Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Na Wobenya Nkwa Yehowa Da no?

Henanom Na Wobenya Nkwa Yehowa Da no?

Henanom Na Wobenya Nkwa Yehowa Da no?

“Ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ ɔfononoo.”—MALAKI 4:1.

1. Ɔkwan bɛn so na Malaki kyerɛkyerɛɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei mu?

ONYANKOPƆN de honhom kaa odiyifo Malaki ma ɔkyerɛw nsɛm a na ɛyɛ hu a ebesisi daakye too hɔ. Nsɛm a ebesisi yi bɛka obiara a ɔwɔ asase so. Malaki 4:1 ka siei sɛ: “Hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ ɔfononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo [Yehowa, NW] na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa bãa.” Ɔkwan bɛn so na wɔbɛsɛe nneɛma nhyehyɛe yi korakora? Ɛbɛyɛ te sɛ dua a wɔasɛe ne ntini nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a entumi mfifi bio da.

2. Ɔkwan bɛn so na kyerɛw nsɛm bi kyerɛkyerɛ Yehowa da no mu?

2 Ebia wubebisa sɛ, ‘“Ɛda” bɛn na na odiyifo Malaki reka ho asɛm no?’ Ɛyɛ da koro no ara a wɔka ho asɛm wɔ Yesaia ti 13:9 a ɛka sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] da no reba, atirimɔden ne anibere ne abufuhyew, sɛ ɔrebɛdan asase afõ, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so.” Sefania 1:15 de nkyerɛkyerɛmu yi ma sɛ: “Ɛda no yɛ anibere da, ahohia ne ahokyere da, ɔsɛe ne amamfõyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da.”

“Ahohiahia Kɛse No”

3. Dɛn ne “Yehowa da no”?

3 Wɔ Malaki nkɔmhyɛ no mmamu kɛse ho no, na ‘Yehowa da’ no yɛ bere a ɛfa “ahohiahia kɛse” no ho. Yesu ka siei sɛ: “Ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:21) Susuw amane a wiase no ahu titiriw fi 1914 no ho hwɛ. (Mateo 24:7-12) Hwɛ, Wiase Ko II no nkutoo kunkum nnipa ɔpepem 50! Nanso “ahohiahia kɛse” no bebunkam ɔhaw ahorow yi so koraa. Ahohiahia kɛse, Yehowa da no, kowie Harmagedon mu na ɛde nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei.—2 Timoteo 3:1-5, 13; Adiyisɛm 16:14, 16.

4. Sɛ Yehowa da no ba n’awiei a, dɛn na ebesi?

4 Enkosi sɛ Yehowa da no bɛba n’awiei no, na wɔatɔre Satan wiase no ne n’aboafo no ase. Ade a wobedi kan asɛe no ne atoro som nyinaa. Afei Yehowa atemmu bɛba Satan aguadi ne amammui nhyehyɛe no so. (Adiyisɛm 17:12-14; 19:17, 18) Hesekiel hyɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efĩ; wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn [Yehowa, NW] anibere da no.” (Hesekiel 7:19) Ɛdefa saa da no ho no Sefania 1:14 ka sɛ: “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.” Esiane nea Bible no ka wɔ Yehowa da no ho nti, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow ahyia.

5. Dɛn na wɔn a wosuro Yehowa din no benya?

5 Bere a wɔahyɛ nea Yehowa da no bɛyɛ Satan wiase no ho nkɔm awie no, Malaki 4:2 ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ.” “Trenee wia” no gyina hɔ ma Yesu Kristo. Ɔno ne “wiase hann.” (Yohane 8:12) Yesu nam ayaresa so hyerɛn, nea edi kan wɔ honhom fam a yenya no nnɛ, ne afei honam fam ayaresa a edi mũ koraa wɔ wiase foforo no mu. Sɛnea Yehowa ka no, wɔn a wɔasa wɔn yare no ‘behuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ’ na wɔwɔ anigye sɛ wonni ɔhyɛ ase bio.

