Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Mmara Wɔ Hɔ ma Yɛn Yiyedi

Onyankopɔn Mmara Wɔ Hɔ ma Yɛn Yiyedi

Onyankopɔn Mmara Wɔ Hɔ ma Yɛn Yiyedi

“Medɔ wo mmara dɛn ara!”—DWOM 119:97.

1. Su bɛn na nkurɔfo taa da no adi wɔ osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn mmara ho?

NNIPA ani nnye ho sɛ wobedi Onyankopɔn mmara so nnɛ. Wɔ pii fam no, ɛte sɛ nea ntease nnim sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ tumidifo bi a wonhu no ase. Yɛte bere a obiara bu ne bra sɛnea ɔpɛ mu, bere a yenhu nsonsonoe a ɛwɔ ade a ɛteɛ ne nea ɛnteɛ mu, ne bere a nsɛm tebea ayɛ hwanyann mu. (Mmebusɛm 17:15; Yesaia 5:20) Ɛbɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi de hwɛɛ adwene a ɔmanfo dodow no ara kura mu sɛ “Amerikafo dodow no ara pɛ sɛ wɔn ankasa kyerɛ ade a ɛteɛ, nea ɛyɛ papa ne nea mfaso wɔ so ma wɔn.” Wɔmpɛ “Onyankopɔn a ne tirim yɛ den. Wɔmpɛ mmara katee biara. Wɔmpɛ atumfoɔ a wɔyɛ den, a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra na wɔyɛ nneɛma foforo a wosusuw sɛ ɛyɛ papa no.” Obi a ɔhwehwɛ asetram nsɛm mu kae sɛ, ɛnnɛ “wɔhwɛ kwan sɛ ankorankoro bɛkyerɛ nea ɛkyerɛ sɛ obi abrabɔ teɛ na ɛyɛ ɔbra pa.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɛsɛ sɛ tumidifo biara ma ne mmara ne nnipa ankasa ahiade hyia.”

2. Ɔkwan bɛn so na mmara din a wodii kan bɔe wɔ Bible mu ne Onyankopɔn nhyira ne n’anim dom a yebenya wɔ abusuabɔ a emu yɛ den?

2 Esiane sɛ nnipa pii nhu mfaso a ɛwɔ Yehowa mmara so nti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn gyinapɛn ahorow wɔ hɔ ma yɛn yiyedi no mu den. Ɛho hia sɛ yesusuw asɛm a ɛwɔ baabi a wodii kan bɔɔ mmara din wɔ Bible mu no ho. Yɛkenkan Onyankopɔn nsɛm wɔ Genesis 26:5 sɛ: ‘Abraham dii me nsiesiei, me mmara nsɛm, m’ahyɛde ne me mmara so.’ Wɔkaa saa nsɛm no mfehaha pii ansa na Yehowa de mmara apam a wakyerɛkyerɛ mu yiye no rema Abraham asefo. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn tuaa Abraham ka wɔ ne setie ho, a osetie a ɔyɛe wɔ Ne mmara ho ka ho? Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:18) Enti Onyankopɔn mmara ho osetie a yɛbɛyɛ ne Onyankopɔn nhyira ne n’anim dom a yebenya wɔ abusuabɔ.

3. (a) Yehowa mmara ho atenka bɛn na odwontofo bi daa no adi? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

3 Nnwontofo no mu biako—ɛda adi sɛ ɔbɛyɛ Yuda safohene ne obi a na obedi hene daakye—kaa asɛm bi a wɔntaa nka mfa mmara ho. Ɔteɛɛm sɛ: ‘Medɔ wo mmara dɛn ara!’ (Dwom 119:97) Na eyi nyɛ nkate fam adeyɛ kɛkɛ. Ná ɛyɛ anigye a ɔwɔ ma Onyankopɔn apɛde a ɛwɔ ne mmara mu a ɔdaa no adi. Ná Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no wɔ atenka a ɛte saa. Wɔkaa Yesu ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.” (Dwom 40:8; Hebrifo 10:9) Na yɛn nso ɛ? So yɛn ani gye Onyankopɔn apɛdeyɛ ho? So yegye di sɛ mfaso wɔ Yehowa mmara so? Ɔfã bɛn na osetie a yɛyɛ ma Onyankopɔn mmara wɔ wɔ yɛn som mu, yɛn da biara da asetram, yɛn gyinaesi mu, ne yɛne afoforo ntam abusuabɔ mu? Sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn mmara a, ɛyɛ papa sɛ yɛte nea enti a Onyankopɔn wɔ ho kwan sɛ ɔyɛ mmara na ɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma no ase.

