Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Da Adɔe Adi Kyerɛ Wɔn A Ahia wɔn

Da Adɔe Adi Kyerɛ Wɔn A Ahia wɔn

Da Adɔe Adi Kyerɛ Wɔn A Ahia wɔn

‘Onipa ne ne nua nni no adɔe so.’—SAKARIA 7:9.

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda adɔe adi? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

YEHOWA NYANKOPƆN Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛmpɛ adɔe.’ (Mika 6:8) Ɛsan nso kyerɛ yɛn nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Ade biako ne sɛ, “Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye.” (Mmebusɛm 11:17) Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware! Adɔe anaa nokware dɔ a obi da no adi ma ɔne afoforo nya abusuabɔ pa. Nea efi mu ba ne sɛ, ɛma yɛyɛ nnamfo pa—akatua a ɛsom bo ankasa!—Mmebusɛm 18:24.

2 Bio nso, Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea odi trenee ne adɔe akyi no, obenya nkwa.” (Mmebusɛm 21:21) Yiw, adɔe akyi a yebedi no bɛma Onyankopɔn ani agye yɛn ho na ɛbɛma yɛanya daakye nhyira ahorow, a daa nkwa ka ho. Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada adɔe adi? Henanom na ɛsɛ sɛ yɛda no adi kyerɛ wɔn? Na so nsonsonoe wɔ adɔe ne ayamye mu?

Ayamye ne Adɔe

3. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ adɔe ne ayamye mu?

3 Nsonsonoe wɔ ayamye ne adɔe mu wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔda ayamye adi no taa yɛ saa a wɔne ankorankoro a wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn no mmɔ kɛse anaasɛ wonni abusuabɔ biara. Nanso, sɛ yɛda adɔe adi kyerɛ obi a, yefi ɔdɔ mu ne onii no bɔ. Wɔ Bible mu no, adɔe a nnipa yii no adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho no betumi ayɛ nea na egyina abusuabɔ a ɛwɔ hɔ dedaw so. (Genesis 20:13; 2 Samuel 3:8; 16:17) Anaasɛ ebetumi agyina abusuabɔ bi a ɛnam adɔe bi a wɔyɛe de bae so. (Yosua 2:1, 12-14; 1 Samuel 15:6; 2 Samuel 10:1, 2) Nea ɛbɛyɛ na yɛakyerɛkyerɛ nsonsonoe yi mu no, ma yɛmfa Bible mu nhwɛso abien a biako fa ayamye ho na biako nso fa adɔe ho a nnipa bi daa no adi nyɛ mfatoho.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Bible mu nhwɛso abien a wɔaka ho asɛm wɔ ha no da nsonsonoe a ɛwɔ adɔe ne ayamye mu no adi?

4 Ayamye a wɔdaa no adi biako fa nnipakuw bi a woguu asu, a ɔsomafo Paulo ka ho ho. Wɔkɔhwee Malta supɔw no mpoano. (Asomfo no Nnwuma 27:37–28:1) Ɛwom sɛ na Maltafo no nni akwantufo a wɔayera no ho asɛyɛde dedaw na saa ara na na wɔne wɔn nni abusuabɔ biara de, nanso supɔw no sofo no gyee ahɔho no fɛw so, ‘yɛɛ wɔn adɔe a ɛso bi nni.’ (Asomafo no Nnwuma 28:2, 7) Na wɔn ahɔhoyɛ no fi ayamye mu, nanso na ɛyɛ asɛm a ɛne asɛm hyiae na ɛma woyii no adi kyerɛɛ ahɔho no. Enti, na ɛyɛ ayamye.

5 Sɛ mfatoho no, susuw ayamye a Ɔhene Dawid yii no adi kyerɛɛ n’adamfo Yonatan ba, Mefiboset no ho hwɛ. Dawid ka kyerɛɛ Mefiboset sɛ: ‘Wubedidi me pon so daa yi.’ Bere a Dawid rekyerɛkyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa nhyehyɛe no mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “W’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔe.” (2 Samuel 9:6, 7, 13) Wɔfrɛ Dawid ahɔhoyɛ a enni huammɔ no adɔe ma ɛfata, ɛnyɛ ayamye kɛkɛ, efisɛ na ɛyɛ ne nokwaredi a ɛfa abusuabɔ bi a na wɔahyehyɛ ho adanse ho. (1 Samuel 18:3; 20:15, 42) Saa ara na ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo da ayamye adi kyerɛ adesamma. Nanso, wɔda adɔe, anaa nokware dɔ adi kyerɛ wɔn a wɔne wɔn wɔ abusuabɔ a Onyankopɔn pene so no.—Mateo 5:45; Galatifo 6:10.

