Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Ɔbabarima Bi Boaa Ne Papa

Sɛnea Ɔbabarima Bi Boaa Ne Papa

Sɛnea Ɔbabarima Bi Boaa Ne Papa

JAMES a ofi England a wadi mfe 30 no wɔ adwenem dɛmdi bi a emu yɛ den, na ontumi nkasa papa. Nanso, ɔne ne maame ne ne nuabea akɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow mfe pii. Nanso, na ne papa nkyerɛɛ wɔn som no ho anigye da. Da koro anwummere, bere a wɔapɔn nhyiam bi a wɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ bi a ɛfa sɛnea wɔto nsa frɛ ɔmannifo ba Kristo wu Nkaedi ase ho no, James yɛɛ ntɛm kɔɔ ne dan mu. Ne maame de ahopere dii n’akyi na okohui sɛ wayere ne ho rehwehwɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma dedaw no mu. Ɔpaw biako a wɔayɛ nsa a wɔto frɛ nkurɔfo ba Nkaedi ase ho mfonini wɔ akyi, na otuu mmirika kɔɔ ne papa nkyɛn. Nea edi kan no, ɔde ne nsa kyerɛɛ mfonini no so na afei ɔde kyerɛɛ ne papa so kae sɛ “Wo!” Ne maame ne ne papa de ahodwiriw hwɛɛ wɔn ho anim bere a wohui sɛ James reto nsa afrɛ ne papa akɔ Nkaedi no. Ne papa kae sɛ ebia ɔbɛkɔ.

Nkaedi da no anwummere no, James kɔɔ faako a ne papa ntade sensɛn no, koyii ne papa trɔɔs kɔmaa no yɛɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛɛ no sɛ ɔnhyɛ. Ne papa buae sɛ ɔrenkɔ nhyiam no. Enti, James ne ne maame nkutoo siim kɔɔ Ahenni Asa so.

Nanso, bere bi akyi no, sɛ James maame bɔ mmɔden sɛ obesiesie ne ho ma wɔakɔ asafo nhyiam ahorow a, ɔmpene, ɔpɛe sɛ ɔne ne papa bɛtra fie mmom. Afei Kwasida anɔpa bi a James maame bɔɔ mmɔden sɛ obesiesie ne ho ma wɔakɔ nhyiam no, wampene. Ɛyɛɛ James maame nwonwa sɛ ohui sɛ James papa ka kyerɛɛ no sɛ, “James, sɛ mekɔ nnɛ nhyiam no a, wo nso wobɛkɔ? James anim tewee. Ɔyɛɛ ne papa atuu kae sɛ “Yiw!” na wɔn baasa nyinaa bɔɔ anan kɔɔ Ahenni Asa so.

Efi saa da no rekɔ no James papa kɔɔ so kɔɔ Kwasida nhyiam no nyinaa bi na ankyɛ na ɔkae sɛ sɛ obenya nkɔanim a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ nhyiam ahorow a aka no nyinaa nso bi. (Hebrifo 10:24, 25) Ɔyɛɛ eyi na asram abien akyi no ofii ase suaa Bible no daa. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm, yɛɛ nsakrae a ehia wɔ n’asetram, na ankyɛ biara na ofii ase de ne ho hyɛɛ Ahenni asɛnka adwuma no mu. Osuaa Bible no akyi afe no, ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa de nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Mprempren ɔsom sɛ ɔsomfo wɔ n’asafo mu. Ɛnnɛ abusua no mufo nyinaa de biakoyɛ resom Yehowa.