Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi

Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi

Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi

HELEN KELLER kyerɛwee sɛ: “Bere tenten a wubetumi adwudwo obi yaw ano no, asetra nyɛ nea mfaso nni so.” Akyinnye biara nni ho sɛ Keller tee nkate fam yaw ase. Bere a odii asram 19 no, ɔyare bi maa no danee onifuraefo ne ɔsotifo koraa. Nanso ɔkyerɛkyerɛfo mmɔborohunufo bi kyerɛɛ Helen Anifuraefo nkyerɛwee ne akyerɛw ne sɛnea wɔkasa, akyiri yi.

Na Keller kyerɛkyerɛfo Ann Sullivan nim abasamtu a ɛwɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi honam fam dɛmdi bi so no yiye. Anka n’ankasa aniwa reyɛ afura. Nanso Ann de ntoboase hwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so ne Helen adi nkitaho denam nkyerɛwee bi a “ɔkyerɛw” guu Helen nsateaa ano no so. Tema a Helen kyerɛkyerɛfo nya maa no no kanyan no maa osii gyinae sɛ ɔde ne nkwa nna nyinaa bɛto hɔ aboa anifuraefo ne asotifo. Esiane mmɔden kɛse a ɔbɔe de dii ne dɛmdi no so nti, onyaa tema maa wɔn a na wɔwɔ saa tebea koro no ara mu no. Ɔpɛe sɛ ɔboa wɔn.

Wɔ saa pɛsɛmenkominya wiase yi mu no, ebia woahyɛ no nsow sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ ‘yɛbɛbɔ ayamɔnwene’ na yɛabu yɛn ani agu afoforo ahiade so. (1 Yohane 3:17) Nanso, wɔhyɛ Kristofo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnkonom na wɔmfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ wɔn ho. (Mateo 22:39; 1 Petro 4:8) Nanso, ebia wunim saa nokwasɛm yi yiye: Ɛwom mpo sɛ yɛpɛ paa sɛ yɛdodɔ yɛn ho de, nanso mpɛn pii no yebu yɛn ani gu hokwan a ɛbɛma yɛadwudwo afoforo yaw ano no so. Ebia wɔn ahiade a yennim nti na ɛma ɛba saa. Tema yɛ ade a ebetumi ama yɛada yɛn ayamye ne mmɔborohunu adi.

Dɛn ne Tema?

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ tema kyerɛ “hu a obi hu ɔfoforo tebea, ne nkate, ne ne nsusuwii, na ɔte no ase.” Wɔasan akyerɛ ase nso sɛ tumi a obi tumi fa ne ho sɛ ɔno na ɔwɔ ɔfoforo tebea mu. Enti nea edi kan koraa no, tema hwehwɛ sɛ yɛte obi foforo tebea ase na afei nea etia abien no yenya atenka a saa tebea no ma onii no nya no bi. Yiw, tema hwehwɛ sɛ yɛbɛte nka ama obi wɔ yɛn komam.

Asɛmfua “tema” mpue wɔ Bible mu de, nanso Kyerɛwnsɛm no twe adwene si saa su yi so wɔ akwan foforo pii so. Ɔsomafo Petro tuu Kristofo fo sɛ wɔnna ‘tema, onuadɔ ne mmɔborohunu’ adi. (1 Petro 3:8) Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “tema” kyerɛ ankasa ne sɛ “wɔne obi behu amane” anaasɛ “wobenya mmɔborohunu.” Ɔsomafo Paulo hyɛ saa nsusuwii koro yi ara ho nkuran bere a otuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ “mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu” no. Paulo de kaa ho sɛ: “Mo nyinaa nnya adwenkoro.” (Romafo 12:15, 16) Na so wunnye ntom sɛ sɛ yɛamfa yɛn ho sɛ nea yɛwɔ ɔfoforo tebea mu a ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛbɛdɔ no sɛ yɛn ho?