6. Adɔe ahorow a nnipa daa no adi a ɛda nsow bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu?

6 Nea yɛbɛyɛ na yɛahu adɔe su foforo no, yebesusuw Bible kyerɛwtohɔ abiɛsa a ɛka saa su yi ho asɛm ho tiawa. Wɔ eyi mu no yebehu sɛ adɔe a nnipa yi no adi no (1) gyina nneyɛe pɔtee bi so, (2) efi koma mu, na (3) woyii no adi kyerɛɛ wɔn a ahia wɔn. Bio nso, saa kyerɛwtohɔ yi kyerɛ sɛnea yebetumi ayi adɔe adi akyerɛ nnɛ.

Agya Bi Da Adɔe Adi

7. Dɛn na Abraham akoa no ka kyerɛɛ Betuel ne Laban, na asɛm bɛn na akoa no daa no adi?

7 Genesis 24:28-67 ka Abraham akoa a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no ho nsɛm a aka. Bere a ohuu Rebeka akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ no kɔɔ Rebeka papa Betuel fie. (Nkyekyɛm 28-32) Ɛhɔ na akoa no kaa ɔyere a na ɔrehwehwɛ ama Abraham ba no ho asɛm nyinaa. (Nkyekyɛm 33-47) Ɔkyerɛe sɛ ohu sɛ yiye a wadi no yɛ nsɛnkyerɛnne a efi Yehowa a ‘ɔkyerɛɛ no nokware kwan sɛ ɔnkɔware ne wura nua ba mma ne ba no’ hɔ. (Nkyekyɛm 48) Na akoa no nim sɛ ɔkwan biara so no, asɛm a ofi ne koma mu kae no bɛma Betuel ne ne ba Laban ahu sɛ Yehowa taa soma a wɔsomaa no yi akyi. Awiei koraa no, akoa no kae sɛ: “Sɛ mo ara moreyɛ me wura adɔe adi no nokware a, monka nkyerɛ me, na mennan memfa nifa anaa benkum.”—Nkyekyɛm 49.

8. Betuel yɛɛ n’ade dɛn wɔ Rebeka ho asɛm a wɔka kyerɛɛ no no ho?

8 Na Yehowa ada adɔe adi akyerɛ Abraham dedaw. (Genesis 24:12, 14, 27) So Betuel bɛpɛ sɛ ɔyɛ saa ara denam kwan a ɔbɛma ma Rebeka ne Abraham akoa no akɔ so? So obetumi de adɔe a nnipa da no adi ne nea Onyankopɔn da no adi no abom ma adi atirimpɔw nti a wɔkae no ho dwuma? Anaasɛ na akoa no kwantenten a watwa no bɛyɛ kwa? Ná ɛbɛyɛ awerɛkyekye yiye ama Abraham akoa no sɛ ɔtee sɛ Laban ne Betuel kae sɛ: “[Yehowa, NW] na asɛm yi fi no” no. (Nkyekyɛm 50) Wohuu Yehowa nsa a na ɛwɔ asɛm no mu ma wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye ne gyinaesi no atom. Nea edi hɔ no, Betuel daa n’adɔe adi denam ka a ɔkae sɛ: “Hwɛ Rebeka na ogyina w’anim yi, fa no kɔ ma ɔnkɔyɛ wo wura ba yere, sɛnea [Yehowa, NW] aka no.” (Nkyekyɛm 51) Rebeka fi ne pɛ mu ne Abraham akoa no kɔe, na ankyɛ na ɔbɛyɛɛ Isak yere a ɔdɔ no.—Nkyekyɛm 49, 52-58, 67.

Ɔba Bi Daa Adɔe Adi

9, 10. (a) Dɛn na Yakob ka kyerɛɛ ne ba Yosef sɛ ɔnyɛ mma no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yosef yii adɔe adi kyerɛɛ ne papa?

