Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛde Yehowa Ho Dɔ Duaa Yɛn Mma Koma Mu

Sɛnea Yɛde Yehowa Ho Dɔ Duaa Yɛn Mma Koma Mu

Asetram Nsɛm

Sɛnea Yɛde Yehowa Ho Dɔ Duaa Yɛn Mma Koma Mu

SƐNEA WERNER MATZEN KA KYERƐE

Mfe bi a atwam no, me ba barima panyin, Hans Werner, maa me Bible bi. Ɔkyerɛw guu mu sɛ: “Agya pa, Yehowa Asɛm nni abusua no nyinaa anim wɔ nkwa kwan no so. Meda wo ase, wo ba barima panyin.” Awofo behu sɛnea saa nsɛm no maa medaa Yehowa ase na m’ani gyee me komam. Saa bere no, na minnim nsɛmnsɛm a ɛbɛsan atoto yɛn abusua no.

WƆWOO me 1924 mu wɔ Halstenbek, a efi Germanfo po so hyɛn gyinabea Hamburg rekɔ hɔ yɛ kilomita 20 no, na me maame ne me nana barima na ɛtetee me. Bere a misuaa nnade ho adwuma wiei no, wɔtwee me kɔhyɛɛ Wehrmacht, sraadi mu wɔ 1942 mu. Nneɛma a mihuu no m’ani so bere a yɛreko ama Russiafo wɔ Wiase Ko II mu no yɛ hu sɛ mɛka. Minyaa atiridii a emu yɛ den bi, nanso bere a me ho tɔɔ me ara na wɔsan de me kɔɔ akono. January 1945 mu no, na mewɔ Lodz, Poland, baabi a mipirae paa maa wɔde me kɔtoo asraafo ayaresabea. Bere a ɔko no gyaee no, na meda so ara wɔ hɔ. Bere a na meda ayaresabea hɔ a akyiri yi wɔde me kɔɔ afiase wɔ Neuengamme no, minyaa bere susuw nneɛma ho. Ná saa nsɛmmisa yi haw me, Onyankopɔn bi wɔ hɔ ampa?, Sɛ ɛte saa de a, adɛn nti na ɔma kwan ma nnipa di atirimɔdensɛm pii saa?

Bere a woyii me fii afiase no, ankyɛ koraa na mewaree Karla wɔ September 1947 mu. Yɛn nyinaa traa kurow biako mu wɔ yɛn mmofraberem, nanso bere a na Karla yɛ Katolikni no, me de, wɔamfa nyamesom antete me. Ɔsɔfo a ohyiraa yɛn aware so no hyɛɛ yɛn nyansa sɛ, anyɛ hwee koraa no, yɛmmom nka Awurade Mpaebɔ no anwummere biara. Yɛyɛɛ nea ɔkae no, nanso na yennim nea yɛrebɔ mpae no ahwehwɛ.

Edii afe na yɛwoo Hans Werner. Bɛyɛ saa bere no ara na Wilhelm Ahrens a na me ne no wɔ adwuma mu no maa mihuu Yehowa Adansefo. Ɔkyerɛɛ me wɔ Bible mu sɛ da bi bɛba a akodi begyae. (Dwom 46:9) Mihyiraa me nkwa so maa Yehowa wɔ 1950 ahohuru bere mu na mebɔɔ asu. Hwɛ sɛnea m’ani si gyei bere a me yere pa no nso bɔɔ asu afe akyi no!

Sɛnea Yɛtetee Yɛn Mma Wɔ Yehowa Akwan So

Mekan fii Bible mu sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware. (Genesis 1:26-28; 2:22-24) Ɛnam sɛ bere a me yere rewo yɛn mma—Hans Werner, Karl-Heinz, Michael, Gabriele, ne Thomas—no na migyina hɔ bi nti, ɛhyɛɛ me den maa ahofama a na mewɔ sɛ mɛyɛ okunu pa ne agya pa no mu yɛɛ den. Me ne Karla ani gyei yiye bere a yɛwoo yɛn mma no biara no.

