Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obiara Betumi Adi Dɛm

Obiara Betumi Adi Dɛm

Obiara Betumi Adi Dɛm

ASRAAFO kyeree Christian a ɔwɔ Afrika man bi mu, hyɛɛ no sɛ ɔnkɔ sraadi, nanso esiane n’ahonim a ɔde Bible atete no nti wampene so. Enti asraafo no de no kɔɔ wɔn atrae kɔhwee no nnanan, na akyiri yi, wɔn mu biako tow tuo bɔɔ ne nan. Christian tumi kɔɔ ayaresabea, nanso na ɛsɛ sɛ wotwa ne nan no wɔ ne kotodwe ase. Wɔ Afrika man foforo bi mu no, asraafo atuatewfo atwitwa mmofra nkumaa mpo nsa ne wɔn anan. Na efi Cambodia kosi Balkans, Afghanistan kosi Angola no, atopae a wɔde hyehyɛ fam no kɔ so ara pirapira mmofra ne mpanyin nyinaa di wɔn dɛm.

Nneɛma foforo nso a ɛredi nkurɔfo dɛm ne asiane ahorow ne nyarewa te sɛ asikreyare. Awuduru a atwa yɛn ho ahyia wɔ mmeae a yɛte no mpo betumi adi yɛn dɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔ Europa Apuei fam kuropɔn bi a enni akyiri koraa mu no, wɔawo mmofra bi a wɔn nsa mmiako mmiako so atwitwa. Wɔn nsa tra wɔn abatwɔw kakraa bi pɛ. Adanse kyerɛ sɛ efi awosu mu dɛmdi a nnubɔne de bae. Nnipa foforo pii wɔ anan ne nsa nyinaa, nanso esiane mmubui anaa ɔhaw foforo bi nti wontumi mfa nyɛ hwee. Nokwarem no, obiara betumi adi dɛm.

Ɛmfa ho nea ɛde dɛmdi ba biara no, ebetumi ahaw adwene yiye. Junior nan benkum so twae bere a na wadi mfe 20. Akyiri yi ɔkae sɛ: “Ɛhaw m’adwene pii. Misui pii esiane sɛ na minim sɛ me nsa renka me nan no bio nti. Na minhu nea menyɛ. Meyɛɛ basaa.” Nanso, bere kɔɔ so no, Junior suban sesae koraa. Ofii ase suaa Bible no, na osuaa nneɛma pii a ɛnyɛ boa nko na aboa no ma wagyina ne dɛmdi no ano na mmom ama wanya daakye a ɛyɛ anigye a obenya wɔ asase so ha ho anidaso a ɛyɛ anigye nso. Sɛ woadi dɛm a, so wobɛpɛ sɛ wunya saa anidaso no bi?

Sɛ saa a, ɛnde yɛsrɛ sɛ kenkan asɛm a edi hɔ no. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwɛ Kyerɛwsɛm mu nsɛm no wɔ w’ankasa Bible mu na woahu nea Ɔbɔadeɛ no bɛyɛ ama wɔn a wosua n’atirimpɔw ho ade na wɔma ɛne wɔn asetra hyia no.