9 Wɔyɛɛ Abraham nanankansowa Yakob nso adɔe. Sɛnea Genesis ti 47 ka no, saa bere no na Yakob te Misraim, ‘na ne nna dui sɛ obewu.’ (Nkyekyɛm 27-29) Na ɛhaw no efisɛ na ɔrebewu wɔ asase a ɛnyɛ nea Onyankopɔn de hyɛɛ Abraham bɔ no so. (Genesis 15:18; 35:10, 12; 49:29-32) Na Yakob mpɛ sɛ wosie no wɔ Misraim ɔkwan biara so, enti ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔmfa ne funu nkɔ Kanaan asase so. Hena na na ɔfata a na ɔbɛhwɛ ma wɔadi n’apɛde no ho dwuma sen Yosef, ne ba a ɔwɔ tumi no?

10 Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na [Yakob] frɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim dom a, yɛ me adɔe di me nokware, na nsie me Misraim! Na mɛda m’agyanom nkyɛn, na soa me fi Misraim kosie me wɔ wɔn asiebere.” (Genesis 47:29, 30) Yosef hyɛɛ bɔ sɛ obedi n’adesrɛ no ho dwuma ama no, na ankyɛ biara na Yakob wui. Yosef ne Yakob mma a aka no soaa no kɔɔ ‘Kanaan asase so kosiee no wɔ Makpela afuw so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentenso a Abraham tɔe no mu.’ (Genesis 50:5-8, 12-14) Yosef nam saayɛ so daa adɔe adi kyerɛɛ n’agya.

Asew Bi Yɛɛ Adɔe

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Rut yii adɔe adi kyerɛɛ Naomi? (b) Ɔkwan bɛn so na “akyiri adɔe” a Rut daa no adi no ye sen “kan de” no?

11 Rut nhoma no ka sɛnea Moabni Rut yii adɔe adi kyerɛɛ okunafo Naomi. Bere a Naomi sii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ Betlehem wɔ Yudea no, Rut yii adɔe ne akokoduru adi kyerɛɛ no kae sɛ: “Nea wokɔ na mɛkɔ, na nea wosoɛ na mɛsoɛ; wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” (Rut 1:16) Akyiri yi Rut yii adɔe adi bere a ɔdaa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔware Naomi busuani Boas a na n’ani afi no. * (Deuteronomium 25:5, 6; Rut 3:6-9) Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: “[Yehowa, NW] nhyira wo, me ba, woama w’adɔe ayɛ yiye sen kan de no, sɛ woanni mmerante, ahiafo oo, adefo oo, akyi.”—Rut 3:10.

12 Rut “kan” adɔe a wɔkaa ho asɛm no ne bere a ogyaw ne nkurɔfo hɔ na ɔde ne ho bɔɔ Naomi no. (Rut 1:14; 2:11) Rut pɛ mu a ofi waree Boas—‘akyiri’ adɔe no—sen kan de no. Afei de na Rut betumi awo ɔdedifo ama Naomi a wapa abawo ho no. Aware no baa so, na bere a akyiri yi Rut woe no, Betlehem mmea no kae sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama Naomi.” (Rut 4:14, 17) Na Rut ‘yɛ ɔbea pa’ ankasa na Yehowa tuaa no ka denam hokwan a ɛyɛ anigye a ɛne Yesu Kristo nanabea a ɔbɛyɛe so.—Rut 2:12; 3:11; 4:18-22; Mateo 1:1, 5, 6.

Wɔnam Nneyɛe So Daa no Adi

13. Ɔkwan bɛn so na Betuel, Yosef, ne Rut daa wɔn adɔe adi?

13 So wohyɛɛ sɛnea Betuel, Yosef, ne Rut daa adɔe adi no nsow? Ɛnyɛ nsɛm a eye nko na wɔka de daa adɔe adi na mmom nneyɛe pɔtee ankasa nso. Betuel anka no kɛkɛ sɛ, ‘Rebeka ni’ na mmom ‘ogyaa no kwan ma ɔkɔe.’ (Genesis 24:51, 59) Yosef anka kɛkɛ sɛ, “Mɛyɛ sɛnea woaka yi” na mmom ɔne ne nuanom no yɛɛ Yakob “sɛnea ɔhyɛɛ wɔn no.” (Genesis 47:30; 50:12, 13) Rut anka kɛkɛ sɛ, “Nea wokɔ na mɛkɔ” na mmom ogyaa ne nkurɔfo hɔ ne Naomi kɔe, “na wɔn baanu no nantew beduu Betlehem.” (Rut 1:16, 19) Bere a woduu Yuda no Rut san yɛɛ “sɛnea n’ase hyɛɛ no nyinaa.” (Rut 3:6) Yiw, Rut nam nneyɛe so daa adɔe adi sɛ afoforo a aka no.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nam wɔn nneyɛe so da adɔe adi? (b) Adɔe bɛn na wunim sɛ Kristofo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no da no adi?

