Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsoro Ahwehwɛde Ho A Yedu Hyɛ Yehowa Anuonyam

Ɔsoro Ahwehwɛde Ho A Yedu Hyɛ Yehowa Anuonyam

Ɔsoro Ahwehwɛde Ho A Yedu Hyɛ Yehowa Anuonyam

‘Mede aseda mɛkamfo no.’—DWOM 69:30.

1. (a) Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛhyɛ Yehowa anuonyam? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛnam aseda so yi no ayɛ?

YEHOWA yɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Amansan Hene, ne Ɔbɔadeɛ. Enti ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ne din ne n’atirimpɔw anuonyam. Sɛ́ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam no kyerɛ sɛ yɛde obu a emu dɔ bɛma no, na yɛnam yɛn nneyɛe ne yɛn anom nsɛm so akamfo no. “Aseda” a yɛde bɛyɛ saa no hwehwɛ sɛ yɛkyerɛ nea ɔreyɛ ama yɛn mprempren ne nea ɔbɛyɛ daakye no ho anisɔ bere nyinaa. Wɔada su a ɛsɛ sɛ yenya no adi wɔ Adiyisɛm 4:11, faako a honhom abɔde anokwafo a wɔwɔ ɔsoro no ka sɛ: “[Yehowa, NW], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wopɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” Ɔkwan bɛn so na yɛhyɛ Yehowa anuonyam? Denam ne ho ade a yebesua na afei yɛayɛ nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no so. Ɛsɛ sɛ yɛte nka te sɛ odwontofo no bere a ɔkae sɛ: “Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn.”—Dwom 143:10.

2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne wɔn a wɔhyɛ no anuonyam no di nsɛm, na wɔn a wɔnhyɛ no anuonyam no nso ɛ?

2 Yehowa ani sɔ wɔn a wɔhyɛ no anuonyam no. Enti na ɔyɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo” no. (Hebrifo 11:6) Dɛn ne akatua no? Yesu kae wɔ mpae a ɔbɔɔ ne soro Agya no mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Yiw, wɔn a wɔde aseda ‘hyɛ Yehowa anuonyam no benya asase no adi, na wɔatra so daapem.’ (Dwom 37:29) Nanso, ‘ɛrensi ɔbɔnefo yiye da.’ (Mmebusɛm 24:20) Na wɔ awiei bere yi mu no, Yehowa a yɛbɛhyɛ no anuonyam no yɛ asɛnhia sen bere biara efisɛ ɛrenkyɛ ɔbɛsɛe abɔnefo na wakora treneefo so. “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17; Mmebusɛm 2:21, 22.

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Malaki nhoma no mu nsɛm yiye?

3 Yehowa apɛde wɔ Bible no mu, efisɛ “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔhyɛ no anuonyam ne nea ɛto wɔn a wɔnyɛ saa no ho nsɛm pii wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. Kyerɛwtohɔ yi mu biako fa nea esii wɔ Israel wɔ odiyifo Malaki bere so ho. Bɛyɛ afe 443 A.Y.B. mu bere a na Nehemia di amrado wɔ Yuda no, na Malaki kyerɛw nhoma a ne din da so no. Saa nhoma a tumi wom na emu nsɛm yɛ anigye yi kura nsɛm ne nkɔmhyɛ ahorow a “wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.” (1 Korintofo 10:11) Malaki nsɛm no a yebetie betumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama “[Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu” no bere a Ɔsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi no.—Malaki 4:5.

4. Nneɛma asia bɛn na wɔatwe yɛn adwene asi so wɔ Malaki ti 1 no mu?

4 Ɔkwan bɛn so na Malaki nhoma a wɔkyerɛw no bɛboro mfe 2,400 a atwam ni no betumi aboa yɛn wɔ afeha a ɛto so 21 yi mu ama yɛasiesie yɛn ho ama Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no? Anyɛ yiye koraa no ti a edi kan no twe yɛn adwene si nneɛma asia a ɛho hia a yɛbɛfa so ahyɛ Yehowa anuonyam na yɛada no ase so sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya n’anim dom ne daa nkwa: (1) Yehowa dɔ ne nkurɔfo. (2) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ akronkronne ho anisɔ. (3) Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛde nea ɛsen biara bɛma no. (4) Nea ɛkanyan nokware som ne ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim, ɛnyɛ adifudepɛ. (5) Ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani nyɛ guasodeyɛ bi a ɛyɛ adesoa. (6) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bu akontaa kyerɛ Onyankopɔn. Enti, afei, momma yensusuw nsɛm atitiriw abiɛsa a edi kan wɔ Malaki nhoma no mu ho bere a yɛhwehwɛ Malaki ti 1 mu yiye no.

