Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Onyankopɔn Nnyinasosɛm Nkyerɛ Wo Kwan

Ma Onyankopɔn Nnyinasosɛm Nkyerɛ Wo Kwan

Ma Onyankopɔn Nnyinasosɛm Nkyerɛ Wo Kwan

‘[Yehowa ne] nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo.’—YESAIA 48:17.

1. Ɔkwan bɛn so na Ɔbɔadeɛ no kyerɛ nnipa kwan?

BERE a nyansahufo rebɔ mmɔden sɛ wobehu amansan yi mu nneɛma a wɔnte ase mu no, tumi a ɛwɔ amansan a yɛte mu yi mu a wohu no ma wɔn ho dwiriw wɔn. Ahoɔden a efi owia—a ɛyɛ nsoromma a ɛnso ahe biara—mu ba no te sɛ “hydrogen atopae ɔpepepem 100 a wɔtow wɔ anibu biara mu.” Ɔbɔadeɛ no tumi de ne tumi a enni ano no di ɔsoro abɔde akɛse a ɛtete saa so kyerɛ wɔn kwan. (Hiob 38:32; Yesaia 40:26) Na yɛn nnipa a yetumi fi yɛn pɛ mu yɛ nea yɛpɛ, a yɛwɔ abrabɔ pa ho tumi, yetumi susuw nneɛma ho, na yetumi te honhom fam nneɛma ase no nso ɛ? Ɔkwan bɛn na yɛn Yɛfo no ahu sɛ ɛfata sɛ ɔde yɛn fa so? Ofi ɔdɔ mu nam ne mmara ne ne nnyinasosɛm a ɛkorɔn, ɛne yɛn ahonim a yɛatete no no so, kyerɛ yɛn kwan.—2 Samuel 22:31; Romafo 2:14, 15.

2, 3. Osetie bɛn na Onyankopɔn ani gye ho?

2 Onyankopɔn ani gye abɔde a wonim nyansa a wotie no no ho. (Mmebusɛm 27:11) Sɛ́ anka Yehowa bɛyɛ yɛn wɔ ɔkwan bi so ma yɛayɛ sɛ robɔt a wonnim nyansa no, wama yetumi fi yɛn pɛ mu sisi gyinae wɔ nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ ho.—Hebrifo 5:14.

3 Yesu a ɔyɛɛ ne biribiara sɛ ne soro Agya pɛpɛɛpɛ no, ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo. Memfrɛ mo nkoa bio.” (Yohane 15:14, 15) Wɔ tete mmere mu no, na ɛsɛ sɛ akoa di ne wura mmara so ɔkwan biara so. Nanso, su pa a wɔda no adi na ɛma nkurɔfo fa nnamfo. Yebetumi abɛyɛ Yehowa nnamfo. (Yakobo 2:23) Ɔdɔ a afanu da no adi na ɛma adamfofa yi mu yɛ den. Yesu de osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn bataa ɔdɔ ho bere a ɔkae sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’agya bɛdɔ no.” (Yohane 14:23) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa—ne nea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ yɛn kwan dwoodwoo—nti, Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa ne nnyinasosɛm mmɔ yɛn bra.

Onyankopɔn Nnyinasosɛm

4. Wobɛkyerɛkyerɛ nnyinasosɛm mu dɛn?

4 Dɛn ne nnyinasosɛm? Wɔkyerɛ nnyinasosɛm ase sɛ “nokwasɛm titiriw: mmara titiriw a emu dɔ, nkyerɛkyerɛ, anaa nsusuwii a afoforo gyidi gyina so anaa nea ɛma wonya wɔn gyidi.” (Webster’s Third New International Dictionary) Sɛ yesua Bible no yiye a, yehu sɛ yɛn soro Agya no ma yɛn akwankyerɛ atitiriw a ɛfa asetram tebea horow ne nneɛma pii ho. Yɛn daa yiyedi nti na ɔyɛ eyi. Ɛne nea Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee no hyia sɛ: “Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfe adɔɔso. Makyerɛ wo nyansa kwan, magya wo atempɔn tẽe so.” (Mmebusɛm 4:10, 11) Nnyinasosɛm atitiriw a Yehowa de ama yɛn no fa yɛne ɔno ne yɛn yɔnko nnipa ntam abusuabɔ, yɛn som, ne yɛn da biara da asetra ho. (Dwom 1:1) Ma yensusuw saa nnyinasosɛm atitiriw no bi ho nhwɛ.