Yehowa—Mmarahyɛfo a Ɔfata

4. Dɛn nti na Yehowa ne Mmarahyɛfo a ɔfata sen biara?

4 Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, Yehowa ne Mmarahyɛfo a ɔfata sen biara wɔ amansan yi mu. (Adiyisɛm 4:11) Odiyifo Yesaia kae sɛ: “[Yehowa, NW] ne yɛn mmarahyɛfo.” (Yesaia 33:22) Wayɛ abɔde mu mmara na akyerɛ abɔde a nkwa wom ne nea nkwa nnim kwan. (Hiob 38:4-38; 39:1-12; Dwom 104:5-19) Sɛ́ Onyankopɔn abɔde no, onipa hyɛ Yehowa abɔde mu mmara ase. Ɛwom sɛ onipa tumi paw nea ɔpɛ, tumi susuw nneɛma ho de, nanso sɛ odi Onyankopɔn abrabɔ ne honhom fam mmara so a, ɛnna n’ani gye.—Romafo 12:1; 1 Korintofo 2:14-16.

5. Ɛdefa Onyankopɔn mmara ho no, ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ Galatifo 6:7 no yɛ nokware?

5 Sɛnea yenim no, Yehowa abɔde mu mmara no yɛ nea wontumi mmu so. (Yeremia 33:20, 21) Sɛ obi bu abɔde mu mmara no bi te sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam ho mmara so a, ohu amane. Saa ara na yentumi nsakra Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho na yentumi mmɔ ngu anaasɛ yemmu so na yɛmfa yɛn ho nni. Ɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ te sɛ nea abɔde mu mmara yɛ adwuma no, nanso ebia nea efi mu ba no nna adi ntɛm. “Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7; 1 Timoteo 5:24.

Yehowa Mmara Nyinaa

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mmara fa nneɛma nyinaa ho?

6 Mose Mmara no ne Onyankopɔn mmara a ɔdaa no adi a na ɛyɛ soronko. (Romafo 7:12) Bere kɔɔ so no, Yehowa Nyankopɔn de “Kristo mmara” no besii Mose Mmara no ananmu. * (Galatifo 6:2; 1 Korintofo 9:21) Sɛ́ Kristofo a yɛwɔ “adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ” ase no, yenim sɛ ɛnyɛ yɛn asetra afã bi te sɛ nneɛma a yegye di anaa akwan a yɛfa so som ho nko na Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan. Ne gyinapɛn ahorow ka yɛn asetra afã nyinaa, a abusua mu nsɛm, adwumam nsɛm, sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho, sɛnea yɛne mfɛfo Kristofo di, ne kyɛfa a yenya wɔ nokware som mu, ka ho.—Yakobo 1:25, 27.

7. Ma Onyankopɔn mmara a ɛho hia no ho nhwɛso ahorow.

7 Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Yiw, awaresɛe ne aguamammɔ nyɛ “ɔdɔ asɛm” kɛkɛ. Nnipa a wokura bɔbeasu koro ntam nna nyɛ “asetra kwan foforo” ara kwa. Eyinom yɛ Yehowa mmara so a wobu. Na saa ara nso na nneɛma te sɛ korɔnbɔ, atorodi, ne ntwiri te. (Dwom 101:5; Kolosefo 3:9; 1 Petro 4:15) Yakobo kasa tiaa ahohoahoa, na Paulo tuu yɛn fo sɛ yɛnkwati nkwaseasɛm ne asereseresɛm a ɛnsɛ. (Efesofo 5:4; Yakobo 4:16) Wɔ Kristofo fam no, saa abrabɔ ho mmara yi nyinaa ka Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ no ho.—Dwom 19:7.

