Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Kyi Nnaadaasɛm

Yehowa Kyi Nnaadaasɛm

Yehowa Kyi Nnaadaasɛm

‘Monnnaadaa mo ho.’—MALAKI 2:10.

1. Sɛ yebenya daa nkwa a, dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ?

SO WOPƐ daa nkwa? Sɛ wugye anidaso a Bible hyɛ ho bɔ no di a, ebia wobɛka sɛ, ‘Yiw.’ Nanso sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn de nkwa a enni awiei wɔ ne wiase foforo no mu dom wo a, ɛsɛ sɛ wudu n’ahwehwɛde ahorow ho. (Ɔsɛnkafo 12:13; Yohane 17:3) So ntease nnim sɛ wɔbɛhwehwɛ eyi afi adesamma a wɔnyɛ pɛ hɔ? Ɛnte saa, efisɛ Yehowa ka saa nkuranhyɛsɛm yi: “Mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.” (Hosea 6:6) Enti nnipa a wɔnyɛ pɛ mpo betumi adu Onyankopɔn ahwehwɛde ho.

2. Ɔkwan bɛn so na Israelfo pii twaa Yehowa nkontompo?

2 Nanso ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa apɛde. Hosea da no adi sɛ Israelfo pii mpo ampɛ sɛ wɔyɛ Yehowa apɛde. Sɛ́ ɔman no, na wɔapene so ne no ayɛ apam, sɛ wobetie Onyankopɔn mmara. (Exodus 24:1-8) Nanso anni gyina na ‘wobuu apam no so’ denam ne mmara a wɔtoe so. Enti Yehowa kae wɔ saa Israelfo no ho sɛ ‘wɔatwa no nkontompo.’ (Hosea 6:7) Saa na nnipa pii ayɛ besi nnɛ. Nanso Yehowa kyi nkontompo, sɛ ebia etia ɔno anaasɛ n’asomfo a wɔdɔ no no.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɛnyɛ Hosea nkutoo na ɔkaa sɛnea Onyankopɔn bu nkontompo, su a sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa tenten a anigye wom a ɛsɛ sɛ yɛkwati, no ho asɛm. Yesusuw Malaki nkɔmhyɛsɛm no fã kɛse no ara ho wɔ asɛm a edi kan no mu, na yɛde ne nhoma no ti a edi kan no na efii ase. Afei, ma yɛnnan nkɔ nhoma no ti a ɛto so abien no so na yɛnhwɛ Onyankopɔn adwene wɔ nkontompo ho wɔ ɔkwan foforo so. Ɛwom sɛ na Malaki reka tebea a na ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu bere a wofi Babilon san bae no akyi mfe dudu ho asɛm de, nanso saa ti abien no kyerɛ biribi ankasa ma yɛn nnɛ.

Asɔfo a Wɔn Ho Wɔ Asɛm

4. Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa de maa asɔfo no?

4 Wɔde animka a etia asɔfo a na wɔagyaw Yehowa trenee akwan no na efii ti 2 no ase. Sɛ wɔantie n’afotu na wɔansakra wɔn akwan a, nnome bɛba wɔn so ɔkwan biara so. Hyɛ nkyekyɛm abien a edi kan no nsow: “Na afei, nea wɔahyɛ yi, wɔde mo, asɔfo. Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo koma mu sɛ mode anuonyam bɛma me din a, asafo [Yehowa, NW] na ose, ɛnde mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no.” Sɛ asɔfo no kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no Onyankopɔn Mmara ma wodii so a, anka wobenya nhyira. Nanso esiane sɛ wɔpoo Onyankopɔn apɛde nti, na nnome ne bɔne na ɛbɛba wɔn so. Na nhyira a asɔfo no bɛka no mpo bɛdan nnome.

5, 6. (a) Dɛn nti na na asɔfo no titiriw ho wɔ asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kaa asɔfo no animtiaabu no ho asɛm?