Yehowa Dɔ Ne Nkurɔfo

5, 6. (a) Dɛn nti na na Yehowa dɔ Yakob? (b) Sɛ yesuasua Yakob gyidi no a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

5 Wɔda Yehowa dɔ adi pefee wɔ nkyekyɛm a edi kan wɔ Malaki nsɛm no mu. Nhoma no de nsɛm yi na efii ase: “[Yehowa, NW] atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel ni.” Afei nso, Onyankopɔn ka sɛ: “Madɔ mo.” Sɛ nhwɛso no, Yehowa ka wɔ nkyekyɛm koro no ara mu sɛ: “Medɔɔ Yakob.” Ná Yakob yɛ onipa a ogye Yehowa di. Bere bi akyi no, Yehowa sesaa Yakob din yɛɛ no Israel, na Yakob bɛyɛɛ Israel man no agya. Esiane sɛ na Yakob yɛ onipa a ɔwɔ gyidi nti na Yehowa dɔɔ no no. Yehowa dɔɔ wɔn a na wɔka Yakob ho a wɔdaa saa su no bi adi wɔ Ne ho no nso.—Malaki 1:1, 2.

6 Sɛ yɛdɔ Yehowa na yefi nokwaredi mu bata ne nkurɔfo ho a, yebenya awerɛkyekye afi asɛm a ɛwɔ 1 Samuel 12:22 no mu: “[Yehowa, NW] din kɛse no nti, ɔrempa ne man.” Yehowa dɔ ne nkurɔfo na awiei koraa no, ɔde daa nkwa tua wɔn ka. Enti yɛkenkan sɛ: “Bata [Yehowa, NW] ho, na yɛ papa, tra asase so, na di nokware, na ma w’ani nka Yehowa ho, na wama wo nea wo koma pɛ.” (Dwom 37:3, 4) Ɔdɔ a yɛbɛdɔ Yehowa no de yɛn ba asɛm a ɛto so abien a wɔtwe yɛn adwene si so wɔ Malaki ti 1 no so.

Kyerɛ Akronkronne Ho Anisɔ

7. Dɛn nti na na Yehowa tan Esau?

7 Sɛnea yɛkenkan wɔ Malaki 1:2, 3 no, bere a Yehowa kae sɛ, “medɔɔ Yakob” no, ɔkae sɛ, “metan Esau.” Dɛn na ɛde nsonsonoe yi bae? Yakob hyɛɛ Yehowa anuonyam, nanso ne nua ata, Esau, anyɛ saa. Na wɔsan frɛ Esau sɛ Edom. Wɔka Edom asase ho asɛm wɔ Malaki 1:4 sɛ abɔnefosɛm asase, na wɔnka emufo ho asɛmpa. Wɔde edin Edom (a ase ne “Kɔkɔɔ”) maa Esau bere a ɔtɔn n’abakan maa Yakob de gyee abom kɔkɔɔ no. Genesis 25:34 ka sɛ: “Esau ammu ne panyin.” Ɔsomafo Paulo tu mfɛfo gyidifo fo sɛ wɔnhwɛ yiye “na obi anyɛ oguamammɔfo anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔn n’abakan gyee aduan koro” no.—Hebrifo 12:14-16.