6. Nkonimdi ho ahurusi bɛn na Yehowa asomfo bedi?

6 Na wɔn a wobu wɔn ani gu Yehowa ahwehwɛde ahorow so no nso ɛ? Malaki 4:3 ka sɛ: “Mo [Onyankopɔn asomfo] betiatia abɔnefo so, na wɔbɛyɛ nsõ mo nan ase, ɛda a mereyɛ no so, asafo [Yehowa, NW] na ose.” Adesamma a wɔsom Onyankopɔn rennya Satan wiase sɛe no mu kyɛfa. Mmom no, ‘wotiatia abɔnefo no so’ sɛnkyerɛnne kwan so denam ahurusi a wobedi wɔ nkonimdi a Yehowa da no de ba ho no so. Wodii ahurusi kɛse bere a wɔsɛee Farao asraafodɔm wɔ Po Kɔkɔɔ mu no. (Exodus 15:1-21) Saa ara nso na yebedi ahurusi kɛse bere a wɔayi Satan ne ne wiase no afi hɔ no. Nnipa anokwafo a wobefi Yehowa da no mu aka no bɛka sɛ: “Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.” (Yesaia 25:9) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a wɔasan Yehowa amansan tumidi ho na wɔatew asase no so ma wɔatra so asomdwoe mu no!

Kristoman Suasua Israel

7, 8. Kyerɛkyerɛ honhom fam tebea a na Israel wom wɔ Malaki bere so no mu.

7 Wɔn a wonya Yehowa anim dom no ne wɔn a wɔsom no, na ɛnte sɛ wɔn a wɔnnsom no no. Na ɛte saa ara bere a Malaki kyerɛw ne nhoma no. Wɔ 537 A.Y.B. no, na wɔde Israel nkaefo no asan aba bere a na wɔakɔ nnommumfa mu wɔ Babilon mfe 70 akyi no. Nanso wɔ afeha a na edi hɔ no, ɔman a na wɔde wɔn asan aba no san dan awaefo ne abɔnefo. Nkurɔfo no mu pii huraa Yehowa din ho; poo ne trenee mmara horow; na woguu n’asɔrefie ho fi denam mmoa a wɔn ani afura; wɔyɛ mpakye na wɔyare a wɔde wɔn bɔɔ afɔre, na wogyaee wɔn mmeranteberem yerenom no so.

8 Enti Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no . . . Na me [Yehowa, NW] mensakra.” (Malaki 3:5, 6) Nanso Yehowa too nsa frɛɛ wɔn a wɔsan fii wɔn kwammɔne ho no sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn. Na mɛsan maba mo nkyɛn.”—Malaki 3:7.

9. Ɔkwan bɛn so na Malaki nkɔmhyɛ ahorow no nyaa ne mmamu a edi kan?

9 Saa nsɛm no nso nyaa mmamu wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Yudafo nkaefo bi som Yehowa na wɔbɛyɛɛ Kristofo “ɔman” foforo a wɔde honhom asra wɔn no mufo, na wɔde Amanaman mufo bɛkaa ho akyiri yi. Nanso Israelfo fã kɛse no ara poo Yesu. Enti Yesu ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.” (Mateo 23:38; 1 Korintofo 16:22) Wɔ 70 Y.B. sɛnea na Malaki 4:1 aka asie no, ‘ɛda a ɛhyew sɛ fononoo’ baa honam fam Israel so. Wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no, na wɔbɔ amanneɛ sɛ nnipa bɛboro ɔpepem biako wuwui esiane aduankɔm, tumi ho apereperedi, ne Roma asraafo ntua no nti. Nanso wɔn a wɔsom Yehowa no nyaa wɔn ti didii mu wɔ ahohiahia no mu.—Marko 13:14-20.

10. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii ne asɔfo no suasua afeha a edi kan Israelfo no?

10 Adesamma, ne titiriw Kristoman, asuasua afeha a edi kan Israel man no. Nkurɔfo a wɔwɔ Kristoman mu ne wɔn akannifo ani gye wɔn ankasa nyamesom gyidikasɛm ho sen Onyankopɔn nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no. Asɔfo no di fɔ titiriw. Wɔpo sɛ wɔde Yehowa din bedi dwuma, na mpo wɔayi afi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu. Wɔbɔ Yehowa ahohora denam nsɛm a ennyina Kyerɛwnsɛm so, te sɛ ayayade a wɔyɛ nkurɔfo wɔ hellgya mu daa, Baasakoro, ɔkra a enwu da ne adannandi a wɔkyerɛkyerɛ so. Wɔnam saayɛ so de ayeyi a ɛsɛ Yehowa no kame no sɛnea asɔfo no yɛe wɔ Malaki bere so no ara.

11. Ɔkwan bɛn so na wiase nyamesom kyerɛɛ onii ko a wɔsom no ankasa?

