Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Dɛmdi Bɛba Awiei

Sɛnea Dɛmdi Bɛba Awiei

Sɛnea Dɛmdi Bɛba Awiei

YƐ SƐNEA afuraefo hu ade, na asotifo te nnyigyei biara, na mum tɛkrɛma reto dwom anigye so, na obubuafo anan mu yɛ den na otumi nantew ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! Ɛnyɛ nyansahu mu aduruyɛ mu nkɔanim ho asɛm na yɛreka, na mmom nea ebefi Onyankopɔn ankasa ho a ɔde begye adesamma nsɛm mu aba ho asɛm na yɛreka. Bible hyɛ nkɔm sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” (Yesaia 35:5, 6) Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ saa nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi bɛbam ampa?

Nea edi kan no, bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔsaa nnipa a wɔwɔ nyarewa na wɔadidi dɛm nyinaa yare. Bio nso, nnipa pii—a na n’atamfo mpo ka ho—huu n’ayaresa no. Nokwarem no, anyɛ yiye koraa no, wɔ asɛm biako mu no, asɔretiafo akyinnyegyefo no yɛɛ yare bi a Yesu sae mu nhwehwɛmu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobegu n’anim ase. Nanso wɔn anim guu ase kɛse efisɛ nea wɔyɛe no nyinaa sii n’anwonwade no so dua mmom. (Yohane 9:1, 5-34) Bere a Yesu yɛɛ anwonwade foforo a wontumi nnye ho kyim no, wɔde abasamtu kae sɛ: “Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii?” (Yohane 11:47) Nanso, mpapahwekwa no ammu wɔn ani angu so, na wɔn mu pii nyaa Yesu mu gyidi.—Yohane 2:23; 10:41, 42; 12:9-11.

Yesu Anwonwade Ahorow—Wiase Nyinaa Ayaresa Ho Nsusuwso

Yesu anwonwade ahorow no dii dwuma pii sen kyerɛ a ɛkyerɛe sɛ Yesu yɛ Mesia ne Onyankopɔn Ba no. Ɛma yenya Bible mu bɔhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsa adesamma asoɔmmerɛfo yare daakye no mu ahotoso. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 35 a yɛkaa ho asɛm wɔ nkyekyɛm a edi kan no mu no ka saa bɔhyɛ ahorow yi ho. Yesaia 33:24 ka akwahosan pa a nnipa a wosuro Onyankopɔn benya daakye no ho asɛm sɛ: ‘Ɔmanfo no mu bi renka sɛ meyare.’ Saa ara na Adiyisɛm 21:4 hyɛ bɔ sɛ: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma [sɔhwɛ ne amanehunu a ɛwɔ hɔ nnɛ] no atwam.”

Nnipa bɔ mpae daa sɛ saa bɔhyɛ ahorow yi mmra bere a wotĩ Yesu mpaebɔ nhwɛso a ne fã bi ka sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” mu no. (Mateo 6:10) Yiw, asase ne adesamma ka Onyankopɔn apɛde ho. Ɛwom sɛ wɔama yare ne dɛmdi ho kwan esiane atirimpɔw bi nti de, nanso ɛrenkyɛ ne nyinaa befi hɔ; wɔrenkɔ so nsɛe Onyankopɔn “nan ase ntiaso” no daa.—Yesaia 66:1. *

Ayaresa a Ɛyaw Anaa Ɛka Biara Nnim

Ɛmfa ho amanehunu biara a nnipa hyiae no, Yesu saa wɔn yare a wɔante yaw, ansɛe bere, na wannye wɔn hwee. Asɛm a ɛte sɛ eyi trɛwee ntɛm ara, na ankyɛ na “nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase. Na ɔsaa wɔn yare.” Nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade dɛn? Mateo a ɔde n’ani hui no toaa so sɛ: “Ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.”—Mateo 15:30, 31.

Hyɛ no nsow sɛ Yesu anhyɛ da ampaw wɔn a ɔsaa wɔn yare no amfi nnipakuw no mu—nnaadaa akwan a asisifo fa so no. Mmom no, ayarefo no abusuafo ne wɔn nnamfo pii na wɔde wɔn “beguu [Yesu] nan ase. Na ɔsaa wɔn yare.” Afei ma yɛnhwehwɛ tumi a na Yesu wɔ a ɔde saa yare no ho nhwɛso ahorow pɔtee bi mu.

