Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Ankorankoro nhyehyɛe a Bepɔw so asɛnka no ka ho bɛn na wobetumi de atew amanehunu so?

Wubetumi akenkan Yesu nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛwɔ saa ɔkasa no mu no anaasɛ mmeae foforo wɔ Nsɛmpa no mu. Denam saa nkyerɛkyerɛ no ho a wobɛdwennwen na wode adi dwuma so no, akyinnye biara nni ho sɛ wubenya anigye pii na w’adwennwen so atew.—12/15, kratafa 12-14.

Atirimpɔw titiriw abiɛsa bɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo tete asomfo ma wodi asɛyɛde ahorow ho dwuma?

Esiane sɛ Yehowa Adansefo redɔɔso nti, wohia mmarima foforo a wodi asɛyɛde ho dwuma ma wɔaboa wɔn a wɔagye asubɔ foforo no ma wɔanya nkɔanim. Mpanyinyɛ anaa nyarewa atew nea mpanyimfo binom a wɔde mfe pii asom betumi ayɛ ahoɔden so. Na mpanyimfo a wɔn ho akokwaw no wowɔ asɛyɛde ahorow wɔ wɔn asafo no akyi, enti ɛmma wontumi nni wɔn asafo no ahiade ahorow ho dwuma yiye sɛnea na wɔyɛ kan no.—1/1, kratafa 29.

Ɔkwan bɛn so na ebinom gye anyame a wonni hɔ ankasa di?

Ebinom som wɔn anyame, nanso ebetumi aba sɛ eyinom yɛ anyame a nkwa biara nni wɔn mu a wɔrentumi nnye wɔn te sɛ Elia bere so Baal no. (1 Ahene 18:26, 29; Dwom 135:15-17) Afoforo som nnipa a wɔagye din wɔ anigyede anaa agumadi mu, a wɔrentumi mma wɔn daakye anidaso ankasa. Nanso, Yehowa te ase ankasa na odi n’atirimpɔw ahorow so.—1/15, kratafa 3-5.

Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Kain yɛɛ n’ade wɔ kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de maa no no mu?

Onyankopɔn de yɛn pɛ ama yɛn, na yebetumi apaw sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ sen sɛ yɛbɛdan yɛn ho afi papa a yɛbɛyɛ ho sɛnea Kain yɛɛ n’ade no. Bible kyerɛwtohɔ nso kyerɛ sɛ Yehowa bu wɔn a wonnu wɔn ho no atɛn.—1/15, kratafa 22-23.

Dɛn nti na ahotew ho hia Titiriw Nnɛ ankasa?

Esiane asetra akwan a ɛresesa nti, nnipa pii nnya bere mfa nsiesie wɔn fie sɛnea na anka ɛte no. Yɛn ani a yebebu agu aduan ne nsu a ɛho tew so no betumi de yɛn akwahosan ato asiane mu. Honam fam ahotew akyi no, Bible no twe adwene si honhom fam, abrabɔ fam, ne adwenem ahotew a yɛbɛma yɛn ani aku ho so.—2/1, kratafa 3-6.

Ɛdefa Adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba ho no, Paulo kae sɛ ‘wɔrenkwati yɛn nyɛ wɔn pɛ.’ Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? (Hebrifo 11:40)

Wɔ mfirihyia apem a ɛreba no mu no Kristo ne ne nuanom a wɔwɔ soro a wɔasra wɔn, a wɔresom sɛ ahemfo ne asɔfo no, de agyede no ho mfaso bɛma wɔn a wobenyan wɔn no. Wɔbɛma saa gyidifo a wɔte sɛ wɔn a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no ‘ayɛ pɛ.’—2/1, kratafa 23.

Bere a Paulo ka kyerɛɛ Hebrifo no sɛ: “munnya nsiw ano nkoduu mogya mu ɛ,” no na ɔrepɛ akyerɛ dɛn? (Hebrifo 12:4)

Na ɔrekyerɛ ko a yɛbɛko akosi sɛ yebewu. Abakɔsɛm mu nhwɛso ahorow a ɛfa wɔn a wodii nokware kosii owu mu ho wɔ hɔ. Ɛwom sɛ na wɔnsɔɔ Hebrifo a Paulo kyerɛw krataa kɔmaa wɔn no nhwɛe saa de, nanso na ɛho hia sɛ wɔn ho kokwaw, na ahyɛ wɔn gyidi a wɔde agyina den ma wɔde agyina nea ɛbɛto wɔn ano.—2/15, kratafa 29.

Dɛn nti na eye mmom sɛ yɛrenka sɛ Yehowa de mmɔborohunu ka n’atɛntrenee ho ma ɛkari pɛ no?

Wɔ kasa ahorow bi mu no, asɛmfua “ka ho” no betumi akyerɛ sɛ wɔma biribi yɛ pɛ anaa wɔgow mu. Yehowa yɛ atɛntrenee ne mmɔborohunu Nyankopɔn, na bere a ɔda saa su ahorow no adi no, n’abien no yɛ adwuma bom. (Exodus 34:6, 7; Deuteronomium 32:4; Dwom 116:5; 145:9) Ɛho nhia sɛ Yehowa de mmɔborohunu brɛ n’atɛntrenee ase anaa ɔde gow mu.—3/1, kratafa 31.

So ɛyɛ papa sɛ Kristoni bɛhyɛ ne dɔfo bi a wawu aduru?

Wɔhyɛ funu aduru sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe. Tetefo bi dii saa adeyɛ yi akyi esiane ɔsom ho ntease bi nti. Ɛno yɛ soronko wɔ nokware asomfo ho. (Ɔsɛnkafo 9:5; Asomafo no Nnwuma 24:15) Nea aduhyɛ yɛ ara ne sɛ, ɛmma nipadua a ɛresan akɔ dɔte mu no nsɛe ntɛm. (Genesis 3:19) Nanso sɛ mmara hwehwɛ sɛ wɔhyɛ funu aduru anaa abusuafo bi na wɔpɛ no saa anaasɛ ebia esiane sɛ ebinom betu kwan tenten bi aba ayi no nti ɛsɛ sɛ wɔhyɛ funu no aduru a, ɛho nhia sɛ ɛhaw yɛn.—3/15, kratafa 29-31.

Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn gye nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu tom?

Yehowa somaa odiyifo Yona sɛ ɔnkɔbɔ Niniwefo no kɔkɔ, na Onyankopɔn hyɛɛ Yona sɛ ɔmpene wɔn ahonu no so. Yesu nam asɛm ne nhwɛso a ɔyɛe so hyɛɛ ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wɔda no adi kyerɛ Samariafo no so ho nkuran. Ɔsomafo Petro ne Paulo nyinaa nyaa asɛmpa no a wɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔnyɛ Yudafo no mu kyɛfa. Yebetumi ahu hia a ehia sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa nnipa a wofi aman nyinaa mu afi saa nhwɛso horow no mu.—4/1, kratafa 21-4.