Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahobammɔ a Wubenya Nnɛ—Ahobammɔ a Wubenya Daa

Ahobammɔ a Wubenya Nnɛ—Ahobammɔ a Wubenya Daa

Ahobammɔ a Wubenya Nnɛ—Ahobammɔ a Wubenya Daa

DƐN nti na mpɛn pii no wontumi nnya ahobammɔ, na sɛ wonya mpo a, ɛntra hɔ daa? So ebetumi aba sɛ ahobammɔ a yɛhwehwɛ no gyina nsusuwii so—nea yesusuw sɛ yɛn nsa bɛka so sen sɛ yɛde begyina nea yɛn nsa betumi aka ankasa so? Yebetumi afrɛ nsusuwii hunu a ɛte saa no sɛ adaeso.

Nsusuwii ma adwene no man fi asetram nokwasɛm ne ahobammɔ biara a enni hɔ no so kɔhyɛn tebea bi a emu yɛ anigye na ahobammɔ wom mu, na eyi biribiara a ebetumi asɛe saa adaeso no fi hɔ. Nanso mpɛn pii no, nea wubehu ara ne sɛ wiase yi mu haw ahorow no nya nea yesusuw ho no so nkɛntɛnso, na ɛsɛe yiyedi ho adwene no, ma nea ɔresusuw nneɛma ho no ani so tetew no.

Ma yensusuw beae biako a nkurɔfo hwehwɛ ahobammɔ ho—asase so beae bi. Sɛ nhwɛso no, kurow kɛse mu asetra betumi ayɛ nea anidaso wom, wuhu sɛ anigye wɔ hɔ, adwumayɛfo akatua sõsõ, na adan a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ. Yiw, ebetumi ama ayɛ sɛ nea wubenya ahobammɔ a wufi bere tenten hwɛɛ kwan no wɔ hɔ. Na so saa nsusuwii yi yɛ paara?

Beae Ko—Kurow Kɛse Anaa Anidaso Hunu?

Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, nea ɛma nkurɔfo nya kurow kɛse mu asetra ho anigye ne nneɛma ho dawurubɔ a ebetumi ama obi asusuw nneɛma pii ho no. Ɛnyɛ w’ahobammɔ ankasa na ahyehyɛde ahorow a wɔbɔ dawuru a ɛte saa no hwehwɛ, na mmom sɛ́ wɔbɛtɔn wɔn nneɛma. Wɔde tebea horow a yiyedi ne ahobammɔ wom kata wiase yi mu haw ahorow ankasa so. Enti, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔn nneɛma a wɔbɔ ho dawuru ne kurow kɛse mu asetra na ɛma obi nya ahobammɔ.

Susuw nhwɛso a edi so yi ho hwɛ. Afrika Atɔe fam kuropɔn bi mu mpanyimfo de dawurubɔ pon sisii kurom de kyerɛe pefee sɛ sigaretnom te sɛ nea worehyew sika a woabrɛ anya. Ná ɛno yɛ dawurubɔ a wɔde rebɔ ɔmanfo kɔkɔ wɔ sigaretnom ho. Sigaret aguadeyɛfo ne atɔnfo no yɛɛ ho biribi, na wɔnam anifere kwan so yɛɛ dawurubɔ pon a sigaretnomfo a wɔwɔ anigye na wodi yiye wɔ so. Bio nso, sigaret adwumakuw bi maa n’adwumayɛfo binom hyehyɛɛ ntade ne kyɛw soronko kɔkyekyɛɛ sigaret maa mmabun wɔ mmɔnten so, na wɔhyɛɛ obiara nkuran sɛ “ɔnsɔ nhwɛ.” Ná mmabun yi mu pii fi nkuraase, na esiane sɛ na wonnim nnaadaa a dawurubɔ tumi yɛ nti, wotu dii akyi. Wɔbɛyɛɛ nnipa a sigaretnom aka wɔn hɔ. Ná mmabun a wofi nkuraase yi aba kurow kɛse mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ ahobammɔ na ama wɔaboa wɔn mmusua anaasɛ wɔn sikasɛm ayɛ yie. Mmom no, wɔrehyew sika a anka wobetumi de ayɛ biribi pa no mu fã kɛse no ara.

