Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Wɔ Philippines Mmepɔw So

Wɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Wɔ Philippines Mmepɔw So

Wɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Wɔ Philippines Mmepɔw So

Sɛ wususuw Philippines ho sɛ ɔman a ɛyɛ supɔw a, ɛfata. Nanso, ɛsan yɛ ɔman a mmepɔw akɛse wom. Wɔ Yehowa Adansefo fam no, nkuropɔn mu ne mmeae a ɛwɔ fam a wɔbɛka asɛm wɔ hɔ no nyɛ den pii na etu mpɔn nso. Nanso tebea no nte saa wɔ mmeae a mmepɔw wɔ no.

MMEPƆW a ɛwɔ ɔman no mu no yɛ fɛ na ɛyɛ soronko koraa wɔ mpoano, ɛpo mu mmire, nkuraa a woyi mpataa wɔ ase, ne supɔw no so nkurow a emu yɛ hyew no ho koraa. Mmepɔw no nso ma Onyankopɔn Ahenni ho “asɛmpa” no ka yɛ den.—Mateo 24:14.

Philippines Nsupɔw no gu baabi a asase mu abotan abien hyiam. Asase no a epuw dɔte wɔ saa beae yi no ahyehyɛ mmepɔw atenten wɔ nsupɔw akɛse no so. Nsupɔw bɛboro 7,100 a ɛbom yɛ Philippines no gu Pacific Beae a Epuw Ogya no ano. Enti, ogya mmepɔw atwa hɔ ahyia, na ɛno nso ama ɛhɔ ayɛ mmepɔwmmepɔw. Saa mmeae a ɛhɔ yɛ mmonkyemmɔnka yi ama nnipa a wogu mmepɔw no so no atew wɔn ho. Wɔn nkyɛn kɔ nna fam efisɛ akwan kakraa bi pɛ na wotumi de kar fa so.

Ɛmfa ho saa akwanside yi no, Yehowa Adansefo hu hia a ehia sɛ wɔkɔ “nnipa nyinaa” nkyɛn no. (1 Timoteo 2:4) Enti, Philippines Adansefo no yɛ adwuma ma ɛne honhom a ɛda adi wɔ Yesaia 42:11, 12 no hyia: “Abotan mufo nto ahurusi dwom, womfi mmepɔw atifi mmɔ ahosɛpɛw se. Wɔnhyɛ [Yehowa, NW] anuonyam, na wɔnka n’ayeyi nsu ano aman mu.”

Mmɔden kɛse a wɔbɔ sɛ wobedi nnipa a wogu mmepɔw so adanse no fii ase bɛboro mfirihyia 50 ni. Wɔ Wiase Ko II akyi no, asɛmpatrɛwfo boa hyɛɛ adwuma no ho nkuran. Ɔman no mufo pii gyee Bible mu nokware no, na wɔn nso boa trɛw nokware yi mu kɔɔ nkuraa a egu mmepɔw so paa no ase. Biribi pa bi fii eyi mu bae. Sɛ nhwɛso no, wɔ Cordillera Central mmepɔw a ɛwɔ Luzon atifi fam so no, asɛmpa no ho adawurubɔfo bɛboro 6,000 na wɔwɔ hɔ. Wɔn mu dodow no ara yɛ kurom hɔfo, a wɔn a wɔka ho ne Ibaloifo, Ifugaofo, ne Kalingafo.

Nanso, mmepɔw no so mmeae bi wɔ hɔ a ɛhɔ kɔ da so yɛ den. Yɛn werɛ mfii nnipa a wɔte hɔ no. Ɔkwan bɛn so na wɔadu ebinom nkyɛn, na wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

Nokware Gyidi Si Atetesɛm Ananmu

Wɔ atifi fam supɔw Luzon so no, Tinggianfo na wɔte Abra mmepɔw no so. Ebia saa din yi fi tete Malay asɛmfua tinggi a ɛkyerɛ “bepɔw” no mu. Ɛfata ankasa! Nnipa no nso frɛ wɔn ho ne kasa a wɔka no Itneg. Wogye onyame bi a wɔfrɛ no Kabunian di, na gyidihunu ayɛ wɔn asetra ma. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi reyɛ nhyehyɛe akɔ baabi na sɛ ɔnwansi a, ɛyɛ musu. Ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnɔnhwerew kakra ma musu no twam ansa na wakɔ.