8. (a) Yehowa mmara te dɛn? (b) Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “mmara” no nkyerɛase titiriw ne dɛn?

8 Ahyɛde atitiriw a ɛte saa a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu no da no adi sɛ ne mmara nyɛ ahyɛde katee a wɔahyehyɛ a ayamye biara nnim. Ɛma yenya asetra a ɛkari pɛ na mfaso wɔ so, a asetram biribiara wom ma yɛn yiyedi. Onyankopɔn mmara hyɛ den, ɛkyerɛkyerɛ abrabɔ pa, na asuade wom. (Dwom 119:72) Wɔkyerɛɛ asɛmfua “mmara” a odwontofo no de dii dwuma no ase fii Hebri asɛmfua toh·rahʹ mu. Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ: “Wonyaa asɛmfua yi fii adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ sɛ́ wɔbɛkyerɛ kwan, wɔbɛbɔ biribi ho ban, wɔde adwene besi biribi so, sɛ́ wɔbɛma biribi akɔ anim, mu. Ɛnde, ne nkyerɛase . . . bɛyɛ abrabɔ ho akwankyerɛ.” Odwontofo no fam no, na mmara no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. So ɛnsɛ sɛ yebu no saa ara, na yɛma ɛkyerɛ yɛn asetra kwan?

9, 10. (a) Dɛn nti na yehia akwankyerɛ a yebetumi de yɛn ho ato so? (b) Ɔkwan bɛn so nkutoo na yebetumi anya asetra a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so?

9 Abɔde nyinaa hia akwankyerɛ a edi mũ a wɔde wɔn ho bɛto so. Eyi te saa wɔ Yesu ne abɔfo a wɔkorɔn sen nnipa no fam. (Dwom 8:5; Yohane 5:30; 6:38; Hebrifo 2:7; Adiyisɛm 22:8, 9) Sɛ abɔde a wɔyɛ pɛ yi tumi nya Onyankopɔn akwankyerɛ so mfaso a, ɛnde hwɛ mfaso ara a nnipa a wɔnyɛ pɛ no benya! Nnipa abakɔsɛm ne yɛn ankasa suahu ada nokware a odiyifo Yeremia asɛm no yɛ no adi: “[Yehowa, NW] mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

10 Sɛ yɛpɛ sɛ yenya asetra a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. Ɔhene Salomo huu asiane a ɛwom sɛ obi de n’ankasa gyinapɛn bɛtra ase na wabɔ ne bra a Onyankopɔn akwankyerɛ nka ho: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.”—Mmebusɛm 14:12.

Nea Enti a Yɛkyerɛ Yehowa Mmara Ho Anisɔ

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛte Onyankopɔn mmara ase?

11 Ɛyɛ papa sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yɛbɛte Yehowa mmara ase. Odwontofo no daa anigyina a ɛte saa adi bere a ɔkae sɛ: “Bue m’aniwa, na menhwɛ wo mmara mu anwonwade.” (Dwom 119:18) Dodow a yehu Onyankopɔn ne n’akwan no, dodow no ara na yɛbɛte nokware a Yesaia nsɛm no yɛ no ase: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ.” (Yesaia 48:17, 18) Nea Yehowa pɛ paa ne sɛ ne nkurɔfo bɛkwati amanehunu na wɔanya anigye wɔ asetram denam aso a wɔbɛyɛ ama n’ahyɛde so. Ma yɛnhwehwɛ nneɛma atitiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn mmara ho anisɔ no bi mu.

12. Ɔkwan bɛn so na nim a Yehowa nim yɛn no ma ɔyɛ Mmarahyɛfo a ɔsen biara?

