Yona nte Niniwefo kasa no mpo, anaa na ontumi nka mma emu nna hɔ papa. Sɛnea ɛte biara no, Yona hyiaa nsɛnnennen wɔ ahyɛde no ho, ma enti oguanee.—Yona 1:1-3.

Ɛda adi pefee sɛ, na ɛho abehia sɛ Yona hu sɛ Yehowa Nyankopɔn hu ade kɔ akyiri sen nea ani tua kɛkɛ na ɔhwehwɛ koma no mu. (1 Samuel 16:7) Bere a Yehowa nam anwonwakwan so gyee Yona fii mem a anka ɔremem mu no, ɔde ahyɛde maa no nea ɛto so abien sɛ ɔnkɔka asɛm no nkyerɛ Niniwefo no. Yona tiei, na nea efii mu bae ne sɛ, Niniwefo no nyinaa sakraa wɔn adwene. Nanso, na Yona adwenem nteɛ no ara, na Yehowa kyerɛɛ no ma ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔsesa ne suban. Obisaa Yona sɛ: “Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro ɔpedu ahorow dumien a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de renyɛ me yaw anaa?” (Yona 4:5-11) Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa aboa nnipa a ɛsono faako a obiara fi no?

Wɔma Samariafo ne Wɔn a Wɔnyɛ Yudafo Hokwan

Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnyɛ amanaman nyinaa n’asuafo. (Mateo 28:19) Na eyi yɛ nyɛ mmerɛw mma wɔn. Ná Yesu asuafo no yɛ Yudafo, na te sɛ Yona no, na wɔtaa ne nnipa a wɔne wɔn fi abusua ne amammerɛ biako mu na ɛkasa. Ɛda adi sɛ, na nnipa ho adwemmɔne a abu so wɔ hɔ saa bere no anya wɔn so nkɛntɛnso. Nanso, Yehowa siesiee tebea no sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkoa de nkakrankakra bɛte n’apɛdeyɛ ase.

Na anammɔn a edi kan ne sɛ wobedi nnipa ho adwemmɔne a ɛda Yudafo ne Samariafo ntam no so. Ná Yudafo ne Samariafo nni twaka biara. Bɛboro pɛnkoro no, Yesu siesiee ɔkwan a daakye Samariafo nam so begye asɛmpa no too hɔ. Ɔdaa no adi sɛ ɔnhwɛ nnipa anim denam Samariani bea bi a ɔne no kasae no so. (Yohane 4:7-26) Bere foforo no, ɔnam mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborohunufo no so kyerɛɛ Yudani nyamesomni bi sɛ nnipa foforo a wɔnyɛ Yudafo nso tumi da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn yɔnkonom. (Luka 10:25-37) Bere soe sɛ Yehowa de Samariafo no ba Kristofo asafo no mu no, Filipo, Petro, ne Yohane—a wɔn nyinaa yɛ Yudafo—kaa asɛm no kyerɛɛ Samariafo no. Wɔn asɛnka no de anigye pii baa kurow no mu.—Asomafo no Nnwuma 8:4-8, 14-17.

Sɛ na ɛyɛ den ma Yudafo Kristofo no sɛ wɔbɛdɔ Samariafo a wɔne wɔn bɔ abusua no a, ɛnde na ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛdɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo anaa Amanaman mufo a Yudafo no mmu wɔn na wɔtan wɔn no. Nanso, Yesu wui akyi no, wotumi yii ɔtan a na ɛda Yudafo Kristofo ne Amanaman mufo ntam no fii hɔ. (Efesofo 2:13, 14) Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa Petro ma wagye nhyehyɛe foforo yi atom no, Yehowa yii anisoadehu bi kyerɛɛ no na Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyide!” Afei Yehowa honhom kyerɛɛ no kwan kɔɔ Amanaman muni bi a wɔfrɛ no Kornelio nkyɛn. Bere a Petro tee nea Nyankopɔn kyerɛ no ase—sɛ ɔmmfrɛ amanaman muni yi nea ne ho ntew efisɛ Onyankopɔn atew ne ho—no, honhom no kaa no ma ɔkae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:9-35) Hwɛ sɛnea Petro ho dwiriw no bere a Onyankopɔn daa no adi sɛ wagye Kornelio ne n’abusua atom denam ne honhom kronkron a ohwie guu wɔn so no so!

Paulo—Nea Wɔayi no Ama Amanaman

Paulo som adwuma no yɛ nhwɛso a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa de nkakrankakra siesie ne nkoa ma wɔdɔ nnipa a horow nyinaa na wɔboa wɔn. Bere a Paulo nyaa adwensakra akyi no, Yesu kae sɛ Paulo bedi dwuma sɛ nea wɔayi no a ɔbɛsoa Ne din akɔ amanaman mu. (Asomafo no Nnwuma 9:15) Ɛno akyi no, Paulo kɔɔ Arabia, ebia na ɔrekɔdwennwen Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde no bedi dwuma de aka asɛmpa akyerɛ amanaman no ho.—Galatifo 1:15-17.

Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan mu no, ɔdaa nsiyɛ adi wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no mu. (Asomafo no Nnwuma 13:46-48) Yehowa hyiraa Paulo dwumadi no so, de kyerɛe sɛ na ɔsomafo no de Yehowa nhyehyɛe redi dwuma. Paulo kyerɛe sɛ na ɔte adwene a Yehowa kura no ase bere a ofi akokoduru mu teɛɛ Petro, a ɔtwee ne ho fii ne nuanom amanaman mufo ho no.—Galatifo 2:11-14.