Ɛkame ayɛ sɛ obiara fi awosu mu wɔ tema bi. Hena na ohuu mmofra a ɔkɔm akyen wɔn mfonini ne aguanfo a wɔn adwene atu afra a, wante nka amma wɔn? Ɛna a ɔwɔ dɔ bɛn na sɛ ne ba resu a, obebu n’ani agu so? Nanso ɛnyɛ amanehunu nyinaa na yetumi hu no ntɛmpa ara. Hwɛ den a ɛyɛ sɛ yɛbɛte obi a wanya adwenemhaw, honam mu yare bi a ahintaw, anaa adidi ho nsɛnnennen mpo ase—sɛ yɛn ankasa nhyiaa saa ɔhaw no bi da a! Nanso, Kyerɛwsɛm no kyerɛ yɛn sɛ yebetumi na ɛsɛ sɛ yenya tema ma wɔn a yenni wɔn tebea mu no.

Kyerɛwsɛm Mu Tema Ho Nhwɛso Ahorow

Yehowa ne tema ho nhwɛsofo titiriw. Ɛwom sɛ ɔyɛ pɛ de, nanso ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ, “na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:14; Romafo 5:12) Bio nso, esiane sɛ onim yɛn mmerɛwyɛ nti, ‘ɔremma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi.’ (1 Korintofo 10:13) Ɔnam ne nkoa ne ne honhom so boa yɛn ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so afi mu.—Yeremia 25:4, 5; Asomafo no Nnwuma 5:32.

Yehowa ankasa te yaw a ne nkurɔfo hu no. Ɔka kyerɛɛ Yudafo a na wɔasan afi Babilon aba no sɛ: “Na nea ɔka mo no, waka [m’aniwa, NW] kesuwa.” (Sakaria 2:8) Esiane sɛ na Bible kyerɛwfo Dawid nim Onyankopɔn tema yiye nti, ɔka kyerɛ no sɛ: “Fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?” (Dwom 56:8) Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yehu sɛ Yehowa kae nusu a ne nkoa anokwafo tew wɔ pere a wɔpere sɛ wobekura wɔn mudi mu no—te sɛ nea wɔakyerɛw no nhoma mu!

Te sɛ ne soro Agya no, Yesu Kristo susuw sɛnea afoforo te nka ho. Bere a ɔsaa ɔsotifo bi yare no, sɛnea ɛbɛyɛ na anwonwakwan so ayaresa no nhaw no anaasɛ ɛmmɔ no hu no, ɔde no kɔɔ ɔfã baabi. (Marko 7:32-35) Wɔ bere foforo mu no, Yesu huu okunafo bi a wɔrekosie ne ba koro pɛ. Ohuu ɔyaw a na ɔbea no wom no ntɛm ara, na ɔbɛn wɔn a wɔrekosie funu no, na onyanee aberante no.—Luka 7:11-16.

Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo a ɔrekɔ Damasko wɔ ne wusɔre akyi no, ɔmaa Saulo huu sɛnea ɔte nka fa n’asuafo a ɔtaa wɔn atirimɔden so no ho. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.” (Asomafo no Nnwuma 9:3-5) Yesu ankasa tee yaw a na n’asuafo no wom no nka sɛnea ɛna te yaw a ne ba a ɔyare wom nka no. Saa ara na Yesu, sɛ́ yɛn soro Sɔfo Panyin no, ‘hu yɛn mmerɛwyɛ,’ anaa sɛnea Rotherham nkyerɛase ka no, ɔwɔ ‘tema wɔ yɛn mmerɛwyɛ ho.’—Hebrifo 4:15.

Ɔsomafo Paulo suaa sɛnea wosusuw afoforo yaw ne wɔn nkate ho. Paulo bisae sɛ: “Hena na ɔyɛ mmerɛw, na menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔto no hintidua, na me yam nhyehye me?” (2 Korintofo 11:29) Bere a ɔbɔfo nam anwonwakwan so yii Paulo ne Silas fii Filipifo afiase mpokyerɛ mu no, nea ɛbaa Paulo adwene mu ntɛm ara ne sɛ ɔbɛka akyerɛ ofiasehwɛfo no sɛ obiara nguanee. Onyaa nkate a ano yɛ den sɛ ofiasehwɛfo no betumi adi ne ho dɔm. Na Paulo nim sɛ sɛnea Romafo amanne te no, ɛsɛ sɛ wɔde asotwe a emu yɛ den ma ofiasehwɛfo a ɔma deduani bi guan no—ne titiriw no sɛ wɔahyɛ no sɛ ɔnwɛn no yiye a. (Asomafo no Nnwuma 16:24-28) Paulo nkwagye adeyɛ a efi ayamye mu yi nyaa ofiasehwɛfo no so nkɛntɛnso na ɔne ne fiefo yɛɛ nhyehyɛe bɛyɛɛ Kristofo.—Asomafo no Nnwuma 16:30-34.