Yehowa Adansefo nhyiam kɛse a wɔyɛɛ no wɔ Nuremberg 1953 mu no yɛɛ bere titiriw maa yɛn abusua no. Fida awia, bere a “Mmofra a Wɔbɛtete Wɔn Wɔ Wiase Foforo Asafo no Mu” ho ɔkasa no rekɔ so no, ɔkasafo no kaa biribi a yɛn werɛ mfii da: “Agyapade edi mu paa a yebetumi de agya yɛn mma ne sɛ yɛbɛma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn asomfo.” Yehowa mmoa nti, me ne Karla nyinaa pɛe sɛ yɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Nanso na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ?

Nea edi kan no, yɛde yɛɛ yɛn su sɛ abusua no nyinaa bɛbom abɔ mpae da biara. Ɛmaa mmofra no hui sɛ mpaebɔ ho hia. Mmofra no biara huu no ntɛm sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa ansa na yɛadidi. Bere a na wɔyɛ nkokoaa no mpo, sɛ wohu ntoa a wɔn aduan wom no a, na wosisi wɔn ti nketenkete no ase ka wɔn nsa nketenkete no gu wɔn ho sɛnea wɔrebɔ mpae. Ɛda bi, me yere busuani bi a ɔnyɛ Ɔdansefo too nsa frɛɛ yɛn kɔɔ n’ayeforohyia ase. Yewiei no, ayeforo no awofo de ahɔho no kɔɔ fie sɛ wɔmfa biribi kakra nkɔka wɔn ano. Ahɔho no nyinaa pɛe sɛ wodidi bere a na wɔmmɔɔ mpae. Nanso yɛn ba Karl-Heinz a na wadi mfe anum no tee nka sɛ ɛnyɛ ne kwan so. Ɔkae sɛ: “Yɛpa mo kyɛw, mommɔ mpae ansa.” Ahɔho no hwɛɛ no, bɛhwɛɛ yɛn, san hwɛɛ fiewura no nso. Nea ɛbɛyɛ a animguase biara mma nti, mekae sɛ mɛbɔ mpae agu aduan no so, na fiewura no penee so.

Nea esii no kaee me Yesu nsɛm yi: “Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi.” (Mateo 21:16) Yegye di yiye sɛ mpae a na yefi komam bɔ no daa no boaa mmofra no maa wɔfaa Yehowa sɛ wɔn soro Agya a ɔwɔ dɔ.

Yɛn Asɛde Wɔ Yehowa Anim

Mmofra a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔadɔ Onyankopɔn no hwehwɛ nso sɛ motaa kenkan N’asɛm na musua. Ɛnam sɛ na eyi wɔ yɛn adwene mu nti, na yɛyɛ abusua adesua nnawɔtwe biara, ɛnkanka Dwoda anwummere. Ɛnam sɛ na yɛn piesie no kyɛn kaakyire no mfe akron nti, na ɛsono wɔn ahiade, enti ɛnyɛ da biara na na yetumi ne wɔn nyinaa sua ade koro.

Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛmaa adesua no mu yɛɛ mmerɛw koraa maa mmofra a na wɔnsoo sukuu no. Ná Karla ne wɔn susuw Bible mu kyerɛwsɛm biako pɛ ho, anyɛ saa nso a na ɔde mfonini a ɛwɔ Bible ho nhoma mu akyerɛ wɔn. Ɛnnɛ nyinaa, mede anigye kae sɛ na mmofra nketewa no benyan yɛn anɔpa paa foro yɛn mpa de mfonini a wɔn ani gye ho wɔ The New World * nhoma no mu no bɛkyerɛ yɛn.

Karla suaa sɛnea obenya abotare de akyerɛ mmofra no nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa dɔ Yehowa no. Wohwɛ a wobɛka sɛ ɛnyɛ den, nanso, nokwasɛm ne sɛ, ahoɔden ne adwene a me ne Karla de yɛe no maa no yɛɛ adwuma mũ ne sa. Ne nyinaa akyi no, yɛn abam ammu. Yɛpɛe sɛ yɛde biribi dua wɔn koma a ennyinii no mu na wɔn a wonnim Yehowa no annya wɔn so nkɛntɛnso. Enti yɛde yɛn nan sii fam sɛ, sɛ abofra biara tumi tra ase pɛ, ɛsɛ sɛ ɔba abusua adesua no bi.