8. Dɛn na ɛmaa Paulo de Esau totoo oguamammɔfo ho?

8 Dɛn nti na Paulo de Esau nneyɛe no totoo aguamammɔ ho? Efisɛ Esau adwene a obi benya no betumi ama wabu n’ani agu akronkronne so. Na ɛno betumi akowie bɔne a ɛyɛ anibere te sɛ aguamammɔ mu. Ne saa nti, yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ: ‘So ɛtɔ da a, minya adwene sɛ mede me Kristofo agyapade—daa nkwa—bɛsesa biribi a etumi sɛe te sɛ asɛdua abom kyɛnsee biako? So ɛtɔ da a, mitumi bu akronkronne animtiaa a minnim?’ Na Esau ho pere no sɛ ne nsa bɛka honam fam nneɛma a ɔrehwehwɛ no. Ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: ‘Yɛ ntɛm ma me ade kɔkɔɔ yi bi nni.’ (Genesis 25:30) Awerɛhosɛm ne sɛ, Onyankopɔn asomfo binom betumi aka sɛ: “Yɛrepɛ ntɛm! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ware nidi mu?” Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa ɔkwan biara so no ama wɔyɛ wɔn ade sɛ Esau bere a ne kɔn dɔɔ asɛdua abom no.

9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akura osuro pa mu ama Yehowa?

9 Mommma yemmmu akronkronne animtiaa da denam abrabɔ pa, nokwaredi, ne yɛn honhom fam agyapade a yɛbɛtoto no ase no so. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ sɛ Esau no, momma yɛnyɛ sɛ ɔnokwafo Yakob, na yennya osuro pa mma Onyankopɔn denam anisɔ a edi mu a yɛbɛkyerɛ wɔ akronkronne ho no so. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Denam hwɛ a yɛbɛhwɛ yiye adu Yehowa ahwehwɛde ahorow ho no so. Eyi de yɛn ba asɛm a ɛto so abiɛsa a wɔdaa no adi wɔ Malaki ti 1 no so. Ɛno ne dɛn?

Nea Ɛsen Biara a Yɛde Bɛma Yehowa

10. Ɔkwan bɛn so na na asɔfo no bu Yehowa pon animtiaa?

10 Ná Yuda asɔfo a wɔsom wɔ asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem wɔ Malaki bere so no mfa afɔre a edi mũ mma Yehowa. Malaki 1:6-8 ka sɛ: “Ɔba di n’agya nĩ, na akoa di ne wura nĩ; na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo [Yehowa, NW] na ɔka akyerɛ mo, asɔfo a mubu me din animtiaa.” Asɔfo no bisae sɛ: “Ɛdɛn mu na yebu wo din animtiaa?” Yehowa buae sɛ: “Mode abodoo a ɛho akum brɛ me m’afɔremuka so.” Asɔfo no bisae sɛ: “Dɛn na yɛde kum wo ho?” Enti Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ woka sɛ [Yehowa, NW] pon no yɛ ade a wotumi bu no animtiaa.” Saa asɔfo no kyerɛe sɛ wobu Yehowa pon animtiaa bere biara a wɔde afɔrebɔde a ɛho akum bae na wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ bɔne” no.

11. (a) Dɛn na Yehowa ka faa afɔrebɔ ahorow a ɛnsɔ ani ho? (b) Ɔkwan bɛn so na na nkurɔfo no nyinaa di fɔ?

11 Afei, Yehowa kaa afɔrebɔde a ɛnsɔ ani no ho asɛm sɛ: “Fa kɔma w’amrado: so n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim?” Dabi, na wɔn amrado no ani rensɔ akyɛde a ɛte saa. Ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na Amansan Hene no ani asɔ afɔre a ɛho akum a saa abɔnefo no bɔ no! Ná ɛnyɛ asɔfo no nkutoo na wɔn ho wɔ asɛm. Ampa, na wɔnam afɔre ankasa a wɔbɔ so rebu Yehowa animtiaa. So na nnipa no dodow no ara nni fɔ? Ɛnte saa koraa! Ɛyɛ wɔn na na wɔde mmoa anifuraefo, mpakye, ne mmoa a wɔyare brɛ asɔfo no sɛ wɔmfa mmɔ afɔre mma Yehowa. Hwɛ bɔne a na eyi yɛ!

12. Ɔkwan bɛn so na wɔboa yɛn ma yɛde nea ɛfata ma Yehowa?