Ɔkwan a Yɛbɛfa so Anya Tema

Kyerɛwsɛm no kɔ so si so dua sɛ yensuasua yɛn soro Agya ne ne Ba, Yesu Kristo, enti tema yɛ suban a ɛsɛ sɛ yesua. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Akwan titiriw abiɛsa wɔ hɔ a yebetumi afa so ama yɛn nkate wɔ afoforo ahiade ho no ayɛ nnam: denam tie a yebetie so, denam ade a yɛbɛhwɛ so, ɛne yɛn adwene a yɛde bebu nneɛma so.

Tie. Yetumi hu ɔhaw a afoforo hyia denam tie a yebetie wɔn yiye so. Na sɛ yetie wɔn yiye a, ebetumi ama wɔabue wɔn komam na wɔaka nea ɛhaw wɔn ho asɛm akyerɛ yɛn. Miriam kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Metumi ne ɔpanyin bi akasa sɛ mewɔ ahotoso sɛ obetie me a. Mepɛ sɛ mehu sɛ ɔte me haw ase ankasa. Na sɛ obisa me nsɛm bi de hwehwɛ me mu ma ɛda adi sɛ watie nea maka akyerɛ no no yiye a, minya ne mu ahotoso kɛse.”

Hwɛ. Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wobefi wɔn pɛ mu aka sɛnea wɔte nka anaa tebea a wɔwɔ mu ho asɛm. Nanso, obi a ɔhwɛ ade kɔ akyiri bɛhyɛ no nsow bere a ayɛ sɛ ne yɔnko Kristoni abotow, bere a obi a wadu mpanyin afe so mpɛ sɛ ɔne afoforo bɔ nkɔmmɔ, anaasɛ bere a ɔsomfo bi a ɔyɛ nnam anigye abrɛ ase no. Ɛho hia yiye ma awofo sɛ wobenya nimdeɛ a ɛma wotumi hu ɔhaw fi ne mfiase pɛɛ. Marie kae sɛ: “Wɔ ɔkwan bi so no, ansa na me ne me maame bɛkasa no, na onim sɛnea mete nka fa ma enti ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mɛka me haw ahorow akyerɛ no pefee.”

Fa w’adwene bu nneɛma. Ɔkwan a wɔfa so kanyan tema a tumi wom ne sɛ wubebisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mewɔ saa tebea yi mu a, anka mɛte nka dɛn? Anka mɛyɛ m’ade dɛn wɔ ho? Dɛn na mehia?’ Hiob nnamfo gyamserefo baasa no daa wɔn ho adi sɛ wɔnyɛ nkurɔfo a wobetumi afa no sɛ wɔwɔ ne tebea no mu. Ɛno nti wobuu no fɔ wɔ bɔne a wɔde wɔn adwene bui a na wosusuw sɛ wayɛ ho.

Mpɛn pii no, ɛtaa yɛ mmerɛw ma nnipa a wɔnyɛ pɛ sɛ wobebu afoforo mfomso ho atɛn sen sɛ wɔbɛte wɔn ase. Nanso, sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn adwene bebu amane a obi hu wɔ n’ahohia mu a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ayamhyehye ama no mmom sen sɛ yebebu no atɛn. Juan a ɔyɛ panyin a ɔwɔ suahu kae sɛ: “Sɛ mitie asɛm no nyinaa yiye na mebɔ mmɔden sɛ mɛte ase ansa na mafi ase ama nyansahyɛ a, mitumi de afotu pa ma.”

Yehowa Adansefo nhoma a wɔkyekyɛ aboa nnipa pii wɔ saa kwan yi so. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no asusuw ɔhaw ahorow te sɛ adwenemhaw ne mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa ho. Saa nsɛm a ɛba wɔ ne bere mu yi boa akenkanfo ma wɔte wɔn a wɔrehu amane wɔ saa kwan yi so no ase kɛse. Saa ara nso na Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no aboa awofo pii ma wɔahu wɔn mma haw ahorow.