5. Ma nnyinasosɛm atitiriw ho nhwɛso bi.

5 Ɛdefa yɛne Yehowa abusuabɔ ho no, Yesu kae sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!” (Mateo 22:37) Afei nso, Onyankopɔn ma yɛn nnyinasosɛm a ɛfa sɛnea yɛne yɛn mfɛfo nnipa di ho, te sɛ Mmara Pa no: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12; Galatifo 6:10; Tito 3:2) Ɛdefa ɔsom ho no, wotu yɛn fo sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam.” (Hebrifo 10:24, 25) Ɛdefa da biara da asetra ho no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!” (1 Korintofo 10:31) Nnyinasosɛm foforo pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu.

6. Ɔkwan bɛn so na ɛsono nnyinasosɛm ne mmara?

6 Nnyinasosɛm yɛ nokwasɛm atitiriw a wotumi de yɛ adwuma, na Kristofo a wonim nyansa ma wɔn ani gye ho. Yehowa de honhom kaa Salomo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa. Mma emmfi w’ani so, fa sie wo komam tɔnn. Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu, ne akwahosan ma ne honam nyinaa.” (Mmebusɛm 4:20-22) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nnyinasosɛm ne mmara mu? Wogyina nnyinasosɛm so na ɛhyehyɛ mmara. Mmara taa fa biribi pɔtee ho, na ebetumi ayɛ adwuma bere bi anaa tebea pɔtee bi mu, nanso nnyinasosɛm ntwam da. (Dwom 119:111) Onyankopɔn nnyinasosɛm bere mpa ho anaasɛ entwam da. Odiyifo Yesaia nsɛm a efi honhom mu no yɛ nokware sɛ: “Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.”—Yesaia 40:8.

Gyina Nnyinasosɛm so Susuw Nneɛma Ho Yɛ W’ade

7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yennyina nnyinasosɛm so nsusuw nneɛma ho na yɛmfa nyɛ yɛn ade?

7 Mpɛn pii no, “yɛn Nyankopɔn” hyɛ yɛn nkuran sɛ yennyina nnyinasosɛm so nsusuw nneɛma ho na yennyina so nyɛ yɛn ade. Bere a wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmmɔ Mmara no mua no, ɔkaa nsɛm ntiatiaa abien—biako sii ɔdɔ a yebenya ama Yehowa so dua, na foforo no sii ɔdɔ a yebenya ama yɛn yɔnko nnipa so dua. (Mateo 22:37-40) Bere a Yesu rekasa no, ɔfaa Mose Mmara no mu nnyinasosɛm a na wɔabɔ no mua dedaw wɔ Deuteronomium 6:4, 5 no fa bi kaa asɛm: “[Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa, NW] koro. Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn.” Ɛda adi sɛ na Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛwɔ Leviticus 19:18 no nso wɔ Yesu adwenem. Onyankopɔn mmara pii da adi wɔ Ɔhene Salomo nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo nhoma no awiei a emu da hɔ, ɛyɛ tiawa, na tumi wom no mu: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde. Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.”—Ɔsɛnkafo 12:13, 14; Mika 6:8.

8. Dɛn nti na ɛyɛ ahobammɔ sɛ yɛbɛte Bible mu nnyinasosɛm ase yiye?

8 Sɛ yɛte nnyinasosɛm atitiriw a ɛte saa ase yiye a, ebetumi aboa yɛn ma yɛate akwankyerɛ ahorow pɔtee bi ase na yɛde adi dwuma. Afei nso, sɛ yɛnte nnyinasosɛm atitiriw no ase yiye na yennye ntom a, ebia yentumi nsisi gyinae ahorow a nyansa wom, na yɛn gyidi betumi ahinhim ntɛmntɛm. (Efesofo 4:14) Sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛtete saa sie yɛn adwene ne yɛn komam a, yebetumi de adi dwuma asisi gyinae ahorow ntɛm. Sɛ yefi ntease mu de di dwuma a, ɛma esi yɛn yiye.—Yosua 1:8; Mmebusɛm 4:1-9.

9. Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte Bible mu nnyinasosɛm ase na yɛde adi dwuma bere nyinaa?