Me ne Karla a yɛyɛ awofo no hui sɛ ehia sɛ yɛyɛ nhwɛso pa ma yɛn mma no wɔ nyamesom mu. Sɛ yɛredidi oo, yɛreyɛ mfikyifuw mu adwuma oo, yɛrekɔtu mpase oo, yɛbɔɔ mmɔden hyɛɛ abofra biara ne Yehowa ntam ayɔnkofa mu den. (Deuteronomium 6:6, 7) Yɛhwɛ hui sɛ abofra biara benya ɔno ara ne Bible ntɛm. Afei nso, sɛ yɛn nsa ka nsɛmma nhoma a, na mekyerɛw obiara din wɔ ne de akyi. Enti mmofra no suae sɛ obiara behu ne nhoma. Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛde bɛhyɛ mmofra no nsa ama wɔakenkan Nyan! mu nsɛm no bi. Kwasida awia biara sɛ yedidi wie a, na wɔkyerɛkyerɛ sɛnea wɔte ase no mu kyerɛ yɛn.

Yenyaa Mmofra no Ho Adagyew Sɛnea Ɛfata

Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma kɔɔ yiye. Bere a na mmofra no renyin no, yehui sɛ, sɛ yebetumi de ɔdɔ adua wɔn komam a, gye sɛ yɛahu nea ɛwom dedaw no. Enti na ɛsɛ sɛ yetie nea wɔwɔ ka. Ɛtɔ da a na yɛn mma no te nka sɛ biribi haw wɔn a ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm, enti na me ne Karla ne wɔn tra ase susuw ho. Yɛyɛɛ sɛ, sɛ yewie abusua adesua biara a yɛde simma aduasa bi besi hɔ. Yɛmaa obiara kwan sɛ ɔnka nea ɛhaw no biara pen.

Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛn mma nkumaa baanu, Thomas ne Gabriele, tee nka sɛ yɛn a yɛyɛ awofo no pɛ wɔn nuabarima panyin paa no asɛm kyɛn wɔn. Ɛda bi de, wɔkaa wɔn komam asɛm sɛ: “Dada, ɛyɛ yɛn sɛ wo ne Mama ma Hans Werner yɛ nea ɔpɛ biara.” Mfiase no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ ɔkaa saa. Nanso bere a yɛde yɛn ani too fam susuw asɛm no ho no, me ne Karla hui sɛ nea mmofra no reka no wom. Enti yɛbɔɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛrempɛ mmofra no bi asɛm nkyɛn bi.

Ɛtɔ da a na mepere me ho twe mmofra no aso anaasɛ metwe wɔn aso sɛnea ɛnsɛ. Sɛ ɛba saa a, na ɛho abehia sɛ yɛn, awofo no, sua sɛ yɛbɛpa kyɛw. Sɛ yɛpa kyɛw wie a na yɛabɔ Yehowa mpae. Ná ehia sɛ mmofra no hu sɛ wɔn papa asiesie ne ho sɛ ɔbɛpa Yehowa kyɛw na wapa wɔn, mmofra no, nso kyɛw. Ɛno nti na yɛne wɔn wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den. Ná wɔtaa ka kyerɛ yɛn sɛ, “Yɛn nnamfo paa ne mo.” Ɛmaa yɛn ani gyei yiye.

Sɛ abusua bom yɛ adwuma a, ɛde biakoyɛ ba. Nea ɛbɛyɛ a biakoyɛ no betumi aba nti, na obiara yɛ fie adwuma no bi. Ná Hans Werner adwuma ne sɛ ɔbɛkɔ sotɔɔ akɔtotɔ nnuan ne nneɛma a yebehia wɔ fie nnawɔtwe biara, enti na yɛtaa ma no sika, kyerɛw nneɛma a ɔbɛtotɔ no nso ka ho. Nnawɔtwe bi de, yɛamma no nneɛma a ɔbɛtotɔ ne sika biara. Obisaa ne maame na ɔka kyerɛɛ no sɛ yennya nnyaa sika biara. Ne tiaa mu ara ne sɛ, mmofra no kaa wɔn ti pam ho, afei obiara kɔfaa ne sika adaka bae behwiee nea ɛwom guu pon so. Wɔmaa wɔn nne so kae sɛ: “Mama, afei de yebetumi akɔtotɔ nneɛma no!” Ampa, mmofra no suae sɛ wɔbɛboa yɛn wɔ ahokyere mu, na ɛno maa nkabom kɛse baa abusua no mu.