11 Bere a nna a edi akyiri no fii ase wɔ 1914 mu no, wiase yi nyamesom ahorow, ne wɔn a wodi wɔn anim a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no kyerɛɛ onii ko a wɔsom no ankasa. Wɔ wiase akodi abien no nyinaa mu no, amansɛm nti wɔhyɛɛ wɔn nkurɔfo nkuran ma wɔkɔɔ ko, ɛmfa ho mpo sɛ na eyi betumi ama wɔakunkum wɔn ankasa som mufo no. Onyankopɔn Asɛm ma yehu wɔn a wotie Yehowa ne wɔn a wontie no no pefee: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.”—1 Yohane 3:10-12.

Nkɔmhyɛ a Enya Mmamu

12, 13. Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na Onyankopɔn asomfo ama anya mmamu wɔ yɛn bere yi so?

12 Bere a Wiase Ko I baa awiei wɔ 1918 mu no, Yehowa asomfo tumi hui sɛ Onyankopɔn abu Kristoman ne wiase atoro som no nyinaa fɔ. Efi ɛno so no, wɔtoo nsa frɛɛ nnipa komapafo sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.” (Adiyisɛm 18:4, 5) Wofii ase tew wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no ho fii atoro som ho na wofii ase kaa Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa wiase nyinaa, adwuma a ɛsɛ sɛ wowie ansa na nneɛma nhyehyɛe bɔne yi aba n’awiei.—Mateo 24:14.

13 Ɛma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Malaki 4:5 no nya mmamu, baabi a Yehowa ka sɛ: “Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na [Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no aba.” Saa nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu a edi kan wɔ Yohane Suboni, a wɔde Elia yɛɛ ne nsusuwso no so. Yohane yɛɛ adwuma te sɛ Elia bere a ɔbɔɔ Yudafo a na wɔasakra wɔn adwene asu wɔ bɔne a wɔyɛe wɔ Mmara apam no ho no. Nea ehia sen saa no, Yohane bɔɔ kwan maa Mesia no. Nanso na Yohane adwuma no yɛ Malaki nkɔmhyɛ no mmamu mfiase ara kwa. Bere a Yesu reda Yohane adi sɛ Elia a ɔto so abien no, ɔkyerɛe sɛ na wɔbɛyɛ “Elia” adwuma no daakye.—Mateo 17:11, 12.

14. Adwuma a ehia bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na nneɛma nhyehyɛe yi aba awiei?

14 Malaki nkɔmhyɛ no kyerɛe sɛ na wɔbɛyɛ Elia adwuma kɛse yi ansa na ‘Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu’ no aba. Ɛda yi bɛba awiei wɔ Onyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse mu ko a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu wɔ Harmagedon. Eyi kyerɛ sɛ dwumadi a na ɛte sɛ Elia de no bedi nneɛma nhyehyɛe yi awiei ne Onyankopɔn soro Mfirihyia Apem Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo a wɔde no asi ade so nsa no anim. Na sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ pɛpɛɛpɛ no, ansa na Yehowa bɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi no, ɛsɛ sɛ ne nnɛyi Adansefo de anigye ne nsi yɛ adwuma a ɛbɛma wɔde nokware som asi hɔ, ama Onyankopɔn din so, na wɔde Bible mu nokware ahorow akyerɛkyerɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no.

Yehowa Hyira N’asomfo

15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kae n’asomfo?

15 Yehowa hyira wɔn a wɔsom no no. Malaki 3:16 ka sɛ: “Ɛnna wɔn a wosuro [Yehowa, NW] no kasakasae wɔn mu, na [Yehowa, NW] yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro [Yehowa, NW] na wobu ne din no.” Sɛnea yɛbɛka no no, Onyankopɔn fi Habel bere so rekyerɛw wɔn a ɔbɛkae wɔn ma wɔanya daa nkwa no din wɔ nhoma bi mu. Yehowa ka kyerɛ eyinom sɛ: “Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntra me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, . . . sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?”—Malaki 3:10.

16, 17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyira ne nkurɔfo ne wɔn adwuma so?

16 Nokwarem no, Yehowa ahyira wɔn a wɔsom no no. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan biako ne n’atirimpɔw ahorow ho ntease a wɔanya. (Mmebusɛm 4:18; Daniel 12:10) Foforo nso ne aba pii a ɛyɛ nwonwa a wɔama wɔn asɛnka adwuma no asow no. Nnipa komapafo pii abɛka wɔn ho wɔ nokware som mu, na eyinom nyinaa yɛ “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu . . . na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.” (Adiyisɛm 7:9, 10) Wɔada nnipakuw kɛse yi adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, na mprempren wɔn a wɔde nsiyɛ resom Yehowa no dodow boro ɔpepem asia wɔ asafo bɛboro 93,000 mu wɔ wiase nyinaa!