Ɛnyɛ bere nyinaa na dawurubɔ ahorow a ɛkyerɛ sɛ kurow kɛse mu asetra ye no fi aguadifo hɔ. Ebetumi afi nkurɔfo a wɔatu kɔ kurow kɛse mu na wɔfɛre sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn nkuraase no nkyɛn. Esiane sɛ wɔmpɛ sɛ afoforo behu sɛ nneɛma ankɔ yiye nti, wɔde ahode ne nneɛma a wɔkyerɛ sɛ wɔatumi anya wɔ kurow kɛse mu no hoahoa wɔn ho. Nanso, sɛ woyɛ nea wɔka no mu nhwehwɛmu yiye a, wubehu sɛ mprempren asetra a wɔwom no nkyɛn nea na wɔwom wɔ akuraase no; wɔrebrɛ wɔ sikasɛm mu te sɛ nnipa foforo pii a wɔwɔ nkurow akɛse mu no ara.

Ɛyɛ nkurow akɛse mu titiriw na wɔn a wɔaba foforo sɛ wɔrebɛhwehwɛ ahobammɔ yi behu amane. Dɛn ntia? Mpɛn pii no, wonnya bere mfa nnamfo pa, ɛnna wɔne wɔn abusuafo ntam kwan nso aware. Enti wonni afotufo a wobetumi aboa wɔn ma wɔakwati honam fam adedodowpɛ ho mfiri a ɛwɔ nkurow akɛse mu no.

Sigaretnom ho afiri no anyi Josué. Bio nso, obehui sɛ kurow kɛse mu tra boro n’ahoɔden so koraa. Ne fam no, nea na obetumi anya wɔ kurow kɛse mu ara ne huammɔdi. Ohui sɛ wannya nokware ahobammɔ wɔ kurow kɛse mu; na ɔmfata hɔ ankasa. Ɔtee huammɔdi, basaayɛ, ne nkogudi nka, na awiei koraa no ɔbrɛɛ ne ho ase san kɔɔ n’akuraa ase.

Ná osuro sɛ wɔbɛserew no. Nanso, n’abusuafo ne ne nnamfo paa no gyee no fɛw so baa fie. Esiane anigye a onyaa wɔ n’abusua mu, akuraa ase hɔ nneɛma dedaw, ne ɔdɔ a ne nnamfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu daa no adi nti, ankyɛ na ɔtee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ kɛse sen kurow kɛse mu, baabi a nnipa pii anidaso dan awerɛhow no. Nea ɛyɛɛ no nwonwa ne sɛ, afuw mu adwumaden a ɔne n’agya yɛe no maa ɔne n’abusua nyaa sika a na ɛsen nea onya no kurom no koraa.

Sika—Dɛn Ne Ɔhaw no Ankasa?

So sika bɛma woanya ahobammɔ? Liz, a ofi Canada no ka sɛ: “Sɛ́ ababaa no, na migye di sɛ sika yi obi fi ɔhaw mu.” Onyaa ɔbarima sikani bi ho dɔ. Ankyɛ na wɔwaree. So onyaa ahobammɔ? Liz toa so sɛ: “Bere a mewaree no, na yɛwɔ fie fɛfɛ ne kar abien, na ɛkame ayɛ sɛ yɛn sikasɛm tebea maa yɛn nsa kaa biribiara a yehia wɔ honam fam, yetutuu akwan, gyee yɛn ani. Anwonwasɛm ne sɛ, na meda so ara dwen sika ho.” Ɔkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu sɛ: “Ná nneɛma pii haw yɛn. Ɛte sɛ nea dodow a wowɔ bi no, dodow no ara na wote nka sɛ wunni ahobammɔ. Sika anyi ahohia ne adwennwen amfi me so.”

Sɛ wote nka sɛ wunni sika pii nti wunni ahobammɔ a, bisa wo ho sɛ, ‘Ɔhaw no ankasa ne dɛn? So ɛyɛ sika a minni nti, anaasɛ sika a menhwɛ so yiye nti?’ Bere a Liz resusuw ne kan asetra ho no, ɔka sɛ: “Seesei mihu sɛ ade a na ɛma m’abusua no ho kyere wɔn wɔ sikasɛm mu bere a na meyɛ abofra no ne sɛ na wɔnhwɛ sika so yiye. Ná yefiri nneɛma, enti bere nyinaa na ɛka da yɛn anim. Eyi de dadwen too yɛn so.”