Wɔ 1572 mu no, Spaniafo de Katoleksom baa hɔ, nanso wɔantumi amfa nokware Kristosom ankyerɛkyerɛ Tinggianfo no. Wɔn a wɔbɛyɛɛ Katolekfo no kɔɔ so nyaa Kabunian mu gyidi ara, na wodii ɔman no mu atetesɛm akyi. Saa nkurɔfo yi dii kan nyaa Bible mu nokware nimdeɛ wɔ 1930 mfe no mu bere a Yehowa Adansefo fii ase kaa Ahenni ho asɛm no wɔ saa mmepɔw no so no. Efi saa bere no, Tinggianfo komapafo pii ‘fi mmepɔw no atifi’ afi ase rehyɛ Yehowa anuonyam.

Sɛ nhwɛso no, na Lingbaoan yɛ abusua panyin a wobu no yiye wɔ beae hɔ. Ná ɔde ne ho ahyɛ Tinggianfo amammerɛ mu kɛse. “Mede nokwaredi dii Tinggian atetesɛm akyi. Sɛ wokum obi a, na yɛsaw wɔ afunsie no akyi, na na yɛbɔ nnawuta. Na yɛde mmoa bɔ afɔre nso. Ná yegye Kabunian di, na na minnim Bible mu Nyankopɔn no.” Ɔreyɛ eyi nyinaa no, na ɔyɛ Katolekni.

Yehowa Adansefo baa saa beae hɔ bɛkaa asɛm no. Wohyiaa Lingbaoan na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan Bible no. Ɔka sɛ: “Bible no ma mibegye dii sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.” Afei Ɔdansefo bi ne no suaa Bible no, na Lingbaoan sii gyinae sɛ ɔbɛsom nokware Nyankopɔn no. Ogyaee ne kan abrabɔ ne dibea a na ɔwɔ sɛ abusua panyin no, na ɛhyɛɛ kurom hɔ sɔfo ne Lingbaoan kan nnamfo abufuw. Nanso, na Lingbaoan asi ne bo sɛ obedi nokware a wahu wɔ Bible mu no akyi. Mprempren ɔsom sɛ asafo mu panyin.

Nnanson ne Anadwo Asia

Ɛwom sɛ Abra mmeae bi te asɛmpa no daa de, nanso n’afa bi atew ne ho, na mmere ne mmere mu na Adansefo no kɔ hɔ. Bere bi a atwam no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ saa mmeae yi mu biako. Adansefo kuw bi a wɔyɛ 35 siim kɔɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu wɔ Tineg, Abra, beae a na wɔnkɔɔ hɔ bɛyɛ mfirihyia 27 no.

Wɔde nnafua ason na ɛnantew twaa kwan yi kɔkaa asɛm no. Susuw ho hwɛ, sɛ wonam atwene a ɛsensɛn hɔ so retwa nsubɔnten reforo mmepɔw atenten bere a woso wo nneɛma—ne nyinaa esiane asɛmpa no a worekɔka akyerɛ wɔn a wɔntaa nte no nti! Anadwo asia a wodii wɔ akwantu no mu no, wɔde emu anan na ɛdaa petee mu wɔ mmepɔw so.

Ɛwom sɛ Adansefo mmɔdenbɔfo a wɔretu kwan yi faa aduan de, nanso wɔantumi amfa aduan a ɛbɛso wɔn wɔ akwantu no nyinaa mu. Nanso, na eyi nyɛ ɔhaw efisɛ na nkurɔfo no ani gye ho ankasa sɛ wɔde nnuan bɛma de agye Bible ho nhoma. Adansefo no nyaa mfunnuan, mpataa, ne mogyanam pii. Ɛwom sɛ kuw no hyiaa ahokyere bi de, nanso wɔkae sɛ: “Anigye mmoroso a yenyae no bunkam afɔrebɔ yi so.”