9 Bible mu nnyinasosɛm ase a yɛbɛte na yɛde adi dwuma no nyɛ mmerɛw sɛ mmara a wɔahyehyɛ so a yebedi. Sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, ebia yɛrempɛ sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho asusuw nnyinasosɛm ho ahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yesi gyinae bi anaasɛ yehyia ahokyere bi a, ebia yɛbɛpɛ sɛ wɔma yɛn mmara bi. Ɛtɔ mmere bi a yebetumi akɔhwehwɛ akwankyerɛ afi Kristoni bi a ne ho akokwaw—ebia asafo mu panyin bi—hɔ a yɛhwɛ kwan sɛ yebenya mmara pɔtee bi a ɛfa yɛn tebea no ho. Nanso, ebia Bible anaa Bible ho nhoma no remma yɛn mmara pɔtee bi, na sɛ ɛma yɛn bi mpo a, ɛrenyɛ akwankyerɛ a eye ma bere ne tebea horow nyinaa. Ebia wobɛkae sɛ ɔbarima bi bisaa Yesu sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyade.” Sɛ́ anka Yesu bɛhyɛ mmara bi ntɛm ara de asiesie anuanom no ntam no, ɔmaa nnyinasosɛm bi mmom sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ mo ho yiye anibere biara ho.” Enti Yesu de akwankyerɛ bi a na mfaso wɔ so saa bere no, na mfaso da so wɔ so nnɛ, mae.—Luka 12:13-15, NW.

10. Ɔkwan bɛn so na yɛn ade a yɛbɛyɛ ma ɛne nnyinasosɛm ahyia no ma adwene a ɛwɔ yɛn komam da adi?

10 Ebia woahu nnipa bi a wɔde amemenemfe di mmara so esiane asotwe a ebetumi afi ɛso a wobebu mu aba nti. Obu a wonya ma nnyinasosɛm yi su a ɛte saa fi hɔ. Sɛnea nnyinasosɛm te ankasa no ma wɔn a ɛkyerɛ wɔn kwan no fi komam di so. Nokwarem no, nnyinasosɛm dodow no ara wɔ hɔ a sɛ wubu so a, ɛnyɛ ɛhɔ ara na wunya so asotwe. Eyi ma yenya hokwan de da nea enti a yɛyɛ osetie ma Yehowa, nea ɛwɔ yɛn komam ankasa, no adi. Yehu ɛho nhwɛso bi wɔ po a Yosef poo Potifar yere ɔbrasɛe nneyɛe no mu. Ɛwom sɛ na Yehowa nnya mfaa awaresɛe ho mmara mmae, na na wɔnkyerɛɛ asotwe a Onyankopɔn de bɛba ɔbarima bi a ɔfa ne yɔnko yere so de, nanso na Yosef nim Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛfa aware a wahyira so mu nokwaredi ho no. (Genesis 2:24; 12:18-20) Yetumi hu fi ne mmuae no mu sɛ na nnyinasosɛm a ɛte saa no anya ne so nkɛntɛnso kɛse: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?”—Genesis 39:9.

11. Nneɛma bɛn mu na Kristofo pɛ sɛ Yehowa nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan?

11 Ɛnnɛ, Kristofo pɛ sɛ Yehowa nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan wɔ ankorankoro nsɛm te sɛ fekubɔ, anigyede, nnwom, ne nneɛma a wɔkenkan mu. (1 Korintofo 15:33; Filipifo 4:8) Bere a yenya Yehowa ne ne gyinapɛn ho nimdeɛ, ntease, ne anisɔ pii no, yɛn ahonim, ne ɔbra pa ho adwene a yɛwɔ no bɛboa yɛn ma yɛde Onyankopɔn nnyinasosɛm adi dwuma wɔ tebea biara a yehyia mu, wɔ kokoam nsɛm ankasa mpo mu. Sɛ Bible mu nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan a, yɛrenhwehwɛ akwan bi a yebetumi agyina so ayiyi yɛn ho ano wɔ Onyankopɔn mmara ho, na saa ara na yɛrensuasua wɔn a wɔbɔ mmɔden hwɛ sɛnea wobetumi ayɛ ade akɔ akyiri a wommu Onyankopɔn mmara bi so no. Yehu sɛ nsusuwii a ɛte saa no ma yɛhaw yɛn ho na epira yɛn.—Yakobo 1:22-25.

12. Dɛn ne ade titiriw nti a yɛma Onyankopɔn nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan?

12 Kristofo a wɔn ho akokwaw nim sɛ ade titiriw a ɛma yedi Onyankopɔn nnyinasosɛm so ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebehu sɛnea Yehowa te nka wɔ asɛm bi ho no. Odwontofo no tuu yɛn fo sɛ: “Mo a modɔ [Yehowa, NW], munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) Bere a Mmebusɛm 6:16-19 rebobɔ nneɛma bi a Onyankopɔn bu no sɛ enye din no, ɛkae sɛ: “Ade asia yi na [Yehowa, NW] tan, na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide: ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.” Sɛ yɛpɛ sɛ yesusuw sɛnea Yehowa te nka wɔ nneɛma atitiriw a ɛte saa a ɛkyerɛ yɛn asetra kwan no ho a, ɛbɛyɛ yɛn su sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne nnyinasosɛm ahyia.—Yeremia 22:16.