5 Dɛn nti na na asɔfo no titiriw ho wɔ asɛm? Nkyekyɛm 7 da asɛm yi adi pefee: “Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo ano kora nimdeɛ, na wɔhwehwɛ mmara fi n’anom, efisɛ asafo [Yehowa, NW] bɔfo ne no.” Bɛboro mfe apem a na abɛsen no, Onyankopɔn mmara a ɔnam Mose so de maa Israel no kae sɛ na ɛyɛ asɔfo asɛde sɛ ‘wɔkyerɛkyerɛ Israelfo ahyɛde a na Yehowa aka nyinaa.’ (Leviticus 10:11) Awerɛhosɛm ne sɛ, bere bi akyi no, 2 Beresosɛm 15:3 kyerɛwfo no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara.”

6 Wɔ Malaki bere so, afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no, na tebea a asɔfo no wom no te saa ara. Wɔamfa Onyankopɔn Mmara ankyerɛkyerɛ nkurɔfo no. Enti na ɛsɛ sɛ wɔma saa asɔfo no bu akontaa. Hyɛ nsɛm a emu yɛ den a Yehowa ka tia wɔn no nsow. Malaki 2:3 ka sɛ: “Mabɔ sɛbew mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbew no.” Animka bɛn ara ni! Na ɛsɛ sɛ wɔde mmoa a wɔde bɔ afɔre no bin kɔ nsra no akyi kɔhyew. (Leviticus 16:27) Enti bere a Yehowa ka kyerɛ wɔn sɛ ɔbɛbɔ bin no apete wɔn anim mmom no, na ɛkyerɛ animtiaabu ne po a ɔpo wɔn afɔrebɔ ne wɔn a wɔbɛbɔ afɔre no.

7. Dɛn nti na Yehowa bo fuw Mmara no akyerɛkyerɛfo no?

7 Wɔ mfehaha pii ansa na Malaki bere no reba no, na Yehowa ahyɛ Lewifo no sɛ wɔnhwɛ ntamadan no so na akyiri yi ɔde asɔrefie ne ɔsom kronn hyɛɛ wɔn nsa. Wɔn na na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel man no mu. Ná wɔn adwuma a wɔbɛyɛ no yiye no bɛkyerɛ nkwa ne asomdwoe ama wɔne ɔman no. (Numeri 3:5-8) Nanso Lewifo no ankɔ so ansuro Onyankopɔn sɛnea na wɔyɛ mfiase no. Enti Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Moafi ɔkwan no so aman, moama nnipa bebree ahintiw mmara no, moasɛe Lewi apam no, munni m’akwan so.’ (Malaki 2:8, 9) Asɔfo no nam nokware no a wɔankyerɛkyerɛ ne wɔn nhwɛso bɔne so maa Israelfo pii fom kwan no, enti na ɛfata sɛ Yehowa bo fuw wɔn.

Onyankopɔn Gyinapɛn Ahorow a Yebekura Mu

8. So ɛboro so dodo sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ nnipa bedu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Mommma yennsusuw sɛ na ɛsɛ sɛ wohu saa asɔfo no mmɔbɔ na wɔde kyɛ wɔn esiane sɛ na wɔyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ ara kwa a wontumi nnu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho nti. Nokwasɛm no ne sɛ adesamma betumi adi Onyankopɔn ahyɛde so, efisɛ Yehowa nhwehwɛ nea wontumi nyɛ mfi wɔn hɔ. Ɛda adi sɛ asɔfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no binom tumi kuraa Onyankopɔn gyinapɛn ahorow mu, nanso akyinnye biara nni ho sɛ akyiri yi onipa biako—Yesu a ɔyɛ “ɔsɔfo panyin” kɛse no, tumi dii Onyankopɔn mmara so. (Hebrifo 3:1) Wobetumi aka afa ne ho ankasa sɛ: “Nokware mmara daa n’anom, na wɔanhu n’anom akɔntɔnkyesɛm; asomdwoe ne trenee mu na ɔne me nantewee, na ɔsan nnipa pii fii amumɔyɛ mu.”—Malaki 2:6.