Wɔ nnanson yi mu no, asomfo yi dii adanse wɔ nkuraa du ase, na wɔmaa nhoma 60, nsɛmma 186, nhomawa 50, ne nkratawa pii. Wɔyɛɛ sɛnea wɔyɛ Bible adesua kyerɛɛ nnipa 74. Wɔ Tineg kurow mu no, wɔsrɛɛ kwan fii kurom hɔ mpanyimfo ne atitiriw a wɔwɔ hɔ no nkyɛn yɛɛ asafo nhyiam ma nnipa 78 baa ase. Wɔn a wɔbaa ase no mu dodow no ara yɛ akyerɛkyerɛfo ne polisifo. Yɛwɔ anidaso sɛ Tinggianfo pii bɛba abɛka wɔn a ‘wɔreteɛm’ yi Yehowa ayɛ fi mmepɔw so no ho.

Biribi a Eye Sen Sika Kɔkɔɔ

Nsupɔw ahorow bi deda Philippines anafo fam akyirikyiri a Spaniafo kohuu sika kɔkɔɔ wɔ hɔ. Eyi na ɛma wonyaa din Mindoro, asɛmfua a efi Spania asɛm mina de oro, anaa “faako a wotu sika,” mu no. Nanso, seesei wɔrehu biribi a ɛsom bo sen sika kɔkɔɔ wɔ saa nsupɔw no so—nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn, Yehowa.

Kurow mma bɛyɛ 125,000 a wɔfrɛ wɔn Mangyanfo na wɔte Mindoro kwae a atew ne ho yi mu. Wɔn asetra nkyere so, na mpɛn pii no, wɔne wɔn ho ara na edi nkitaho, na wɔwɔ wɔn ankasa kasa. Wɔn mu dodow no ara yɛ abosonsomfo na ebinom nso som anyame bebree, na wɔwɔ ahonhom ahorow mu gyidi.

Bere ne bere mu no, sɛ Mangyanfo no nni aduan ne nneɛma foforo a, wɔn mu binom ba mpoano bɛhwehwɛ adwuma. Saa na na ɛte wɔ Pailing, a ofi Mangyanfo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Batangan mu, no fam. Onyinii wɔ ne nkurɔfo mu wɔ bepɔw so kwae no mu, na ɔde ne ho hyɛɛ Batanganfo gyidi ne nneyɛe ahorow mu. Ná ntamasin bi na wɔde twa wɔn asen bere nyinaa. Sɛ na wɔpɛ sɛ wonya nnɔbae pii a, Batanganfo atetesɛm hwehwɛ sɛ asomfo no bekum akokɔ, na wɔama ne mogya ahwie agu nsu mu bere a wɔrebɔ mpae no.

Pailing nni saa atetesɛm no akyi bio. Dɛn ntia? Bere a ɔkɔɔ asase a ɛwɔ mmepɔw no ase so no, ɔne Yehowa Adansefo mmusua kɔyɛɛ adwuma. Saa mmusua yi biako de hokwan yi dii dwuma de Bible mu nokware no kyerɛɛ Pailing. Ɔyɛɛ ho biribi na n’ani sɔe kɛse sɛ wasua Yehowa atirimpɔw ma nnipa ne asase no ho ade. Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa ɔkɔɔ mfitiase ne mfinimfini sukuu, na wɔne no suaa Bible no. Wɔbɔɔ Pailing asu sɛ Yehowa Dansefo bere a na wadi mfe 24. Odii mfe 30 no, na ɔwɔ ntoaso sukuu afe a ɛto so abien, na ɔde sukuu mu hɔ yɛɛ n’asɛnka asasesin. Seesei wɔfrɛ no Rolando (edin a wɔde to wɔn a wɔte mmepɔw no ase no).