Nanso, ɛnnɛ, ɛwom sɛ Liz ne ne kunu nni sika pii de, nanso wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ kɛse. Bere a wosuaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, wogyaee sikasɛm ho nnaadaasɛm tie na wofii ase tiee Onyankopɔn nyansa, a saa nsɛm yi ka ho no: “Nea otie me no bɛtra hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.” (Mmebusɛm 1:33) Ná wɔpɛ sɛ atirimpɔw kɛse ba wɔn asetram sen nea sika pii a egu sikakorabea bɛma wɔanya no. Seesei, sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ akyirikyiri asase bi so no, Liz ne ne kunu rekyerɛkyerɛ asikafo ne ahiafo nyinaa sɛ ɛrenkyɛ Yehowa Nyankopɔn de nokware ahobammɔ bɛba asase nyinaa so. Saa adwuma yi ma obi nya abotɔyam ne asomdwoe a efi atirimpɔw ne gyinapɛn a ɛkorɔn mu, na emfi sikasɛm mu yiyedi, no.

Kae nokwasɛm titiriw yi: Onyankopɔn anim a wubedi yiye no som bo koraa sen honam fam yiyedi. Kyerɛw Kronkron no nyinaa mu no, ɛnyɛ honam fam adedodow a obi benya so na wɔtwe adwene si, na mmom gyinabea pa a obi benya wɔ Yehowa anim, ade a obi betumi akura mu denam Onyankopɔn apɛde a ɔbɛkɔ so de gyidi ayɛ no so. Kristo Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnyɛ adefo Onyankopɔn fam’ na yensie ‘ademude wɔ soro.’—Luka 12:21, 33.

Dibea—Ɛhe na Worekɔ?

Sɛ wote nka sɛ gyinabea a ɛkorɔn a wubenya na ɛbɛma woanya ahobammɔ a, bisa wo ho sɛ: ‘Hena na ɔwɔ gyinabea a ɛkorɔn a wanya nokware ahobammɔ ankasa? Gyinabea a ɛkorɔn bɛn na ɛsɛ sɛ minya na ama manya ahobammɔ?’ Adwuma a edi mu betumi ama woanya ahobammɔ a ɛmfata, na akowie abasamtu, anaa nea ɛsen saa no, animguase mu.

Osuahu kyerɛ ankasa sɛ din pa a yebenya wɔ Nyankopɔn anim no yɛ biribi a ɛma ahobammɔ sen din a yebenya wɔ onipa anim. Yehowa nkutoo na obetumi ama nnipa anya daa nkwa. Ɛnyɛ nea ɛno hwehwɛ ne sɛ wɔbɛkyerɛw yɛn din aka nnipa a wɔwɔ dibea ho, na mmom, sɛ wɔbɛkyerɛw yɛn din wɔ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu.—Exodus 32:32; Adiyisɛm 3:5.

Sɛ wode w’ankasa wo nsusuwii to nkyɛn a, ɔkwan bɛn so na wubu wo mprempren tebea, na dɛn na wubetumi ahwɛ kwan daakye ankasa? Obiara nni hɔ a ɔwɔ biribiara. Sɛnea Kristoni nyansafo bi ka no no, “na ɛsɛ sɛ misua sɛ asetra nte sɛ eyi NE eyi, na mmom, ɛte sɛ eyi ANAA eyi.” Gyina kakra na kenkan adaka mu asɛm, “Wɔka Kyerɛe Wɔ Benin” no.

Afei bua nsɛmmisa yi: Dɛn ne m’asetra mu atirimpɔw anaa botae titiriw? Ɔkwan a ɛyɛ tẽẽ sen biara bɛn na mɛfa so adu ho? So ebetumi aba sɛ menam ɔkwan tenten a ahobammɔ nnim so, ne sɛ metumi afa ɔkwan a ɛnyɛ kyenkyenee bi so ma me nsa aka nea mepɛ ankasa?