9. Henanom na wofi nokwaredi mu aka Bible mu nokware akyerɛ wɔ yɛn bere yi mu?

9 Sɛ yɛde toto ho a, saa ara na bɛboro mfe ɔha a atwam ni no, Kristo nuanom a wɔasra wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no asom sɛ ‘asɔfokuw kronkron, a wɔbɔ honhom mu afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani.’ (1 Petro 2:5) Wɔadi anim de Bible mu nokware ahorow ama afoforo. Bere a woasua nokware ahorow a wɔkyerɛkyerɛ ho ade no, so wumfii osuahu mu nhui sɛ nokware mmara no ada adi wɔ wɔn anum? Wɔaboa nnipa pii ma wɔadan afi nyamesom mu nneyɛe bɔne ho, enti seesei nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase asua Bible mu nokware ahorow na wɔwɔ daa nkwa ho anidaso. Eyinom nso anya hokwan soronko sɛ wɔde nokware mmara no bɛkyerɛkyerɛ afoforo ɔpepem pii nso.—Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Ahwɛyiye

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye?

10 Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye. Ebia yɛrentumi nte asuade a ɛwɔ Malaki 2:1-9 no ase. So yɛhwɛ yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wonhu amumɔyɛde bi wɔ yɛn anum? Sɛ nhwɛso no, so yɛn abusuafo gye yɛn anom nsɛm di ankasa? So yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu no gye yɛn di saa ara? Ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obi de bɛyɛ ne su sɛ ɔbɛkasa wɔ ɔkwan bi so a ɛte sɛ nea ɛteɛ nanso ebia na ɔdaadaa afoforo. Anaasɛ ebia obi begugu adwumam nsɛm mu anaasɛ ɔrenka nokwasɛm a ɛwom. So Yehowa renhu eyi? Na sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛte saa a, so n’ani bɛsɔ ayeyi afɔre a yɛde yɛn ano bɔ no?

11. Henanom titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye?

11 Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya hokwan kyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no ma asɛm a ɛwɔ Malaki 2:7 no yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn. Ɛka sɛ ɛsɛ sɛ wɔn ano ‘kora nimdeɛ na wɔhwehwɛ mmara fi wɔn anom.’ Asɛyɛde a emu yɛ duru da saa akyerɛkyerɛfo yi so, efisɛ Yakobo 3:1 kyerɛ sɛ wobenya “afobu kɛse.” Bere a ɛsɛ sɛ wɔde ahoɔden ne anigye kyerɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ no gyina Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ ne akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma so pintinn. Wɔ saa kwan yi so no, “wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso.” Enti wotu wɔn fo sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Timoteo 2:2, 15.

12. Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ yɛ?

12 Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi de nsɛm a yɛn ankasa ani gye ho anaa yɛn nsusuwii ahyehyɛ yɛn nkyerɛkyerɛ mu. Nanso ɛno betumi ayɛ asiane titiriw ama obi a ɔyɛ katee anaa ogye ne ho di dodo no bere mpo a ɛne nkyerɛkyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ama bɔ abira no. Nanso Malaki ti 2 si so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no da Onyankopɔn ho nimdeɛ adi na ɛnyɛ wɔn nsusuwii, a ebetumi ato nguan no hintidua no. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛto nketewa a wogye me di yi mu biako hintidua no, eye ma no sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu, na wokogu no asu ɛpo bun mu.”—Mateo 18:6.

Obi a Onnye Nni a Wɔware No

13, 14. Nkontompo kwan biako bɛn na Malaki twee adwene sii so?

13 Efi nkyekyɛm 10 rekɔ no, Malaki ti 2 ka nkontompo ho asɛm tẽẽ. Malaki de adwene si nneyɛe abien so, na bere biara ɔde asɛm “nkontompo” di dwuma. Nea edi kan no, hyɛ no nsow sɛ Malaki de nsɛmmisa yi na efii ne nnianim nsɛm no ase: “So ɛnyɛ agya koro na yɛn nyinaa yɛwɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn biako na ɔbɔɔ yɛn? Efi dɛn so na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde behura yɛn agyanom apam ho?” Afei ɔde ka ho wɔ nkyekyɛm 11 sɛ Israel nkontompo a wotwa no ama “wɔahura [Yehowa, NW] kronkronbea” ho. Nneɛma bɛn na na wɔreyɛ a na ɛyɛ aniberesɛm saa? Nkyekyɛm no twe adwene si mfomso no biako so: Na ‘wɔakɔware onyame nanani babea.’