Sɛ wuhyia Rolando a, wubehu ɔsomfo a wasiesie ne ho yiye na n’anim tew a ɔsom sɛ bere nyinaa sɛnkafo ne ɔsomfo wɔ Mindoro asafo ahorow no biako mu. Nnansa yi, Rolando san kɔɔ mmepɔw no so a na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho rekɔbɔ Batanganfo no adi wɔn atetesɛm akyi, na mmom, sɛ́ ɔbɛka Bible mu nokware a ɛma nkwa no ho asɛm akyerɛ wɔn.

Wɔn Ani Abere sɛ Wobenya Ahenni Asa

Bukidnon mantam—a ɛkyerɛ “Nkurɔfo a Wogu Mmepɔw So,” a ɛwɔ Cebuano—no da Mindanao supɔw a ɛwɔ anaafo fam no so. Ɛha yɛ baabi a mmepɔw, abon donkudonku, nsubɔnten, ne koko tamaa deda. Wotumi dua nnɔbae te sɛ aborɔbɛ, aburow, kɔfe, ɛmo, ne kwadu wɔ asase a etumi bɔ aduan yi so. Ɛhɔ na Talaandig ne Higaonon mmusua a wɔte mmepɔw so no wɔ. Ehia sɛ saa nkurɔfo yi nso sua Yehowa ho ade. Nnansa yi, wɔ beae bi a ɛbɛn Talakag kurow mu no, hokwan yi buei wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye ankasa so.

Adansefo a wɔwɔ mmepɔw no so no hu sɛ wim yɛ nwini wɔ hɔ nanso ɛhɔfo no de anigye na ehyia wɔn kwan. Kurom hɔfo no kyerɛe sɛ wogye ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Agya no, di nanso na wonnim ne din. Esiane sɛ wodi wɔn bere mu fã kɛse no ara wɔ kwaem nti, na eyi ne bere a edi kan a wɔahyia Yehowa Adansefo. Wɔde Onyankopɔn din kyerɛɛ wɔn, na wɔkaa n’atirimpɔw nwonwaso a ɛfa Ahenni ho no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Nkurɔfo no ani gyei, enti Adansefo no sii gyinae sɛ wɔbɛsan akɔsra akuraa hɔ bio.

Wɔkɔsraa hɔ mpɛn pii. Ne saa nti, kurom hɔfo no maa wɔn asase sɛ wɔmfa nsi Yehowa Adansefo “fie.” Adansefo no de anigye gyee asase no. Ná asase no da koko a ɛware sen biara wɔ hɔ no so, na na ɛda kwan ho. Wɔde nnua, mpampuro, ne berɛw na esii dan no. Wɔde asram abiɛsa ne dadu na esii dan no. Wɔkyerɛw “Yehowa Adansefo Ahenni Asa” bɔɔ ɔdan no anim kakraa. Susuw ho hwɛ, wosii Ahenni Asa ansa na wɔretew asafo!

Efi saa bere no, asafo mu panyin, a ɔyɛ bere nyinaa somfo, ne asafo mu ɔsomfo bi atu akɔ hɔ. Wɔne Adansefo a wofi mmeae a ɛbemmɛn hɔ no yɛ adwuma a wɔn botae ne sɛ wɔbɛtew asafo. Eyi tumi yɛɛ yiye wɔ August 1998 mu. Asafo ketewa bi de Ahenni Asa yi redi dwuma koraa seesei de reboa nnipa a wogu mmepɔw so no ma wɔasua Bible mu nokware no.

Nokwarem no, Yehowa de n’asomfo a wɔwɔ Philippines a wɔwɔ ɔpɛ no adi dwuma kɛse atrɛw Ahenni ho nokware no mu akɔ mmepɔw a ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ hɔ no mpo so. Eyi kae yɛn Yesaia 52:7, a ɛka eyi no: “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara!”

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 11]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

ABRA

MINDORO

BUKIDNON

[Asɛm Fibea]

Globe: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Mmepɔw so a wɔbɛka asɛm no hwehwɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew pii twa kwan a mmonkyimmɔnka wɔ so

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Asubɔ wɔ bepɔw so asuten bi mu