Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere A Nyansa Wom Sɛ Yeguan

Bere A Nyansa Wom Sɛ Yeguan

Bere A Nyansa Wom Sɛ Yeguan

AKAKABENSƐM ne ntawntawdi honhom anaa sɔhwɛ na ɛtaa da adi wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu. Wɔtaa bu obi a oguan fi tebea bi ho no sɛ ɔyɛ mmerɛw anaa ohufo. Wotumi di ne ho fɛw mpo.

Nanso, Bible no ma ɛda adi pefee sɛ mmere bi wɔ hɔ a guan a yebeguan kyerɛ sɛ yɛwɔ nyansa ne akokoduru. Bere a Yesu Kristo resi nokwasɛm yi so dua no, ɔkaa nea edi so yi kyerɛɛ n’asuafo no ansa na ɔresoma wɔn akɔ asɛnka adwuma no mu: “Sɛ wɔtaa mo kurow biako mu a, munguan nkɔ foforo mu.” (Mateo 10:23) Yiw, na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo bɔ mmɔden guan fi wɔn ataafo nsam. Na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ biribi te sɛ nyamesom ho akodi mu, bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra afoforo wɔ ɔhyɛ so. Ná asomdwoe ho asɛmpa na wokura. (Mateo 10:11-14; Asomafo no Nnwuma 10:34-37) Enti sɛ́ anka Kristofo begyina hɔ na wɔn bo afuw mmom no, na ɛsɛ sɛ woguan na wɔtwe wɔn ho fi dekode a ɛde abufuwhyɛ no bae no ho. Saa kwan yi so, na wɔkɔ so kura ahonim pa ne abusuabɔ pa a wɔne Yehowa wɔ no mu.—2 Korintofo 4:1, 2.

Yehu nhwɛso bi a ɛne eyi bɔ abira wɔ Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm mu no. Ɛka aberantewa bi a sɛ́ anka obeguan sɔhwɛ bi a ohyiae no, odii oguamanfo bi akyi “sɛ nantwi a wɔrekokum no.” Ekowiee dɛn? Esiane sɛ ogyaee ne ho mu maa sɔhwɛ a ɛfa ne kra ho no nti, mmusu na efi mu bae.—Mmebusɛm 7:5-8, 21-23.

Na sɛ wuhyia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ anaa tebea foforo a ebetumi de wo ato asiane mu nso ɛ? Sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, ade a ɛfata sɛ woyɛ ne sɛ wubeguan, atwe wo ho afi beae hɔ ntɛmpa ara.—Mmebusɛm 4:14, 15; 1 Korintofo 6:18; 2 Timoteo 2: 22.