Tema Boa Wɔ Kristofo Dwumadi Mu

Yɛn mu kakraa bi pɛ na yebetumi abu yɛn ani agu abofra a ɔkɔm akyen no so, sɛ yɛwɔ aduan a yebetumi de ama no a. Sɛ yɛwɔ tema a, yebetumi ahu obi honhom fam tebea nso. Bible no ka fa Yesu ho sɛ: “Ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9::36) Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii wɔ honhom fam tebea a ɛte saa mu, na wohia mmoa.

Sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so no, ebia na ɛsɛ sɛ yetumi di menasepɔw anaa atetesɛm a agye ntini wɔ yɛn mu no so na yɛatumi adu ebinom komam. Ɔsomfo yamyefo bɔ mmɔden hwehwɛ nea wɔne n’adwene hyia wɔ ho anaa ɔka nsɛmpɔw a nkurɔfo redwen ho na ama wɔn ani agye n’asɛm no ho kɛse. (Asomafo no Nnwuma 17:22, 23; 1 Korintofo 9:20-23) Tema mu a yefi da ayamye kɛse adi betumi ama yɛn atiefo atie yɛn Ahenni nkrasɛm no yiye, sɛnea ɛdaa adi wɔ Filipini ofiasehwɛfo no fam no.

Tema boa yɛn yiye ma yetumi bu yɛn ani gu afoforo sintɔ so wɔ asafo no mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden te onua bi a wɔafom yɛn nkate ase a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde bɛkyɛ no. Sɛ yɛn na yɛwɔ ne tebea no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ anka yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ saa kwan no so. Tema a Yehowa wɔ no ka no ma ‘ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma,’ enti so ɛnsɛ sɛ tema ka yɛn ma yenya koma wɔ afoforo sintɔ ho na ‘yɛde kyekyɛ yɛn ho yɛn ho’?—Dwom 103:14; Kolosefo 3:13.

Sɛ yɛde afotu rema nea wadi mfomso no na sɛ yesusuw ne nkate ne ne haw ho a, yebetumi de ama wɔ ayamye mu. Kristoni panyin a ɔwɔ tema kae ne ho sɛ: ‘Me nso metumi adi saa mfomso yi. Metumi aba ne tebea yi mu.’ Enti Paulo hyɛ nyansa sɛ: “Monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.”—Galatifo 6:1.

Tema tumi hyɛ yɛn ma yɛde mmoa ankasa ma sɛ yɛwɔ hokwan a yebetumi de ayɛ saa a, ɛwom mpo sɛ yɛn yɔnko Kristoni bɛtwentwɛn ne nan ase sɛ obebisa de. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na nea ɔwɔ wiase asetrade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn? . . . Mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.”—1 Yohane 3:17, 18.

Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi adɔ wɔ “nneyɛe ne nokware mu” no, ɛsɛ sɛ yedi kan hu yɛn nua no ahiade ankasa. So yɛhwɛ hu afoforo ahiade yiye a yekura adwene sɛ yɛbɛboa wɔn? Nea tema kyerɛ ara nen.

Munnya Tema

Ebia na yɛnyɛ nkurɔfo a yefi awosu mu da tema adi, nanso yebetumi asua saa su yi. Sɛ yɛyɛ aso tie asɛm, hwɛ ade yiye, na yɛtaa fa no sɛ yɛn na yɛwɔ onii no tebea mu a, yebenya tema kɛse. Eyi bɛkanyan yɛn ma yɛada ɔdɔ, ayamye, ne mmɔborohunu kɛse adi akyerɛ yɛn mma, Kristofo afoforo, ɛne yɛn afipamfo.

Mma pɛsɛmenkominya nsɛe wo tema. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.” (Filipifo 2:4) Daa nkwa a yebenya no daakye no gyina Yehowa ne ne Sɔfo Panyin, Yesu Kristo, so. Enti ɛyɛ yɛn abrabɔ fam asɛyɛde sɛ yenya saa su yi. Tema bɛma yɛatumi ayɛ asomfo pa ne awofo pa. Nea ɛsen ne nyinaa no, tema bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ‘ɔma mu wɔ anigye kɛse sen ogye.’—Asomafo no Nnwuma 20:35.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nea ɛka tema ho ne sɛ yɛbɛhwɛ ahu afoforo ahiade yiye, a yekura adwene sɛ yɛbɛboa wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yebetumi asua na yɛada tema a ɛna a ɔwɔ dɔ fi awosu mu da no adi wɔ ne ba ho no bi adi