Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɔfo Baanu a Wɔkyerɛɛ Russell Nsɛm Ho Anisɔ

Asɔfo Baanu a Wɔkyerɛɛ Russell Nsɛm Ho Anisɔ

Asɔfo Baanu a Wɔkyerɛɛ Russell Nsɛm Ho Anisɔ

WƆ 1891 mu no, Charles Taze Russell a ɔyɛɛ adwuma a ɛda nsow wɔ Yehowa nokware Kristofo asomfo mu no kɔsraa Europa nea edi kan. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, bere a Russell gyinaa Pinerolo, Italy no, ohyiaa Ɔbenfo Daniele Rivoire, a kan no na ɔyɛ ɔsɔfo wɔ nyamesom kuw bi a wɔfrɛ wɔn Waldensfo mu no. * Ɛwom sɛ Rivoire kɔɔ so de ne ho bɔɔ Waldensfo kakra bere a ofii ɔsom no mu no de, nanso ɔde ne tirim kann kenkanee nhoma ahorow pii a C. T. Russell kyerɛwee no.

Wɔ 1903 mu no, Rivoire kyerɛɛ Russell nhoma a wɔato din, The Divine Plan of the Ages no ase kɔɔ Italy kasa mu na n’ankasa tuaa ne tintim no ho ka. Ɔyɛɛ eyi koraa ansa na wɔrema kwan ama wɔatintim Italy kasa mu de ankasa. Rovoire kyerɛwee wɔ nhoma no nnianim asɛm mu sɛ: “Yɛde saa Italyfo de yi hyɛ Awurade nsa. Onhyira so sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛmfa ho mfomso horow a ɛwom no, aboa ahyɛ ne din kronkron no anuonyam na ahyɛ ne mma a wɔka Italy kasa no nkuran ma wɔahyira wɔn ho so kɛse. Ɛmmra sɛ wɔn a wɔkenkan saa nhoma yi nyinaa bɛkyerɛ emu nnepa, nyansa, ne Onyankopɔn adwene ne ne dɔ ho nimdeɛ a ɛwom no ho anisɔ, na wɔakyerɛ Onyankopɔn ankasa a n’adom so nti na wotumi nyaa saa nhoma yi no nso ho anisɔ.”

Afei Rivoire fii ase kyerɛɛ Zion’s Watchtower and Herald of Christ’s Presence no ase kɔɔ Italy kasa mu. Saa nsɛmma nhoma a mprempren wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban no bae bosome anan biara wɔ afe no mu wɔ 1903 mu. Ɛwom sɛ Ɔbenfo Rivoire ammɛyɛ Bible Suani da de, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no de, nanso ɔkyerɛɛ Bible mu asɛm a wɔka kyerɛ no ho anigye sɛnea Bible Asuafo no akyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma no mu no.

“Ná Ɛte sɛ Nea Abon Bi Afi M’ani so Agu Fam”

Waldensni sɔfo foforo a ɔkyerɛɛ Russell nhoma no ho anigye ne Giuseppe Banchetti. Giuseppe papa a ɔsakra fii Katolek asɔre mu no de Waldensfo nkyerɛkyerɛ tetee no. Giuseppe bɛyɛɛ ɔsɔfo wɔ 1894 mu, na ɔsom wɔ Waldensfo aman a ɛwɔ Apulia ne Abruzzi ne nsupɔw a ɛwɔ Elba ne Sicily no mu.

Wotintim Russell nhoma Divine Plan of the Ages a ɛwɔ Italy kasa mu wɔ 1905 mu, na Banchetti bɔɔ nhoma no mu mfaso a ɛyɛ anigye no mua kyerɛwee. Epuei wɔ Protestantfo La Rivista Cristiana a na ɛba bosome biara no mu. Banchetti kyerɛwee sɛ, “yɛn fam de,” Russell nhoma “no ne nhoma a ɛma nimdeɛ ne akwankyerɛ sen biara a Kristoni biara nsa betumi aka na ɔde asua Kyerɛw Kronkron no anya so mfaso a ɛsen biara . . . Bere a mekenkan wiei no, ɛyɛɛ te sɛ nea abon bi afi m’ani so agu fam, na ɛmaa ɔkwan a wɔfa so kɔ Onyankopɔn nkyɛn no bɛyɛɛ tẽe a ɛso fa nyɛ den. Nsɛm a na ayɛ sɛ nea ɛbɔ ne ho abira no mpo tu yerae. Nkyerɛkyerɛ a na bere bi asete yɛ den no mu bɛdaa hɔ a na asɛm biara nni ho. Nneɛma a na kan no emu nna hɔ no mu bɛdaa hɔ. Nhyehyɛe pa a wiase no nam so benya nkwagye wɔ Kristo mu no mu bɛdaa hɔ maa me araa ma ɛkaa me ma me ne Ɔsomafo no yɛɛ adwene sɛ: O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ!”—Romafo 11:33.

