Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Yohane huu “nnipakuw kɛse” no sɛ wɔresom ɔsom kronn wɔ Yehowa asɔrefie hɔ no, asɔrefie no fã he na na wɔresom no?—Adiyisɛm 7:9-15.

Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ nnipakuw kɛse no som Yehowa wɔ ne honhom mu asɔrefie kɛse no abangua a ɛwɔ asase so no biako mu, nea ɛte sɛ Salomo asɔrefie no fam abangua no.

Bere bi na wɔka sɛ nnipakuw kɛse no wɔ honhom mu beae a ɛte sɛ Amanaman mufo Abangua a na ɛwɔ hɔ wɔ Yesu bere so no. Nanso nhwehwɛmu a wɔsan yɛe no kyerɛ sɛ nneɛma anum bi nti, ɛnte saa. Nea edi kan no, ɛnyɛ Herode asɔrefie no ho biribiara na ɛwɔ Yehowa honhom mu asɔrefie kɛse no ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ná Mmea Abangua ne Israel Abangua wɔ Herode asɔrefie hɔ. Ná mmarima ne mmea nyinaa tumi kɔ Mmea Abangua no so, nanso mmarima nko ara na na wotumi kɔ Israel Abangua no so. Mmarima ne mmea nyinaa bom som wɔ Yehowa honhom mu asɔrefie kɛse no abangua a ɛwɔ asase so no so. (Galatifo 3:28, 29) Enti biribiara nni honhom mu asɔrefie no ho a ɛte sɛ Mmea Abangua ne Israel Abangua no.

Nea ɛtɔ so abien no, ná Amanaman mufo Abangua biara nni asɔrefie nsusuwso a Onyankopɔn de maa Salomo anaa Hesekiel anisoadehu mu asɔrefie no mu; saa nso na na ebi nni asɔrefie a Serubabel san sii no mu. Enti biribiara nni hɔ a ɛno nti yɛbɛka sɛ ehia sɛ baabi a ɛte sɛ Amanaman mufo Abangua no ba Yehowa honhom mu asɔrefie kɛse nhyehyɛe a yɛnam so som no mu, ɛnkanka bere a yesusuw nea edi so yi ho no.

Nea ɛtɔ so abiɛsa, Edomfo hene Herode na osii Amanaman mufo Abangua no de hyɛɛ ne ho anuonyam san de hwehwɛɛ Romafo no anim anuonyam. Ɛyɛ bɛyɛ afe 18 anaa 17 A.Y.B. mu na Herode fii ase siesiee Serubabel asɔrefie no. The Anchor Bible Dictionary kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea na tete wiase tumidi man a ɛwɔ Atɔe [Rome] si dan nti, . . . na ɛsɛ sɛ osi asɔrefie a ɛso sen apuei fam aman mu asɔrefie no.” Nanso asɔredan no ankasa de, na wɔasusuw ne kɛse ato hɔ dedaw. Nhoma no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Asɔredan ankasa no kɛse yɛ te sɛ tete de [Salomo ne Serubabel de] no de, nanso Asɔrefie Bepɔw no de, wɔankyerɛ ne kɛse.” Enti Herode sii asɔrefie no kɛse de nea ɛnnɛ wɔfrɛ no Amanaman mufo Abangua no kaa ho. Ɛbɛyɛ dɛn na asɔrefie a ɛte saa anya ne nsusuwso wɔ Yehowa honhom mu asɔrefie nhyehyɛe no mu?

Nea ɛtɔ so anan, ɛkame ayɛ sɛ na obiara—anifuraefo ne mpakye ne Amanaman mufo momonotofo—tumi kɔ Amanaman mufo Abangua no so. (Mateo 21:14, 15) Ampa, abangua no so baa mfaso maa Amanaman mufo momonotofo a na wɔpɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma Onyankopɔn no mu pii. Ɛhɔ nso na ɛtɔ da a na Yesu kasa kyerɛ nnipakuw no, na ɛhɔ ara nso na ɔpamoo sikasesafo ne aguadifo no mprenu kae sɛ wɔagu N’agya fie ho fi no. (Mateo 21:12, 13; Yohane 2:14-16) Ne nyinaa akyi no, The Jewish Encyclopedia ka sɛ: “Sɛ yɛreka no yiye paa a, saa fam abangua no, na ɛnka Asɔrefie no ho. Ná ɛhɔ asase no nyɛ kronkron na na obiara nso tumi kɔ hɔ.”

Nea ɛtɔ so anum, Hela asɛmfua (hi·e·ron’) a wɔkyerɛ ase “asɔrefie,” a wɔde ka Amanaman mufo Abangua no ho asɛm no, A Handbook on the Gospel of Matthew, a Barclay M. Newman ne Philip C. Stine kyerɛwee no ka sɛ, “ɛkyerɛ asɔrefie no nyinaa, na ɛnyɛ Asɔredan no ankasa.” Nanso, Hela asɛmfua (na·os’) a wɔkyerɛ ase ‘asɔredan’ wɔ nnipakuw kɛse no ho anisoadehu a Yohane nyae mu no kyerɛ asɔredan no ankasa. Sɛ wɔde reka Yerusalem asɔrefie no ho asɛm a, ɛtaa kyerɛ Kronkron mu Kronkronbea, asɔredan, anaa asɔrefie no adiwo. Ɛtɔ da bi a wɔfrɛ no “kronkronbea.” (NW)—Mateo 27:5, 51; Luka 1:9, 21; Yohane 2:20.

Kuw kɛse no mufo wɔ gyidi wɔ Yesu agyede afɔre no mu. Wɔn ho tew wɔ honhom fam, na “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” Enti wɔabu wɔn treneefo a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn nnamfo na wɔatwa ahohiahia kɛse no. (Yakobo 2:23, 25) Akwan pii so no, wɔte sɛ amanaman mufo a wɔbɛdanee Israelfo a wodii Mmara apam no so na wɔne Israelfo no somee no.

Ɛda adi pefee sɛ, na amanaman mufo a wɔbɛdanee Israelfo no nsom wɔ akyiri abangua no so, baabi a na asɔfo no yɛ wɔn adwuma no. Nnipakuw kɛse no mufo nso nni Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no akyiri abangua no so, baabi a ɛkyerɛ Yehowa “asɔfokuw kronkron” no tebea a ɛho tew na edi mu a wɔwom sɛ Onyankopɔn mma bere a wɔwɔ asase so no. (1 Petro 2:5) Nanso sɛnea ɔsoro mpanyimfo no biako ka kyerɛɛ Yohane no, nnipakuw kɛse no wɔ asɔredan no ho baabi a ɛte sɛ Amanaman mufo honhom fam Abangua no. Hwɛ nidi a wɔanya! Hwɛ sɛnea ɛsan si so dua sɛ ehia sɛ obiara kura honhom fam gyinabea pa ne abrabɔ pa mu bere nyinaa!

[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 31]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Salomo Asɔrefie no

1. Asɔredan

2. Akyiri Abangua

3. Fam Abangua

4. Atrapoe a ɛkɔ Asɔrefie Abangua no so