Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ sɛ Wɔde Gyidi Gyina Ntease So?

So Ɛsɛ sɛ Wɔde Gyidi Gyina Ntease So?

So Ɛsɛ sɛ Wɔde Gyidi Gyina Ntease So?

Ɔbenfo a ɔwɔ nyamekyerɛ adesuabea bi a ɛwɔ United States no kyerɛwee sɛ: “‘Nyamesomfo’ pii wɔ hɔ a atirimpɔw a wɔde bɛyɛɛ nyamesomfo ne sɛ wɔmpɛ sɛ wodwen.” Ɔde kaa ho sɛ, “Nea wɔpɛ ara ne sɛ ‘wobegye nea ɛfa gyidi ho biara atom.’”

NEA ɛkyerɛ ne sɛ nkurɔfo pii a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ nyamesom mu gyidi no nnwen nea enti a wogye di no ho anaa sɛ́ ebia wɔwɔ nnyinasosɛm bi a wɔde wɔn gyidi gyina so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nyamesom abɛyɛ biribi a nnipa pii mpɛ sɛ wɔka ho asɛm.

Awerɛhosɛm ne sɛ, nneyɛe bi te sɛ nyamesom mu ahoni ne mpae a wɔkyere gu tirim na woti mu ka nso mma wɔnnwene. Ɔkwan bi so no saa nneyɛe yi, ne adan a ɛyɛ fɛ, ahwehwɛ mfɛnsere, ne nnwom a ɛkanyan, nkutoo ne nneɛma a nyamesomfo pii de wɔn adwene si so. Ɛwom sɛ asɔre ahorow bi kyerɛ sɛ wɔn gyidi gyina Bible so de, nanso wɔn nsɛm a wɔka a ɛne sɛ, ‘gye Yesu di na wobegye wo nkwa’ no mma wɔmfa Bible a wobesua no aniberesɛm. Ebinom de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina honam fam nneɛma anaa amammuisɛm so. Dɛn na eyinom nyinaa de ba?

Bere a Nyamesɛm kyerɛwfo bi reka sɛnea tebea no te wɔ Amerika Atifi fam ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Kristosom . . . adan ani so adeyɛ, [na] wɔmfa gyidi ho ntetee pa mma wɔn akyidifo.” Obi a obisa nkurɔfo nsusuwii wɔ nsɛm ho de yɛ nhwehwɛmu kaa asɛm kɔɔ akyiri sɛ United States yɛ “ɔman a wonnim Bible koraa.” Sɛ yɛbɛka paa a, saa asɛm yi nso betumi afa aman afoforo a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no ho. Nyamesomfo a wɔnyɛ Kristofo nso nhyɛ ntease a ɛsɛ sɛ wonya ho nkuran, mmom no wosi nsɛm a wɔkankye ne mpaebɔ mu amanne ne nsɛm a wɔnte ase ho nsusuwho so dua, sen sɛ anka wobedwen biribi a mfaso wɔ so ho.

Nanso wɔ wɔn da biara da asetram no, saa nnipa koro yi ara a wonnwen wɔn nyamesom gyidi ho ahe biara no taa dwen nsɛm afoforo ho yiye. So wunsusuw sɛ ntease nim sɛ nipa a ɔyɛ nhwehwemu yiye wɔ kar a ɔbɛtɔ—a da koro ɛbɛsɛe—ho no bɛka afa ne som ho sɛ: ‘Sɛ eye ma m’awofo a, na eye ma me nso’?

Sɛ yɛn ani gye ho paa sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, so ɛnsɛ sɛ yesusuw nokwasɛm a ɛfa nea yegye di fa ne ho no ho? Ɔsomafo Paulo kaa ne bere so nyamesomfo bi a na “wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu” ho asɛm. (Romafo 10:2) Wobetumi de wɔn a wɔte saa no atoto obi a wɔafa no sɛ ɔnka dan ho a ɔbɔ mmɔden ka dan no ho nanso wamfa kɔla papa anni dwuma esiane sɛ wantie dan wura no akwankyerɛ nti ho. Nea ɔka dan ho no ani begye n’adwuma no ho, nanso so dan wura no ani begye ho?

Ɛdefa nokware som ho no dɛn na ɛsɔ Onyankopɔn ani? Bible no bua sɛ: “Eyi ye, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani.” (1 Timoteo 2:3, 4) Ebia ebinom bɛte nka sɛ wɔrentumi nnya nimdeɛ a ɛte saa wɔ ɔsom pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Nanso susuw ho hwɛ—sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa benya nokware nimdeɛ a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔde sie wɔn? Ɛne nea Bible no ka sɛ: “Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no” no nhyia.—1 Beresosɛm 28:9.

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ma wɔn a wofi koma mu hwehwɛ no no hu no? Asɛm a edi hɔ no de mmuae no bɛba.