17 Bio nso, yehu Yehowa nhyira pii efisɛ Yehowa Adansefo tintim Bible ho nhoma a wɔakyekyɛ sen nhoma biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Mprempren wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ɔpepem 90 ɔsram biara, Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa 144 mu, na Nyan! no nso wɔ kasa 87 mu. Yɛakyekyɛ nhoma a wɔde sua Bible Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a wotintim no 1968 mu bɛboro ɔpepem 107 wɔ kasa horow 117 mu. Na yɛakyekyɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a woyii no adi wɔ 1982 mu no bɛboro ɔpepem 81 wɔ kasa horow 131 mu. Na ɛde besi nnɛ no wɔatintim Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a woyii no adi wɔ 1995 mu no bɛboro ɔpepem 85 wɔ kasa horow 154 mu. Na ɛde besi nnɛ no, wɔakyekyɛ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa a wotintimii wɔ 1996 no bɛyɛ ɔpepem 150 wɔ kasa horow 244 mu.

18. Dɛn nti na yenya honhom fam nkɔso ɛmfa ho ɔsɔretia nyinaa akyi no?

18 Yɛanya honhom fam nkɔso yi ɛmfa ho ɔsɔretia a emu yɛ den na ɛkyɛ a Satan wiase de ba nyinaa akyi no. Eyi da nokwasɛm a ɛwɔ Yesaia 54:17 no adi sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne [Yehowa, NW] nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, [Yehowa, NW] asɛm ni.” Hwɛ sɛnea eyi kyekye Yehowa asomfo werɛ bere a wohu sɛ Malaki 3:17 renya ne mmamu kɛse wɔ wɔn so no: “Wɔbɛyɛ me de, asafo [Yehowa, NW] na ose, ɛda a mɛyɛ no so, ayɛ m’ankasa m’ade.”

Anigye a Wɔde Som Yehowa

19. Nsonsonoe bɛn na ɛda wɔn a wɔsom Yehowa ne wɔn a wɔnsom no no ntam?

19 Bere rekɔ so no, nsonsonoe a ɛda Yehowa asomfo anokwafo ne wɔn a wɔwɔ Satan wiase no mu no reda adi kɛse. Malaki 3:18 ka siei sɛ: “Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” Nsonsonoe pii yi mu biako ne sɛ wɔn a wɔsom Yehowa no de anigye kɛse na ɛsom no. Nea enti a wɔyɛ saa no bi ne anidaso a ɛyɛ anigye a wɔwɔ no. Wɔwɔ Yehowa mu ahotoso koraa bere a ɔka sɛ: “Hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo, NW], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti.”—Yesaia 65:17, 18; Dwom 37:10, 11, 29; Adiyisɛm 21:4, 5.

20. Dɛn nti na yɛyɛ nkurɔfo a wɔwɔ anigye?

20 Yɛwɔ Yehowa bɔhyɛ mu gyidi sɛ ne nkurɔfo anokwafo befi ne da kɛse no mu aka na wɔde wɔn akɔ wiase foforo no mu. (Sefania 2:3; Adiyisɛm 7:13, 14) Na bere a mpanyinyɛ, yare, anaa akwanhyia bɛma ebinom awu ansa na saa bere no adu no, Yehowa ka sɛ obenyan wɔn ama wɔn daa nkwa. (Yohane 5:28, 29; Tito 1:2) Enti bere a yɛn nyinaa hyia ɔhaw ne nsɛnnennen na yɛretwɛn Yehowa da yi no, yɛwɔ biribiara a yebetumi agyina so aka sɛ yɛyɛ nkurɔfo a wɔwɔ anigye sen biara wɔ asase so.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne “Yehowa da no”?

• Ɔkwan bɛn so na wiase nyamesom suasua tete Israel?

• Nkɔmhyɛ bɛn na Yehowa asomfo ma enya mmamu?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyira ne nkurɔfo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Afeha a edi kan Yerusalem ‘hyewee te sɛ ɔfononoo’

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Yehowa de wɔn a wɔsom no no ahiade ma wɔn

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Esiane anidaso a ɛyɛ anigye a Yehowa asomfo wɔ nti, wɔn ani gye ankasa