12 Nea ɛsen biara a yɛde bɛma Yehowa no yɛ ɔkwan biako a yɛda no adi sɛ yɛdɔ no ankasa. (Mateo 22:37, 38) Nea ɛnte sɛ Malaki bere so asɔfo nnebɔneyɛfo no, Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no ma yɛn Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ pa a ɛboa ma yɛhyɛ Yehowa anuonyam na yɛda no ase denam Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow a yebedu ho no so. Nea ɛka eyi ho ne ade titiriw a ɛto so anan a yebetumi asua afi Malaki ti 1 mu no.

Ɔdɔ na Ɛkanyan Nokware Som Ɛnyɛ Adifudepɛ

13. Dɛn na na asɔfo no reyɛ a na ɛkyerɛ sɛ na wɔyɛ adifudepɛfo?

13 Ná Malaki bere so asɔfo no yɛ adifudepɛfo, atirimɔdenfo, ne sikaniberefo. Yɛyɛ dɛn hu? Malaki 1:10 ka sɛ: ‘Mo mu hena na ɔbɛtoto apon no mu? Na morensɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Yehowa na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ.’ Yiw, na asɔfo adifudepɛfo no gye sika wɔ asɔrefie som adwuma ketewa biara a wɔyɛ no ho, na na wɔhwehwɛ akatua wɔ apon mu a wɔtoto ne ogya a wɔsɔ wɔ afɔremuka so no ho! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa ani ansɔ wɔn afɔrebɔ no!

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ na ɛkanyan Yehowa Adansefo?

14 Asɔfo abɔnefo a na wɔwɔ tete Yerusalem no adifudepɛ ne wɔn pɛsɛmenkominya no kae yɛn sɛ, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, aniberefo rennya Onyankopɔn ahenni no. (1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ yesusuw saa asɔfo no pɛsɛmenkominya akwan no ho a ɛma anisɔ a yɛwɔ ma wiase nyinaa asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no yɛ kɛse. Yefi yɛn pɛ mu na yɛyɛ yɛn som adwuma no; yennye akatua biara. ‘Yɛntɔn Onyankopɔn asɛm’ no. (2 Korintofo 2:17) Te sɛ Paulo no, yɛn mu biara betumi aka no nokware mu sɛ: “Mede anigye kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa.” (2 Korintofo 11:7, NW) Hyɛ no nsow sɛ Paulo de “anigye kaa asɛmpa no.” Ɛno de yɛn kɔ asɛm a ɛto so anum a Malaki ti 1 twe adwene si so no so.

Ɔsom a Wɔde Ma Onyankopɔn Ɛnyɛ Guasodeyɛ Bi a Ɛyɛ Adesoa

15, 16. (a) Su bɛn na na asɔfo no wɔ wɔ afɔrebɔ ho (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo bɔ wɔn afɔre ahorow?

15 Asɔfo a wonni gyidi a na wɔwɔ tete Yerusalem no buu afɔrebɔ sɛ adwumaden. Na ɛyɛ adesoa ma wɔn. Sɛnea yehu wɔ Malaki 1:13 no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moka sɛ: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn ni! Na mopeepee.” Asɔfo no peei anaasɛ wobuu Onyankopɔn akronkronne animtiaa. Momma yɛmmɔ mpae na yɛammɛyɛ sɛ wɔn da. Mmom no, momma yɛnna su a ɛwɔ 1 Yohane 5:3 no adi bere nyinaa: “Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.”

16 Momma yɛn ani nnye honhom mu afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no ho, na mma yemmu eyi sɛ adesoa da. Ɛmmra sɛ yebetie nkɔmhyɛsɛm yi: ‘Monka nkyerɛ Yehowa sɛ: fa amumɔyɛ firi, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔre.’ (Hosea 14:2) Asɛm “yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini” no kyerɛ honhom fam afɔrebɔ, nsɛm a yɛka de yi Yehowa ayɛ a ɛfa n’atirimpɔw ahorow ho no. Hebrifo 13:15 ka sɛ: “Enti momma yɛmfa [Yesu Kristo] so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” Hwɛ anigye a yenya sɛ yɛn honhom mu afɔrebɔ no nyɛ guasodeyɛ bi ara kwa, na mmom ɛyɛ koma nyinaa mu a yefi da anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn adi! Eyi de yɛn ba asɛm a ɛto so asia a yebetumi asua afi Malaki ti 1 mu no so.