14 Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛnea Onyankopɔn asomfo kɔ so de wɔn nneyɛe da adɔe adi nnɛ no. Sɛ nhwɛso no, susuw wɔn a wɔde nkate fam mmoa ma ayarefo, wɔn a wɔabotow, anaa mfɛfo gyidifo a wɔahaw daa no ho hwɛ. (Mmebusɛm 12:25) Anaasɛ susuw Yehowa Adansefo pii a wɔde kar fa wɔn a wɔn mfe akɔ anim kɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so dapɛn biara no ho hwɛ. Anna a wadi mfe 82 a ɔyare ɔkwaha no da sɛnea ɔte nka ma afoforo no adi sɛ: “Sɛ́ obi de ne kar bɛfa wo akɔ nhyiam ahorow nyinaa no yɛ nhyira a efi Yehowa hɔ. Mifi me koma nyinaa mu da no ase sɛ wama me anuanom mmarima ne mmea a wɔte saa.” So wo woreyɛ nnwuma a ɛte saa wɔ w’asafo mu? (1 Yohane 3:17, 18) Sɛ woreyɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ ani sɔ w’adɔe no yiye.

Wofi Ɔpɛ Mu na Ɛdaa no Adi

15. Adɔe ho ade bɛn na wɔnam Bible mu nsɛm abiɛsa a yɛasusuw ho so si so dua bio?

15 Bible mu nsɛm a yɛasusuw ho no nso kyerɛ sɛ wofi ɔpɛ mu na ɛda adɔe adi, na ɛnyɛ ɔhyɛ mu. Betuel fi ɔpɛ mu ne Abraham akoa no yɛɛ adwene, na saa ara na Rebeka yɛe. (Genesis 24:51, 58) Yosef daa n’adɔe adi a obiara anhyɛ no. (Genesis 50:4, 5) Rut ‘we hinam so sɛ ɔne Naomi bɛkɔ.’ (Rut 1:18) Bere a Naomi hyɛɛ Moabni Rut nyansa sɛ ɔnkɔ Boas nkyɛn no, adɔe a ɔwɔ no kaa no ma ɔkae sɛ: “Mɛyɛ nea woka nyinaa.”—Rut 3:1-5.

16, 17. Dɛn na ɛma adɔe a Betuel, Yosef ne Rut daa no adi no yɛ nea mfaso wɔ so titiriw, na dɛn na ɛkaa wɔn ma wɔdaa su saa su yi adi?

16 Adɔe a Betuel, Yosef, ne Rut daa no adi no ho hia yiye paa efisɛ obiara anhyɛ Abraham, Yakob, ne Naomi. Anyɛ yiye koraa no, na mmara biara nni hɔ a ɛhwehwɛ sɛ Betuel ne ne babea no bɛtetew mu. Anka obetumi aka akyerɛ Abraham akoa no sɛ: ‘Dabi, meremma wɔmfa me babea nsiyɛfo no nkɔ.’ (Genesis 24:18-20) Ná Yosef wɔ hokwan sɛ osi gyinae sɛ obedi ne papa abisade no ho dwuma anaasɛ onni, efisɛ na Yakob bewu a ontumi nhyɛ no sɛ onni n’asɛm no so. Naomi ankasa kae sɛ Rut betumi atra Moab. (Rut 1:8) Na Rut nso de ne ho na anka obetumi aware ne ‘mfɛfo mmerante’ no bi sen sɛ ɔbɛware Boas a ne mfe akɔ anim no.

17 Betuel, Yosef, ne Rut fi wɔn pɛ mu daa adɔe adi; ɛkaa wɔn koma sɛ wɔnyɛ. Wɔtee nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔda saa su no adi kyerɛ wɔn a wɔne wɔn wɔ abusuabɔ no, sɛnea Ɔhene Dawid tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔda adɔe adi kyerɛ Mefiboset no.

18. (a) Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo da no adi wɔ “nguankuw no hwɛ” mu? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin bi daa ne pɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa mfɛfo gyidifo no adi?