Bere a na mmarimaa no renyin no, wɔn ani fii ase gyee mmabaa ho. Ebi ne sɛ, Thomas ani begyee ne yɔnko Dansefo bi a na wadi mfe 16 ho yiye. Mekyerɛɛ no mu sɛ, sɛ n’ani gye ababaa no ho a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛware no ahwɛ yere ahwɛ mma. Thomas behui sɛ ɔnsoo aware, efisɛ na wadi mfe 18 pɛ.

Nkɔso a Abusua no Nyinaa Nyae

Bere a na wɔda so yɛ mmofra no, wɔde wɔn ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu mmiako mmiako. Yetiee wɔn dwumadi yiye, na ɛhyɛɛ yɛn nkuran efisɛ yehui sɛ mmofra no ankasa fi wɔn komam dɔ Onyankopɔn. Amansin ne amantam so ahwɛfo a ɛtɔ da a na wɔbɛtra yɛn fie no kaa wɔn asetra mu suahu ahorow anaa nea wɔakenkan afi Bible mu kyerɛɛ yɛn. Saa mmarima yi ne wɔn yerenom boa de bere nyinaa som adwuma ho adwene hyɛɛ yɛn abusua no komam.

Ná yɛn ani gye ɔmantam nhyiam ho paa. Ɛyɛ ade titiriw a yɛde boaa yɛn mma maa wotumi nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛsom Nyankopɔn. Mmofra no nyaa anigye soronko bere a na wɔbɔ wɔn baagye ansa na wɔakɔ baabi a wɔyɛ nhyiam no. Yɛn ani gyei pii bere a Hans Werner bɔɔ asu a na wadi mfe du no. Nnipa pii faa no sɛ osua dodo sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa, nanso bere a odii mfe 50 no, ɔka kyerɛɛ me sɛ n’ani agye paa sɛ ɔde mfe 40 asom Yehowa.

Yɛkyerɛɛ yɛn mma no sɛ ehia sɛ wɔne Yehowa nya ayɔnkofa, nanso yɛanhyɛ wɔn sɛ wonhyira wɔn ho so mma no. Ne nyinaa mu no, yɛn ani gyei bere a wɔn a aka no nso nyaa nkɔso kosii sɛ wɔbɔɔ asu wɔ bere a eye ma wɔn mu no.

Yesuae sɛ Yɛde Yɛn Adesoa Bɛto Yehowa So

Yɛn anigye boroo so bere a Hans Werner wiee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛtɔ so 51 wɔ 1971 mu na wɔmaa no kɔyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Spain no. Mmofra a aka no biara nso de bere bi yɛɛ bere nyinaa som adwuma no bi, na ɛmaa yɛn a yɛyɛ awofo no ani gyei yiye. Bɛyɛ saa bere yi ara na Hans Werner de Bible a mekaa ho asɛm mfitiase no maa me. Ɛyɛɛ sɛnea abusua no nyinaa wɔ anigye a edi mũ.

Nanso yehui sɛ ehia sɛ yɛde yɛn ho bata Yehowa denneennen. Adɛn ntia? Efisɛ yehui sɛ nsɛm totoo yɛn mma mpanyimfo no bi maa ɛsɔɔ wɔn gyidi hwɛe yiye. Ebi ne yɛn babea Gabriele a yɛpɛ n’asɛm a ohuu amane pii no. Ɔwaree Lothar wɔ 1976 mu. Bere a wohyiaa ayeforo wiei no, ankyɛ koraa na ɔbarima no yaree. Bere a ne yare mu yɛɛ den no, Gabriele hwɛɛ no kosii sɛ owui. Yɛn busuani a ne ho yɛ den a yehui sɛ wayare awu no kaee yɛn sɛ yehia Yehowa mmoa paa.—Yesaia 33:2.