Adwempa Ho Hia

13. Nsusuwii bɛn na Yesu sii so dua wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu?

13 Nnyinasosɛm a yebehu na yɛde adi dwuma no nso bɔ yɛn ho ban fi ɔsom hunu ho. Ɛsono nnyinasosɛm akyidi ne mmara sodi katee. Yesu daa eyi adi pefee wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mateo 5:17-48) Kae sɛ na Yesu atiefo no yɛ Yudafo, enti na anka ɛsɛ sɛ Mose Mmara no kyerɛ wɔn asetra kwan. Nanso, nokwarem no, na wɔakyinkyim Mmara no. Ná wosi Mmara no mu nsɛm so dua sen nea ɛkyerɛ no. Wobesii wɔn atetesɛm so dua maa no bɛyɛɛ nea ɛho hia sen Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ. (Mateo 12:9-12; 15:1-9) Ne saa nti, wɔankyerɛkyerɛ nnipa dodow no ara amma wɔannyina nnyinasosɛm so ansusuw nneɛma ho.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu boaa n’atiefo ma wogyinaa nnyinasosɛm so susuw nneɛma ho?

14 Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu kaa akwan anum a yɛnam so da abrabɔ pa adi ho asɛm wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu: abufuw, aware ne awaregyae, bɔhyɛ ahorow, aweretɔ, ɔdɔ ne ɔtan. Wɔ nsɛm no biara mu no, Yesu kyerɛɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛde nnyinasosɛm bedi ho dwuma. Yesu nam so maa n’akyidifo no abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa awaresɛe ho no, ɔde nnyinasosɛm a ɛnyɛ yɛn nneyɛe nko na ɛma yɛhwɛ no yiye na mmom yɛn nsusuwii ne yɛn akɔnnɔ ahorow nso, mae sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.”—Mateo 5:28.

15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yebedi mmara so katee?

15 Nhwɛso yi da no adi sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani pa adwene a ɛwɔ Yehowa nnyinasosɛm akyi so da. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛfa nnipa ani so som so de anya Onyankopɔn anim dom da. Yesu kaa nnaadaasɛm a ɛwɔ nneyɛe a ɛte saa mu ho asɛm denam adwene a ɔtwe sii Onyankopɔn mmɔborohunu ne ne dɔ so no so. (Mateo 12:7; Luka 6:1-11) Sɛ yedi Bible nnyinasosɛm akyi a, yɛbɛkwati mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebedi (anaasɛ yɛbɛhyɛ afoforo ma wɔadi) nea ɛfata sɛ yɛyɛ ne nea ɛmfata sɛ yɛyɛ ho mmara pii a wɔahyehyɛ a ɛyɛ katee sen nea Bible kyerɛkyerɛ no so. Yebedwen ɔdɔ ne osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn ho nnyinasosɛm ho kɛse asen nnipa ani so som.—Luka 11:42.

Anigye a Efi Mu Ba

16. Ma nhwɛso ahorow a ɛfa nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu mmara bi akyi ho.

16 Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ osetie ama Yehowa no, ɛho hia sɛ yehu sɛ ne mmara gyina nnyinasosɛm atitiriw so. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ Kristofo kwati abosonsom, nna mu ɔbrasɛe, ne mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Dɛn na ɛma Kristofo di nsɛm yi so? Ɛfata sɛ yɛde ɔsom a edi mũ ma Onyankopɔn; ɛsɛ sɛ yedi yɛn hokafo nokware; na Yehowa ne yɛn Nkwamafo. (Genesis 2:24; Exodus 20:5; Dwom 36:9) Nnyinasosɛm yi ase a yɛbɛte no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegye mmara horow a ɛkeka ho no atom na yɛadi so.