Sɛnea Remigio Cuminetti kae wɔ 1925 mu no, Banchetti daa “ntease kɛse” adi wɔ Bible Asuafo no adwuma ho na “ogyee” wɔn nkyerɛkyerɛ no toom. Banchetti ankasa maa afoforo huu nkyerɛkyerɛ a ɛte saa.

Yehu no pefee wɔ Banchetti nkyerɛwee no mu sɛ, te sɛ Yehowa Adansefo no, ogye di sɛ asase so owusɔre bi bɛba, sɛnea wɔaka wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no. Ɔne Bible Asuafo no nso yɛɛ adwene bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na Onyankopɔn ahyɛ afe a Yesu de wui no ato hɔ na wɔada no adi wɔ Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa adapɛn 70 ho no mu. (Daniel 9:24-27) Bɛboro pɛnkoro na ɔne n’asɔre no nkyerɛkyerɛ anyɛ adwene, na ɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wodi Yesu Kristo wu ho Nkae no pɛnkoro afe biara, wɔ “da pɔtee a afahyɛ no si no.” (Luka 22:19, 20) Ɔpoo Darwin nkyerɛkyerɛ a ɛfa adannandi ho no, na osii so dua sɛ ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo de wɔn ho hyɛ wiase akodi mu.—Yesaia 2:4.

Da bi, na Banchetti ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no J. Campbell Wall resusuw nsɛm a Russell kyerɛwee no ho. Bere a na Banchetti rebua Wall kasatia no, ɔkae sɛ: “Migye di paa sɛ, sɛ wokenkan Russell nhoma no apo asia no a, wobɛyɛ den na woanya anigye kɛse, na woafi koma nyinaa mu ada m’ase. Memfa nkyerɛkyerɛ no nhoahoa me ho; nanso mekenkanee saa nhoma no mfe dubiako a atwam no, na da biara da meda Onyankopɔn ase sɛ ɔde hann ne awerɛkyekye a ɛte saa ama me denam adwuma a ne nyinaa gyina Kyerɛw Kronkron no so pinntinn no so.”

“Tie.. Oo.. Tie”

Ɛda adi pefee sɛ saa Waldensfo baanu—Daniele Rivoire ne Giuseppe Banchetti—yi kyerɛɛ ɔkwan a Russell faa so kyerɛkyerɛɛ Bible no mu no ho anisɔ. Banchetti kyerɛwee sɛ: “Meka sɛ, yɛn Evangelikalfo, anaa mpo yɛn asɔfo anaasɛ nyamekyerɛ abenfo yi mu biara nni hɔ a ɔte biribiara ase. Dabida, yɛwɔ nneɛma pii sua. . . . [Ɛsɛ sɛ] . . . yɛtra ase na yetie, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ yenim biribiara, na ɛnsɛ sɛ yɛpo nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho nhwehwɛmu no. Mmom, ɛsɛ sɛ yetie.”

Afe biara, nnipa mpempem pii na wotie Ahenni nkrasɛm a Yehowa Adansefo de ba wɔn afie no. Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa a wɔwɔ adwempa a Bible mu nokware ho sukɔm de wɔn no regye Yesu ɔfrɛ a ɛne sɛ: “Bra dedi m’akyi” no so.—Marko 10:17-21; Adiyisɛm 22:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔde too obi a wɔfrɛ no Pierre Vaudès, anaa Peter Waldo, afeha 12 mu guadifo bi a ofi Lyons, wɔ France. Wotuu Waldo fii Katolek Asɔre no mu esiane ne gyidi nti. Sɛ wopɛ Waldensfo ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm “Waldensfo—Atuatewfo a Wɔdan Protestantfo” a epuei wɔ March 15, 2002 Ɔwɛn-Aban mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɔbenfo Daniele Rivoire

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Giuseppe Banchetti

[Asɛm Fibea]

Banchetti: La Luce, April 14, 1926