Yehu adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn di Paulo akyi wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu bere a honhom kronkron no amma wankɔka asɛm no wɔ Roma mansin Bitinia mu no. (Asomafo no Nnwuma 16:7) Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ bere pa. Nanso akyiri yi, Bitiniafo no bi bɛyɛɛ Kristofo. (1 Petro 1:1) Makedoniani bi ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu sɛ: “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn.” Paulo susuwii sɛ ɛsɛ sɛ ɔsesa n’akwantu nhyehyɛe no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔka asɛm no wɔ saa Roma mansin no mu.—Asomafo no Nnwuma 16:9, 10.

Wɔsɔɔ mmɔden a na Paulo bɔ sɛ ɔbɛyɛ fakaa no hwɛe bere a ɔkaa asɛm kyerɛɛ Atenefo no. Na Hebrifo ne Romafo mmara mma kwan mma wɔnka nyame foforo bi anaa ɔsom foforo bi ho asɛm wɔ hɔ. Ɔdɔ a na Paulo wɔ ma nnipa no na ɛkaa no ma osusuw wɔn som mu nneyɛe ho. Bere a na ɔwɔ Atene no, ohuu afɔremuka bi a na wɔakyerɛw wɔ ho sɛ “Onyame a wonnim no dea.” Ɔkaa saa ade yi ho asɛm wɔ n’adansedi adwuma mu. (Asomafo no Nnwuma 17:22, 23) Ɔkwan a eye a ɔfaa so daa n’asɛm adi wɔ ɔdɔ ne obu mu bɛn ara ni!

Hwɛ anigye ara a Paulo benya bere a obu kɔmpɔ hwɛ aba a n’adwuma no sowee sɛ amanaman mu somafo no! Ɔboa ma wɔhyehyɛɛ asafo ahorow a na Kristofo a wɔnyɛ Yudafo a wofi Korinto, Filipi, Tesalonika, ne nkurow a ɛwɔ Galatia wom. Ɔboaa mmarima ne mmea gyidifo te sɛ, Damari, Dionisio, Sergio Paulo, ne Tito. Hwɛ hokwan soronko a na ɛyɛ sɛ nnipa a wonnim Yehowa anaa Bible no gyee nokwasɛm a ɛfa Kristosom ho no toom! Ɛdefa dwuma a Paulo di de boaa wɔn a wɔnyɛ Yudafo ma wobenyaa nokware nimdeɛ ho no, ɔkae sɛ: “Nso nea mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no, ɛnyɛ nea wɔabɔ Kristo din pɛn, . . . na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no behu, na wɔn a wɔntee no bɛte ase.” (Romafo 15:20, 21) So yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa a yɛne wɔn mfi abusua biako mu?

Nnipa a Wɔwɔ Asase so Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn

Salomo bɔɔ Yehowa mpae maa wɔn a wɔnyɛ Israelfo a wɔbɛba abɛsom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no. Ɔsrɛe sɛ: ‘Wo ara tie ɔsoro, wo trabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no sũ frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahu wo din.’ (1 Ahene 8:41-43) Ahenni adawurubɔfo mpempem pii a wɔwɔ aman ahorow so nnɛ te nka saa ara. Wohyia nnipa a wɔte sɛ Niniwefo a honhom fam no ‘wonnim wɔn benkum ne wɔn nifa’ no. Na Ahenni asɛmpakafo wɔ ɔpɛ sɛ wobenya nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa nokware asomfo a wofi aman ahorow so a wɔreboaboa wɔn ano ho mmamu no mu kyɛfa.—Yesaia 2:2, 3; Mika 4:1-3.

Sɛnea nnipa a wofi Kristoman mu agye Bible mu nsɛm a ɛma anidaso no atom no, saa ara na nnipa a wofi ɔsom ahorow mu nso reyɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi ka w’ankasa? Fi nokwaredi mu hwehwɛ wo ho mu. Sɛ wote nka sɛ nnipa ho adwemmɔne adidi wo mu a, nya ɔdɔ na yi fi wo mu. * Mpo nnipa a Onyankopɔn pɛ sɛ ogye wɔn no.—Yohane 3:16.

Sua ade yiye ansa na wo ne nnipa a ɛsono baabi a wofi akasa. Hu wɔn gyidi ahorow, wɔn dadwen, ne sɛnea wosusuw nsɛm ho; na afei hwehwɛ nsɛm a ɛne wɔn adwene hyia. Da papayɛ ne ɔdɔ adi kyerɛ afoforo. Kwati akyinnyegye, yɛ fakaa na da adwempa adi. (Luka 9:52-56) Saa a yɛbɛyɛ no bɛsɔ Yehowa, “a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani.”—1 Timoteo 2:4.

Hwɛ anigye ara a yɛanya sɛ yɛwɔ nnipa a wofi mmeae mmeae wɔ yɛn asafo ahorow mu! (Yesaia 56:6, 7) Hwɛ sɛnea ɛka koma sɛ ɛnnɛ ɛnyɛ din te sɛ Ohenewaa, Kofi, Asare, ne Ama nko na yɛte na mmom yɛte din afoforo nso te sɛ Mamadou, Jegan, Reza, ne Chan! Ɛyɛ nokware sɛ ‘wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ dɔɔso’ ama yɛn. (1 Korintofo 16:9) Ɛmmra sɛ yɛde hokwan a yɛanya no bedi dwuma de agye nnipa a wofi aman nyinaa a Onyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim ato nsa afrɛ wɔn no atom!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Hwɛ Nyan! July 8, 1996, kratafa 5-7, “Nneɛma a Esiw Nkitahodi Ho Kwan.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Paulo kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ baabiara denam fakaa a ɔyɛe no so

. . . wɔ Atene

. . . wɔ Filipi

. . . bere a ɔretu kwan