Bere a Yesu de kyɛ a honam fam nneɛma ntra hɔ nkyɛ totoo honhom fam nneɛma so mfaso ho ho afotu ma wiei no, ɔkae sɛ ‘yɛmfa yɛn ani nsi ade biako so’ anaa ‘yɛmma ɛnhwɛ tẽẽ.’ (Mateo 6:22) Ɔmaa emu daa hɔ sɛ nneɛma titiriw a ehia wɔ asetram ne honhom fam gyinapɛn ne botae a egyina Onyankopɔn din ne N’ahenni so no. (Mateo 6:9, 10) Nneɛma a aka no yɛ nea ɛho nhyɛ da nhia anaasɛ sɛnea yɛbɛka no no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so.

Nnɛyi mfoninitwa mfiri pii ankasa tumi twa nneɛma a ɛbɛn ne nea ɛwɔ akyiri nyinaa. So wopɛ sɛ woyɛ saa? So ɛkame ayɛ sɛ biribiara a wode w’adwene ‘si so’—nea ɛho hia, nea wopɛ, na wode w’ankasa nsusuwii di akyi no—yɛ nea wo nsa betumi aka? Sɛ eyi te saa kakraa bi mpo a, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ nneɛma foforo, a emu biara gye w’adwen, betumi abunkam ade titiriw a ehia ma Kristofo, Ahenni, no so. Yesu afotu a emu yɛ den a ɔde maa yɛn ne sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:33.

Ahobammɔ Nnɛ ne Daa

Yɛn nyinaa betumi adwennwen nneɛma pa ho ama yɛn ho ne yɛn adɔfo. Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛnyɛ pɛ, yɛte wiase a ɛnyɛ pɛ mu, na yɛn nkwa nna sua no hyɛ yɛn ma yɛtew nneɛma a yɛhwɛ kwan ankasa sɛ yebetumi anya no so. Bible kyerɛwfo bi kyerɛkyerɛɛ mu mfe mpempem pii a atwam ni sɛ: ‘Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne asiane to wɔn nyinaa.’—Ɔsɛnkafo 9:11.

Ɛtɔ mmere bi a, da biara da asetra mu dwumadi bunkam yɛn so araa ma yɛn werɛ fi sɛ yebehu sɛnea yɛte ankasa ne nea yehia ankasa na ama yɛanya ahobammɔ a ɛfata. Susuw tete nsɛm a nyansa wom yi ho hwɛ: “Sɛ wopɛ sika a, sika mmee wo da; sɛ wopɛ wo ho anya a, worennya nea wohwehwɛ nyinaa da. Ɛyɛ ahuhude. Odwumayɛfo didi kakraa oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ. Nanso, ɔdefo wɔ pii araa ma onnya adaye.” (Ɔsɛnkafo 5:10, 12, Today’s English Version) Yiw, ɛhe na w’ahobammɔ wɔ?

Sɛ ɔkwan bi so no, wo tebea te sɛ Josué akwanhwɛ no a, so wubetumi asesa wo nsusuwii? Wɔn a wɔdɔ wo ankasa no bɛboa wo, sɛnea Josué abusuafo ne nnamfonom a wɔwɔ Kristofo asafo no mu boaa no no. Wo ne w’adɔfo betumi abom anya ahobammɔ kɛse wɔ akuraase sen sɛ wo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wo ho mfaso bɛtra kurom.

Sɛ wowɔ pii dedaw, sɛnea na Liz ne ne kunu wɔ pii no a, so wubetumi asakra w’asetra kwan na ama woanya bere ne ahoɔden pii aboa afoforo, sɛ adefo anaa ahiafo, ma wɔasua Ahenni no a ɛne ɔkwan a yɛnam so benya nokware ahobammɔ, no ho ade?

Sɛ worenya asetram dibea bi a ɛkorɔn a, ebia wobɛpɛ sɛ wufi nokwaredi mu susuw nea ɛrehyɛ wo nkuran no ho yiye. Nokwarem no, asetram nneɛma bi a wowɔ no betumi ama woanya asetram anigye. Nanso, so wutumi de w’adwene si Ahenni no—ɔkwan koro pɛ a yɛbɛfa so anya ahobammɔ daa—no so? Kae Yesu nsɛm no: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Sɛ wode wo ho hyɛ dwumadi ahorow a ɛkɔ so wɔ Kristofo asafo no mu mu a, wubenya nokware ahobammɔ.