17. Nneɛma pa bɛn na ebetumi afi Bible mu nnyinasosɛm a yɛbɛte ase na yɛde adi dwuma no mu aba?

17 Bere a yehu nnyinasosɛm a ɛwɔ akyi na yɛde di dwuma no, yehu sɛ ɛwɔ hɔ ma yɛn yiyedi. Mfaso horow ankasa taa ka honhom fam nhyira a Onyankopɔn nkurɔfo nya no ho. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔtwe wɔn ho fi sigaretnom ho, wɔn a wɔbɔ bra pa, ne wɔn a wɔkyerɛ obu ma kronkron a mogya yɛ no kwati nyarewa bi. Saa ara na Onyankopɔn nokware no a yɛde bɛtra ase no betumi ama yɛanya mfaso wɔ sikasɛm, adwumayɛ, anaa abusua mu. Mfaso ankasa a ɛte saa biara da no adi sɛ Yehowa gyinapɛn ahorow som bo, na ɛyɛ adwuma ankasa. Nanso, ɛnyɛ mfaso a ɛte saa titiriw nti na yɛde Onyankopɔn nnyinasosɛm di adwuma. Nokware Kristofo tie Yehowa asɛm esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma no, fata a ɔfata sɛ wɔsom no, ne teɛ a ɛteɛ sɛ wɔyɛ saa nti.—Adiyisɛm 4:11.

18. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Kristofo a yedi yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn asetra kwan?

18 Sɛ yɛma Bible mu nnyinasosɛm kyerɛ yɛn asetra kwan a, ɛma yenya asetra kwan a ɛkorɔn, na ɛno ankasa tumi twetwe afoforo ma wɔbɛnantew Onyankopɔn kwan so. Nea ɛho hia titiriw no, yɛn asetra kwan hyɛ Yehowa anuonyam. Yehu sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn ankasa a ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. Sɛ yesisi gyinae ma ɛne Bible mu nnyinasosɛm hyia na yehu sɛnea Yehowa hyira yɛn no a, yɛte nka sɛ yɛabɛn no yiye. Yiw, yɛkɔ so ne yɛn soro Agya no nya abusuabɔ a ɔdɔ wom.

So Wokae?

• Dɛn ne nnyinasosɛm?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsono nnyinasosɛm ne mmara?

• Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yebegyina nnyinasosɛm so asusuw nneɛma ho na yɛayɛ yɛn ade?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 20

Wilson yɛ Kristoni bi a ofi Ghana, na na wɔaka akyerɛ no sɛ wobeyi no adi afi adwumam nna kakraa bi akyi. Wɔ ne da a etwa to wɔ adwumam no, wɔmaa no adwuma sɛ ɔnhohoro adwumakuw no kwankyerɛfo panyin kar ho. Bere a Wilson huu sika bi wɔ kar no mu no, Wilson adwumam panyin bi ka kyerɛɛ no sɛ esiane sɛ wɔrebeyi no adi saa da no nti na Onyankopɔn de sika no abrɛ no. Nanso, bere a Wilson de Bible mu nnyinasosɛm reyɛ adwuma no, ɔde sika no kɔmaa adwuma no kwankyerɛfo no. Bere a ɔkwankyerɛfo no ho adwiriw no na n’ani agye no, ɛnyɛ fa nko na ɔfaa no sɛ ɔnyɛ adwuma daa ntɛm ara na mmom ɔbɔɔ n’aba so ma ɔbɛyɛɛ adwumakuw no mu panyin nso.—Efesofo 4:28.

[Adaka wɔ kratafa 21

Rukia yɛ Albaniani bea a ɔwɔ ne mfirihyia 60 mu. Esiane abusua mu wontwiwontwi bi nti, bɛboro mfirihyia 17 na ɔne ne nuabarima nkasa. Ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na ohui sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ne afoforo tra asomdwoe mu, na ɛnsɛ sɛ wonya afoforo ho menasepɔw. Ɔbɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa, na ɔkɔɔ ne nuabarima no fie a na ne koma rebɔ paripari. Ne nua no babea na obuee ɔpon no. Ne ho dwiriw no ma obisaa Rukia sɛ: “Hena na wawu? Worepɛ dɛn wɔ ha?” Rukia kae sɛ ɔpɛ sɛ ohu ne nuabarima no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu bɔkɔɔ sɛ, Bible nnyinasosɛm ne Yehowa ho ade a wasua no ahyɛ no nkuran sɛ ɔne ne nuabarima no nsiesie wɔn ntam. Bere a wosui yeyɛɛ wɔn ho atuu no, wogyee wɔn ani wɔ saa nkabom soronko yi ho!—Romafo 12:17, 18.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Mateo 5:27, 28

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Mateo 5:3

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Mateo 5:24

[Mfonini wɔ kratafa 23]

“Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ɔkɔɔ bepɔw so; na ɔtraa ase no, n’asuafo baa ne nkyɛn. Na obuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn.”MATEO 5:1, 2