14 Ɔkwan foforo so no, na Israelfo binom a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no akɔware wɔn a wɔnsom no. Nsɛm a ɛfa ho no boa yɛn ma yehu nea enti a na ɛyɛ aniberesɛm saa. Nkyekyɛm 10 ka sɛ na wɔwɔ agya koro. Na ɛnyɛ agya yi ne Yakob (a wɔbɛfrɛɛ no Israel), anaa Abraham, anaasɛ Adam. Malaki 1:6 kyerɛ sɛ na Yehowa ne “agya koro” no. Na Israel man ne Yehowa wɔ abusuabɔ, na wɔka apam a ɔne wɔn agyanom yɛe no ho. Na mmara a ɛwɔ apam no mu biako ne sɛ: “Wo ne wɔn nnni ayeware, mfa wo babea mma ne ba, nso nnye ne babea mma wo ba aware.”—Deuteronomium 7:3.

15. (a) Ɔkwan bɛn so na ebinom bɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn ho bem wɔ wɔn a wonnye nni a wɔware wɔn no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ka aware ho asɛm?

15 Ɛnnɛ ebia ebinom bɛka sɛ: ‘Oo onipa a m’ani gye ne ho no da nsow koraa. Ɔyɛ ɔbarima (anaa ɔbea) a ɛda adi sɛ obegye nokware som atom.’ Adwene a ɛte saa si kɔkɔbɔ a efi honhom mu no so dua sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?” (Yeremia 17:9) Wɔada Onyankopɔn adwene wɔ wɔn a wonnye nni a wɔware wɔn no adi wɔ Malaki 2:12: ‘Yehowa betwa nea ɔyɛ eyi no afi hɔ.’ Enti wɔhyɛ Kristofo sɛ wɔnware wɔ “Awurade mu nko.” (1 Korintofo 7:39) Wɔ Kristofo nhyehyɛe mu no, ‘wontwa’ ogyidini bi a ɔware nea onnye nni mmfi hɔ. Nanso sɛ ɔbarima anaa ɔbea a onnye nni kɔ so tra ne tebea no mu a, dɛn na ɛbɛto no bere a ɛnkyɛ na Onyankopɔn de nneɛma nhyehyɛe yi aba n’awiei no?—Dwom 37:37, 38.

Obi Hokafo a Ɔyɛ No Basabasa

16, 17. Nkontompo kwan bɛn na ebinom faa so?

16 Afei Malaki ka nkontompo a ɛto so abien ho asɛm: obi hokafo a ɔyɛ no basabasa, titiriw denam awaregyae a enni nnyinasosɛm biara so. Ti 2 nkyekyɛm 14 ka sɛ: “[Yehowa, NW] ayɛ wo ne wo mmerantebere mu yere ntam dansefo, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafo ne w’apam yere no.” Nkontompo a Yudafo mmarima twaa wɔn yerenom nti, na ‘nusu akata’ Yehowa afɔremuka so. (Malaki 2:13) Na saa mmarima no gyina biribiara so gyae aware, gyaw wɔn mmerantebere mu yerenom hɔ wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔware mmabaa anaa abosonsomfo mmea. Na asɔfo a wɔaporɔw yi pene so! Nanso Malaki 2: 16 ka sɛ: ‘Metan awaregu, Yehowa, Israel Nyankopɔn na ose.’ Akyiri yi Yesu daa no adi sɛ ɔbrasɛe ne ɔkwan koro pɛ a wɔnam so de gyae aware a ɛbɛma nea ne ho nni asɛm no ade ne ho atumi asan aware.—Mateo 19:9.

17 Susuw Malaki nsɛm no ho hwɛ, na hwɛ sɛnea ɛkanyan koma ne ayamye titiriw. Ɔka “wo hokafo ne w’apam yere” ho asɛm. Na ɔbarima a ɔka ho biara aware ɔbea a ɔne no som, Israelni bea, na na obu no sɛ ne yere a ɔdɔ no. Sɛ ebia wɔwaree bere a na wɔyɛ mmerante ne mmabaa no, bere a etwam, ne mpanyinyɛ nsakra apam a wɔayɛ, aware nhyehyɛe no.

