Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe na W’ahobammɔ Wɔ?

Ɛhe na W’ahobammɔ Wɔ?

Ɛhe na W’ahobammɔ Wɔ?

Wɔ Africa Atɔe fam akuraa ketewaa bi ase no, aberantewaa Josué ne n’abusua ne ne nnamfonom di nkra. * Afei osim kɔ kurow kɛse mu kɔhwehwɛ sika fam ahobammɔ. Nanso, oduu hɔ akyi bere tiaa bi no, n’anidaso mu gow bere a ohu sɛ sika ngugu kurow no mmɔnten so no.

JOSUÉ abam bui bere a ɔbɔ mmɔden sɛ obesua kurom asetra no. Ná kurow kɛse mu asetra yɛ soronko koraa wɔ sɛnea na osusuw no ho. Saa bere no nyinaa na Josué koma ka no sɛ ɔbɛsan akɔ n’abusua ne ne nnamfo nkyɛn wɔ akuraa ketewaa a ogyaw hɔ no ase. Nanso osuro sɛ nkuraasefo no bi bedi ne ho fɛw. Odi abooboo sɛ: ‘Wɔbɛka sɛ meyɛ ɔdapaafo esiane sɛ mantumi antra kurow kɛse mu nti.’

Nea na ahyɛ ne so kɛse mpo ne te a n’awofo bɛte nka sɛ wadi wɔn huammɔ no. Wɔde wɔn ani ato no so sɛ ɔbɛboa wɔn sika fam. Nea ɛbɛyɛ na Josué atumi agyina nkate fam haw yi ano no, ɔyɛ adwuma bi a ɛba fam, de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma, na onya sika a na osusuw sɛ obenya no fã bi pɛ. Adwumayɛ mmoroso ma ɔbrɛ. Bere a onya ma Kristofo dwumadi ahorow a obu no yiye no so tew dapɛn biara. Esiane sɛ ɔne n’abusua ne kan nnamfo no ntam kwan aware nti, awerɛhow ka no ma ɔyɛ ankonam. Ohu sɛ kurow kɛse mu asetra amma wannya ahobammɔ a na ɔhwehwɛ ankasa no.

Ɛwom sɛ edin ne nkurow gu ahorow de, nanso Josué awerɛhosɛm no yɛ nea ɛtaa si. Ɛnyɛ pɛsɛmenkominya nti na Josué pɛe sɛ obetu akɔtra baabi—na ɔrehwehwɛ ahobammɔ kɛkɛ. Ná ɔte nka ankasa sɛ ebesi no yiye wɔ kurow kɛse mu sen sɛ ɔbɛtra akuraase hɔ. Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a, obi betumi adi yiye de, nanso ɛno nkyerɛ nokware ahobammɔ. Amma saa wɔ Josué fam, na saa ara na ɛmma saa wɔ nnipa dodow no ara fam. Eyi ma yebisa sɛ, ‘Dɛn ne ahobammɔ?’

Ɛsono sɛnea nnipa horow bu ahobammɔ. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ ahobammɔ kyerɛ sɛ “obi bɛde ne ho afi asiane ho” anaasɛ “obi bɛde ne ho afi osuro anaa dadwen ho.” Nnipa dodow no ara hu sɛ ‘obi ho a ɔbɛde afi asiane ho’ koraa no yɛ biribi a enni hɔ nnɛ. Wonya abotɔyam bere tenten a wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ kakra, ɛmfa ho sɛ ebia tebea a ɛyɛ hu atwa wɔn ho ahyia no.

Wo nso ɛ? Ɛhe na wohwehwɛ ahobammɔ? So ɛwɔ kurow kɛse mu, na ɛnyɛ akuraase, sɛnea Josué susuwii no? Anaasɛ ɛwɔ sika mu, ɛmfa ho baabi ne ɔkwan a wofa so nya no? Ebia ɛne sɛ wubenya gyinabea bi a ɛkorɔn wɔ asetram? Ɛmfa ho baabi ko a wususuw sɛ w’ahobammɔ wɔ no, bere tenten bɛn na saa ahobammɔ no bedi ama wo ne w’abusua?

Ma yensusuw akwan abiɛsa a nnipa pii nam so hwehwɛ ahobammɔ no ho—asase so beae bi; sika; dibea anaa asetram gyinabea. Afei yebesusuw baabi a nokware ahobammɔ a ɛtra hɔ daa wɔ nso ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa din no.