12 Onyankopɔn mmara fi Nea onim yɛn sen biara no hɔ. Esiane sɛ Yehowa ne yɛn Bɔfo nti, akyinnye biara nni ho sɛ obehu nnipa yiye. (Dwom 139:1, 2; Asomafo no Nnwuma 17:24-28) Nnamfo, abusuafo, ne awofo mpo ntumi nhu yɛn yiye sɛnea Yehowa nim yɛn no. Hwɛ, Onyankopɔn nim yɛn yiye sen yɛn ankasa mpo! Yɛn Yɛfo no te yɛn honhom fam, nkate fam, adwenem, ne yɛn honam fam ahiade ase sen obiara. Sɛ osusuw yɛn ho a, ɔda ntease a emu yɛ den adi wɔ yɛn su, yɛn apɛde, ne yɛn botae ahorow ho. Yehowa te yɛn sintɔ ahorow ase, na onim sɛnea yebetumi ayɛ ade pa no nso. Odwontofo no kae sɛ: “Onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:14) Enti, yebetumi ate nka sɛ yɛwɔ honhom fam ahobammɔ bere a yɛnantew Onyankopɔn mmara mu, na yefi yɛn pɛ mu de yɛn ho hyɛ n’akwankyerɛ ase no.—Mmebusɛm 3:19-26.

13. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn yiyedi ho hia Yehowa?

13 Onyankopɔn mmara fi Nea ɔdɔ yɛn no hɔ. Yɛn daa yiyedi ho hia Onyankopɔn yiye. So wanhwere ade kɛse amfa ne Ba amma sɛ ‘agyede amma nnipa pii’? (Mateo 20:28) So Yehowa nhyɛɛ bɔ sɛ ‘ɔremma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi so’? (1 Korintofo 10:13) So Bible mmaa yɛn awerɛhyem sɛ ‘odwen yɛn ho’? (1 Petro 5:7) Obiara nni hɔ a n’ani gye ho kɛse sɛ ɔbɛma adesamma akwankyerɛ a mfaso wɔ so sen Yehowa. Onim nea eye ma yɛn ne nea ɛbɛma yɛanya anigye ne nea ɛbɛma yɛn werɛ ahow. Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ na yedi mfomso de, nanso sɛ yedi trenee akyi a, ɔda ne dɔ adi kyerɛ yɛn wɔ akwan a ɛbɛma yɛanya nkwa ne nhyira so.—Hesekiel 33:11.

14. Ɔkwan titiriw bɛn so na ɛsono Onyankopɔn mmara ne nnipa nsusuwii?

14 Onyankopɔn mmara nsakra ankasa. Wɔ basabasa bere a yɛte mu yi mu no, Yehowa yɛ ɔbotantim a ɔwɔ hɔ daa. (Dwom 90:2) Ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Me [Yehowa, NW], mensakra.” (Malaki 3:6) Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no, Onyankopɔn gyinapɛn ahorow yɛ nea wotumi de ho to so koraa—ɛnte sɛ nnipa nsusuwii a ɛkɔ so sakra no. (Yakobo 1:17) Sɛ nhwɛso no, adwene ne nneyɛe ho animdefo de mfirihyia pii akamfo akyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔteɛ mmofra so, nanso ebinom asesa wɔn adwene akyiri yi agye atom sɛ na wɔn afotu no nyɛ papa. Wiase no gyinapɛn ne n’akwankyerɛ a ɛfa asɛm yi ho sakrasakra te sɛ nea mframa rebɔ no. Nanso, Yehowa Asɛm nsakra. Mfehaha pii ni na Bible no de sɛnea wofi ɔdɔ mu tete mmofra ho afotu ama. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Hwɛ awerɛhyem a ɛyɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa gyinapɛn ahorow so; ɛrensakra!

Nhyira a Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wodi Onyankopɔn Mmara So

15, 16. (a) Sɛ yɛde Yehowa gyinapɛn ahorow di dwuma a, dɛn na ebefi mu aba? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mmara betumi ada adi sɛ ɛyɛ akwankyerɛ pa ma aware?

15 Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: ‘M’asɛm a efi m’anom bɛyɛ nea enti a mesomae no.’ (Yesaia 55:11) Sɛ yɛbɔ mmɔden di gyinapɛn ahorow a ɛwɔ N’asɛm mu so a, akyinnye biara nni ho sɛ, ebesi yɛn yiye, nneɛma pa befi mu aba, na yɛanya anigye.