Anifurae: Bere a Yesu wɔ Yerusalem no, ɔmaa ɔbarima bi a “n’ani afura fi n’awo mu” huu ade. Na wonim ɔbarima yi yiye wɔ kurow no mu sɛ onifuraefo a ɔsrɛsrɛ ade. Enti wubetumi ahu sɛnea nnipa a wohuu no sɛ ɔnenam hɔ na ohu ade no ani begye na wɔabɔ agye so! Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ani gyei. Esiane pa a na Yesu adi kan apa Yudafo kuw bi a wɔagye din a wɔwɔ nkɛntɛnso a wɔfrɛ wɔn Farisifo no nneyɛe bɔne ho ntama ma ahaw wɔn no nti, wɔn mu bi de ahopere hwehwɛe sɛ wobenya adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ ɔdaadaafo. (Yohane 8:13, 42-44; 9:1, 6-31) Enti wobisabisaa ɔbarima a wɔasa no yare no nsɛm, bisaa n’awofo nsɛm, san kobisabisaa ɔbarima no nsɛm bio. Nanso Farisifo no nhwehwɛmu no sii Yesu anwonwade no so dua mmom, na ɛhyɛɛ wɔn abufuw. Bere a nyamesom mu nyaatwomfo yi adwenkyea no maa ɔbarima a wɔasa no yare no ho dwiriw no no, ɔno ankasa kae sɛ: “Efi wiase mfiase wɔntee sɛ obi abue nea wɔwoo no onifuraefo ani pɛn. Sɛ oyi mfi Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.” (Yohane 9:32, 33) Esiane sɛ ɔbarima no fi gyidi mu kaa nokwasɛm turodoo kyerɛɛ wɔn nti, Farisifo no “pam no fii adi” a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔpam ɔbarima a na bere bi ɔyɛ onifuraefo no fii hyiadan no mu.—Yohane 9:22, 34.

Asotiw: Bere a na Yesu wɔ Dekapoli, ɔmantam a ɛwɔ Yordan Asubɔnten apuei fam no, “wɔde ɔsotifo bi a ɔpo dodow brɛɛ no.” (Marko 7:31, 32) Ɛnyɛ yare nko na Yesu saa ɔsotifo a anka obetumi afɛre wɔ nnipakuw mu no, na mmom ɔdaa no adi nso sɛ ɔte sɛnea ɔsotifo te nka wɔ nneɛma ho no ase kɔ akyiri. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Yesu faa ɔsotifo no “fii nkurɔfokuw no mu kɔɔ nkyɛn” kɔsaa no yare. Afei nso, ɛmaa wɔn a wohui no ho ‘dwiriw wɔn boroo so,’ na wɔkae sɛ: “Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mmumu kasa.”—Marko 7:33-37.

Mmubui: Bere a Yesu wɔ Kapernaum no, nkurɔfo de onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. (Mateo 9:2) Nkyekyɛm 6 kosi 8 kaa nea esii no ho asɛm. “[Yesu] ka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi! na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi. Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.” Wɔyɛɛ saa anwonwade yi nso wɔ bere a na Yesu asuafo no ne n’atamfo no wɔ hɔ. Hyɛ no nsow sɛ, asuafo a na wonni ne ho tan ne adwemmɔne no ‘hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam’ wɔ nea wohui no ho.

Yare: “Ɔkwatani bi baa [Yesu] nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotow no see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi. Na ntɛm ara kwata no fii ne ho, na ne ho fii.” (Marko 1:40-42) Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ amemenemfe mu na Yesu fi saa onipa yi yare na mmom ofi mmɔborohunu ankasa mu. Fa no sɛ wo na na woyɛ ɔkwatani no. Sɛ wo na wɔsaa wo yare a ɛyɛ hu a ɛde nkakrankakra adi wo dɛm, na ama woayɛ obi a ɔnka nnipa ho amonom hɔ ara a woante yaw biara a, anka wobɛte nka dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi ate nea enti a ɔkwatani foforo a wɔsaa no yare anwonwakwan so no ‘de n’anim butuw fam wɔ Yesu nan ase daa no ase’ no ase.—Luka 17:12-16.

Opira: Yesu anwonwade a etwa to a ɔyɛe ansa na wɔrekyere no abɔ no asɛnduam no fa ayaresa ho. Ɔsomafo Petro de abufuw tow hyɛɛ wɔn a na wɔrebɛfa Yesu akɔ no so, ‘de ne nkrante a okura no twaa ɔsɔfo panyin no akoa aso nifa.’ (Yohane 18:3-5, 10) Kyerɛwtohɔ a ɛte saa ara a ɛwɔ Luka no ka kyerɛ yɛn sɛ Yesu “kaa n’aso no yɛɛ no yiye.” (Luka 22:50, 51) Bio nso, Yesu yɛɛ mmɔborohunu ade yi bere a na ne nnamfo ne n’atamfo—wɔ eyi mu no, wɔn a na wɔrehwehwɛ no akyere no no mpo wɔ hɔ.