18 Adɔe da so ara yɛ Onyankopɔn nkurɔfo agyiraehyɛde, a mmarima a wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw so no ka ho. (Dwom 110:3; 1 Tesalonikafo 5:12) Mpanyimfo anaa ahwɛfo a wɔte saa no, te nka sɛ ɛsɛ sɛ wodi asɛyɛde a ɛno nti na wɔpaw wɔn a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Ɛno mpo no, wɔyɛ wɔn nguanhwɛ adwuma no ne adɔe nnwuma foforo a wɔyɛ ma asafo no a ‘ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so.’ (1 Petro 5:2) Mpanyimfo no hwɛ nguankuw no efisɛ wɔwɔ asɛyɛde ne ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa. Wɔda adɔe adi kyerɛ Kristo nguan no efisɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ eyi. (Yohane 21:15-17) Kristoni panyin bi kae sɛ: “M’ani gye sɛ mekɔ anuanom fi kɔsra wɔn anaasɛ mefrɛ wɔn wɔ telefon so a atirimpɔw no ne sɛ, mepɛ sɛ wɔte nka sɛ medwen wɔn ho. Anuanom a meboa wɔn no ma minya anigye ne abotɔyam!” Mpanyimfo a wodwen afoforo ho a wɔwɔ baabiara fi koma nyinaa mu gye tom.

Yi Adɔe Adi Kyerɛ Wɔn a Ahia Wɔn No

19. Nokwasɛm a ɛfa adɔe ho bɛn na wɔasi so dua wɔ Bible kyerɛwtohɔ a yɛasusuw ho wɔ asɛm yi mu no mu?

19 Bible kyerɛwtohɔ a yɛasusuw ho no nso si so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔda adɔe adi kyerɛ wɔn a wontumi nni wɔn ankasa ahiade ho dwuma no. Ná Abraham hia Betuel mmoa na ama n’anato no akɔ so. Ná Yakob behia Yosef mmoa na ama wɔde n’amu no akɔ Kanaan. Ná Naomi hia Rut mmoa na ama wanya ɔdedifo. Na Abraham, Yakob, anaasɛ Naomi mu biara rentumi nni saa ahiade no ho dwuma a wɔrenhia mmoa. Saa ara na nnɛ, ɛsɛ sɛ wɔda adɔe adi titiriw kyerɛ wɔn a ahia wɔn no. (Mmebusɛm 19:17) Ɛsɛ sɛ yesuasua tete agya Hiob a ɔboaa “ɔmanehunufo a osũ frɛ ɔboafo, ne ayisaa ne nea onni boafo” ne “nea ɔyɛ ayera” no. Hiob san maa ‘ɔbea kunafo nyaa abotɔyam’ na ɔbɛyɛɛ ‘aniwa maa onifuraefo ne nan maa apakye.’—Hiob 29:12-15.

20, 21. Henanom na wohia sɛ yɛda adɔe adi kyerɛ wɔn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si ne bo sɛ ɔbɛyɛ?

20 Nokwarem no, ‘amanehunufo a wosu frɛ mmoa’ wɔ Kristofo asafo biara mu. Ebetumi aba sɛ ankonamyɛ, huammɔdi, te a obi te nka sɛ ne ho nhia, afoforo mu ahotoso a wonni, nyarewa a emu yɛ den, anaa obi dɔfo wu na ɛde eyi ba. Ɛmfa ho nea ɛde ba biara no, adɔfo a wɔte saa nyinaa wɔ ahiade a yebetumi adi ho dwuma na ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu ne adɔe a ɛnsa da mu di ho dwuma.—1 Tesalonikafo 5:14.

21 Enti afei, momma yɛnkɔ so nsuasua Yehowa Nyankopɔn a ‘n’adɔe dɔɔso no.’ (Exodus 34:6; Efesofo 5:1) Yebetumi afi koma mu ayɛ biribi pɔtee ama wɔn, titiriw wɔn a wohia mmoa no. Na akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na yɛanya anigye kɛse bere a ‘yɛne yɛn ho yɛn ho di no adɔe mu no.’—Sakaria 7:9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Sɛ wopɛ aware a wɔreka ho asɛm wɔ ha no ho asɛm a, hwɛ Insight on the Scriptures, a Yehowa Adansefo tintimii no Po 1 kratafa 370.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsono adɔe ne ayamye?

• Akwan bɛn so na Betuel, Yosef, ne Rut daa adɔe adi?

• Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde da adɔe adi?

• Henanom na ehia sɛ yeyi adɔe adi kyerɛ wɔn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɔkwan bɛn so na Betuel daa adɔe adi?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Rut nokware dɔ no yɛɛ nhyira maa Naomi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Wofi koma mu na ɛda adɔe adi, denam nneyɛe pɔtee bi so, na wɔda no adi kyerɛ wɔn a ahia wɔn no