Wɔn a wonya Yehowa ne N’ahenni mu ahotoso koraa no nya ahobammɔ a edi mu nnɛ, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya ahobammɔ koraa daakye. Odwontofo no kae sɛ: “Mede [Yehowa, NW] masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim. Enti me koma tɔ me yam, na m’anuonyam di ahurusi, nso me honam bɛtra hɔ komm.”—Dwom 16:8, 9.

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 6

Wɔka Kyerɛe Wɔ Benin

Wɔaka saa asɛm yi asakra mu mpɛn pii. Nnansa yi, ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim wɔ akuraa bi ase wɔ Benin, Afrika Atɔe fam no, kaa nea edi so yi kyerɛɛ mmofra bi.

Ɔpofofo no fi ne korow mu ba fie, na adwumayɛ ho nimdefo bi a ofi amannɔne a ɔresom wɔ ɔman a ennyaa nkɔso pii yi mu no hyia no. Onimdefo no bisa ɔpofoni no nea enti a waba fie ntɛm saa. Obua sɛ anka obetumi akyɛ nanso wayi mpataa a ɛdɔɔso a obetumi de ahwɛ n’abusua.

Onimdefo yi bisa sɛ: “Na afei, dɛn na wode wo bere nyinaa yɛ?”

Ɔpofofo no bua sɛ: “Mede bi yi mpataa. Mede bi ne me mma di agoru. Sɛ ɔhyew ba a, yɛn nyinaa bom pɛ baabi da gye yɛn ahome. Sɛ edu anwummere a, yɛbom didi. Akyiri yi, me ne me nnamfonom bom to nnwom, ne nea ɛkeka ho.”

Onimdefo no bua sɛ: “Hwɛ, mawie sukuupɔn na masua saa nneɛma yi ho ade. Mepɛ sɛ meboa wo. Sɛ worekɔyi mpataa a, kyɛ kakra. Wubenya sika pii na ɛnkyɛ koraa na woatumi atɔ hyɛmma a ɛsõ sen ɔkorow yi. Sɛ wunya ahyɛmma kɛse a, wobɛkɔ so anya sika pii na ɛnkyɛ na woatumi atotɔ nhyɛmma pii aka ho.”

Ɔpofofo no bisa sɛ: “Dɛn bio?”

“Afei, sɛ anka wobɛtɔn wo nam ama akonkosifo no, wubetumi ne adwinnan no adi nkitaho tẽẽ anaasɛ wubetumi anya w’ankasa adwinnan a wode bɛyɛ nam ho adwuma. Wubetumi afi akuraase ha atu akɔ Cotonou, anaa Paris, anaa New York, na woafi hɔ ahwɛ w’adwuma no. Wubetumi de w’adwuma no akɔ aguadi nhyehyɛe asoɛe mpo, na woanya sika ɔpepem pii.”

Ɔpofofo no bisa sɛ: “Bere tenten ahe na ne nyinaa begye?”

Onimdefo no bua sɛ: “Bɛyɛ mfirihyia 15 kosi 20.”

Ɔpofofo no bisa sɛ: “Dɛn bio?”

Onimdefo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Saa bere no na asetra bɛyɛ anigye ankasa. Afei wubetumi agyae adwuma. Wubetumi agyaw kurow kɛse mu asetra kitikiti no hɔ abɛpɛ akuraase baabi atra.”

Ɔpofofo no bisa sɛ: “Afei dɛn bio?”

“Afei wubenya bere de ayi mpataa kakra, wo ne wo mma bedi agoru, sɛ wim yɛ hyew a, moapɛ baabi ada agye mo ahome, edu anwummere a wo ne w’abusua adidi, na wo ne wo nnamfo abom ato nnwom.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

So dibea a ɛkorɔn ma obi nya ahobammɔ?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

W’ahobammɔ ho hia mfɛfo Kristofo ankasa