Yiw, dodow a yɛhwehwɛ anwonwade a Yesu yɛe no mu no, dodow no ara na yebetumi ahu nokware a ɛyɛ. (2 Timoteo 3:16) Na sɛnea yɛadi kan aka no, ɛsɛ sɛ nhwehwɛmu a ɛte saa no hyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔ ahorow a wahyɛ sɛ ɔbɛsa nnipa asoɔmmerɛfo yare no mu den. Bible no kyerɛ Kristofo gyidi ase sɛ ‘ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.’ (Hebrifo 11:1) Ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn nhyɛ gyidi a enni nnyinaso anaa nsusuwii hunu ho nkuran, na mmom nea ɛyɛ den na ɛwɔ nnyinaso. (1 Yohane 4:1) Sɛ yenya gyidi a ɛte saa a, yehu sɛ yɛayɛ den honhom fam, yɛanya ahoɔden, na yɛwɔ anigye.—Mateo 5:3; Romafo 10:17.

Ɛsɛ sɛ Yedi Kan Nya Honhom Fam Ayaresa!

Nnipa a wɔwɔ nipaduam ahoɔden pii nni anigye. Ebinom mpo bɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho esiane sɛ wonni daakye ho anidaso anaasɛ ɔhaw abunkam wɔn so nti. Nokwarem no, wɔadi dɛm wɔ honhom fam—ɛyɛ tebea a ɛyɛ hu sen biara wɔ Onyankopɔn ani so sen honam fam dɛmdi ankasa. (Yohane 9:41) Ɔkwan foforo so no, nnipa pii a wɔadi dɛm honam fam te sɛ Christian ne Junior a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no anya asetra a anigye ne atirimpɔw wom. Dɛn ntia? Efisɛ wɔyɛ den wɔ honhom fam, na anidaso a edi mu a egyina Bible so no ma wonya ahoɔden.

Bere a Yesu reka adesamma ahiade titiriw ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa, NW] anom so.” (Mateo 4:4) Yiw, nea ɛnte sɛ mmoa no, adesamma hia nneɛma pii sen honam fam aduan. Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn Onyankopɔn “suban” so nti, yehia honhom fam aduan—Onyankopɔn ho nimdeɛ ne dwuma a yedi wɔ n’atirimpɔw ne n’apɛdeyɛ mu. (Genesis 1:27; Yohane 4:34) Onyankopɔn ho nimdeɛ ma yenya asetram atirimpɔw ne honhom fam ahoɔden. Ɛma yɛnya nea yebegyina so anya daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so. Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yesu bere sofo no amfrɛ no “Ɔyaresafo” na mmom “Ɔkyerɛkyerɛfo.” (Luka 3:12; 7:40) Dɛn ntia? Efisɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ nnipa faa adesamma nsɛnnennen ano aduru koraa—Onyankopɔn Ahenni—ho. (Luka 4:43; Yohane 6:26, 27) Saa ɔsoro nniso a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa yi bedi asase nyinaa so na ama Bible nkɔmhyɛ ahorow nyinaa a ɛfa treneefo ne wɔn asase so fie ho nsiesie a edi mu a ɛbɛtra hɔ daa ho no abam. (Adiyisɛm 11:15) Ɛno nti na Yesu de Ahenni a ɛreba no bataa Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ wɔ asase so ho wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu no.—Mateo 6:10.

Wɔ nnipa pii a wɔadi dɛm fam no, anidaso a ɛhyɛ nkuran yi ho ade a wɔasua no ama wɔn awerɛhow adan anigye. (Luka 6:21) Nokwasɛm ni, Onyankopɔn bɛyɛ pii asen yare ne dɛmdi a obeyi afi hɔ; obeyi nea ɛde adesamma haw ba—bɔne ankasa afi hɔ. Nokwarem no, Yesaia 33:24 ne Mateo 9:2-7 a yɛadi kan afa aka asɛm no de yare toto bɔne tebea a yɛwom no ho. (Romafo 5:12) Enti, sɛ woyi bɔne fi hɔ a, afei adesamma benya “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi,” adehyedi a adwene ne nipaduam pɛyɛ ka ho.—Romafo 8:21.

Ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn a wɔwɔ akwahosan pa no bebu wɔn ani agu tebea a wɔwom no so. Nanso ɛnte saa wɔ wɔn a wɔadi dɛm a wodi yaw no fam. Wonim sɛnea akwahosan ne nkwa som bo fa ne sɛnea nneɛma betumi asesa mpofirim no. (Ɔsɛnkafo 9:11) Enti, yɛwɔ awerɛhyem sɛ wɔn a wɔadi dɛm a wɔkenkan yɛn nhoma ahorow no bedwen Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no ho. Yesu de ne nkwa mae sɛnea ɛbɛyɛ a saa bɔhyɛ no benya mmamu. Bɔhyɛ a ɛsen eyi bɛn na yebetumi anya?—Mateo 8:16, 17; Yohane 3:16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no mu.