Ɛsɛ sɛ Yɛn Mu Biara Bu Akontaa

17, 18. (a) Dɛn nti na Yehowa domee “nea osisi”? (b) Dɛn na wɔn a wosisi no ansusuw ho?

17 Ankorankoro a wɔtraa ase wɔ Malaki bere so no buu wɔn ankasa nneyɛe ho akontaa, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yebu yɛn nneyɛe ho akontaa. (Romafo 14:12; Galatifo 6:5) Enti, Malaki 1:14 ka sɛ: “Wɔadome nea osisi, nanso onini [a dɛm nni ne ho] wɔ ne nguankuw mu, ne nea ɔhyɛ bɔ, na ɔde nea asɛe bɔ [Yehowa, NW] afɔre no.” Ná onipa a ɔwɔ nyɛmmoa no aboa nyɛ biako pɛ—sɛ ebia oguan biako pɛ—a na onni foforo biara ka ho a obetumi de ama. Sɛ ɔrepaw aboa a ɔde bɛbɔ afɔre a, na ɛnsɛ sɛ ɔpaw nea n’ani afura, apakye, anaa nea ɔyare. Sɛ ɔpaw aboa a wadi dɛm a ɛte saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wabu Yehowa afɔre nhyehyɛe no animtiaa, efisɛ onipa a ɔyɛn mmoa no betumi anya aboa a ne ho nni dɛm ɔkwan biara so!

18 Edi sɛ Yehowa domee “nea osisi” a ɔwɔ onini a ɔfata nanso ɔde aboa a n’ani afura, ɔyɛ apakye, anaa yarefo—nea ebia ɛsɛ sɛ ɔtwe no ase—brɛ asɔfo no sɛ wɔmfa mmɔ afɔre no. Nanso, wɔanka biribiara a ɛkyerɛ sɛ asɔfo no twee adwene sii Onyankopɔn mmara so a ɛkyerɛ sɛ mmoa a wɔadi dɛm a ɛte saa mfata. (Leviticus 22:17-20) Nanso na ankorankoro a wɔn adwenem da hɔ nim sɛ sɛ wɔde akyɛde a ɛte saa kɔmaa wɔn amrado a, anka ɛrenyɛ papa. Nokwarem no, na wɔne nea ɔso sen nnipa amrado biara, Amansan Hene, Yehowa, na ɛredi. Malaki 1:14 ka no saa kwan yi so sɛ: “Ɔhenkɛse ne me, asafo [Yehowa, NW] na ose, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.”

19. Dɛn na yɛhwɛ kwan, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

19 Sɛ́ Onyankopɔn asomfo anokwafo no, yɛhwɛ kwan sɛ da bi bɛba a adesamma nyinaa de nidi a ɛfata bɛma Ɔhene kɛse, Yehowa. Saa bere no “[Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Ansa na ɛno bɛba no, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nni Onyankopɔn ahwehwɛde so denam sua a yebesuasua odwontofo a ɔkae sɛ: ‘Mede aseda mɛkamfo no’ no so. (Dwom 69:30) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, Malaki nkɔmhyɛ no wɔ afotu foforo a ɛso betumi aba yɛn mfaso kɛse. Ɛnde, momma yɛmfa ahwɛyiye nsusuw Malaki nhoma no afã foforo ho wɔ nsɛm abien a edi so no mu.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Yehowa anuonyam?

• Dɛn nti na na asɔfo no afɔrebɔ ahorow no nsɔ Yehowa ani wɔ Malaki bere so?

• Ɔkwan bɛn so na yɛbɔ Yehowa ayeyi afɔre?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan nokware som?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Malaki nkɔmhyɛ no twee adwene sii yɛn bere yi so

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Esau ankyerɛ akronkronne ho anisɔ

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Asɔfo no ne nkurɔfo no bɔɔ afɔre ahorow a ɛnsɔ ani

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yehowa Adansefo fi wɔn pɛ mu bɔ ayeyi afɔre wɔ wiase nyinaa