18. Akwan bɛn so na Malaki afotu a ɛfa nkontompo ho no di dwuma nnɛ?

18 Afotu a ɛfa saa nsɛm no ho da so ara yɛ adwuma nnɛ sɛnea na ɛte saa bere no. Ɛyɛ awerɛhow sɛ ebinom bu wɔn ani gu Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa Awurade mu nko a ɛsɛ sɛ wɔware no so. Na ɛyɛ yaw nso sɛ ebinom mfi ɔdɔ mu nhwɛ mma wɔn aware no nkɔ so nnyina. Mmom no, wɔde nneɛma yiyi wɔn ho ano na wɔyɛ nea Onyankopɔn mpɛ denam aware a wogyae a ennyina Kyerɛwnsɛm so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛware obi foforo so. Wɔde saa a wɔyɛ no ‘hyɛ Onyankopɔn brɛ.’ Wɔ Malaki bere so no, na wɔn a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn akwankyerɛ so no tumi si wɔn bo ka sɛ Yehowa akwankyerɛ nteɛ. Ɔkwan bi so no, wɔka sɛ: “[Atɛntrenee, NW] Nyankopɔn no wɔ he?” Adwene a ɛnteɛ bɛn ara ni! Mommma yɛnntɔ saa afiri yi mu.—Malaki 2:17.

19. Ɔkwan bɛn so na okununom ne ɔyerenom betumi anya Onyankopɔn honhom?

19 Nea ɛfata nkamfo no, Malaki ma ɛda adi sɛ ɛnyɛ okununom nyinaa na na wotwa wɔn yerenom nkontompo. Na ‘wɔwɔ Onyankopɔn honhom nkae bi.’ (Nkyekyɛm 15) Anigyesɛm ne sɛ, mmarima a wɔte saa no pii wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu nnɛ a ‘wodi wɔn yerenom ni.’ (1 Petro 3:7) Okununom a wɔte saa mmoro wɔn yerenom anaa wonnidi wɔn atɛm, wɔnhyɛ wɔn ne wɔn nyɛ nna mu nneyɛe a ɛnteɛ, na wommu wɔn yerenom animtiaa denam mmea afoforo a wɔne wɔn da anaa nguamansɛm a wɔhwɛ de gye wɔn ani so. Wɔahyira Yehowa ahyehyɛde no nso denam Kristofo ɔyerenom anokwafo pii a wodi nokware ma Onyankopɔn ne ne mmara horow no so. Mmarima ne mmea a wɔte saa nyinaa nim nea Onyankopɔn kyi, na wɔyɛ wɔn ade ma ɛne no hyia pɛpɛɛpɛ. Kɔ so sua sɛ wobɛyɛ sɛ wɔn, ‘atie Onyankopɔn asen nnipa’ na woanya ne honhom kronkron no pii.—Asomafo no Nnwuma 5:29.

20. Bere bɛn na abɛn ama adesamma nyinaa?

20 Ɛrenkyɛ, Yehowa bebu wiase yi nyinaa atɛn. Ankorankoro biara beyi ne ho ano akyerɛ no wɔ ne nneyɛe ne nea ogye di ho. ‘Yɛn mu biara bebu akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.’ (Romafo 14:12) Enti asɛm a ɛsɛ sɛ yebisa paa ne sɛ: Henanom na wobenya nkwa Yehowa da no? Yebesusuw saa asɛm no ho wɔ asɛm a ɛto so abiɛsa a etwa to wɔ nsɛm a edidi so yi mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn titiriw nti na Yehowa kasa tiaa asɔfo a na wɔwɔ Israel no?

• Dɛn nti na Onyankopɔn akwan mmo- ro nea adesamma betumi adi so so?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ ho nnɛ?

• Nneyɛe abien bɛn na Yehowa kasa tiae titiriw?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Wɔkasa tiaa Malaki bere so asɔfo a wɔanni Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ so no

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ Yehowa akwan, na ɛnyɛ nea yɛn ani gye ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Yehowa kasa tiaa Israelfo a wogyaee wɔn yerenom wɔ nsɛm nketenkete ho na wɔwaree abosonsomfo mmea no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ di wɔn aware apam ni