16 Susuw sɛnea Onyankopɔn mmara yɛ akwankyerɛ pa a ɛma aware gyina no ho hwɛ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Ɛsɛ sɛ awarefo bu wɔn ho na wɔdodɔ wɔn ho: “Mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.” (Efesofo 5:33) Wɔakyerɛkyerɛ ɔdɔ a ɛho hia no mu wɔ 1 Korintofo 13:4-8 sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.” Aware a saa ɔdɔ yi wɔ mu no rengu da.

17. Mfaso ahorow bɛn na ɛwɔ dwuma a wɔde Yehowa gyinapɛn a ɛfa asanom ho di no mu?

17 Adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ Yehowa gyinapɛn ahorow so ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛkasa tia asabow no. Ɛkasa tia ‘asadweamyɛ’ mpo. (1 Timoteo 3:3, 8; Romafo 13:13) Nnipa a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa asɛm yi ho so no pii nya nyarewa a asanom bebrebe de ba no anaasɛ ɛma wɔn nyarewa mu yɛ den. Ebinom abu wɔn ani agu Bible afotu a ɛfa nsa kakra a wɔbɛnom ho so, na wɔnom nsa fuu “de dwudwo wɔn ho.” Asabow de ɔhaw pii ba, a ebi ne obu a wɔhwere, abusua mu nsɛm tebea a ɛsɛe anaa abusua a emu paapae, sikasɛe, ne adwuma a efi nsa. (Mmebusɛm 23:19-21, 29-35) So Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛfa asanom ho no nyɛ ahobammɔ?

18. So Onyankopɔn mmara so wɔ mfaso wɔ sikasɛm mu? Kyerɛkyerɛ mu.

18 Ada adi sɛ Onyankopɔn gyinapɛn ahorow yɛ adwuma wɔ sikasɛm mu nso. Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wonni nokware na wɔnyɛ nsi. (Luka 16:10; Efesofo 4:28; Kolosefo 3:23) Esiane sɛ Kristofo pii di afotu yi akyi nti, wɔabɔ wɔn aba so anaasɛ wɔakɔ so ayɛ wɔn adwuma bere a na wɔreyi afoforo adi no. Sɛ obi kwati su ne nneyɛe a ɛka nnipa hɔ a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia te sɛ kyakyato, sigaretnom, ne nnubɔnenom a, ɛma onya sika nso. Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi asusuw sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn ahorow boa ma sikasɛm yɛ yiye ho nhwɛso foforo ho.

19, 20. Dɛn nti na nyansa wom sɛ wubegye Onyankopɔn mmara atom na wode adi dwuma?

19 Ɛnyɛ den sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ bɛman afi Onyankopɔn mmara ne ne gyinapɛn ahorow ho. Susuw bere a na Israelfo wɔ Bepɔw Sinai so no ho hwɛ. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu.” Wobuae sɛ: “Nea [Yehowa, NW] aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” Nanso, hwɛ ɔkwan foforo a wɔfaa so! (Exodus 19:5, 8; Dwom 106:12-43) Nea ɛne no bɔ abira no, momma yennye Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ntom na yenkura mu.

20 Ɔkwan a nyansa wom na ɛyɛ anigye ne sɛ yɛbɛbata mmara a ɛso nni a Yehowa de ama a ɛbɛboa akyerɛ yɛn kwan wɔ asetram no ho denneennen. (Dwom 19:7-11) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi yiye no, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow som bo na yɛkyerɛ ho anisɔ nso. Eyi ne nea yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ “Kristo mmara” ho nsɛm pii a, hwɛ September 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 14-24.

So Wokae?

• Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn mmara wɔ hɔ ma yɛn yiyedi?

• Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Yehowa mmara ho anisɔ?

• Akwan bɛn so na Onyankopɔn mmara so wɔ mfaso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Wohyiraa Abraham kɛse wɔ Yehowa mmara a odii so mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Ɛnnɛ asetra a adagyew nnim mu dadwen yi nnipa pii adwene fi Onyankopɔn mmara so

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Te sɛ abantenten a kanea si so wɔ ɔbotan so no, Onyankopɔn mmara tim hɔ pintinn na ɛnsakra