Hokwan a Minyae Wɔ Yehowa Ahyehyɛde Mu

Bere a wɔpaw me asafo somfo (ɛnnɛ wɔfrɛ no ɔhwɛfo guamtrani) wɔ 1955 mu no, na ɛyɛ me sɛ memfata saa adwuma no. Ná ɛho adwuma dɔɔso, na nea na ebetumi ama mayɛ ne nyinaa ne sɛ ɛtɔ da a mɛsɔre anɔpa nnɔnan. Me yere ne me mma boaa me yiye hwɛ hui sɛ bere biara a mewɔ biribi yɛ no, wɔrenhaw m’adwene saa anwummere no.

Ne nyinaa mu no, abusua no boom gyee yɛn ahome sɛnea yebetumi biara. Ɛtɔ da bi a na m’adwumawura de ne kar ma me sɛnea ɛbɛyɛ a metumi de abusua no akokyinkyin. Mmofra no ani gyee Ɔwɛn-Aban a na yesua wɔ wuram no ho. Ná yɛbom nantew twa kwan nso, na ɛtɔ da a yɛto dwom ma mede m’abɛn no tom bere a yɛnenam nnua mu.

Wɔpaw me ɔmansin sohwɛfo nanmusini (ɔsomfo kwantufo) wɔ 1978 mu. Ná ɛso kyɛn me, enti mebɔɔ mpae sɛ: “Yehowa, merentumi nyɛ. Nanso sɛ wopɛ sɛ mesɔ hwɛ a, ɛnde mɛyɛ nea metumi biara.” Mfe abien akyi, bere a na madi mfe 54 no, mede m’adwuma korokorowa no maa yɛn ba barima kumaa paa, Thomas.

Ná yɛn mma no nyinaa anyinyin, enti me ne Karla nyaa hokwan a ɛbɛma yɛayɛ pii ama Yehowa. Saa afe no ara, wɔpaw me ɔmansin sohwɛfo maa mekɔsomee wɔ Hamburg fã bi ne Schleswig-Holstein nyinaa. Ɛnam sɛ na yɛanya abayɛn mu suahu nti, na yɛte awofo ne wɔn mma ase paa. Anuanom no bebree frɛɛ yɛn ɔmansin awofo.

Karla ne me yɛɛ ɔmansin adwuma no mfe du no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn. Saa afe no ara mu nso, nnuruyɛfo hui sɛ biribi ahon m’amemene mu. Enti migyaee ɔmansin adwuma no kɔyɛɛ m’amemene mu oprehyɛn. Edii mfe abiɛsa ansa na meretumi asan ayɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusifo adwuma no bio. Seesei me ne Karla nyinaa adi boro mfe 70, na yɛnyɛ akwantu adwuma no bio. Yehowa boaa yɛn maa yehui sɛ ntease biara nnim sɛ yebegye adwuma a yentumi nyɛ bio abɔ so.

Sɛ yɛhwɛ yɛn akyi a, me ne Karla da Yehowa ase sɛ ɔboaa yɛn maa yɛde nokware no ho dɔ duaa yɛn mma koma mu. (Mmebusɛm 22:6) Yɛn nkwa nna nyinaa mu no, Yehowa akyerɛ yɛn kwan atete yɛn, na waboa yɛn ama yɛatumi ayɛ yɛn asɛde. Ɛwom sɛ ebia yɛabɔ nkwakoraa ne mmerewa na yenni ahoɔden de, nanso ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no gyina mu na ahoɔden wom te sɛ nea na ɛte no.—Romafo 12:10, 11.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso seesei ebi nni hɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yɛn abusua a yɛabom nenam Asubɔnten Elbe ho wɔ Hamburg, 1965

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Abusuafo no bi wɔ amanaman ntam nhyiam ase wɔ Berlin wɔ 1998 mu

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne me yere Karla